Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/1 kr. 16-17
  • Amanaman Boaboa Wɔn Ho Ano Wɔ Megido

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amanaman Boaboa Wɔn Ho Ano Wɔ Megido
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Harmagedon Onyankopɔn Ko A Ebetwa Akodi Nyinaa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/1 kr. 16-17

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

Amanaman Boaboa Wɔn Ho Ano Wɔ Megido

NYANSAHU ho asɛm bi a ɛfa sɛ ebia nuklea ɔko bɛma “nuklea awɔw bere” anaasɛ “nuklea ahohuru bere” a ano yɛ den aba ho no bɔɔ amanneɛ sɛ “nhwehwɛmufo nhu nea wiase Harmagedon yɛ.”

Ebia woahu nkyerɛkyerɛmu a ɛtete saa a ɛde “Harmagedon” toto yɛn mmere a emu yɛ den no ho. Dɛn ne “Harmagedon”? Ebia wobɛpɛ sɛ wuhu, efisɛ wo nkwa ho asɛm wom.

Hwɛ Megido mfonini a wotwa fii soro a ɛwɔ atifi hɔ no. Na eyi yɛ beae titiriw bi wɔ tete Israel. Ɔsomafo Yohane de ne din dii dwuma bere a ɔkyerɛw “baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon [Megido Bepɔw],” anaasɛ Armagedon ho asɛm no. (Adiyisɛm 16:16) Megido ho biribi a wuhu no ma wote saa nsɛm no ase.

Wubetumi ahu faako a ɛwɔ no wɔ asase mfonini a ɛka ho yi so. Na akwan titiriw abien da ho pɛɛ. Na Karmel Mmepɔw no siw Kusuu Fam ne Kesee Fam kwan a efi Misraim wɔ kesee fam kɔ Damasko anaasɛ nkurow afoforo a ɛwowɔ Eufrate ho wɔ kusuu fam no. Enti na ɛma asraafo ne akwantufo kuw kɔfa ɔkwan bi a ɛda Megido ho no so, ɔkwan a ɛwɔ nifa so wɔ mfonini no mu no. Kusuu Fam kwan a ɛkɔ Kesee Fam a ɛfa hɔ no twa ɔkwan titiriw a efi Tiro kɔ Yordan Bon no mu anaasɛ Samaria kɔ Yerusalem no mu wɔ Yesreel Bon mu. Esiane sɛ Megido wɔ saa akwan yi ho nti, na wɔn a wotwam fa hɔ no nam ho pɛɛ na ɔbon a na ɛwɔ Megido anim no bɛyɛɛ baabi a wodi nkonim prɛko wɔ ɔko mu.

Sɛ nhwɛso no, ɛha na Ɔtemmufo Barak dii Kanaanfo a na ɔsahene Sisera di wɔn anim a na wɔwɔ ɔko nnade nteaseɛnam no so nkonim. (Atemmufo 4:1-3, 12-16; 5:19) Akyiri yi Farao Neko dii asraafo ahoɔdenfo dɔm ne nteaseɛnam anim faa mpoano kwan (enti na wɔfrɛ no Via Maris anaasɛ Po Kwan) no so bɛboaa Asiriafo wɔ Eufrate no ho. Esiane biribi nti, Yuda hene Yosia sii gyinae sɛ ɔne Neko bɛko. Nanso wɔ he? Ɛwom sɛ na Megido wɔ bɛyɛ akwansin 55 wɔ Yerusalem kusuu fam de, nanso Yosia paw asasetaw a na ɛbɛn Megido no.​—2 Beresosɛm 35:20-22; Yeremia 46:2.

Na onim sɛ ɛsɛ sɛ Misrifo no fa hɔ na ebia ɔtee nka sɛ ebedi aboa no esiane sɛ ɛbɛyɛ nea ɛbɛn baabi a Israel nya ahobammɔ nti. Sɛnea wubetumi ahu no, Tell (pempe) Megido yɛ nea ɛso. Na tete kurow no wɔ ahoɔden. Salomo bɔɔ ho ban, ebetumi aba sɛ ɔtoo abo afasu twaa ho hyiae na ɔde ɔpon kɛse bi sii ano.* (1 Ahene 9:15) Wɔ obon no benkum fam no, wubetumi ahu tokuru kɛse bi a ɛyɛ baabi a wɔde nsu fa brɛ ɔmanfo no a na wɔayɛ no wɔ ɔkwan hwanyann so no ano kwan. Atrapoe bi kɔ nsuka tenten bi a wɔatu wɔ abotan a ɛwɔ ase no mu no mu na na ɛma Israelfo no nya nsu bere a wɔbɔ wɔn ho ban fi ntua ho no. Tetefo ho nneɛma mu hwehwɛfo nso ahu mmoadan a wɔde apɔnkɔ gu mu bɛyɛ 450 nkae nso, ebia wosisii wɔ bere a na Ahab redi ade no mu.​—Fa toto 1 Ahene 9:19 ho.

Wɔ ko a wɔkoe wɔ Megido ho no mu no, Yosia pirae kɛse na owui wɔ kwan mu bere a wɔresan akɔ Yerusalem no. (2 Ahene 23:28-30) Ebia eyi na ɛmaa ‘wɔbɔɔ abubuw wɔ Megido bon mu’ a wɔaka ho asɛm wɔ Sakaria 12:11 no. Wɔ Yosia nkogudi no akyi bere tiaa bi no, Babilon trɛw ne sraadi nkɛntɛnso mu kɔɔ Yudea a ayɛ mmerɛw no.​—2 Ahene 24:1, 2, 12-14; 2 Beresosɛm 36:1-6.

Bere a woanya amanneɛbɔ a ɛte saa no, wubetumi ahu nea enti a wɔ Adiyisɛm a wɔde maa ɔsomafo Yohane no mu no, wotumi de Megido di dwuma de ka ‘wiase nyinaa ahene’ a wɔboaboa wɔn ano ‘ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no’ ho asɛm sie no. Asase so baabiara nni hɔ a amanaman nyinaa a wɔsɔre tia Onyankopɔn no betumi akɔ hɔ, ɛda adi sɛ wɔrentumi nkɔ obon a ɛwɔ Tell Megido ase mpo no. Nanso Harmagedon, anaasɛ Armagedon gyina hɔ ma saa ɔko a emu nkonimdi no bɛyɛ prɛko no ma ɛfata.​—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21.

Enti ma amammuifo ne nsɛm ho amanneɛbɔfo nni mfomso nsusuw sɛ Harmagedon yɛ nuklea ɔko a ɛbɛsɛe yɛn asase yi. Bere a Megido ho abakɔsɛm wɔ w’adwenem mu no, wubetumi ate asɛm no ase yiye. Wubetumi ahu sɛ Harmagedon yɛ tebea a ɛrenkyɛ amanaman no bɛba mu ma wɔako ɔko kɛse no bere a Onyankopɔn bɛpopa yɛn mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no afi hɔ na abue kwan ama trenee wiase foforo bi no.​—2 Petro 3:11-13.

[Ase hɔ asɛm]

Wubetumi akenkan Megido pon no ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye wɔ The Watchtower a wotintimii no August 15, 1988 no nkratafa 24-6.

[Asase Mfonini wɔ kratafa 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Ɛpo Kɛse

Ɛkɔ Damasko

Ɛkɔ Tiro

Galilea Po

Akko

Bepɔw Karmel

Megido

Via Maris

Yopa

Wɔ Misraim

Bet-San

Dotan

Samaria

Sekem

Ɛkɔ Yerusalem

Asubɔnten Yordan

Akwn 0 10

Km 0 10 20

[Mfonini Fibea]

Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wubehu Megido mfonini kɛse wɔ 1989 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so. Wɔbɛka ne mfonini ahorow asia no ho asɛm wɔ nsɛm a ɛba Ɔwɛn-Aban no mu no mu afe yi, na ebia wobɛpɛ sɛ wode sie ka kalenda no ho na wɔde adi dwuma daakye.

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Saa Misrifo mfonini yi betumi aboa wo ma wɔayɛ twa a Farao Neko betwaam faa Megido ho, baabi a odii Ɔhene Yosia so no ho mfonini wɔ w’adwenem.

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena