Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/83 kr. 1-2
  • Ma Yehowa Nsɛm No Nkɔ So Ntɛmntɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Yehowa Nsɛm No Nkɔ So Ntɛmntɛm
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ASƐNKA ADWUMA A YƐBƐYƐ NO DAA
  • NSƐMMA NHOMA A WƆKRA DE HONHOM MU ADUAN MA
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra Wɔ Sankɔhwɛ Mu So
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Monkɔ So Nyɛ Mma Ɛmmoro So
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 1/83 kr. 1-2

Ma Yehowa Nsɛm No Nkɔ So Ntɛmntɛm

1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ anuanom a wɔwɔ Tesalonika no nkuran sɛ: “‘Mommɔ mpae mma yɛn, na [Yehowa] asɛm nnya ɔkwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no anuonyam.” (2 Tes. 3:1) Yiw, Paulo huu hia a ɛho hia saa bere no sɛ ‘Yehowa asɛm no kɔ so ntɛmntɛm’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nokware asɛm no bedu nnipa pii nkyɛn sɛnea obetumi. Mprempren a yɛabɛn nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei pɛɛ no, so yehu hia a ɛho hia sɛ asɛm no kɔ so ntɛmntɛm wɔ yɛn bere yi so no?​—Sef. 1:14.

2 Yegye tom sɛ Yehowa nhyira nkutoo na ebetumi ama yɛn adwuma,no anya nkɔso. (Dw. 127:1) Enti sɛ yehyiam ma ɔsom adwuma no a, bere nyinaa yɛbom bɔ mpae srɛ Yehowa akwankyerɛ ne nhyira. Na ampa mpɛn pii bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no yɛsrɛ Yehowa mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde nokware no bɛma afoforo ma atu mpɔn. Nanso Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmmɔ biribi foforo ho mpae. Ɛno ne dɛn? Adwumayɛfo pii a wɔbɛba abɛka otwa adwuma no ho. (Mat. 9:35-38) Yɛpɛ sɛ yɛbɔ mpae saa ara, na ɛno akyi no yɛyɛ nea ɛne saa mpaebɔ no hyia.

ASƐNKA ADWUMA A YƐBƐYƐ NO DAA

3 Dɛn na wobɛyɛ, sɛ obi bara wo sɛ nkasa anaa mmue w’ano ɔsram biako, asram asia, anaa nea ɛboro saa mpo a? So wubetumi atra ase bere tenten a ɛte saa a wonkasa anaa wo ne obi mmɔ nkɔmmɔ? Ɛbɛyɛ den ankasa! Nanso, ebinom ama ɔsram atwam a wɔnkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm nkyerɛɛ afoforo, na ama wɔabɛyɛ adawurubɔfo a wɔnkɔ asɛnka daa. Afoforo ama asram asia anaa nea ɛboro saa atwam a wɔnkaa nokware no ho asɛm nkyerɛɛ afoforo, ma enti wɔabɛyɛ wɔn a wɔagyae asɛnka.

4 Ɔkwan bɛn so na tebea a ɛte saa betumi asɔre? Yehu ho biribi wɔ Yesu asɛm yi mu: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” (Mat. 12:34) Sɛ Yehowa Ahenni no ne nea wayɛ nyinaa ho anisɔ ahyɛ yɛn koma ma a, ɛbɛka yɛn ma yɛde yɛn ho ahyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu daa. Yɛn su bɛyɛ sɛ Yesu asuafo no de pɛpɛɛpɛ a wɔn na wɔka faa wɔn ho sɛ: “Yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.”​—Aso. 4:20.

5 Asɛnka adwuma a wɔyɛ no daa no ma yenya nneɛma pa pii. Ɛhyɛ yɛn ankasa gyidi den. Sɛ nkurɔfo bisa yɛn nsɛm ahorow a, ɛhyɛ yɛn ma yɛyɛ nhwehwɛmu ahorow; saa kwan yi so no yɛn nimdeɛ nya nkɔso. Dodow a yɛde Bible no di dwuma no, dodow no ara na Kyerɛwnsɛm mu mmuae ahorow a yetumi ma no nya nkɔso.​—1 Pet. 3:15.

6 Susuw sɛnea nokware no aboa yɛn no ho! Ɛde daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso no akyekye yɛn werɛ. Na aboa yɛn mu pii ma yɛadi subammɔne ahorow so. Sɛ yesusuw bo a nokware no som ma yɛn no ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛaboa afoforo.

NSƐMMA NHOMA A WƆKRA DE HONHOM MU ADUAN MA

7 Yɛwɔ hokwan bio wɔ January mu sɛ yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa. Wɔn a wɔkra bi a wɔn nsa ka no benya nsɛm a ɛhyɛ den wɔ honhom mu bere nyinaa. Na wo ankasa nso ɛ? Eye sɛ anka abusua biara muni benya ne de a wakra. Ɛba saa a ɛbɛboa obiara ma waka akyerɛ afoforo nso ma wɔakra.

8 Sɛ worekɔ afie afie a ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma wɔakra nsɛmma nhoma. Ɛtɔ bere bi a ebia yebedi kan anya adwene sɛ nnipa binom nyɛ wɔn a wɔn ani gye ho a ɛbɛma wɔakra anaasɛ ahia wɔn dodo sɛ wobetumi akra. Nanso sɛ́ yɛbɛma yɛn ankasa nkate horow a ɛte saa atwe yɛn asan mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn anim na yɛma wɔkra. Dɛn nti na wode adepa kame obi? Ebia ofiewura no bɛma yɛn ho adwiriw yɛn! Na, ampa, nsɛmma nhoma ahorow no ho bɛba wɔn mfaso pii. Susuw ho, wɔn nsa betumi aka honhom mu aduan afe mũ no nyinaa a ne bo nnu honam fam aduan de! Nanso sɛ nnipa no ankra a, ɛnde yebetumi de nea aba nnansa yi ara no abien ama de agye ntoboa sidi abien, na ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔkra akyiri yi.

9 Yɛn nkɔmmɔbɔ asɛmti “Asase Daakye​—Anidaso Wom!” no yɛ nea ɛne yɛn nsɛmma nhoma no biako anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra no bɛkɔ a ɛnyɛ den. Momma yɛn nyinaa nyɛ yɛn fam de wɔ Yehowa asɛm no a yɛbɛma akɔ so ntɛmntɛm no mu. Yɛ eyi denam afoforo a wobɛboa wɔn ma wɔahu honhom mu aduan a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu no so na wɔnam saa yɛ so ahu daakye a anidaso wom ma wɔn a wɔdɔ Yehowa nokwarem no.​—Mmeb. 1:33.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena