Europa Asennibea Kunini Gye Hokwan a Wɔde Ka Asɛm Tom Wɔ Greece
DƐN nti na efi 1938 no wokyeree ɔbarima a n’afipamfo kamfoo no no bɛboro mpɛn 60? Dɛn nti na wɔfrɛɛ sutɔɔ wura nokwaredifo yi a ofi Greece supɔw Crete so no wɔ Greece asennibea ahorow mpɛn 18, na odi boroo mfe asia wɔ afiase? Yiw, dɛn nti na wɔfaa ɔbarima nsiyɛfo a ɔwɔ abusua, Minos Kokkinakis fii ne yere ne ne mma baanum nkyɛn na wɔde no kɔɔ nsupɔw ahorow a wɔtwe nnipa aso wɔ hɔ so?
Mmara ahorow a wohyɛe wɔ 1938 ne 1939 mu a ɛbaraa mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsakra afoforo gyidi no titiriw na ɛmaa no baa saa. Greece sodifo tirimɔdenfo Ioannis Metaxas na Greecefo Ortodoks Asɔre no kanyan no maa ɔhyɛɛ saa mmara ahorow no.
Esiane saa mmara yi nti, efi 1938 kosi 1992 mu no, wɔkyeree Yehowa Adansefo dodow 19,147, na asennibea ahorow no buaa wɔn fɔ sɛ wɔmfa wɔn nto afiase mfe dodow bi a sɛ wɔka bom a ɛyɛ 753, na emu 593 na wodii wɔ afiase ankasa. Wɔyɛɛ eyinom nyinaa efisɛ Adansefo a wɔwɔ Greece no, te sɛ wɔn a wɔwɔ mmeae afoforo no, di Yesu Kristo ahyɛde a ese ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ wɔn no nyinaa so’ no so.—Mateo 28:19, 20.
Nanso wo May 25, 1993 mu no, wonyaa nyamesom ahofadi mu nkonimdi kɛse! Saa da no, Europa Asennibea ma Nnipa Hokwan ahorow a ɛwɔ Strasbourg, France no gyee hokwan a Greeceni wɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛ ne gyidi mu kyerɛ afoforo no toom. Europa Asennibea kunini yi nam saa gyinaesi yi so bɔɔ nyamesom ahofadi ho ban kɛse, a ebetumi anya nnipa a wɔte mmaa nyinaa so nkɛntɛnso yiye.
Momma yɛnhwɛ nsɛm a esisii, a animguase a Greeceni biako pɛ hyiae, a ɛde asennibea gyinaesi kɛse yi bae no ka ho no yiye.
Nsɛm a Esisii Mfiase
Wɔ 1938 mu no, saa onipa a wɔfrɛ no Minos Kokkinakis no bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu nea odi kan a wɔnam Greece mmara a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo a wɔsakra wɔn no yɛ mmaratode no so buu no fɔ. Bere a wɔanni n’asɛm no, wotwaa no asu kɔɔ Aegean Po no sɔpɔw Amorgos so ma okodii asram 13 wɔ hɔ. Wɔ 1939 mu no wɔde no too afiase mprenu, na emu biara ɔdaa hɔ asram abien ne fã.
Wɔ 1940 mu no, wotwaa Kokkinakis asu de no kɔɔ Melos supɔw no so asram asia. Afe a edi hɔ mu wɔ Wiase Ko II mu no, wɔde no too asraafo afiase a ɛwɔ Athens hɔ bɛboro asram 18. Ɔka saa bere no ho asɛm sɛ:
“Aduankɔm wɔ afiase hɔ no mu kɔɔ so yɛɛ den. Yegurowee araa maa na yentumi nnantew. Ɛnyɛ Adansefo a wofi Atene ne Piraeus no na wofi wɔn hia mu maa yɛn adaun a, anka yebewuwu.” Akyiri yi wɔ 1947 mu no, wɔde no too afiase bio asram anan ne fã.
Wɔ 1949 mu no, wotwaa Minos Kokkinakis asu kɔɔ supɔw a wɔfrɛ ho Makrónisos, a din no ma ahude ba Greecefo adwene mu esiane afiase a ɛwɔ hɔ no nti. Ná Makrónisos nneduafo bɛyɛ 14,000 no mu bɛyɛ 40 yɛ Adansefo. Encyclopedia a wɔde Hela kasa kyerɛwee Papyros Larousse Britannica ka sɛ: “Aninyanne kwan a wɔfaa so. . . . ɛhɔ tebea no a ɛnsɛ ɔman a wɔn ani abue, ne ɔkwammɔne a awɛmfo no faa so ne nneduafo no dii . . . no yɛ animguase ma Greece abakɔsɛm.”
Kokkinakis, a odii afe wɔ afiase a ɛwɔ Makrónisos no kyerɛkyerɛɛ tebea ahorow no mu sɛ: “Te sɛ Katolek Atirimmɔden Asennifo no, asraafo no bisabisaa odeduani biara nsɛm fi anɔpa kosi anwummere. Wontumi nkyerɛkyerɛ sɛnea wodii nkurɔfo ani no mu. Nneduafo no mu pii bobɔɔ adam; wokumkum afoforo; wodii bebree dɛm. Wɔ saa anadwo pii a na ɛyɛ hu a na yɛte wɔn a wɔredi wɔn ani su ne apinisi no, yɛbɔɔ mpae sɛ kuw.”
Bere a Kokkinakis fii Makrónisos aninyanne mu kae akyi no, wɔkyeree no mpɛn asia bio wɔ 1950 mfe no mu de no too afiase asram du. Wɔ 1960 mfe no mu no, wɔsan kyeree no mpɛn anan de no too afiase asram awotwe. Nanso kae sɛ Minos Kokkinakis yɛ Yehowa Adansefo ɔhaha a esiane sɛ wɔkaa wɔn gyidi kyerɛɛ afoforo nti wɔkyeree wɔn wɔ mfe pii mu no mu biako pɛ!
Ɛyɛɛ dɛn na awiei koraa no ntɛnkyia a wobuu Yehowa Adansefo a wɔwɔ Greece no kopuee Europa Asennibea ma Nnipa Hokwan hɔ?
Asɛm a Ɛbae
Asɛm no fii ase wɔ March 2, 1986 mu. Saa da no Minos Kokkinakis, a na wadi mfe 77 a ɔyɛ oguadifo a wagyae adwuma ne ne yere kɔɔ Owurayere Georgia Kyriakaki fie wɔ Sitia, Crete. Owurayere Kyriakaki kunu, a odi ɛhɔ Ortodoks asɔre no nnwonto anim no bɔɔ polisifo amanneɛ. Polisifo no bae bɛkyeree Owura ne Owurayere Kokkinakis de wɔn kɔɔ ɛhɔ police station. Wɔmaa wɔdaa hɔ maa ade kyee.
Sobo bɛn na wɔbɔɔ wɔn? Ɛyɛ sobo koro ara a wɔbɔɔ Yehowa Adansefo mpɛn mpempem wɔ mfe 50 a na atwam no mu a ɛne sɛ na wɔresakra afoforo. Greece Amanyɔ Mmara (1975), Ɔfã 13, ka sɛ: “Wɔabara nkurɔfo a wɔsakra wɔn.” Susuw Greece mmara no, ɔfã a ɛto so 4, nea etia 1363/1938 ne 1672/1939, a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo a wɔsakra wɔn yɛ mmaratode no ho. Ese:
“Nea ‘nkurɔfo a wɔsakra wɔn’ kyerɛ titiriw ne, mmɔden biara a wɔbɔ no tee anaa anifere kwan so, sɔre tia obi a ɔwɔ nyamesom kuw foforo mu nyamesom gyidi ahorow . . . . a atirimpɔw no ne sɛ wobedidi saa gyidi no ase denam nnɛɛdɛɛ biara anaa biribi a wɔde daadaa obi ho bɔhyɛ biara so, anaasɛ denam nkuranhyɛ anaa honam fam mmoa so, anaasɛ denam nnaadaa kwan so anaa osuahu a onni, nkurɔfo mu ahotoso ɔwɔ, hia a ahia no, anaa nyansa pii a onni so.”
Nsɛmmɔnedi Asennibea a ɛwɔ Lasithi, Crete no dii asɛm no wɔ March 20, 1986 mu, na wobuaa Owura ne Owurayere Kokkinakis fɔ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsakra afoforo gyidi. Wobua wɔn baanu no fɔ sɛ wɔmfa wɔn nto afiase asram anan. Bere a wɔrebua awarefo no asɛm no, asennibea no kae sɛ wɔsɔre tiaa “Ortodoks Kristofo no nyamesom gyidi ahorow . . . esiane suahu, nyansa ne nimdeɛ a pii wonni nti.” Wɔbɔɔ wɔn a wɔredi wɔn asɛm no sobo nso sɛ na “wɔnam anifere ne ahokokwaw a wɔde kyerɛkyerɛ no so rehyɛ [Owurayere Kyriakaki] nkuran . . . sɛ ɔnsakra ne Ortodoks Kristofo gyidi no.”
Wɔde gyinaesi no kɔdan Crete Asennibea a Wɔde Asɛm Dan no. Wɔ March 17, 1987 mu no, saa Crete asennibea yi gyaa Owurayere Kokkinakis nanso wosoo ne kunu atemmu no mu ɛwom sɛ wɔtew n’afiasenna bere no so baa asram abiɛsa de. Wɔkaa wɔ atemmusɛm no mu sɛ Owura Kokkinakis “nam osuahu, nyansa, ne nimdeɛ pii a [Owurayere Kyriakaki] nni so pɛe sɛ wonya no.” Wɔkae sɛ “ofii ase kenkan Kyerɛw Kronkron no mu nsɛm de ahokokwaw kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɔkwan a Kristoni bea no a na onni mfitiase nkyerɛkyerɛ kɛse no rentumi nsɔre ntia so.”
Ɔtemmufo no biako a na ɔwɔ adwene soronko kyerɛwee sɛ “ɛsɛ sɛ anka wɔsan [Owura Kokkinakis] nso ho, esiane sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Georgia Kyriakaki . . . nni osuahu wɔ Ortodoks Kristofo gyidi no mu ankasa, efisɛ na ɔyɛ nea odi asɔre nnwonto anim yere, na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na onnim nyansa pii anaa na onni nimdeɛ ankasa, sɛnea ɛbɛma nea yɛredi n’asɛm no atumi afa saa hokwan no . . . [ma enti] wadaadaa no sɛ ɔmmɛyɛ Yehowa Adansefo som no muni.”
Owura Kokkinakis de asɛm no kɔdan Greece Asennibea Kunini no. Nanso saa asennibea no pow asɛm a wɔde bedan wɔn no wɔ April 22, 1988 mu. Enti wɔ August 22, 1988 mu no, Owura Kokkinakis de asɛm no kɔdan Europa Bagua a Ɛhwɛ Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ So no. Awiei koraa wɔpenee n’adebisa no so February 21, 1992, na wɔfrɛɛ no baa Europa Asennibea ma Nnipa Hokwan Ahorow hɔ.
Nneɛma a Ɛfa Asɛm no Ho
Esiane sɛ Greece ka aman a wobom yɛ Europa Bagua no ho nti, ɛsɛ sɛ edi Europa Apam no Mmara ahorow a ɛfa Nnipa Ahofadi ho no so. Apam no Mmara a ɛto so 9 no kenkan sɛ: “Obiara wɔ nsusuwii, ahonim ne nyamesom mu ahofadi; nea ɛka saa ahofadi yi ho ne sɛ obi betumi asakra ne nyamesom anaa gyidi, ne n’ahofadi sɛ ne nkutoo anaa ɔne afoforo bɛbɔ wɔ baguam anaa kokoam, de ada ne som anaa ne gyidi adi wɔ ɔsom nneyɛe, nkyerɛkyerɛ, dwumadi ne afahyɛ mu.”
Enti, wodii Greece aban no asɛm wo Europa asennibea bi mu. Wɔbɔɔ no sobo sɛ abu nnipa ahofadi a Greeceni wɔ sɛ odi nyamesom akyi ma ɛne Yesu Kristo ahyɛde a ɛse ‘wɔnkyerɛkyerɛ na wɔnyɛ asuafo no’ hyia no so pefee. (Mateo 28:19, 20) Afei nso asomafo Petro kae sɛ: ‘Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm nkyerɛ nkurɔfo, na yenni adanse fefeefe.’—Asomafo no Nnwuma 10:42.
Asɛmti a na ɛwɔ 1992 European Magazine on Human Rights titiriw bi akyi ne “Greece—Nnipa Ahofadi a Wɔhyɛ Da Bu So.” Nsemma nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ kratafa 2 sɛ: “Greece nkutoo ne ɔman a ɛwɔ Europa Amanaman Nkabom no ne Europa a ɛwɔ mmara a wɔde twe nkurɔfo aso a ɛma wɔbɔ obiara a ɔkanyan obi sɛ ɔnsakra ne som ka na wotumi de no to afiase.”
Enti saa bere no, ɛkanyan mmaranimfo ne afoforo a wɔaka nyinaa yiye maa wɔde ahopere hwɛɛ nea ɛbɛba kwan. Ná dɛn na wɔbɛka wɔ Greece mmara a ɛbara sɛ obi bɛkyerɛkyerɛ ne gyidi mu akyerɛ afoforo no ho?
Wodi Asɛm no Wɔ Strasbourg
Awiei koraa da a wobedi asɛm no dui—November 25, 1992. Ná wim ayɛ kusuu wɔ Strasbourg, na na awɔw wom kɛse, nanso wɔ Asennibea hɔ no mmaranimfo de ɔhyew kaa wɔn nsɛm. Wɔkaa asɛm no nnɔnhwerew abien. Ɔbenfo Phedon Vegleris a ɔyɛ Kokkinakis mmaranimfo no kaa asɛntitiriw a ɛwɔ asɛm no mu bisae sɛ: ‘So ɛsɛ sɛ mmara yi a wɔayɛ na abɔ Greece Ortodoks Asɔre mufo ho ban na wɔannan wɔn ti ankɔ nyamesom gyidi foforo mu no kɔ so tra hɔ na wɔde di dwuma?
Ɔbenfo Vegleris a naɛda adi sɛ asɛm no haw no no kae sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa sɛ saa mmara (a ɛfa mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsakra afoforo gyidi ho) no ma wobu ortodoks som sɛ agyimsɛm ne atetekwaasɛm. Ná ɛyɛ me nwonwa bere nyinaa sɛ ehia sɛ wɔbɔ ortodok som ho ban fi nkwaseasɛm ho, honhom mu ahokokwaw a wonni ho . . . Eyi yɛ ade a ɛhaw me na ɛyɛ me ahodwiriw.” Sɛnea ebae no, aban ananmusifo no antumi ankyerɛ pɛnkoro pɛ mpo a wɔde mmara no dii dwuma wɔ onipa foforo biara ho sen Yehowa Adansefo.
Kokkinakis mmaranimfo a ɔto so abien, Owura Panagiotis Bitsaxis, kyerɛɛ sɛnea nyansa nni nkurɔfo a wɔsakra wɔn ho mmara no mu no. Ɔkae sɛ: “Nkɔmmɔ a wɔn a wɔadu mpanyin mfe so bɔ no gyina pene a wɔn mu biara pene ne yɔnko nkɛntɛnso so no so. Anyɛ saa a, yɛbɛtra ɔman soronko a emufo ba fam a wosusuw nsɛm ho nanso wɔnka ho asɛm, wɔkasa nanso wonni nkitaho, wɔtra ase nanso wɔne afoforo mmɔ.”
Owura Bitsaxis kyerɛe nso sɛ “wɔammu Owura Kokkinakis fɔ esiane ‘biribi a ɔyɛe nti,’ na mmom ‘onipa ko a ɔyɛ nti.’” Enti, Owura Bitsaxis kyerɛe sɛ, ɛnyɛ bu nko na wɔabu onyamesom ahofadi ho nnyinasosɛm no so, na mmom wɔasɛe no koraa.
Greece aban no ananmusifo bɔɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko fi sɛnea ɛte ankasa no ho, na wɔkyerɛe sɛ Greece yɛ “nnipa ahofadi paradise.”
Gyinaesi No
Ɛda a wobebua asɛm no a wɔhwɛɛ kwan kyɛe no dui—May 26, 1993. Asennibea no gyinaa atemmufo baasia agyinatu a etia baasa de no so buaee sɛ Greece aban no abu nyamesom mu ahofadi a Minos Kokkinakis a wadi mfe 84 wɔ no so. Wɔ n’asetra dwumadi a ɛne baguam asɛnka a wɔsan ho akyi no, wɔbɔɔ aban no ka sɛ entua $14,400 mma no. Enti Asennibea no pow asɛm a Greece aban no kae sɛ Kokkinakis ne Yehowa Adansefo fa nhyɛso akwan so na wɔne afoforo bɔ wɔn gyidi ahorow ho nkɔmmɔ no.
Ɛwom sɛ ebia Greece Amanyɔ Mmara no ne Greece tete mmara bi bɛbara mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsakra afoforo gyidi de, nanso Europa asennibea kunini no sii gyinae sɛ mmara yi a wɔde bedi dwuma de akyerɛ Yehowa Adansefo no nteɛ. Ɛne Europa Apam ma Nnipa Hokwan Ahorow no Mmara a ɛto so 9 no nhyia.
Asennibea gyinaesi no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná nyamesom ka ‘nnipa nsusuwii a wotumi sakra no bere nyinaa’ no ho, na na entumi mma sɛ wɔnka ho asɛm wɔ baguam nkɔmmɔbɔ mu.”
Atemmufo akron no mu biako asɛm a ɔde penee so ne sɛ: “Wontumi ntwe obi aso wɔ afoforo a ɔsakra wɔn, a wɔkyerɛ ase sɛ ‘nnam a wɔde trɛw gyidi no mu,’ no ho; ɛyɛ ɔkwan—nea eteɛ ankasa—a ‘obi fa so da ne som adi.’
“Wɔ asɛm yi mu no, nnam a ɛte saa ara nti na wɔkyeree nea wanya asɛm no [Owura Kokkinakis], na ɛnyɛ mmaratode biara nti.”
Nea Afi Gyinaesi no Mu Aba
Akwankyerɛ pefee a Europa Asennibea ma Nnipa Hokwan Ahorow de mae ne sɛ ɛnsɛ sɛ Greece aban no ananmusifo no kɔ so de mmara a ɛbara mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsakra afoforo gyidi no di dwuma ɔkwan bɔne so. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Greece bedi asennibea no akwankyerɛ no so na wɔagyae Yehowa Adansefo a wɔtaa wɔn no.
Ɛnyɛ Yehowa Adansefo atirimpɔw ne sɛ wɔde wiase nsakrae ahorow bɛba anaa wɔbɛyɛ mmara nhyehyɛe ahorow no yiye. Nea ehia wɔn titiriw ne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no de adi Yesu Kristo ahyɛde no so. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ eyi no, wɔn ani gye ho sɛ ‘wobegyina asɛmpa no akyi na wɔde asi hɔ mmara kwan so,’ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe wɔ afeha a edi kan mu no.—Filipifo 1:7.
Yehowa Adansefo di mmara so wɔ aman a wɔtete mu nyinaa mu. Nanso, nea ɛsen biara no, wɔn koma ka wɔn sɛ wobedi ɔsoro mmara so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛw Kronkron Bible no mu. Enti sɛ ɔman biara mu mmara bara wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka wɔn gyidi a egyina Bible so no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛhyɛ wɔn ma wosi asomafo no gyinae no bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.
[Adaka wɔ kratafa 28]
ƆTAA AFOFORO A ASƆFO HYƐ AKYI
Asɔfo a wɔwɔ Greece abɔ mmɔden mfe dudu pii sɛ ‘wɔnam mmara so de mmusu bɛba.’ (Dwom 94:20) Wosiesiee asɛm foforo wɔ Crete supɔw no so nnansa yi ara. Wɔ 1987 mu no, ɔsɔfo panyin bi ne asɔfo 13 bɔɔ Adansefo baakron sobo sɛ wɔresakra afoforo gyidi. Awiei koraa no, wɔde asɛm no kɔɔ asennibea January 24, 1992.
Asennibea hɔ yɛɛ ma. Ná asɔfo bɛyɛ 35 wɔ hɔ a wɔrebegyina sobo ahorow no akyi. Nanso, Adansefo a wɔbae sɛ wɔrebɛhyɛ wɔn nuanom Kristofo no nkuran no gyee nkongua no dodow no ara. Ansa na wɔrebefi asenni no ankasa ase mpo no, wɔn a wɔredi wɔn asɛm no mmaranimfo no daa mmara mu mfomso a anibere wom a aban mmaranimfo no dii adi.
Nea efi mu bae ne sɛ wɔn a wɔredi asɛm na kotuu agyina kokoam. Wɔ dɔnhwerew abien ne fã agyinatu akyi no, Asennibea no Titrani no kae sɛ nea mmaranimfo a ogyina wɔn a wɔredi wɔn asɛm no akyi no kae no yɛ nokware. Enti wotwaa sobɔ a wɔbɔɔ Adansefo baakron no mu! Osii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan fi nhwehwɛmu no ase bio de da no adi sɛ ebia wɔn a wɔredi wɔn asɛm no di fɔ wɔ nkurɔfo a wɔsakra wɔn gyidi ho anaa.
Ɔde amanneɛbɔ yi mae ara pɛ, asennibea hɔ yɛɛ begyabegya. Asɔfo no fii ahunahuna ne ɔyaw ase. Ɔsɔfo biako de mmeamudua tow hyɛɛ Yehowa Adansefo mmaranimfo no so, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ no ma wasom. Ná ɛsɛ sɛ polisifo de wɔn ho gye mu, na awiei koraa no, Adansefo no tumi fii hɔ dinn.
Bere a wotwaa asɛm no mu akyi no, aban mmaranimfo no kyerɛwee sobo Foforo tiaa Adansefo baakron no. Wɔde asɛm no hyɛɛ April 30, 1993, adapɛn abiɛsa pɛ ansa na Europa Asennibea ma Nnipa Ahofadi no resi gyinae wɔ Kokkinakis asɛm no ho mo. Asɔfo pii san behyiae.
Nnipa baakron a wɔredi wɔn asɛm no mmaranimfo no nam mmara kwan so sɔre tiae sɛ wɔn a wɔbɔɔ Adansefo no sobo no nni asennibea hɔ. Esiane ahopere a aban mmaranimfo no de kyerɛw sobo foforo no nti, na wadi mfomso kɛse denam frɛ a wamfrɛ wɔn a wɔde sobo no bɔe so. Enti Adansefo no mmaranimfo no kae sɛ asenni bagua no ntwa asɛm no mu esiane mfomso a anibere wom yi nti.
Enti otemmufo no fii asennidan mo mu kotuu agyina bɛyɛ dɔnhwerew biako. Wɔsan bae no Asennibea Titrani a na wasi ne ti ase no kae sɛ Adansefo baakron no nyinaa di bem wɔ sobo ahorow no ho.
Adansefo a wɔwɔ Greece no ani sɔ nea asɛm yi kowiee no, na afei gyinae a Europa Asennibea ma Nnipa Hokwan Ahorow sii wɔ Kokkinakis asɛm no ho wɔ May 25, afe yi no. Wɔn mpaebɔ ne sɛ mmara kwan so nkonimdi ahorow yi bɛma wɔatumi akɔ so ayɛ wɔn Kristofo dwumadi no “komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.”—1 Timoteo 2:1, 2.
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Minos Kokkinakis ne ne yere