Asomdwoe—Bere A Onyankopɔn Kasa
“Na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—YESAIA 9:7.
1. Bere a wiase akannifo taa ka asomdwoe ho asɛm no, dɛn na akɔ so wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu?
WIASE akannifo taa ka asomdwoe ho asɛm, na nnipa nyinaa ka sɛ wɔpɛ. Nanso tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no ma yɛkae asɛm a odiyifo Yeremia kae no: “Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso yiye bi mma, ne ɔyaresa bere nso, na hwɛ, abotutu nko.” (Yeremia 8:15) Nokwarem, efi bere a Kain kum Habel no, wiase no nnyaa asomdwoe ankasa da na mmom basabasayɛ na ahyɛ no ma. Na yɛn afeha a ɛto so 20 yi ayɛ basabasayɛ bere a ɛsen biara, na ɔko nkutoo akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem ɔha. Wɔ yɛn bere yi mu no, anyɛ yiye koraa no, wiase nnipa no ɔha biara mu 97 de wɔn ho ahyɛ ɔko bi mu. Enti bere a wiase akannifo ka asomdwoe ho asɛm no, wodi wɔn nkurɔfo anim fi amanehunu biako mu kɔ foforo mu.
2. Nneɛma afoforo a efi basabasayɛ mu ba bɛn na wohu wɔ aman nyinaa mu?
2 Nea ɛka saa basabasayɛ yi nyinaa ho nso ne nea efi nsɛmmɔnedi akɛse mu ba no. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, wokunkum nnipa bɛyɛ 20,000 afe biara. Wɔto mmea bɛboro 80,000 mmonnaa, na mmonnaato no dodow no ara yɛ nea wɔmmɔ ho amanneɛ. Mmea a mmarima a wɔne wɔn te no boro wɔn pirapira wɔn no dodow reyɛ adu ɔpepem abien. Na bɛyɛ afie anan biara mu biako ahu nsɛmmɔnedi bi mu amane. Amanneɛbɔ bi de ba awiei sɛ: “Yɛn man yi ayɛ nea wodi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu wom.” Saa ara na tebea no te wɔ nsase afoforo pii nso so.
3. Basabasayɛ a ɛsen ne nyinaa bɛn na ebetumi aba adesamma abusua no so?
3 Nanso, sɛ wɔde eyi nyinaa toto nsɛmmɔne a wobetumi de nnɛyi nuklea akode adi no ho a, na ɛnyɛ hwee koraa. Wɔwɔ nea ɛdɔɔso a ebetumi akum asase sotefo biara mpɛn 12! Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Nnɛyi nnuruyɛ rentumi nyɛ wɔn a nuklea ntawntawdi bɛka wɔn no ho hwee.” Dɛn ntia? Ɔfoforo maa mmuae sɛ: “Nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, ne wɔn a wɔyɛ ayaresabea mfiri ahorow ho adwuma no mu dodow no ara bewuwu . . . Wɔbɛsɛe ayaresabea ahorow. Enti nnipa kakraa bi na ɛbɛka a wɔwɔ nimdeɛ ne nneɛma a wobetumi de agye obi nkwa.”
4, 5. (a) Nsɛm bɛn na nhoma bi kae wɔ asomdwoe a enni hɔ wɔ yɛn bere yi so no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na obi a na anka ɔyɛ aban panyin bi kaa asɛm bi a ɛte saa ara?
