Ka Asɛmpa No Daa
1 Ahenni ho asɛmpaka ne kyerɛkyerɛ ho ahyɛde no de asɛyɛde to Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa so. Ɛnyɛ ‘ahotɔ bere mu . . . ’ asɛm. Dabi. Ɛyɛ ahyɛde a wɔde mae tee, nea ɛsɛ sɛ Yesu Kristo nokware asuafo nyinaa di so.—Marko 13:10; Mat. 28:19, 20.
2 Tete Kristofo no de wɔn ahofadi ne wɔn nkwa mpo too asiane mu de dii saa ahyɛde no so. Bere bi wɔde asomafo no kogyinaa atumfoɔ no anim. ‘Wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu.’ So wogyaee? Yɛkenkan sɛ: “Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Aso. 5:40-42) Na ɛno yɛ ɔsom adwuma no a wɔyɛ daa a na bara a atumfoɔ no abara wɔn no mfa ho.—Aso. 5:29.
WƆ AMANEHUNU MU
3 June 14, 1989 no, ɔman yi mu atumfoɔ de nsa too yɛn dwumadi ahorow so. Sɛnea yɛn nyinaa nim no, eyi ma yehyiaa nsɛnnennen ahorow. Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no wɔ afotu a ɛfata ma yɛn bere a ɛka eyi wɔ kratafa 168 no: “Ebia tebea horow bɛba a ɛremma muntumi nyɛ asafo nhyiam akɛse. Ebia nkitaho a wɔne baa dwumadibea no di mu betwa bere tiaa bi. Ebia amansin so ahwɛfo nsrahwɛ mu betwa. Ebia nhoma afoforo rentumi mma. Sɛ nneɛma yi mu bi to wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
“Mmuae no ne sɛ: Yɛ nea wubetumi biara, ne dodow biara a wubetumi ayɛ, wɔ ɔsom kronn no fam wɔ tebea horow no mu. Ɛsɛ sɛ wo ankasa wutumi sua ade. Mpɛn pii no anuanom bi tumi kyekyɛ wɔn mu akuw nketewa na wohyiam sua ade wɔ afie mu. . . .
“Sɛ ɛba mpo sɛ wuhu sɛ wo ne wo nuanom Kristofo ntam kwan aware anaa wɔatwa wo afi wɔn ho a, ma ɛntra w’adwene mu sɛ wontwaa wo mfii Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo ho. . . . Kae sɛ woyɛ Yehowa somfo ne Yesu Kristo suani, na sɛ ɛba sɛ adanse a wubedi afoforo ho kwan bue a, di ho dwuma yiye. Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ no so.”
Eyi yɛ kokoam adesua a wobɛyɛ na woakɔ asɛnka daa wɔ amanehunu mu mpo no ho afotu.
4 Sɛ yɛhwɛ asɛnka akontaabu ahorow a aba fi June mu a, yehu sɛ pii ayɛ wɔn a wɔnkɔ asɛnka daa fi bere a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔde nsa ato yɛn dwumadi so no. Amanneɛbɔ ahorow a efi amansin so ahwɛfo hɔ si eyi so dua. Asafo ahorow bi mu no, adawurubɔfo no mu ɔha biara mu 50 na wɔnkɔ asɛnka daa. Kakraa bi mmuu akontaa koraa fi bere a wɔde amanneɛbɔ no mae no ma enti wɔabɛyɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ. Dɛn na wobetumi ayɛ?
KƆ SO YƐ HYEW
5 Afotu a efi honhom mu no hyɛ yɛn sɛ: “Monkyerɛ mo gyidi no mu mmaninyɛ, ne mmaninyɛ no mu nimdeɛ, ne nimdeɛ no mu anidahɔ, ne anidahɔ no mu boasetɔ, ne boasetɔ no mu onyamesom pa. . . . Na sɛ eyinom mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba. yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.”—2 Pet. 1:5-8.
6 Saa afotu yi da biribi a ɛsɛ sɛ mpanyimfo hyɛ no nsow yiye adi. Mpɛn pii no obi a ɔyɛ ‘onihafo ne nea ɔnsow aba yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam’ ma enti ɔnkɔ asɛnka daa na ɔnyɛ kokoam adesua no tɔ sin wɔ Kristofo su horow a wɔabobɔ din wɔ atifi hɔ no biako anaa nea ɛboro saa mu. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ? Ɛnnɔɔso sɛ wɔbɛkɔ obi a ɔnkɔ asɛnka daa nkyɛn akobisa no asɛnka akontaabu. Ne nsɛnnennen no ne dɛn? So onipa ho suro adi ne so? So ne ho nkokwawee wɔ sɛnea wɔhwehwɛ hokwan ahorow de di bɔnnɔ so adanse no mu? So wɔatew no afi mprempren akuw nhyehyɛe no ho? So odidi honhom mu daa? Ebetumi aba sɛ nokwasɛm ahorow bi na ama wayɛ saa. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw nyinaa nam onii no ankasa a wɔne no di nkitaho so boa wɔn a wɔte sɛɛ no ma wodi wɔn nsɛnnennen no so.
MOMMOA ANKORANKORO
7 Sɛnea baa dwumadibea no kae wɔ krataa bi a wɔde kɔmaa mpanyimfo mu no, monhwɛ nhu sɛ wɔde ɔdawurubɔfo biara aka mprempren akuw horow no bi ho. Ɛsɛ sɛ akuw so ahwɛfo no kyerɛkyerɛw adawurubɔfo a wɔwɔ wɔn akuw mu no nyinaa din. Ɛsɛ sɛ wɔnam adawurubɔfo afoforo a wɔn ho akokwaw mmoa so bɔ mmɔden biara sɛ wɔne wɔn a wɔwɔ kuw no mu nyinaa bedi nkitaho, na wɔboa obiara, sɛnea ne nsɛm tebea te, ma onya asɛnka mu kyɛfa ɔsram biara. Ɛsɛ sɛ kuw sohwɛfo no ma n’ani gye ho sɛ obehu sɛ kuw no mufo nyinaa bu asɛnka ho akontaa ɔsram no awiei.
8 Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea obi nkɔ asɛnka daa anaasɛ ogyae kɔ koraa. Paulo kae sɛ: ‘Mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom . . . sɛ minni asɛmpa no ho adanse fefeefe no.’ (Aso. 20:24) Dɛn nti na ɔtee nka saa kwan no so? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Etwa sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” Sɛ́ wɔde nsa ato yɛn dwumadi so anaasɛ dabi no, Yehowa de ahoɔden a ɛboro so behyira wo sɛnea ohyiraa Paulo no, sɛ wusi wo bo sɛ wobɛka asɛmpa no daa a.—1 Kor. 9:16; 2 Kor. 4:7; Fil. 4:13.