-
Adansefo Baanu no a Wonyan WɔnAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Wokum Adansefo Baanu No
19. Sɛnea Adiyisɛm kyerɛ no, dɛn na ɛba bere a adansefo baanu no wie wɔn adansedi no?
19 Na ɔhaw a wɔde baa Kristoman so no mu yɛ den araa ma adansefo baanu no hyɛɛ nkɔm asram 42 wɔ atweaatam mu akyi no, Kristoman de nkɛntɛnso a ɛwɔ wɔ wiase no dii dwuma ma ‘wokunkum wɔn.’ Yohane kyerɛw sɛ: “Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn. Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, ɛno na honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛndua mu no. Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne ɔkasa horow ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɔda mu. Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ahaw wɔn a wɔte asase so.”—Adiyisɛm 11:7-10.
20. Dɛn ne “aboa a ofi ebun no mu no”?
20 Eyi ne aboa bi ho asɛm 37 a wɔaka wɔ Adiyisɛm mu no mu nea edi kan. Bere a ɛsɛ mu no yɛbɛhwehwɛ eyi ne mmoa afoforo ho nsɛm mu akɔ akyiri. Ɛdɔɔso sɛ yɛbɛka mprempren sɛ “aboa a ofi ebun no mu no” yɛ nea Satan de bae, a ɛyɛ amammui nneɛma nhyehyɛe bi a ɛda so ara wɔ hɔ.b—Fa toto Adiyisɛm 13:1; Daniel 7:2, 3, 17 ho.
21. (a) Ɔkwan bɛn so na adansefo baanu no nyamesomfo atamfo no de ɔko tebea no dii dwuma? (b) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wogyaw adansefo baanu no afunu guu hɔ a wɔansie wɔn no kyerɛ dɛn? (d) Yebebu nnansa ne fã bere no dɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
21 Efi 1914 kosi 1918 mu no, na amanaman no reko wiase ko a edi kan no. Na ɔmampɛ nkate mu ayɛ den na 1918 fefɛw bere mu no, adansefo baanu no nyamesomfo atamfo no de tebea no dii dwuma. Wokyinkyim Ɔman mmara nhyehyɛe no ma enti wotwaa atosɛm too Bible Asuafo asomfo atitiriw so sɛ wotutu ɔman ase ma wɔde wɔn koguu afiase. Wɔn ahokafo adwumayɛfo anokwafo yɛɛ basaa. Ɛkame ayɛ sɛ Ahenni dwumadi no gyaee koraa. Na ɛte sɛ nea asɛnka adwuma no agu. Bible mmere mu no, na ɛyɛ animguase kɛse sɛ wɔrensie obi wɔ ɔda mu. (Dwom 79:1-3; 1 Ahene 13:21, 22) Enti, ahohorabɔ kɛse na ɛbɛka adansefo baanu a ná wɔagyaw wɔn agu hɔ a wɔansie wɔn no. Wɔ Palestina wim tebea a emu yɛ hyew no mu no, na funu a wɔagyaw ato abɔnten so saa no befi ase abɔn ankasa wɔ nnansa ne fã akyi.c (Fa toto Yohane 11:39 ho.) Enti nkɔmhyɛ no mu nkyerɛkyerɛmu yi kyerɛ animguase a ɛtoo adansefo baanu no. Bere a wɔde asɛm no kɔdan asennibea kɛse mpo no, wɔamma wɔanni wɔn a wɔde wɔn guu afiase a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no agyinam anyi wɔn. Wɔma wɔdaa baguam kyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɔn “kurow kɛse” no mufo no. Nanso na dɛn ne “kurow kɛse” yi?
22. (a) Dɛn ne kurow kɛse no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔman mu atesɛm nkrataa no kɔkaa asɔfo no ho dii ahurusi wɔ adansefo baanu no ano a wɔma wɔka too mu no ho? (Hwɛ adaka no mu.)
22 Yohane ma yɛn biribi a yebetumi de ate ase. Ose wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu wɔ hɔ. Enti ntɛm ara yɛn adwene ba Yerusalem so. Ɔka nso sɛ wɔfrɛ kurow kɛse no sɛ Sodom ne Misraim. Wiɛ, bere bi wɔfrɛɛ Yerusalem ankasa sɛ Sodom esiane ne nneyɛe fi no nti. (Yesaia 1:8-10; fa toto Hesekiel 16:49, 53-58 ho.) Ɛtɔ mmere bi a wɔde Misraim a na ɛne wiase tumi a edi kan no yɛ wiase yi nneɛma nhyehyɛe no ho mfonini. (Yesaia 19:1, 19; Yoel 3:19) Enti, kurow kɛse yi yɛ “Yerusalem” a ne ho agu fi a ɛkyerɛ sɛ ɛsom Onyankopɔn nanso abɛyɛ nea ɛho ntew na ɛyɛ bɔne, te sɛ Sodom, na ɛyɛ Satan wiase nneɛma nhyehyɛe yi fa te sɛ Misraim no ho mfonini. Ɛyɛ Kristoman, Yerusalem a anni nokware no nnɛyi sɛso, ahyehyɛde a emufo ani gyei kɛse bere a wɔmaa adansefo baanu no asɛnka a ɛhaw wɔn no gyaee no ho mfonini.
-
-
Adansefo Baanu no a Wonyan WɔnAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
c Hyɛ no nsow sɛ, sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn nkurɔfo osuahu ahorow no mu saa bere yi a, ɛda adi sɛ ɛbere a asram 42 gyina hɔ ma mfe abiɛsa ne fa ankasa no, nnansa ne fa no nnyina hɔ mma nnɔnhwerew 84 bere bi ankasa. Ɛbɛyɛ sɛ wɔbɔ bere pɔtee bi a ɛyɛ nnansa ne fã din mprenu (nkyekyem 9 ne 11 mu) de si so dua sɛ, sɛ wɔde toto mfe abiɛsa ne fa ankasa mu dwumadi a edi anim no ho a, na ɛyɛ bere tiaa bi.
-