“Live Forever” Nhoma Foforo Kanyan Anigye
1 “Nya nhoma a woyii no adi a ɛde Memeneda dwumadi nhyehyɛe no baa awiei no bi,” saa na Ɔwɛn-Aban no kae bere a ɛreka “Ahenni Nokware” ɔmantam nhyiam no ho asɛm no, “nneɛma ahorow wom a ɛbɛka Ahenni asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa akɔ akyiri.”
2 Hwɛ anigye ara a yenyae sɛ na yɛwɔ hɔ na yɛn nsa kaa nea wɔreka ho asɛm no bi—You Can Live Forever ln Paradise on Earth, (Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So!) nhoma foforo no. Wɔ yɛn Brooklyn nhoma tintimbea hɔ no, wɔatintim aboro nea edi kan a wotintimii a ne dodow yɛ 5,000,000 no so dedaw. Na wɔatintim mfuamfua bɛyɛ 2,000,000 foforo wɔ yɛn tintim mfiri a ɛwɔ Germany ne Japan no so.
3 Wɔdaa no adi wɔ yɛn nnansa yi nhyiam horow no ase sɛ wɔ bɛyɛ mfirihyia 20 bi a na “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo ne yɛn adesua nhoma titiriw no mu (efi 1946 besi 1960 mfe no mfinimfini) no wɔde Ahenni adawurubɔfo afoforo a wɔn dodow boro 1,000,000 bɛkaa yɛn ho. Afei adawurubɔfo 1,000,000 foforo bɛkaa ho bere a Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu bɛyɛɛ yɛn adesua nhoma titiriw bere a woyii adi 1968 mu akyi no. Bere a yɛde yɛn adesua nhoma foforo, You Can Live Forever in Paradise on Earth no rebedi dwuma yi, so yebehu nkɔanim a ɛte saa ara wɔ Ahenni adawurubɔfo no dodow mu? Yiw, sɛ eyi yɛ Yehowa pɛ a!
4 Nanso, so saa nhoma foforo yi ara ne nea yehia ma Ahenni adwuma kɛse a ɛda yɛn anim no? Wiɛ, sɛnea krataa a efi “Wɔn a Wɔyɛe” no hɔ wɔ Live Forever nhoma a wo nsa kae wɔ nhyiam no ase no mu ka no: “Ekura Bible mu nokware ahorow a ɛho hia sɛ afoforo te ase na wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔasom no ɔkwan pa so no nyinaa. Enti eyi yɛ nhoma fɛfɛ a ɛsɛ sɛ yɛne obiara sua, mmofra ne mpanyin, a sɛnea wɔn nhomanim te mfa ho.” Nanso sɛnea nhoma no mu nsɛm te ne ɔkwan a wɔafa so akyerɛw no no aka wo dɛn?
5 Akyinnye biara nni ho sɛ mfonini ahorow bɛboro 150 no maa w’ani gyei. Eyinom nyɛ mfonini ahorow a ɛma nhoma no mu yɛ fɛ ara kwa, na mmom, ɛyɛ mmoa ma ɔkyerɛkyerɛ ankasa. Wɔayeyɛ, na ɛwowɔ mmeae ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi asɛm a ɛreka no so dua. Enti ɔkenkanfo anaa osuani no betumi asusuw mfonini ahorow no ne nea wɔresua no ho. Na nsɛm ahorow a ɛwowɔ ase no da nea wɔde mfonini ahorow no rekyerɛ adi. Eyi ka osuani no na ɛkanyan no ma ɔyɛ ho biribi.
6 Yɛbɛpɛ sɛ yɛde nhoma foforo Live Forever yi ma kɛse sɛnea yebetumi. Wɔ asram February, April ne May mu no yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Enti monhwɛ sɛ mo asafo no wɔ dodow a mode bedi dwuma!