Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/85 kr. 1-4
  • Mmoa A Ɛyɛ Nwonwa Foforo Ma Yɛn Som Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa A Ɛyɛ Nwonwa Foforo Ma Yɛn Som Adwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Creation Nhoma No So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Kamfo Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn No
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 11/85 kr. 1-4

Mmoa A Ɛyɛ Nwonwa Foforo Ma Yɛn Som Adwuma

1 Ɛda adi sɛ amanneɛbɔ a epuee June 1 Watchtower mu a ɛfa “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam no ho no maa nnipa pii ani gyei. Ɛkae sɛ nea wobeyi no adi wɔ Memeneda dwumadi no awiei no “bɛma woanya biribi a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ ademude nko na ɛbɛyɛ ama wo na mmom ɛsɛ sɛ wode di dwuma kɛse wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu.” Na ampa, saa anwummere no, bere a yɛn nsa kaa Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma foforo no, yɛn ani gyei. Ebinom kae sɛ: “Ɛyɛ nhoma a ɛda nsow.” Afoforo kaa emu mfonini ahorow a ɛbɛboa wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu kɛse no ho asɛm. Afoforo nso huu nhwehwɛmu kɛse a wɔyɛe, sɛnea ɛda adi wɔ nsɛm fibea a ɛwɔ n’awiei mu hɔ no.

2 Akyinnye biara nni ho sɛ Creation nhoma foforo no bɛbɔ kwan a ɛbɛma pii anya Onyankopɔn ne n’adebɔ nnwuma ho nimdeɛ a edi mũ. So woahyɛ no nsow sɛ bere a nhoma no bua nsemmisa a ɛsɔre a ɛka pii wɔ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn no ho? Esi wɔ a ɔwɔ hɔ, ne nnwuma, n’atirimpɔw ma nnipa ne asase yi, ne afei ne nkɔmhyɛ Asɛm no ne ne mmamu so dua. Enti, ɛyɛ nea Creation nhoma no benya tumi kɛse wɔ wɔn a wonnye adannandi nni, te sɛ Ghanafo pii no ara, no asetra so. Bio nso, hwɛ sɛnea ɛyɛ nea aba wɔ ne bere mu, bere a wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii redan afi Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ atirimpɔw a wobegye no adi ho no! Yɛde nhoma foforo yi bedi dwuma wɔ asɛnka mu December mu. Yɛn Ahenni Som no bɛka eyi ho asɛm pii akyiri yi.

3 June 1 Watchtower no kae sɛ, wɔ nhyiam no ase no, “mo nsa bɛka nea ɛbɛboa mo daa ma mo ne afoforo asusuw nsɛm ho afi Kyerɛwnsɛm no mu.” Na ɛno ara nso na wɔmaa yɛn nsa kae a ɛne Reasoning From the Scriptures nhoma foforo no. Ɛka nsɛm atitiriw biara a obi bebisa wɔ asɛnka mu ho asɛm. So wohyɛɛ no nsow sɛ ɛrekɔ nsɛm no pii awiei no, ɛwɔ biribi a ɛbɛboa wɔ asɛmti, “Sɛ Obi Ka Sɛ​—” ase no? Eyi ma yehu anoyi a wɔde ma wɔ saa asɛm pɔtee no ho ne sɛnea yebetumi adi ho dwuma wɔ anifere mu.

4 So wohyɛɛ ɔfã a mfaso wɔ so kɛse a ɛwɔ nhoma no mfiase mu hɔ a ɛne, “Nnianim Nsɛm a Wɔde Bedi Dwuma wɔ Asɛnka Mu” no nso nsow? Ɛkyerɛ sɛnea Adansefo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ nsase pii so fi nkɔmmɔbɔ a ɛfa nsɛm a nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani gye ho titiriw ase. Yiw, ɛsɛ sɛ Reasoning From the Scriptures yɛ mmoa a eye ma yɛn nyinaa, sɛ́ ɛyɛ nea yɛayɛ ɔsom adwuma no mfe pii anaasɛ yɛyɛ afoforofo. Wɔbɛka sɛnea yɛde nhoma foforo yi bedi dwuma ho asɛm pii wɔ Yɛn Ahenni Som mu wɔ asram a ɛbɛba no mu.

5 Ampa, yɛda Yehowa ase wɔ nnansa yi ara nhyiam ahorow a ɛde afotu ama yɛn no ho ne wɔ nhoma fɛfɛ ahorow a ɛbɛma yɛatrɛw yɛn som adwuma no mu no ho. Yiw, Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde a edi nokware no kwan ma ‘wama yɛn aduan ɛbere a ɛsɛ mu’!​—Mat. 24:45.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena