Dwom 124
Som Wɔn Hɔho
Nea Yɛaprente
1. Yehowa yi ne yam som ahɔho daa.
Odwen obiara ho, ɔnyɛ nyiyimu.
Ɔma nnipa nyinaa nya nsu ne awia;
Ɔma yɛn koma nya anigye.
Yebesua Yehowa yɛn Nyankopɔn daa.
Yebehu ahiafo mmɔbɔ daa nyinaa;
Yɛn Agya no betua yɛn papayɛ so ka,
Efisɛ ohu yɛn koma mu.
2. Yɛbɛyɛ ahiafo no nyinaa papa.
Ebetumi de mfaso abrɛ yɛn.
Yɛbɛsom ahɔho na yɛanya anigye,
Yɛbɛma wɔn anya nea wɔhia.
Yebesua Lidia aka sɛ: ‘Bra me fie.’
Yɛbɛma wɔanya ahotɔ wɔ yɛn fie.
Wɔn a wɔhu mmɔbɔ, na wɔsom ahɔho,
Yehowa bɛma wɔn akatua.
(Hwɛ Aso. 16:14, 15; Rom. 12:13; 1 Tim. 3:2; Heb. 13:2; 1 Pet. 4:9 nso.)