Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Yɛn ani gyee Daniel nkɔmhyɛ horow a wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ “Ɔwɛn-Aban” mu no ho. Nanso, dɛn nti na nna a wɔde mae wɔ mmere abiɛsa ne fã a ɛwɔ Adiyisɛm 11:3 ho no yɛ soronko wɔ nea ɛwɔ “Adiyisɛm Awiei” nhoma mu no ho?
Yiw, November 1, 1993 Ɔwɛn-Aban no yɛɛ nsakrae kakra wɔ nna a wɔde mae wɔ Adiyisɛm 11:3 nnɛyi mmamu ho no mu. Dɛn ntia?
Momma yenni kan nhwɛ Adiyisɛm 11:2 a n’awiei ka “asram aduanan abien” ho asɛm no. Yɛtoa so wɔ nkyekyem 3 sɛ: “Mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.” Bere bɛn na eyi bam?
Efi bere tenten na Yehowa Adansefo ahu sɛ nkɔmhyɛ yi nyaa ne mmamu wɔ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no so bere a ‘amanaman no mmere a wɔahyɛ’ baa awiei wɔ 1914 mu no. (Luka 21:24; 2 Korintofo 1:21, 22) Ɛreka eyi ho asɛm no, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! (1988) ka wɔ kratafa 164 sɛ: “Mfe abiɛsa ne fa bere bi a wɔahyɛ no agyirae a nsɛnnennen a Onyankopɔn nkurɔfo hyiae a ɛne nsɛm a esisii a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ ha no hyiae no wɔ hɔ—na efii ase fi bere a wiase ko a edi kan no fii ase wɔ 1914 awiei mu hɔ, na ɛtoaa so ara koduu 1918 mfiase.”
Hyɛ no nsow sɛ ɛbere a wɔde mae no ne bere a “wiase ko a edi kan fii ase wɔ 1914 awiei mu hɔ [kosii] 1918 mfiase.” Ɛbere yi ne nea wɔtaa de ma te sɛ nea ɛwɔ “Then Is Finished the Mystery of God,” nkratafa 261-4, (1969), no hyia.
Nanso, Ɔwɛn-Aban no twee adwene kɔɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Daniel nhoma a ɛka bere bi ho asɛm mprenu a ɛne nea wɔkaa ho asɛm akyiri yi wɔ Adiyisɛm no hyia—mfe 3 1/2, anaa asram 42 no so. Sɛ yɛbɛka no pɔtee a, Daniel 7:25 ka sɛ wɔbɛhaw Onyankopɔn akronkronfo no “ɛbere bi ne mmere ne bere fã,” anaa mmere 3 1/2. Akyiri yi, Daniel 12:7 ka ‘bere bi a wɔahyɛ, mmere a wɔahyɛ ne bere fã,’ anaa mmere 3 1/2 a ɛbɛba awiei wɔ bere a ‘wɔpansam ɔman kronkron no tumi’ no ho asɛm sie.
Enti yɛwɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛka bere a ne tenten di nsɛ ho asɛm wɔ Daniel 7:25, Daniel 12:7, ne Adiyisɛm 11:2, 3, ne nea ɛwɔ Adiyisɛm 13:5 no nso. Yɛn nhoma ahorow ada no adi sɛ eyinom nyinaa nyaa mmamu wɔ 1914-18 mmere no mu. Nanso bere a yɛrekyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ ahorow yi mu biara mu no, nsonsonoe kakra baa bere a emu biara fii ase na ekowiei no mu.
Nanso, November 1, 1993 Ɔwɛn-Aban no bisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ horow a ɛne ne ho hyia yi nyinaa baam?” Yiw, wohui sɛ nkɔmhyɛ horow a ɛfa mmere 3 1/2 ho a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel 7:25, Daniel 12:7, ne Adiyisɛm 11:3 no yɛ “nkɔmhyɛ horow a ɛne ne ho hyia.” Enti, hyia a ɛne ne ho hyia no gyina bere a emu biara fi ase na ɛba awiei no so.
Ɛdefa n’awiei ho no, nsɛmma nhoma no daa sɛnea wɔbɛhaw Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn (Daniel 7:25) no a emu yɛɛ den kɛse wɔ June 1918 mu bere a ‘wɔnam ntwatoso so buu’ J. F. Rutherford ne Watch Tower Bible and Tract Society no mpanyimfo afoforo ‘fɔ de wɔn koguu afiase bere tenten no’ adi. Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Daniel 12:7 no, akyinnye biara nni ho sɛ na saa adeyɛ no ne ‘ɔman kronkron no tumi a wɔpansam no’ no.
Sɛ yɛkan san yɛn akyi fi June 1918 a, ɛde yɛn kosi December 1914 sɛ mmere 3 1/2 no mfiase. Wɔ saa ɔsram a etwa to wɔ 1914 mu no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no suaa afe a na ɛreba no afe asɛm no: “‘Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa?’—Mateo 20:20-23.” Asɛm a ɛbɔɔ eyi ho amanneɛ no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Hena na onim sɛ ebia Oguammaa no nokware akyidifo behyia sɔhwɛ soronko bi, amanehunu anaa animguase kuruwa bi wɔ 1915 mu!” Sɛnea Daniel 7:25 kaa mmere 3 1/2 ho asɛm siei no, ‘wofii ase haw Ɔsorosoroni no akronkronfo no na ɛkɔɔ so.’ Ná amanaman no de wɔn ho ahyɛ Wiase Ko I no mu, enti eyi maa ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔde ɔhaw a ɛnteɛ bɛba wɔn so. Asɛm no awiei ne sɛ: Nkɔmhyɛ horow a ɛne ne ho hyia no nyinaa—Daniel 7:25, 12:7, ne Adiyisɛm 11:3—nyaa mmamu wɔ mfe 3 1/2, anaa asram 42 mu, fi December 1914 kosi June 1918.
Eyi kyerɛkyerɛ nsakrae kakra a wɔayɛ wɔ bere a wɔkyerɛ sɛ Adiyisɛm 11:3 nya mmamu no mu. Yebetumi ama nsakrae yi atra yɛn adwenem bere a yesua na yɛde Adiyisɛm Awiei nhoma no di dwuma daakye no.
[Ase hɔ asɛm]
Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.