Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wo Dɔfo Bi Wu a Dɛn na Wobɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 3
    • Ɔbea bi a ɔredi awerɛhow

      ASƐM A ƐDA SO

      Wo Dɔfo Bi Wu a Dɛn na Wobɛyɛ?

      ‘Me ba, gyae su wai. Onyankopɔn na onim nea eye ma yɛn.’

      Obi na ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Bebe. Saa bere no na Bebe papa anya kar akwanhyia awu, na na wɔreyɛ n’ayi.

      Ná mframa mfa Bebe ne ne papa ntam koraa. Enti wɔn adamfo bi a ɔpɛ Bebe asɛm kaa saa asɛm no sɛ ɔde rekyekye ne werɛ, nanso ɛno koraa na ɛberee ne kuru. Bebe kɔɔ so twaa agyaadwo kae sɛ, “me papa awu ma ahaw me paa.” Mfe bi akyi no, Bebe kyerɛw ne papa wu no ho asɛm wɔ nhoma bi mu. Nea ɔkae no ma yehu sɛ na ne papa wu no da so ara haw no.

      Bebe behui sɛ sɛ wo biribi wu a, ɛyɛ den sɛ wubegyae ɛho awerɛhodi, ɛnkanka obi a wo ne no bɔ kesua taforo. Enti sɛ Bible ka sɛ owu yɛ “ɔtamfo a otwa to” a, edi ka. (1 Korintofo 15:26) Owu mmɔ nkae, na ɛwɔ tumi ankasa. Ampa owu da amansan kɔn mu. Yɛn adɔfo mpo, owu nhu wɔn mmɔbɔ. Enti sɛ yɛn biribi wu na yɛn ani yɛ yɛn totɔtotɔ a, ɛyɛ ne kwan so.

      Ebia woasusuw nsɛmmisa yi ho pɛn: ‘Sɛ ade tɔ obi ani a, bere tenten ahe na obegyae ho awerɛhodi? Na ɔbɛyɛ dɛn anya awerɛkyekye? Mɛyɛ dɛn atumi akyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani no werɛ? Yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsɔre bio anaa?’

  • Wudi Awerɛhow a Ɛyɛ Bɔne Anaa?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 3
    • ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

      Wudi Awerɛhow a Ɛyɛ Bɔne Anaa?

      Ɔyare bi abɔ wo pɛn? Ebia ankyɛ koraa na wo ho tɔɔ wo, enti ɛho asɛm afi wo tirim. Nanso sɛ wo biribi wu na woredi awerɛhow a, ɛno de ɛnyɛ ɛnnɛ ne ɔkyena asɛm. Nhoma bi a Dr. Alan Wolfelt kyerɛwee mu no, ɔkae sɛ: “Awerɛhodi de, ‘entumi mfi hɔ korakora,’” nanso “sɛ bere pii twam na nkurɔfo nso kyekye wo werɛ a, w’awerɛhow no so bɛtew.”—Healing a Spouse’s Grieving Heart.

      Wo de, yɛnhwɛ nea agya panyin Abraham yɛe bere a ne yere wui no. Bible ka sɛ: “Abraham fii ase gyam Sara na osuu no.” (New World Translation, 2013 Edition) Asɛm “fii ase” a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ sɛ ɛnyɛ da koro na Abraham dii Sara wu no ho awerɛhow; ɛbɛyɛ sɛ ɛkyɛe.a Yakob nso, bere a ne mma no daadaa no ma onyaa adwene sɛ aboa bi akyere Yosef awe no, odii awerɛhow “nna pii,” na obiara antumi ankyekye ne werɛ. Mfe pii twaam, nanso Yosef wu no amfi Yakob tirim.—Genesis 23:2; 37:34, 35; 42:36; 45:28.

      Abraham te Sara amu ho resu no

      Abraham yere Sara wui no, osuu no

      Sɛ wo biribi awu ama ayɛ wo yaw paa a, wubehu sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Ma yentie nnipa mmienu bi anom asɛm.

      • “Me kunu Robert nyaa kar akwanhyia wui July 9, 2008. Anɔpa biara sɛ me kunu rebɛkɔ adwuma a, yɛpɛ biribi di a na yɛayɛ yɛn ho atuu afew yɛn ho ano. Afei ɔka kyerɛ me sɛ ɔdɔ me, na me nso meka sɛ medɔ no. Da a owui no mpo, yɛyɛɛ saa ansa na ɔrefi fie. Me kunu wu no ayɛ me yaw paa; mfe nsia atwam, nanso meda so ara di ho yaw wɔ me mu. Minnye nni sɛ me werɛ befi Rob da.”—Gail; wadi mfe 60.

      • “Me yere wui no bɛyɛ mfe 18 ni, nanso meda so ara kae no, na midi ne wu no ho awerɛhow. Sɛ menam na m’ani bɔ biribi a ɛyɛ fɛ so a, na makae me yere. Ɛba saa a, nea meka ara ne sɛ, ‘Ah me dɔfo wɔ he, ɔmmɛhwɛ!’”—Etienne; wadi mfe 84.

      Wei nyinaa ma yehu sɛ, sɛ wo biribi wu na wudi ho yaw kyɛ a, ne kwan so a. Sɛ ade tɔ yɛn ani a, ɛsono sɛnea obiara di ho awerɛhow, enti sɛnea obi yɛ ne de no, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia. Afei ɛkɔba sɛ yedi awerɛhow ma ɛyɛ sɛ nea aboro so a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ bɔne. Ɛnde sɛ woredi awerɛhow a, wobɛyɛ dɛn anya awerɛkyekye?

      a Sɛ wokenkan asɛm a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no a, wubehu sɛ Abraham ba Isak nso, bere a ne maame Sara wui no, odii awerɛhow kyɛe. Mfe mmiɛnsa twaam, nanso na ɔda so ara di awerɛhow.—Genesis 24:67.

  • Wobɛyɛ Dɛn Anya Awerɛkyekye?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 3
    • ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

      Wobɛyɛ Dɛn Anya Awerɛkyekye?

      Sɛnea yɛkyekye nkurɔfo werɛ de, ɛho afotu yɛ aduɔkron nkron nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ afotu pa. Ebinom mpo ka sɛ, sɛ wo biribi wu a, ɛho nhia sɛ wubesu anaa wubedi awerɛhow koraa. Afoforo nso ka sɛ, ɛsɛ sɛ wusu araa ma obiara hu sɛ asɛm bi ato wo ampa. Nanso sɛ wokan Bible a, wubehu sɛ afotu a ɛde ma no fata paa. Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi ara mpo foa nea Bible aka so.

      Mmeae bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ ɔbarima nsu. Wohwɛ a, saa asɛm no yɛ ampa? Na sɛ wusu wɔ nnipa mu nso ɛ? Adwene ho animdefo kyerɛ sɛ awerɛhodi de, ɛne su na ɛnam. Sɛ wotew nusu a, sɛnea yaw no te biara, nkakrankakra ebetumi abrɛ ase. Enti sɛ woka wo nusu hyɛ a, ebetumi adi wo awu. Adwene a ebinom kura sɛ ɔbarima nsu no, Bible mfoa so. Wo de, yɛnhwɛ nea Yesu yɛe bere a Lasaro wui no. Ná Yesu nim paa sɛ obetumi anyan n’adamfo no, nanso ogyinaa nnipadɔm mu suu no!—Yohane 11:33-35.

      Sɛ woredi awerɛhow a, wo bo mpo tumi fuw, ɛnkanka ne sɛ owu no aba mpofirim. Nneɛma bebree na etumi kɔfa abufuw no ba. Ebi ne sɛ obi a wubu no paa bɛka nsɛnhunu akyerɛ wo. Mike fi South Africa, na ɔka sɛ: “Me papa wui no, na madi mfe 14 pɛ. Yɛreyɛ n’ayi no, Anglikan sɔfo bi kae sɛ nnipa pa nkyɛ na wɔawu; Onyankopɔn na ɔfrɛ wɔn.a Nea ɔkae no hyɛɛ me abufuw paa efisɛ na yɛn papa ne yɛn biribiara. Seesei, mfe 63 atwam, nanso nea esii no da so ara yɛ me yaw.”

      Wo ho nipa bi wu mpofirim a, anhwɛ a wubebu wo ho fɔ na woate nka sɛ ne wu no fi wo. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ, ‘Biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ a woanyɛ nti, na ɛma owui.’ Na sɛ ɛkɔba sɛ wo ne no nyaa akasakasa bi ansa na ɔrewu a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.

      Sɛ woredi awerɛhow na wo bo taa fuw anaa w’ahonim bu wo fɔ a, nka nhyɛ. Mmom, ka ho asɛm kyerɛ obi a obetie wo. Ɔbɛboa wo ama woahu sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”—Mmebusɛm 17:17.

      Wowɔ awerɛhow mu a, fa Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no adamfo, na ɔbɛkyekye wo werɛ. Bɔ mpae na ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ no, efisɛ ‘odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Wahyɛ yɛn bɔ nso sɛ, obiara a ɔka ne komam asɛm kyerɛ no no, ɔbɛma wanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” (Filipifo 4:6, 7) Afei nso, awerɛkyekye nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu, enti sɛ wusua a wubenya awerɛkyekye. Adɛn nti na wonhyɛ Bible mu nsɛm a ebetumi akyekyere wo werɛ no nsow? (Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ no.) Wopɛ a, wubetumi akyere Bible mu nsɛm no bi agu wo tirim, na sɛ wokɔ wo kɛtɛ so na wuntumi nna a, woadwinnwen ho; ɛno nso tumi boa paa.—Yesaia 57:15.

      Jack adi mfe 40, na nnansa yi ara na kansa kum ne yere yayaayaw. Jack ka sɛ ɛtɔ da a, ɔte nka sɛ wayɛ ankonam paa. Nanso sɛ ɔbɔ mpae a etumi boa no. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Mebɔ mpae a, mihu sɛ Yehowa ka me ho. Edu anadwo a, m’ani taa tew kɛtɛ so, na mintumi nna bio. Ɛba saa a, mekenkan Bible mu nsɛm bi dwinnwen ho, na mebɔ mpae ka me komam asɛm kyerɛ Yehowa. Afei mihu sɛ me koma atɔ me yam na me ho adwo me fɔmm; wei ma mitumi da.”

      Ababaa bi a wɔfrɛ no Vanessa maame yare wui; ɔno nso mpaebɔ ayɛ bi ama no. N’asɛm ne sɛ: “Sɛ me werɛ how paa a, nea meyɛ ne sɛ, mebɔ Onyankopɔn din su gu no so wɔ mpaebɔ mu. Yehowa tie me mpaebɔ na daa ɔhyɛ me den.”

      Awerɛhodi ho afotufo kyerɛ sɛ, sɛ obi wɔ awerɛhow mu na ɔrepɛ awerɛkyekye a, ɛsɛ sɛ otu ne ho ma boa afoforo anaa ɔyɛ adwuma bi a ɛbɛboa ne mpɔtam hɔfo. Sɛ ɔyɛ saa a, ebetumi ama n’ani agye na ɛbɛtew n’awerɛhow so. (Asomafo Nnwuma 20:35) Kristofo pii a wɔn biribi awu ma enti wɔredi awerɛhow no ahu sɛ, sɛ wɔyɛ nnwuma bi de boa afoforo a, ɛma wonya awerɛkyekye.—2 Korintofo 1:3, 4.

      a Bible nkyerɛkyerɛ saa, na mmom ɛma yehu nneɛma mmiɛnsa bi a ɛma nnipa wu.—Ɔsɛnkafo 9:11; Yohane 8:44; Romafo 5:12.

      AWERƐKYEKYESƐM BI A ƐWƆ BIBLE MU

      • W’abɛbrɛsɛ nyinaa mu, Onyankopɔn dwen wo ho.—Dwom 55:22; 1 Petro 5:7.

      • Onyankopɔn nya abotare tie n’asomfo mpaebɔ.—Dwom 86:5; 1 Tesalonikafo 5:17.

      • Nnipa a wɔawuwu no, Onyankopɔn kae wɔn.—Hiob 14:13-15.

      • Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obenyan awufo.—Yesaia 26:19; Yohane 5:28, 29.

  • Obi Biribi Wu a, Wobɛyɛ Dɛn Akyekye Ne Werɛ?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 3
    • ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

      Obi Biribi Wu a, Wobɛyɛ Dɛn Akyekye Ne Werɛ?

      Agya bi ne ne ba ketewa wɔ asiei

      Hwɛ sɛ ɔmannifo bi regyam ne dɔfo bi a wawu. Wopɛ sɛ woma ohu sɛ wudwen ne ho na wopɛ sɛ woboa no, nanso wunhu nea wonyɛ anaa wonka. Enti ekowiee ase no woantumi amma no yaakɔ anaa due mpo. Asɛm a ɛte saa bi ato wo pɛn anaa? Ɛnde, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa.

      Mpɛn pii no, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛkɔ onipa a ade atɔ n’ani no nkyɛn. Afei wubetumi aka akyerɛ no sɛ “kosɛ anaa due.” Mmeae bi wɔ hɔ a, nea nkurɔfo yɛ ne sɛ wɔbɛbam onipa a ɔredi awerɛhow no anaa wɔde wɔn nsa bɛto ne mmati anaasɛ ne kɔn mu de akyerɛ sɛ wodwen ne ho. Sɛ nea ade ato n’ani no pɛ sɛ ɔka asɛm bi a, yɛ aso tie no yiye. Abusua bi biribi wu na woyɛ nneɛma bi ma wɔn a, wɔn ani tumi gye paa. Ebia wubetumi anoa aduan ama wɔn, ahwɛ wɔn mma ama wɔn, anaa aboa ama wɔayɛ ayi no ho ntotoe. Woyɛ nneɛma a ɛtete saa de boa wɔn a, na woakum wɔn koraa.

      Afei, ɛwom ara a wubetumi aka asɛm bi afa nea wawu no ho. Ebia wubetumi aka ne suban pa anaa biribi a ɔyɛe a wokae. Nea ɔredi awerɛhow no te nsɛm bi a ɛte saa a, ɛma n’ani gye. Yentie asɛm a Pam kae yi, ne kunu Ian wui no, ɛbɛyɛ mfe nsia ni. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a nkurɔfo ka adepa a na Ian yɛ a na minnim no ho asɛm. Mete nsɛm a ɛte saa a, ɛma m’ani gye.”

      Nea ebinom ayɛ nhwehwɛmu ahu ne sɛ, ade tɔ obi ani a, ahyɛase no nnipa pii tumi kɔkyekye ne werɛ. Nanso enni gyina koraa na wɔn a wɔrekyekye ne werɛ no ayi ne baako ahyɛ ne nsa. Enti ade tɔ w’adamfo bi ani a, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bedi nkitaho bere nyinaa.a Nkitahodi a ɛte saa tumi boa wɔn a wɔredi awerɛhow no mu pii ma wonya awerɛkyekye.

      Kaori yɛ ababaa bi a ofi Japan. Ne maame wui yayaayaw, nanso anso hɔ ara, bosome 15 akyi pɛ na ne nuabea panyin nso wui. Ɔno de, ne nnamfonom annyi ne baako anhyɛ ne nsa. Bere a ɔbea panyin bi a wɔfrɛ no Ritsuko bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Kaori bɛyɛ ne yɔnko berɛbo no, Kaori kae sɛ: “Mɛka nokware a, nea Ritsuko yɛe no anyɛ me dɛ, efisɛ na mempɛ sɛ mede obiara bɛyɛ me maame. Nanso, sɛnea na Mama Ritsuko ne me te no nti, eduu baabi no na mframa mfa yɛn ntam koraa. Nnawɔtwe biara na yebom kɔ asɛnka na na yebom kɔ Kristofo nhyiam nso. Mpɛn pii no, ná ɔfrɛ me ma yɛkɔnom tii, ɔnoa aduan brɛ me, na ɔkyerɛw me lɛtɛ. Nea mama Ritsuko yɛe no hyɛɛ me den paa.”

      Kaori maame wui no, mfe 12 atwam na ɔne ne kunu baanu nyinaa de bere pii reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Kaori ka sɛ: “Ɛde besi nnɛ nyinaa, Mama Ritsuko dwen me ho. Bere biara a mɛkɔ fie anaa me kurom no, mekɔsra no na ɔhyɛ me nkuran.”

      Poli nso yɛ Yehowa Dansefo a ofi Cyprus, na bere a ɔno nso kunu wui no, onyaa awerɛkyekye. Nea ɛwom ne sɛ, na ne kunu a wɔfrɛ no Sozos no yɛ asafo mu panyin a ne yam ye. Ná Sozos taa frɛ nnyanka anaa nyisaa ne akunafo ba wɔn fie bedidi gye wɔn ani. (Yakobo 1:27) Nanso Sozos dii mfe 53 no, biribi honoo ne tirim ma owui yayaayaw. Poli ka sɛ: “Yɛwaree mfe 33, nanso owu dɛɛfo gyee me dɔfo no fii me nsam.”

      Awarefo bi de aduan brɛ agya bi ne ne ba ketewa

      Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyekye nkurɔfo werɛ?

      Bere a wɔyɛɛ Poli kunu ayi wiei no, Poli ne ne ba ketewa Daniel a wadi mfe 15 no tu kɔtenaa Canada. Wɔkɔɔ hɔ no, wɔne Yehowa Adansefo asafo bi kɔbɔe, na wɔboaa wɔn paa. Poli ka sɛ: “Ná asafo no mufo no nnim nea na ato yɛn no ho hwee, nanso wɔannyaw yɛn mu. Na wɔba yɛn nkyɛn bɛka nkuranhyɛsɛm kyerɛ yɛn. Nea wɔyɛe no boaa Daniel paa efisɛ saa bere no na na ohia ne papa. Asafo mu mpanyimfo no maa wɔn ani kɔɔ Daniel ho. Mpanyimfo no baako mpo de, bere biara a ɔne ne nnamfo bepue akogye wɔn ani anaa akɔbɔ bɔɔl no, na ɔde Daniel ka ne ho.” Ɛnnɛ a yɛrekasa yi Poli ne ne ba no nyinaa anya awerɛkyekye. Ampa, awerɛkyekye fi onipa hɔ, na onipa nua ne nipa.

      Nea yɛaka yi kyerɛ sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de akyekye obi a ne biribi awu werɛ. Bible nso ka anidaso nwonwaso bi ho asɛm a ɛno nso betumi akyekye yɛn werɛ.

      a Ebinom mpo de, wɔhyɛ bere a onipa no fii mu no nsow, efisɛ saa bere no, adɔfo no bi taa di awerɛhow enti sɛ da no rebɛn anaa ɛso a, wɔkyekye nea ade ato n’ani no werɛ.

  • Awufo Bɛsɔre!
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 3
    • ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

      Awufo Bɛsɔre!

      Yɛaka Gail ho asɛm dedaw; yehui sɛ ne kunu Rob wu no yɛɛ no yaw paa, na na onnye nni sɛ ɛho asɛm betumi afi ne tirim da. Nanso ɔwɔ anidaso sɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, obehu ne kunu no bio. Ɔka sɛ: “Kyerɛwsɛm a ɛda me koma so paa ne Adiyisɛm 21:3, 4.” Ɛka sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

      Gail ka sɛ: “Saa bɔhyɛ yi yɛ awerɛkyekyesɛm. Mehwɛ wɔn a wɔn biribi awu a wonni anidaso biara no a, na wɔn asɛm yɛ me mmɔbɔ paa.” Gail de nea wɔasua no rebɔ ne bra, na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ bere bi bɛba a “owu nni hɔ bio” no, ɔde ne bere pii reka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo.

      Hiob a pɔmpɔ abobɔ ne ho

      Ná Hiob gye di paa sɛ ɔbɛtena ase bio

      Anhwɛ a, asɛm yi bɛyɛ wo nwonwa, nanso wo de ma yɛnhwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiob asɛm no. Ɔyare bi a emu yɛ den bɔɔ no. (Hiob 2:7) Ɛwom, na Hiob nyae a anka wawu, nanso na ɔwɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu sɛ, sɛ owu a, obetumi anyan no aba asase so bio. Enti ɔde ahotoso kae sɛ: “O sɛ wode me resie Adamoa mu ɛ . . . Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” (Hiob 14:13, 15) Ná Hiob gye di paa sɛ ne Nyankopɔn no bɛkae no na ɔde no aba nkwa mu bio.

      Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn benyan Hiob ne nnipa mpempem pii a wɔawuwu no aba asase a adan paradise so. (Luka 23:42, 43) Wokenkan Asomafo Nnwuma 24:15 a, wubehu sɛ Bible ka sɛ bere bi bɛba a nnipa “bɛsɔre afi awufo mu.” Yesu nso kae sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Hiob de n’ani behu sɛ saa bɔhyɛ yi aba mu, na obenya ne “mmeranteberem ahoɔden” bio ama ne honam ayɛ ‘frɔmfrɔm asen mmofra de.’ (Hiob 33:24, 25) Owusɔre a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti ɔde bɛba no, obiara a obenya mu gyidi no benya so mfaso.

      Sɛ obi a wodɔ no paa awu ama woredi awerɛhow a, nea yɛaka wɔ ha yi remma awerɛhow no ntu nyera prɛko pɛ. Nanso, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, sɛ wodwinnwen ho a, ɛbɛma woanya anidaso na ahyɛ wo den.—1 Tesalonikafo 4:13.

      Wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a ebetumi ama woanya awerɛkyekye? Anaa wowɔ asɛmmisa bi te sɛ, “Adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma bɔne ne amanehunu rekɔ so?” Ɛnde kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org na wubenya Bible ho mmuae a ɛtɔ asom na ebetumi akyekye wo werɛ.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena