Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Kristo Bɛbu Nnwan ne Mmirekyie Atɛn
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yɛ Ade Ntɛm Ara Wɔ “Sɛnkyerɛnne” No Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So wobenyan nkurɔfo a wonnye nokware Kristosom ntom nnɛ na wowuwu ansa na ahohiahia kɛse no afi ase no?

Eye sɛ yɛn nyinaa bɛpow nkate biara a ɛbɛma yɛayɛ yɛn ho sɛ atemmufo, bere a yegye tom sɛ awiei koraa no, Yehowa atɛn a ɔnam Yesu Kristo so bu no no edi mũ. (Yohane 5:22; Asomafo no Nnwuma 10:42; 2 Timoteo 4:1) Nanso Kyerɛwnsɛm no ma yɛn nsɛm a ɛboa ma yebua asemmisa a ɛwɔ atifi hɔ no.

Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka no wiase nyinaa no yɛ’Yesu ba a waba ho sɛnkyerɛnne no fã titiriw. Efi afeha yi mfiase no sɛnkyerɛnne yi ada adi. Asɛnka adwuma no paapae nnipa a wofi aman nyinaa mu mu, sɛ́ Yesu mfatoho a ɛfa “nguanten” ne “mpapo” ho no mmamu. “Ahohiahia kɛse” no de mprempren nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei, bere a wɔawie asɛnka ne mpaepaemu adwuma no.​—Mateo 24:3, 21, 22; 25:31-46.

Yehowa ne ne Ba no na wobebu atɛn sɛ ebia wobebu ebinom a wɔpow Ahenni nkrasɛm no, na wowu ansa na ahohiahia kɛse no aba no sɛ mpapo. Yesu kae sɛ mpapo no “befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu.” Enti, yebetumi de aba awiei sɛ wɔn a Onyankopɔn abu wɔn sɛ mpapo no rennya owusɔre. Wonya atemmu a ɛte sɛ wɔn a “wobenya akatua, daa ɔsɛe” bere a ahohiahia kɛse no aba no.​—2 Tesalonikafo 1:9.

Na wɔn a ebia ɛte sɛ nea wɔante Ahenni nkrasɛm no sɛnea ɛfata, na ama wɔasi nokware no ho gyinae a nyansa wom sɛ wɔpɛ anaa wɔmpɛ ansa na wɔrewu wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no nso ɛ?​—2 Timoteo 3:1.

Ɛda adi sɛ nnipa pii a wowu bere a asɛnka adwuma no da so ara kɔ so ansa na ahohiahia kɛse no aba no benya owusɔre. Eyi da adi wɔ nea yɛkenkan fa sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔsotefo no apɔnkɔka ho wɔ Adiyisɛm 6:7, 8 no mu. Ɔko, ɔkɔm, ne nyarewa a edi awu, akunkum nnipa pii. Esiane sɛ ‘Hades’ na agye pii a ‘Owu’ afa wɔn no nti, wobenyan wɔn wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu, bere a Hades yi awufo a ɛwom nyinaa ma no. (Adiyisɛm 20:13.) Ebia na wɔn a wɔbɛba nkwa mu no dodow bi tee Ahenni nkrasɛm no ansa na wɔrewu.

Anisɔ bɛn ara na yɛwɔ sɛ Yesu amfa hokwan no amma nnipa sɛ wɔnkyerɛ wɔn a wɔte sɛ nguan ne wɔn a wɔte sɛ mpapo! Nnipa a wɔnyɛ pɛ ntumi nkyerɛ hokwan dodow a obi nyae sɛ ɔte asɛmpa no, na ogye tom no yiye. So yebetumi ahu ne komam tebea, anaa sɛ́ ebia na ɔdɔ trenee ampa? So yebetumi ahu sɛnea ebia n‘abusua, ɔsom a ɔwɔ mu, anaa nkɛntɛnso afoforo kaa nea ɔyɛe wɔ asɛm no ho no? Ɛda adi sɛ yɛrentumi. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo betumi ahwehwɛ nsɛm a ɛte sɛɛ mu na wɔabu atɛn a ɛyɛ pɛ, ɛteɛ, na egyina trenee so.​—Deuteronomium 32:4; Yesaia 11:1-5.

Enti ntease nnim sɛ yɛbɛkeka wɔn a wowui nnansa yi ara no ho asɛm sɛ ebia wobenya owusɔre anaa wonnya. Wɔmmaa yɛn hokwan sɛ yɛnyɛ biribi a ɛte saa. (Fa toto Luka 12: 13, 14 ho.) Nyansa wom pii sɛ yɛbɛtwɛn ma atemmufo a wɔteɛ no, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo asi gyinae. Eyi bɛma yɛn asom adwo yɛn kɛse sɛ Yehowa asomfo. Ɛbɛma yɛde yɛn ani asi nea wɔde ahyɛ yɛn nsa no so yiye​—‘yɛnkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo, na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea Yesu ahyɛ nyinaa so.’​—Mateo 28:19, 20.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Leicester nguan, Meyers

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena