Wɔde ma dwonkyerɛfo. Maskil. Dawid dwom; bere a Edomni Doeg kɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid wɔ Ahimelek+ fie no.
52 Otumfoɔ, dɛn nti na wohoahoa wo ho bɔne ho?+
Onyankopɔn adɔe wɔ hɔ daa nyinaa.+
2 Wo tɛkrɛma dwen amumɔyɛ ho te sɛ oyiwan a wɔasew ano,+
Nnaadaa nnwuma na ɛyɛ.+
3 Wodɔ bɔne sen papa,+
Na wodɔ nkontompo sen sɛ wobɛka nea ɛteɛ.+ Sela.
4 Amammɔesɛm nko na wopɛ,+
O wo tɛkrɛma okontomponi.+
5 Onyankopɔn bedwiriw wo agu afebɔɔ;+
Ɔbɛbɔ wo ahwe fam, na ɔbɛtew wo afi wo ntamadan ho;+
Obetutu w’ase afi ateasefo asase so.+ Sela.
6 Treneefo behu na wɔasuro,+
Na wɔbɛserew no sɛ:+
7 Ɔbarima a ɔmfa Onyankopɔn nyɛ ne guankɔbea,+
A ɔde ne ho to n’ahonyade bebrebe so,+
Na ɔde ne werɛ hyɛ amumɔyɛde mu no ni.+
8 Na me de, mɛyɛ sɛ ngodua+ frɔmfrɔm wɔ Onyankopɔn fie;
Mede me ho bɛto Onyankopɔn adɔe so daa daa.+
9 Mɛkamfo wo daa nyinaa, efisɛ wo na woayɛ;+
Na mede m’ani bɛto wo din so, efisɛ eye wɔ w’anokwafo anim.+