Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 9
Dwom 81
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Yɛn Ahenni Som mu de. Hyɛ asɛnka adwuma mu kyɛfa a yebenya dapɛn yi awiei ho nkuran.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a Yɛbɛma Wɔakra So.” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Bere a moresusuw nkyekyem 3 ne 4 ho no bisa atiefo nsentitiriw a wɔde adi dwuma anaa wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde bedi dwuma wɔ nea aba nnansa yi no mu: Yɛ nyansahyɛ ahorow a wɔada no adi wɔ nkyekyem 7 ne 8 no ho ɔyɛkyerɛ, sɛnea ɛho hia no ma ɛn ɛ nea ɛfa nea aba nnansa yi wɔ asafo mu ho.
17 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo ahiade ahorow te.
Dwom 10 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 16
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka asafo akontaabu ma December ho asɛm. Afei nso, “Ɔmansin Nhyiam a Ɛreba mu Nsɛm.” Kae asafo Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma dwumadi dapɛn yi awiei, kae wɔn nso ma wɔmfa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century nhomawa no ne August 1, 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban mmara Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.
20 min: “Ma Yehowa Asɛm no Nkɔ So Ntɛmntɛm.” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Munsusuw kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni ha no ho sɛnea bere ma kwan. Bisa adawurubɔfo baanu anaa baasa nsɛm tiaa bere a moresusuw nkyekyem 5 ho no, na wɔnkyerɛ sɛnea asɛnka adwuma a wɔyɛ no daa aboa wɔn.
15 min: “‘Live Forever’ Nhoma Foforo Kanyan Anigye.” Ɔsom adwuma sohwɛfo bɔ asɛm no ho nkɔmmɔ na ɔma wɔkenkan nkyekyem ahorow no. Bere a moresusuw nkyekyem 4 ne 5 ho no ma anuanom nka sɛnea wɔn ani gyee nhoma no ho bere a woyii adi wɔ ɔmantam nhyiam, ase no.
Dwom 89 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 23
Dwom 29
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu.
17 min: “Anigye a Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã II.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonni akyi wɔ nhomawa no mu bere a moresusuw asɛm yi ho no. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa nyɛ asɛm a ɛwɔ nkyekyem 3 a wɔde bedi dwuma de ahyɛ Bible suani nkuran ma wahu hia a ɛho hia sɛ ɔba asafo nhyiam horow, ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Boseabɔ ne Kristofo Dɔ.” (Engiresi Ɔwɛn-Aban August 1, 1982, kratafa 28) Ɔwɛn-Aban adesua so ahwɛfo no biako di ho dwuma. Nkyekyem 10 a edi kan mu nsɛntitiriw ho nnianim kasa tiaa. Afei munsusuw nea aka no ho mfi asɛmti ketewa “Bosea a Wɔbɔ Gye Mfɛntom” no so denam nsemmisa ne mmuae so sɛnea wɔyɛ wɔ Ɔwɛn-Aban adesua ankasa mu no. Momfa Kyerɛwnsɛm nni dwuma. Di ho dwuma wɔ bere ano denam nkyekyem ahorow a ɛka ade koro ho asɛm a wode bɛbobom no so.
Dwom 108 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 30
8 min: Nkaebɔ Ahorow ne adekyee mu nsɛm ho nkɔmmɔbɔ tiaa.
15 min: “Adwene a Nyansa Wom wɔ Nhomasua Ho.” Ɔkasa a egyina nsɛm ahorow abien a ɛwɔ July 15, 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 11-15 so.
10 min: Nsɛmma Nhomakra Ho Akwanhwɛ Ahorow Akyi a Yebedi. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ yɛsan kɔhwɛ anigyefo a yenyae nyinaa. Yɛ obi a ogyee nsɛmma nhoma a wɔsan kɔsra no hwɛ sɛnea ɔte anaa obi a ɔpɛe sɛ ɔkra bi nanso na onni sika saa bere no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmma n’ani nna hɔ mma nsɛmma nhomakra.
12 min: Asafo asɛnka adwuma mu osuahu ahorow. Di kan hu wɔn mu binom ansa, ɛbɛyɛ yiye a akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo a wɔanya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye nnansa yi wɔ asɛnka mu. Hyɛ afie afie asɛnka adwuma Kwasida a edi kan wɔ February mu ne You Can Live Forever in Paradise on Earth a wɔde bɛma ho nkuran. Adawurubɔfo mfa nhoma yi mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.
Dwom 41 ne mpaebɔ.