Dwom 56
Tie Me Mpaebɔ
Nea Yɛaprente
(Dwom 54)
1. Soro Agya, yɛ asõ tie me.
Me Nyankopɔn, meyɛ wo dea daa.
Wo din no sõ, ɛkyɛn din biara.
(NNYESO)
Ɔdomfoɔ Agya, tie me mpaebɔ.
2. Me Nyankopɔn, meda wo ase;
Woama me nkwa, woakyerɛ me kwan.
Wohwɛ me yie ma m’ani gye daa.
(NNYESO)
Ɔdomfoɔ Agya, tie me mpaebɔ.
3. Mede me kra bɛyɛ adepa.
Enti boa me, na memfa hann mu,
Na hyɛ me den me haw nyinaa mu.
(NNYESO)
Ɔdomfoɔ Agya, tie me mpaebɔ.
(Hwɛ Ex. 22:27; Dw. 106:4; Yak. 5:11 nso.)