4 Ɛdefa asomdwoe a enni hɔ wɔ yɛn bere yi so ho no, wɔmaa asɛntitiriw bi a epuei wɔ Encyclopedia Britannica afe nhoma bi a wɔyɛe nnansa yi mu no asɛmti a ese: “Yɛn Wiase a Ɛredwiriw Agu No—Wiase Nyinaa Basabasayɛ ho Hu.” Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ 1945 akyi no, wosusuwii sɛ ‘nkɔso’ bɛba wɔ ɔkwan biara so, ne sɛ, mprempren wiase yi daakye betumi ayɛ nea biakoyɛ ne nkabom wom.” Nanso ɛkae sɛ saa nsusuwii ahorow no yɛ nea “ɛda adi sɛ edii mfomso kɛse,” na ɛde ka ho sɛ: “Nea aba mmom . . . ne sɛ wiase no de nkakrankakra redwiriw agu a wonhu. Aman pii a wosusuwii sɛ wɔwɔ nhyehyɛe ne honhom mu biakoyɛ no mu repaapae . . . [ayɛ] mmusuakuw, mmusua, nyamesom [fekusɛm] ahorow, . . nkurow akɛse mu akuw horow, awudifo akuw horow, nsɛmmɔnedifo akuw horow, akofofo akuw horow, ne nhyɛso akuw horow a nkurɔfo de hwehwɛ wɔn ankasa yiyedi.”
5 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, obi a na anka ɔyɛ aban panyin wɔ United States kae sɛ: “Nneɛma ahorow a ɛde amanaman ntam basabasayɛ ba no redi tumi a ɛma wonya biakoyɛ no so nkonim wɔ ɔkwan a ebi mmae da so. Wiase nsɛm a ɛrekɔ so no nyinaa awiei a wɔrentumi nguan mfi ho no ne sɛ asetra mu amanehunu, amammuisɛm mu basabasayɛ, sikasɛm mu ahokyere, ne amanaman ntam ntawntawdi nyinaa mu bɛtrɛw kɛse wɔ afeha yi fã a aka no mu.” Ɔde baa awiei sɛ: “Ne tiaatwa mu no, ehu a ɛka adesamma nyinaa no ne . . . wiase nyinaa basabasayɛ ho hu.”
‘Ahɔho A Wofi Wim’
6. Ɔkwan bɛn so na atesɛm krataa samufo bi kyerɛkyerɛɛ asɛm a anka ahɔho bi a wofi wim bɛka afa wiase yi ho nnɛ no mu?
6 Esiane eyinom nyinaa nti, samufo bi kyerɛwee wɔ Cleveland atesɛm krataa bi mu sɛ: “Sɛ ɛba sɛ ahɔho bi fi nsoromma-kuw bi a ɛwɔ akyirikyiri so bɛsra yɛn dapɛn a edi hɔ no a, so yebetumi aka akyerɛ wɔn sɛ na ɛsɛ sɛ yekunkum yɛn ho yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu komunism ne kapitalism mu nea ɛwɔ tumi? So anka yebetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ yɛyɛ abɔde kuw bi a akyekyɛ ne ho mu ayɛ no aman ahorow, ne sɛ saa aman no aka ntam sɛ wobekunkum wɔn ho wɔn ho wɔ mogyahwiegu a enye koraa mu? Ɔkwan bɛn so na anka yɛbɛkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛmaa ɔkɔm kunkum yɛn mu binom na ebinom nso nantewee wɔ animguase ne anibiannaso mu efisɛ nnipa pii a wokum wɔn no ho hia yɛn sen biribi foforo biara? Anka ahɔho a wofi nsoromma-kuw a ɛwɔ akyirikyiri so no du wɔn kurom a wɔbɛka sɛ yɛmpɔwee. . . . Ebia anka yɛbɛsɔre atia aka sɛ yɛayɛ nneɛma akɛse bi nso na yegye atɛntrenee di. Anka wɔde awerɛhow bɛserew na wɔakɔ ansa na atopae ahorow no apae agu.”
7, 8. (a) Ahɔho a wɔwɔ tumi bɛn na wɔrehwɛ nea adesamma reyɛ mprempren? (b) Dɛn nti na wɔwɔ ha?
7 Ebia ebinom bɛka sɛ ‘Nanso ahɔho biara remfi wim mma mmɛsra yɛn saa.’ Dabi, ɛnyɛ fi wim ankasa. Nanso mfe bi ni no, ahɔho bi a wɔwɔ tumi kɛse a wonim nyansa yiye rehwɛ nea adesamma de reyɛ wɔn ho ne asase no. Nea ɛka ho no, wɔrehwɛ sɛ wɔde nkrasɛm bi a emu da hɔ bɛma “ansa na atopae ahorow no apae agu.”
8 Henanom ne saa ahɔho a wɔwɔ tumi a wɔrehwɛ nea adesamma reyɛ no? Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ananmusifo a wɔwɔ honhom atrae hɔ, abɔfo anokwafo a wasoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase no. Ɛdefa saa honhom abɔde yi ho no, Dwom 103:20 se: “[Yehowa] abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no.” Wɔka saa abɔfo a wɔwɔ tumi yi ho asɛm pii wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mateo 25 no nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn bere yi ho no ka wɔ nkyekyem 31 ne 32 sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.”
9. Afã bɛn na Kristo Yesu nya wɔ saa adesamma a wɔba bɛhwɛ wɔn yi mu?
9 Saa “onipa ba” yi ne Onyankopɔn nanmusifo panyin, Yesu Kristo. Bere a onyan fii awufo mu kɔɔ ɔsoro akyi no, ɔtwɛn kosii sɛ Onyankopɔn de saa dwumadi titiriw yi hyɛɛ ne nsa. Sɛnea Dwom 110:1 kyerɛkyerɛ mu no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.” Bible nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ sɛ Onyankopɔn bere a ɔde bɛsoma saa ɔbɔfo a ɔwɔ tumi yi no dui wɔ afe 1914 mu.
10. Abɔfo bɛyɛ ahe na wɔbɛka Kristo ho bere a wɔboa wɔ mpaapaemu adwuma no mu no?
10 Nanso ɛnyɛ ɔno nkutoo na ɔbɛba, efisɛ Mateo 25:31 kae sɛ “n’abɔfo nyinaa” bɛka ne ho. Wɔn dodow bɛyɛ ahe? Adiyisɛm 5:11 se: “Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa [Onyankopɔn] ahengua . . . no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem.” Saa mpempem no mu biara yɛ 10,000. Mpempem ahorow mpempem yɛ 10,000 ahorow 10,000, a ne nyinaa yɛ abɔfo ɔpepem 100! Nanso, Adiyisɛm ka wɔn ho asɛm wɔ dodow kabea mu sɛ abɔfo “mpempem ne mpem ahorow mpem” resom Onyankopɔn. Ɛno yɛ ɔpepem ɔhaha pii, ebia ɔpepepem anaa nea ɛboro saa mpo. Wɔ Kristo akwankyerɛ ase no, saa honhom abɔde yi reboa Onyankopɔn ananmusifo a wɔwɔ asase so no ma wɔakyekyɛ adesamma mu ayɛ wɔn akuw ahorow abien, biako bɛkɔ “daa ɔsɛe mu,” na foforo no akɔ “daa nkwa mu.”—Mateo 25:46, NW; hwɛ Mateo 13:41, 42 nso.
“Daa Asɛmpa”
11. Dɛn ne “daa asɛmpa” a saa abɔfo dɔm no boa ne ka wɔ saa bere yi mu no?
11 Dɛn ne nkrasɛm a saa abɔfo ahɔho yi boa ne ka wɔ asase so wɔ saa bere yi mu no mu asɛntitiriw? Adiyisɛm 14:6 bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” Dɛn ne saa “daa asɛmpa” no? Ɛfa nea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ adanse ahorow a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri mu no biako ho. Ɔkae wɔ Mateo 24:14 sɛ: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”
12, 13. (a) Dɛn ne Ahenni nniso? (b) Dɛn nti na Ahenni nkrasɛm no ye sen biara?
12 Onyankopɔn Ahenni no ne ɔsoro nniso a ebedi asase so bere a wɔayi mprempren adesamma nniso no afi hɔ akyi no. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Ɛso Hene ne Kristo, na ɔwɔ mfɛfo adedifo ka ne ho. (Adiyisɛm 14:1-4; 20:4) Saa Ahenni no na wɔka ho asɛm wɔ Daniel 7:14 wɔ saa asɛm yi mu no, sɛ: “Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”
13 Dɛn nti na Ahenni nniso ho nkrasɛm no yɛ asɛmpa saa, nea ɛsen biara no? Efisɛ ɛde wiase foforo bɛba, adesamma abusua a wɔahyehyɛ no foforo. Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no adesamma benya nhyira ahorow a ɛyɛ nwonwa araa ma Dwom 37:11 ka wɔn a wɔbɛtra ase saa bere no ho asɛm sɛ: “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Yiw, “[Yehowa] de asomdwoe behyira ne man.” (Dwom 29:11) Ɛnnɛ, ansa na Ahenni no bedi asase so nsɛm nyinaa ho dwuma no, wɔreka asɛmpa a ɛfa ne nniso a ɛbɛtra hɔ daa a asomdwoe wom a ɛwɔ “Asomdwoe Hene” no nsam ho no wɔ aman nyinaa mu. Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so no na wɔreyɛ eyi wɔ Kristo ne abɔfo no akwankyerɛ ase.—Yesaia 9:6, 7.
14. (a) Dɛn ne ɔkwan pa biako a yebetumi afa so ahu Onyankopɔn asase so nkoa no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Onyankopɔn ahyira wɔn?
14 Henanom ne saa Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so yi? Wiɛ, henanom nkutoo na wɔde Ahenni ho asɛm no kɔ nkurɔfo nkyɛn daa no? Asɔretiafo mpo hu sɛ wɔne Yehowa Adansefo. Mprempren saa Ahenni adawurubɔfo yi dodow boro ɔpepem abiɛsa, na wɔn dodow no rekɔ soro ntɛmntɛm. Afe a etwaam no, nnipa 225,868 na wɔbɛyɛɛ asɛmpa no ho asomfo afoforo. Na wɔ saa afe biako no mu no, wɔhyehyɛɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow foforo 2,461 wɔ asase so nyinaa, a sɛ wɔkyekyɛ mu a ɛboro 6 da biara, na ɛma asafo ahorow no dodow bɛyɛ 52,177 wɔ nsase 208 so. Ampa, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 60:22 no renya ne mmamu: Yehowa reyɛ n’asɛnka ne anoboaboa adwuma no ntɛmntɛm “wɔ ne bere mu.” Na saa bere no ni!
15. Dɛn so na wogyina bu nkurɔfo atɛn nnɛ?
15 Sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ Ahenni nniso ho asɛm no ho so na wobegyina ahu sɛ wɔbɛpaapae wɔn mu ma wɔanya “daa ɔsɛe” anaa “daa nkwa” wɔ wiase foforo no mu. Ebinom bɛyɛ wɔn ade te sɛ wɔn a wɔka wɔn ho asɛm wɔ 2 Beresosɛm 36:15, 16 no: “[Yehowa] . . . tuaa ahema somaa n’abɔfo efisɛ ne yam hyehyee no . . . Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa] abufuhyew no sɔree.” Nanso afoforo yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan pa so na wonya Yehowa ahobammɔ. “Na nea otie me [nokware nyansa] no bɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.”—Mmebusɛm 1:20, 33; Mateo 25:34-46, NW.
Ɔsoro Dɔm Di Dwuma
16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛkasa akyerɛ adesamma asoɔdenfo nnansa yi ara?
16 Ɛrenkyɛ, wobewie Yehowa nkoa asɛmpaka adwuma no sɛnea n’ankasa pɛ. Onyankopɔn abotare a wanya wɔ adesamma a wɔnyɛ osetie ho no bɛba awiei. Wɔbɛsakra asomdwoesɛm a ɔka kyerɛ adesamma wɔ saa awo ntoatoaso yi mu no. Mmom no, “ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu.” (Dwom 2:5) Sɛnea Yehowa ankasa ka no: “Me ninkuntwe mu, m’anibere gya no mu, na mɛkasa.” (Hesekiel 38:19, NW) Afei ɔbɛma Yesu Kristo sɛnkyerɛnne ma ɔde ɔsoro dɔm akodi dwuma de atia wiase a atew atua na ɛnni mmara so yi.
17. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ ɔbɔfo biako pɛ tumi ho nhwɛso?
17 Wobetumi ahu nea saa dɔm no betumi ayɛ no denam nea ɛtoo Asiria bere a Onyankopɔn bere dui sɛ ɔyɛ biribi tia no no so. Ahene Nhoma a Ɛto so Abien 19:35 se: “Na anadwo no ara [Yehowa] bɔfo fi kokum Asiria nsra mu nnipa peha aduɔwɔtwe anum. . . . Wɔn nyinaa yɛ afunu.” Nea ɔbɔfo biako pɛ yɛe nen! Nea wɔn mu ɔpepepem huhaa bɛyɛ nnansa yi ara no bɛyɛ hu kɛse.
18. Ɔsɛe a ɛbɛba wɔ nhyehyɛe yi awiei no bɛyɛ kɛse dɛn?
18 Yeremia 25:31-33 kyerɛkyerɛ nea ebesi no mu wɔ saa nsɛm yi mu sɛ: “Hooyɛ no bedu asase ano nohɔ, na [Yehowa] ne amanaman reham; ɔrebu ɔhonam nyinaa ntɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano, [Yehowa] asɛm ni. Sɛ asafo [Yehowa] se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum retu afi asase anoano. Na da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.”
19. Nkyerɛkyerɛmu foforo bɛn na Adiyisɛm ti 19 de ka ho?
19 Adiyisɛm ti 19 kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa bɛyɛ eyinom nyinaa no mu. Ɛdenam ne Hene Yesu Kristo a ɔma odi dwuma sɛnea nkyekyem 14 ka no, sɛ, “ɛdɔm a wɔwɔ soro” di n’akyi no so. Afei nkyekyem 17 ne 18 se: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔ nso nam, ne adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.” Na nkyekyem 19 kosi 21 kyerɛkyerɛ sɛnea wɔsɛe nnipa nhyehyɛe nyinaa esiane sɛ wɔpowee sɛ wobetie bere a Onyankopɔn nam n’asase so abɔfo so kasae nti no mu.
20. Dɛn nti na saa wiase yi rentumi mma awiei wɔ nuklea ɔsɛe mu?
20 Enti, bere bedu nnansa yi ara sɛ Onyankopɔn de saa wiase nhyehyɛe a basabasayɛ wom na ɛredwiriw agu yi ba awiei. Nanso awiei no renyɛ wɔn ankasa ho a wɔsɛe denam nuklea akodi a amanaman no de wɔn ho hyem so. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛsɛe atreneefo aka abɔnefo no ho. Nanso, nea Onyankopɔn bɛma ‘apae agu’ saa wiase yi so no renyɛ saa na mmom ebeyiyi mu. Ebinom benya nkwa akɔ wiase foforo no mu. Sɛnea Mmebusɛm 2:21, 22 ka no: “Na teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu: na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”
21. Nsemmisa afoforo bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
21 Dɛn nti na saa wiase yi abedu baabi a ɛsɛ sɛ wiase nyinaa ɔsɛe a ɛte saa ba nnansa yi ara? So ɛrentumi nyɛ yiye sɛ asomdwoe ho mmɔden a wiase akannifo rebɔ mprempren no bɛsow aba ma wɔatumi agye saa nhyehyɛe yi nkwa? Na sɛ yɛpɛ sɛ yɛka “teefo” ne “wɔn a wɔyɛ pɛ” a wobenya nkwa akɔ wiase foforo no mu na wɔakɔ so atra ase no ho a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra dɛn wɔ mprempren bere yi a ɛho hia sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu yi mu? Yɛn asɛm a edi hɔ no besusuw saa nsemmisa yi ho.
Wo Mmuae ne Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ asomdwoe nni hɔ, ne titiriw no, wɔ yɛn bere yi mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na abɔfo dɔm ho wɔ adesamma a wɔrepaapae wɔn mu nnɛ no mu?
◻ Dɛn nti na Ahenni nkrasɛm no yɛ “daa asɛmpa”?
◻ Dɛn so na wobegyina abu nkurɔfo atɛn sɛ wɔfata nkwa anaa owu?
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Abɔfo dɔm gyina Yehowa Adansefo adwuma no akyi