Mmofra a Wɔboa Wɔn ma Wonya Nhyiam Horow Mu Mfaso
1 Yehowa Nyankopɔn to nsa frɛ mmofra ne mpanyin nyinaa sɛ wommehyiam wɔ n’anim na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn. (Deut. 31:12) Enti ɛsɛ sɛ wɔkamfo awofo sɛ wɔne wɔn mma bom ba asafo nhyiam horow daa. Dɛn na wobetumi ayɛ na ama mmofra anya nhyiam ahorow no mu mfaso kɛse?
2 Sɛnea Awofo Betumi Aboa: Sɛ mmofra no tumi kenkan ade a, ɛyɛ papa sɛ awofo no tɔ Bible, Ɔwɛn-Aban ne nhoma a yesua wɔ Nhoma Adesua ase no ma wɔn. Ɛwom sɛ mmere no mu yɛ den de, nanso sɛ awofo boa wɔn mma wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, wonya honhom fam mfaso kɛse.
3 Ahosiesie a wodi kan yɛ boa ma wotumi te nhyiam horow mu nsɛm ase na wɔde sie. Enti ma wo mma nka wo ho wɔ ahosiesie a woyɛ ma nhyiam horow dapɛn biara no mu. Bere a moasiesie mo ho ama adesua no sɛ abusua no, ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama mmofra no sɛ wobenya mu kyɛfa.
4 Wɔhyɛ awofo nkuran yiye sɛ wɔne wɔn mma mmom ntra wɔ nhyiam horow ase. Ɛdenam saayɛ so no, sɛ abofra bi fi ase di agoru a, ɔwofo no betumi de odwo aboa no ma ɔde n’adwene asi adesua no so.
5 Awofo binom hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔnyɛ dinn ntie asɛm wɔ nhyiam horow ase na wɔatumi aka nea wosuae no akyerɛ wɔn bere a wɔasan akɔ fie no. Afei awofo no kyerɛkyerɛ asɛm no mu kɔ akyiri na wɔkyerɛ sɛnea wɔde di dwuma. Fa anigye kamfo mmofra no ɛmfa ho sɛ wontumi nyɛ pii.
6 Nneɛma a Etwetwe Adwene a Wosiw Ano: Ayɛ mmofra binom su sɛ wɔbɛkɔ beae a wogyaw wɔn anan no mpɛn pii bere a nhyiam no rekɔ so no. Wobetumi atete mmofra ma wɔagyaw wɔn anan wɔ fie, ansa na wɔaba nhyiam no ase. Awofo betumi aboa mmofra a wɔda wɔ nhyiam ase no ma wɔada kakra wɔ fie. Mpɛn pii no mmofra mpɛ sɛ wɔte saa nyansahyɛ yi. Wɔn ani gye ho mmom sɛ wɔbɛkɔ akodi agoru, na sɛ wɔde amemenemfe kɔda a, wofi ase de sumii, mpasotam di agoru—wɔnna da. Mmofra, monyɛ osetie mma mo awofo na moanya nhyiam horow mu mfaso kɛse.—Fa toto Luka 2:46 ho.