Asemmisa Afã
● Hena ne obi a “watwe ne ho afi asafo no ho”?
Wobebu obi sɛ watwe ne ho afi asafo no ho bere a ɔnam krataa a ɔkyerɛw so titiriw bɔ asafo no amanneɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako bio no. Anaa, sɛ obi fa ɔkwan bi a ɛne Kristofo asafo no gyinabea a ɛne afa biara a wonni no bɔ abira so a, ɛnde ɛbɛma asafo no abu no sɛ obi a watwe ne ho afi yɛn ho. (Yes. 2:4; Yoh. 15:17-19; 18:38) 8sɛ sɛ wobu wɔn a wɔnam ɔkwan yi so twe wɔn ho no te sɛ nnipa a wɔatu wɔn ara pɛ.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, krat. 149, 150.
Nea ɛne yi bɔ abira no, ebia obi bebu n’ani agu Onyankopɔn Asɛm a obesua no daa no so na enti wayɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Ebia ɔrennya asɛnka adwuma no mu kyɛfa bɛyɛ asram asia anaa nea ɛboro saa a ɛtoatoa so. So ɔyɛ obi a “watwe ne ho afi asafo no ho”? Dabi, ɔyɛ obi a wayɛ mmerɛw. Asafo no bɛkɔ so de mmoa a ɛfata ama onua a ɔte sɛɛ a wayɛ mmerɛw no.—1 Kor. 11:30; Rom. 14:1; 15:1; 1 Tes. 5:14.
Ɛnde sɛ obi a wayɛ mmerɛw no yɛ biribi a kyerɛw nsɛm no mma no kwan te sɛ bɔ a ɔde ne ho kɔbɔ nyamesom ahyehyɛde foforo ho nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wobu no sɛ “watwe ne ho afi asafo no ho”? Dabi. Wayɛ bɔne a ɛsɛ sɛ wotu no na sɛ wankyerɛ ahonu a, ɛsɛ sɛ wotu no, na wɔ asɛm yi mu no, ɔyɛ obi a wawae.
Sɛ asafo no te sɛ obi a wayɛ mmerɛw saa no ayɛ bɔne a anibere wom a, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ asɛm no mu, sɛ ɛyɛ nea ɛbɛma asafo no yiyedi ho aba asɛm anaasɛ ɛyɛ nea ɔmanfo ate a. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ onii no atew ne ho bɛyɛ bere bi no mma mpanyimfo no nne wɔn ho mfi yɛ a eye wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ ho biribi bere a ɛho hia no ho. Nanso sɛ ɛyɛ den kɛse sɛ wɔn nsa bɛka onii no na ama wɔanya nokwasɛm ahorow no nyinaa, na sɛ ɛyɛ nea asafo no anaa wɔn a wɔwɔ akyi no mmu no sɛ Yehowa Adansefo mu biako mprempren a, ɛho nhia sɛ mpanyimfo no sɛe bere pii de di asɛm no akyi.
Wubetumi ahu wɔ nea yɛadi kan aka no mu sɛ wɔde asɛm a ɛne ‘twe a obi twe ne ho’ no di dwuma wɔ nnipakuw ahorow abien a wɔabɔ wɔn asu nkutoo ho, wɔne (1) wɔn a wobu afã biara a Kristofo nni no so, ne (2) wɔn a wɔnam krataa a wɔakyerɛw so anaa wɔka wɔ adansefo anim sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛfrɛ wɔn Yehowa Adansefo bio no.