Ɛrekɔ So Dɛn?
Dɛn ade? Baa dwumadibea dan foforo no. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu ahoɔden a anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Accra ne Tema asafo ahorow mu de reboa ɔdansi adwuma no bere a wɔato nsa afrɛ wɔn adapɛn awiei no. Mpanyin ne mmofra nyinaa ho pere wɔn sɛ wobenya adwuma no mu kyɛfa
Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔman yi afã horow nso nkaa akyi wɔ adwuma no mu. Ebinom boa denam nnuan te sɛ aburow, bayerɛ, ne ade, a wɔde ba so, na onuawa bi a onni pii biara de nkyene kotoku ketewaa bae. Afoforo de sika bɛboa. Anuanom nkumaa baanan, ɔpanyin a ɔwom adi mfirihyia 10 de sika kakraa a wɔde asie boom na wonyaa ¢13.00 de bɛboae.
Mprempren de, wɔawie ɔdan fɛfɛ a ɔdan no ho adwumayɛfo bɛda mu mprempren, faako a wobedidi, baabi a wɔbɛkora nneɛma, adwumayɛbea ne nea ɛkeka ho. Ebedu bere a worekenkan amanneɛbɔ yi no, ebia wɔato nhoma tintimbea, office ahorow, Ahenni Asa ne baabi a adwumayɛfo bɛtra no fapem awie a wɔrebɛto ɔdan no afasu.
Yehowa rehyira mmɔden a yɛbom bɔ wɔ ɔdansi adwuma yi mu no so na yɛkamfo mo nyinaa wɔ kyɛfa a morenya wom ne ntoboa horow a moreyi no ho. Monkɔ so saa ara!