Ɛrekɔ So Dɛn?
Wɔawie tintimbea hɔ nnua a wɔde nkankyee bɛbɔ so no ho adwumayɛ na wɔabɔ ne nkyem anan mu biako so dedaw. Wɔawie Ahenni Asa no nsɛmso no na wɔagu faako a ɛbɛyɛ asɛnka agua no concrete awie. Faako a wɔbɛtra no ho adwumayɛ adu abansoro a ɛto so abiɛsa no so na wɔafi abansoro dan a edi kan no ho bricks adwumayɛ ase. Wɔafi ase reyɛ akwan ne nsukã ahorow ho adwuma. Ɛhɔ ayɛ fɛ yiye, nanso mo mmoa wɔ sika fam ne mo mpaebɔ ho hia ntɛm ara na ama yɛawie adwuma no ntɛm.