Dwom 79
Ayamye Wɔ Tumi
Nea Yɛaprente
1. Yɛahu Yehowa, yɛn ani agye.
N’Asɛm kyerɛ yɛn sɛ:
Ne nyansa ne tumi no yɛ kɛse,
Ɔyɛ ɔdɔ na ne yam ye.
2. Kristo frɛ wɔn a wɔdi aw’rɛhow
Sɛ wɔntow dadwen ngu.
Ne kɔndua yɛ mm’rɛw; n’adesoa nyɛ d’ru,
Odwo na ɔwɔ ayamye.
3. Yɛn Nyankopɔn ne Aw’rade Yesu,
Momma yensua wɔn daa.
Nea yɛyɛ nyinaa, ɛsɛ sɛ yenya
Tema ne ayamye kɛse.
(Hwɛ Mika 6:8; Mat. 11:28-30; Kol. 3:12; 1 Pet. 2:3 nso.)