Dwom 62
Hena na Yɛsom No?
Nea Yɛaprente
1. Hena na wosom no?
Hena na wubetie no?
Onyame bɛn na wokotow no?
Ky’rɛ nea wopɛ sɛ wosom no.
Wuntumi nsom baanu;
Wɔn nyinaa ntumi nkyɛ
Ɔdɔ a efi wo koma mu no;
Wo som no renkosi hwee.
2. Hena na wosom no?
Hena ne wo Nyankopɔn?
Ɔt’rofo anaa ɔnokwafo,
Hena na wobɛsom no nnɛ?
Wiase yi Kaesare,
Wubetie ɔno anaa?
Anaa wubetie ɔs’ro Nyankopɔn
Na woayɛ n’apɛde daa?
3. Hena na mɛsom no?
Yehowa na mɛtie no.
Me s’ro Agya no na mɛsom no;
Mɛtua me bɔhyɛ ama no.
Ɔtɔɔ me aboɔden;
Ɔno na mɛsom no daa.
Ne Ba no awu de agye me nkwa;
Mɛhyɛ ne din anuonyam.
(Hwɛ Yos. 24:15; Dw. 116:14, 18; 2 Tim. 2:19 nso.)