Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nokware No Ho Adanse A Yebedi
    Ahenni Som—1983 | September
    • ama wɔ mmorɔn so adwumayɛ mu ma ayɛ yiye denam nnipa a wɔretwam​—a wɔkɔ wɔn nkyɛn na wodi adanse tiaa no so. Wɔaboa ebinom ma wɔaba nokware no mu esiane adanse a onua anaa onuawa bi dii wɔ adwuma mu bere a wɔregye wɔn ahome anaa wɔrekodidi nti. Onua bi yɛɛ adwene sɛ ɔde Live Forever nhoma no bɛma wɔn a ɔma wɔn nsɛmma nhoma daa. Ɔkyerɛwee sɛ, ‘Ɔbarima bi a mekɔ ne nkyɛn gye nsɛmma nhoma no nkutoo na watow ne pon mu. Da koro bi mede Live Forever nhoma maa no. Ogyei, na bere a mekɔɔ hɔ bio no ɔkae sɛ wakenkan nkratafa 35 a edi kan no. Afoforo pii hu nhoma no ara kwa na wɔpɛ bi.’ Dɛn nti na wunsusuw ho sɛ wode Live Forever nhoma no bi bɛma afipamfo, abusuafo anaa afoforo a wonnya mmɛsom Yehowa.

      6 Sɛnea wunim no, September yɛ ɔsom afe foforo mfiase, 1984 ɔsom afe no. Yɛbɔɔ mmɔden dɛn wɔ 1983 ɔsom afe a afei ara na aba awiei no mu? Yɛde ahopere retwɛn August akontaabu no nyinaa afi asafo ahorow no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboaboa afe akontaabu no ano. Nneɛma nyinaa kyerɛ sɛ ayɛ afe a wɔadi nokware no ho adanse kɛse wɔ ɔman yi mu. Yɛde aseda ma Yehowa wɔ nea yɛatumi ayɛ a mmere a emu yɛ den a ɛrekɔ so yi mfa ho no ho. Yiw, monkɔ so nni nokware no ho adanse.

  • Ɛrekɔ So Dɛn?
    Ahenni Som—1983 | September
    • Ɛrekɔ So Dɛn?

      Dɛn ade? Baa dwumadibea dan foforo no. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu ahoɔden a anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Accra ne Tema asafo ahorow mu de reboa ɔdansi adwuma no bere a wɔato nsa afrɛ wɔn adapɛn awiei no. Mpanyin ne mmofra nyinaa ho pere wɔn sɛ wobenya adwuma no mu kyɛfa

      Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔman yi afã horow nso nkaa akyi wɔ adwuma no mu. Ebinom boa denam nnuan te sɛ aburow, bayerɛ, ne ade, a wɔde ba so, na onuawa bi a onni pii biara de nkyene kotoku ketewaa bae. Afoforo de sika bɛboa. Anuanom nkumaa baanan, ɔpanyin a ɔwom adi mfirihyia 10 de sika kakraa a wɔde asie boom na wonyaa ¢13.00 de bɛboae.

      Mprempren de, wɔawie ɔdan fɛfɛ a ɔdan no ho adwumayɛfo bɛda mu mprempren, faako a wobedidi, baabi a wɔbɛkora nneɛma, adwumayɛbea ne nea ɛkeka ho. Ebedu bere a worekenkan amanneɛbɔ yi no, ebia wɔato nhoma tintimbea, office ahorow, Ahenni Asa ne baabi a adwumayɛfo bɛtra no fapem awie a wɔrebɛto ɔdan no afasu.

      Yehowa rehyira mmɔden a yɛbom bɔ wɔ ɔdansi adwuma yi mu no so na yɛkamfo mo nyinaa wɔ kyɛfa a morenya wom ne ntoboa horow a moreyi no ho. Monkɔ so saa ara!

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—A Wɔde Live Forever Nhoma Rema
    Ahenni Som—1983 | September
    • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—A Wɔde Live Forever Nhoma Rema

      1 February ne ɔsram a edi kan a yɛde You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma no mae wɔ asɛnka mu. Yɛn ani gyei sɛ yɛde nhoma yi redi dwuma na nokwarem, yenyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii. Yɛde nhoma fɛfɛ yi bɛma bio September mu bere a yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo no. Sɛ́ nea ɛbɛboa yɛn no, yɛanya Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo: “So Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise?”

      2 Bere a woada wo ho adi akyi no, wubetumi aka sɛ: “Migye di sɛ wubegye atom sɛ ɛte sɛnea yɛrentumi nnya anigye ankasa wɔ asase so bere tiaa bi mpo esiane ɔhaw ahorow nyinaa a yehyia, te sɛ ɔyare, onyin, ɔkɔm, nsɛmmɔnedi ne ehu nti. [Ma ofiewura kwan ma ɔnkasa.] Nanso ntease pa wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wugye di sɛ ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ wobɛtra ase daa wɔ asomdwoe mu wɔ asase so. Nea enti a ɛte saa biako ne sɛ Onyankopɔn na ahyɛ ho bɔ. Hwɛ nea ɛka wɔ Dwom 37:29. [Kenkan nkyekyem.] Na nea ɛde awerɛhow ba a yɛbobɔɔ din no nso ɛ? Wɔ Adiyisɛm 21:4 no Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ obeyi afi hɔ. [Kenkan saa nkyekyem no.] Minim sɛ wobɛpɛ sɛ wusua ho ade pii na sɛnea ɛbɛboa wo ma woayɛ saa no, yɛde nhoma yi rema wo.” Afei fa Live Forever nhoma no kyerɛ.

      3 Wunim nhoma yi mu nsɛm dedaw. Wode adi dwuma wɔ asɛnka mu na ebia wo ne obi resua. Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ nsɛm atitiriw a ɛyɛ anigye wɔ w’adwene mu a wobɛka akyerɛ ofiewuranom bere a wode ma no. Ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan nkyekyem 9 a ɛwɔ kratafa 10 no fa bi na afei wokyerɛ nsonsonoe a ɛda ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase ho mfonini horow a ɛwɔ nkratafa 8 ne 9, ne Paradise tebea horow a ɛwɔ nkratafa 11-13 ntam no. Sɛ bere ma kwan a wubetumi akyerɛ ti horow a wususuw sɛ saa ofiewura pɔtee no ani begye ho nsɛmti.

      4 Ɔsatu ahorow a edi kan mu no, adawurubɔfo pii huu ofiewuranom a wɔkae sɛ wɔpɛ Live Forever nhoma no nanso wonni ɛho ntoboa no saa bere no. Eyinom mu binom gyee nhoma no bere a wɔsan kɔɔ wɔn hɔ bio no. Nanso ɛtɔ bere bi a yɛbɛsan akɔ no na anigye no asa, na wonnye nhoma no. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya biribi agyaw wɔn ma wɔakenkan wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu bere a wɔkyerɛ anigye no, ɔmansin sohwɛfo biako hui sɛ eye sɛ ɔde nhomawa Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no bɛma bere a ofiewura antumi antɔ nhoma no. Yebetumi ayɛ saa anaasɛ yebetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo ama sɛnea ɛbɛyɛ a onipa no benya nhoma bi akenkan de akanyan anigye no ma akɔ so. Nanso yebetumi ayɛ nhyehyɛe de nhoma no asan akɔ bere a ofiewura no hwɛ kwan sɛ obetumi agye no.

      5 Ampa, sɛ́ wobɛtra ase wɔ anigye mu wɔ asase so daa yɛ hokwan a ɛyɛ nwonwa a abue ama nnipakuw kɛse a wontumi nkan wɔn. (Adi. 7:9) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa afoforo ma wɔne yɛn nya anidaso a ɛyɛ nwonwa no. Bere a yɛde Live Forever nhoma no ma wɔ asɛnka mu no, yɛpɛ sɛ eyi tra yɛn adwene mu na yɛbɔ mmɔden ne wɔn a wɔkyerɛ anigye wɔ bɔ a Yehowa hyɛ wɔn a wɔdɔ no mu yi nyinaa fi Bible adesua ase.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena