Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/85 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 3
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 10
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 17
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 24
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 1
Yɛn Ahenni Som—1985
km 11/85 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 3

Dwom 107

8 min: Asafo mu nkaebɔ tiawa. Twe adwene si Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo a wɔde ama ne nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw so. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho yiye na wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so abien.

18 min: “Nsɛmma Nhoma a Ɛda Nsow a Yɛde Bɛbɔ Nkwagye ho Dawuru.” Wobetumi aka asafo mu osuahu a ɛfa nsɛmma nhomakra a wonya ho akyerɛ de aka nea ɛwɔ nkyekyem 6 no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya ne kra wɔ November mu ho adwempa.

19 min: Hu a Yebehu sɛ Yɛn Baguam Som Adwuma no Gye Ntɛmpɛ. Atiefo nkɔmmɔbɔ.

(3 min.) Oguamtrani: Hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ adwuma a ɛho hia sen biara wɔ yɛn bere yi mu. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Kyerɛ sɛnea abɔfo boa na wogyina adwuma no akyi. (Adi. 14:6, 7) Esiane sɛ bere a aka a wɔde bɛyɛ adwuma yi so ahuan kɛse nti, ɛsɛ sɛ wɔde adwene a egye ntɛmpɛ yɛ. Ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho hyɛ ɔsom adwuma mu daa kɛse. (Mat. 9:37, 38; Efe. 5:15-17)

(14 min.) Wo ne atiefo nsusuw nsemmisa ne kyerɛw nsɛm a wɔapaw a edidi so no ho (ɛho nhia sɛ mobɛkenkan kyerɛw nsɛm no nyinaa) : Ankorankoro asɛyɛde bɛn na ahosohyira de ba? (Mat. 11:28-30; Luka 6:40, 45) Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛnka ne Kristofo asafo no adwuma titiriw nnɛ? (Luka 8:1; 9:1, 2; 10:1, 8, 9) Ɔkwan bɛn so na kyɛfa a yebenya wɔ ɔsom adwuma no mu sɔ yɛn dɔ ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no hwɛ? (Adi. 12:12, 17; Mat. 10:32, 33; 25:31-33, 37-40) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse a yebenya ho? (Rom. 11:13; 15:16; 1 Kor. 9:16)

(2 min.) Awiei: Ti emu nsɛntitiriw mu, si Kyerɛwnsɛm mu ntease a ɛfa ankorankoro adwene wɔ ɔsom adwuma ho so dua. Kae wɔn asɛnka dapɛn awiei yi.

Dwom 27 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 10

Dwom 67

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Afei “Ɛrekɔ So Dɛn?”

15 min: “Awofo, Mommɔ Mo Mma ho Ban.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina March 15, 1985 Watchtower nkratafa 25-7 so. Fa nkuranhyɛ a ɛbɛma awofo ama wɔn ani agye wɔn mma sukuukɔ ho ka ho. Sukuu no mu a wɔbɛkɔ akohu akyerɛkyerɛfo no ne tebea a ɛwɔ hɔ. So wo ba no kyerɛkyerɛfo anya School nhomawa no bi dedaw?

20 min: “Dɛn na Wobɛyɛ wɔ Sukuu Afe Yi?” Bere a wo ne atiefo asusuw asɛm ho akyi no, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a wɔasiesie no yiye a ɛfa awofo a wɔne wɔn ba a onnya nni mfe aduonu resusuw tebea a ebetumi aba wɔ sukuu afe no mu ho. Twe adwene si osuahu a ɛwɔ September 8 Awake! no nkratafa 20 ne 21 no so. Osuahu ahorow a ɛte saa ara bi wɔ October 1, 1985 Watchtower no nkratafa 30, 31.

Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 17

Dwom 151

12 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Asemmisa Afã.” Boa asafo ma wonhu ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so bu wɔn a wɔatu wɔn ne wɔn a wɔtwe wɔn ho fi asafo no ho, ne asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw ne wɔn a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ no.​—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, December 1, 1981 nkratafa 11-15.

15 min: “Mmoa a Ɛyɛ Nwonwa Foforo ma Yɛn Som Adwuma.” Wɔde asemmisa-ne-mmuae di ho dwuma.

18 min: Asafo ɔsom akontaabu ma 1985 ɔsom afe. Ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Kyerɛ nea adawurubɔfo a wɔwɔ asafo mu tumi yɛe. Wubetumi de Bible adesua, sankɔhwɛ, akwampaefo aboafo ne nea ɛkeka ho dodow nkabom ne ne nkyekyem ahorow bi ama. (Sɛ wuhu sɛ ɛfata a, wubetumi de adawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin no ama wɔn ansa na ɔfã yi afi ase.) Ma atiefo nka nea wɔn ani da so sɛ wɔbɛyɛ wɔ 1986 ɔsom afe no mu ho asɛm. (Sɛ wode nkratasin no mae a, kae na gyigye.)

Dwom 132 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 24

Dwom 93

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ Creation nhoma foforo no mu. Adawurubɔfo pii behu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde atiri 16 kosi 20 bedi dwuma, afoforo nso bɛpɛ sɛ wɔka efi atiri 9 kosi 20 no mu biara ho asɛm. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛfa nhoma no a wɔde rema a wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no kyerɛwsɛm a etwa to redi dwuma ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya kyɛfa wɔ Creation nhoma a yɛde bedi dwuma nea edi kan wɔ afie afie, Kwasida, December 1, no mu kyɛfa.

18 min: Boa Ma Mo Ahenni Asa no So Ntew. Asafo nkɔmmɔbɔ, onua a n’abusua yɛ nhwɛso pa wɔ asa no a wɔboa ma wosiesie so mu di ho dwuma. Munsusuw nsemmisa ne nnyinasosɛm a ɛwɔ kyerɛw nsɛm yi a wɔde bedi dwuma mu ho. Dɛn nti na Ahenni Asa a ɛso tew ho hia kɛse? (Neh. 12:30; 2 Be. 29:2-5, 15-17) Ɔkwan bɛn so na wobetumi atete mmofra wɔ eyi mu? (Mmeb. 22:6) Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ Ahenni Asa no so asiesie ho nhyehyɛe? (1 Ah. 5:14) Ɛsɛ sɛ mmeae a wɔyɛ wɔn ho yiye wɔ hɔ wɔ Ahenni Asa no so no yɛ nea ɛte dɛn? (Deut. 23:14) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su wɔ Ahenni Asa no so a wobesiesie ho? (Neh. 10:39) Ti asafo nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde siesie Ahenni Asa so no mu.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nhumu So.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Si Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a edi ɔkwan a yɛfa so yɛ ade so no so dua.

Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 1

Dwom 35

8 min: Asafo mu nkaebɔ.

12 min: “Wo Dɔ Mu Trɛw Dɛn?” Ɔkasa a egyina March 15, 1985 Watchtower nkratafa 21-3 so.

15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo asafo ahiade te.

10 min: Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Akwampaefo Boafo? Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔayɛ akwampaefo aboafo nnansa yi ara nsɛm. Ma wɔnka eyi ho asɛm: Dɛn nti na wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ? Ɔkwan bɛn so na wonyaa bere de yɛe? Ɔkwan bɛn so na wɔn ankasa anya mu mfaso? Ma wɔnka mu osuahu nkyerɛ.

Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena