DWOM 49
Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam
Nea Yɛaprente
1. A-gya, yɛ-bɛ-yɛ w’a-pɛ-de.
Boa yɛn ma ye-nni no-kwa-re.
Ɛn-nɛ yɛa-si yɛn bo kɛ-se
Sɛ yɛ-bɛ-ma w’a-ni a-gye.
2. W’a-no-kwa-fo no hwɛ yɛn so.
Wɔ-ma a-sɛn-ka no kɔ so.
Na wɔ-ma ye-nya a-hoɔ-den
A yɛ-de be-di no-kwa-re.
3. Fa wo hon-hom no bɛ-boa yɛn.
Yɛ-bɛ-yɛ w’a-dwu-ma no nnɛ.
Nea wo-pɛ bia-ra yɛ-bɛ-yɛ.
Na wo ko-ma bɛ-tɔ wo yam.
(Hwɛ Mat. 24:45-47; Luka 11:13; 22:42 nso.)