Ti 18
“Wiase Awiei” Abɛn!
1. Na Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so no bɛyɛ dɛn ahu bere a wafi ase redi tumi wɔ ɔsoro?
BERE A YESU KRISTO tow Satan ne n’abɔfo no fii ɔsoro gui na ofii n’Ahenni nniso no ase no, ɛkyerɛe sɛ Satan ne ne nhyehyɛe bɔne no awiei abɛn. (Adiyisɛm 12:7-12) Nanso na ɛbɛyɛ dɛn na Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so no ahu sɛ saa adeyɛ a aniwa nhu yi akɔ so wɔ ɔsoro? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ahu sɛ Kristo aba Ahenni tumi mu a aniwa nhu no, na “wiase awiei” abɛn? Ná wobetumi ahu denam “sɛnkyerɛnne” a Yesu de mae no a wɔbɛhwehwɛ mu ahwɛ sɛ ɛrenya mmamu no so.
2. Asɛm bɛn na Kristo asuafo bisaa no?
2 Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu, bere a ɔte Ngo Bepɔw no so no, n’asomafo no mu baanan baa ne nkyɛn bebisaa no “sɛnkyerɛnne.” Sɛnea nnipa ɔpepem pii akenkan wɔn asemmisa no wɔ Twi Bible foforo no mu ni: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Nanso dɛn na saa nsɛm yi, “wo ba” ne “wiase awiei” yi kyerɛ ankasa?
3. (a) Dɛn na nsɛm “wo ba” ne “wiase awiei” no kyerɛ ankasa? (b) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛ asɛm a Kristo asuafo bisae no ase ma ɛfata?
3 Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha “ba” no ne parousia, na ɛkyerɛ ‘ba a obi aba ma ɔwɔ hɔ.’ Enti, sɛ “sɛnkyerɛnne” no da adi a, ɛkyerɛ sɛ yebehu sɛ Kristo aba, ɛwom sɛ aniwa nhu no, ne sɛ waba Ahenni tumi mu dedaw. Asɛm “wiase awiei” no nso yɛ nea emu nna hɔ. Ɛnkyerɛ asase no awiei, na mmom Satan nneɛma nhyehyɛe no awiei. (2 Korintofo 4:4) Enti asomafo no asemmisa no kenkan ankasa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, Bere bɛn na nneɛma yi bɛyɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3, New World Translation.
4. (a) Dɛn ne “sɛnkyerɛnne” a Yesu de mae no? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de “sɛnkyerɛnne” no atoto nsensanee a ɛwɔ onipa biara nsateaa ano no ho?
4 Ɛnyɛ ade biako pɛ na Yesu de mae sɛ “sɛnkyerɛnne.” Ɔkaa nneɛma pii a ebesisi ne tebea horow ho asɛm. Mateo akyi no, Bible akyerɛwfo afoforo kaa nneɛma afoforo a ɛbɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae ho asɛm. Ná saa nneɛma a wɔka siei yi nyinaa bɛba wɔ bere a Bible akyerɛwfo frɛɛ no “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4) Ná nneɛma a ebesisi yi bɛyɛ te sɛ nsensanee a ɛwɔ onipa biara nsateaa ano no, nsensanee a entumi nyɛ onipa foforo biara de. “Nna a edi akyiri” no wɔ n’ankasa n’agyiraehyɛde ahorow, anaasɛ ne nsɛm a ebesisi. Eyinom bom yɛ ‘agyiraehyɛde’ a ɛyɛ soronko wɔ bere foforo biara ho.
5, 6. Bere a wohwehwɛ “nna a edi akyiri” no ho adanse ahorow 11 no mu hwɛ wɔ nkratafa a edidi so yi mu no, ntease bɛn na wunya wɔ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho?
5 Wɔ ti a ɛto so 16 wɔ nhoma yi mu no, yesusuw adanse a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Kristo san bae na ofii ase dii tumi wɔ n’atamfo mfinimfini wɔ afe 1914 mu ho. Afei susuw “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Kristo ba a waba ne Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” no ho adanse afoforo no ho yiye. Bere a wohwehwɛ saa nneɛma a wɔka siei yi mu wɔ nkratafa anan a edi so yi mu no, hyɛ sɛnea anya mmamu fi 1914 no nsow.
“ƆMAN BƐSƆRE ƆMAN SO, NE AHENNI AHENNI SO”—Mateo 24:7.
Akyinnye biara nni ho sɛ woahu “sɛnkyerɛnne” no fã yi sɛ ɛrenya mmamu efi 1914! Saa afe no mu no Wiase Nyinaa Ko l fii ase. Ná ɔko a ɛyɛ hu saa mmae wɔ abakɔsɛm mu da. Ɛyɛɛ wiase nyinaa ko. Ná Wiase Nyinaa Ko l sõ sen akodi akɛse a ɛbae wɔ mfe 2,400 a etwaam ansa na 1914 reba no mu no nyinaa. Nanso saa ko no baa awiei akyi mfe 21 pɛ no, Wiase Nyinaa Ko ll fii ase. Na ɛsɛee nneɛma a Wiase Nyinaa Ko l sɛee no no mmɔho anan.
Wɔkɔ so ko ɔko ahorow a ɛyɛ hu. Efi bere a Wiase Nyinaa Ko ll baa awiei wɔ 1945 mu no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 25 wɔ akodi ahorow 150 mu wɔ wiase nyinaa. Da biara no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na akodi ahorow 12 rekɔ so baabi wɔ wiase. Na wiase nyinaa ko foforo a ɛbɛba ho ahunahuna wɔ hɔ bere nyinaa. Amerika nkutoo wɔ nuklear akode a ɛdɔɔso a ebetumi asɛe ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔwɔ asase so no mmɔho 12!
“ƆKƆM BƐBA”—Mateo 24:7.
Wiase Nyinaa Ko l akyi no ɔkɔm a emu yɛ den sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu bae. China atifi fam nkutoo no, ɔkɔm kunkum nnipa 15,000 da biara da. Nanso ɔkɔm no mu yɛɛ den kɛse mpo wɔ Wiase Nyinaa Ko ll akyi. Ná wiase no nkyem anan mu biako nni aduan! Na efi saa bere no, aduan ho ayɛ nã ama nnipa pii wɔ asase so.
“Bɛyɛ anibu 8.6 biara mu no nyarewa a aduan pa a wonnya nni de ba kum obi wɔ aman a wonnyaa nkɔso no bi mu,” eyi ne asɛm a New York Times kae wɔ 1967 mu. Ɔkɔm da so kunkum nnipa ɔpepem pii—bɛyɛ ɔpepem 50 afe biara! 1980 mu no na ɔkɔm de nnipa a wɔwɔ asase so no bɛyɛ nkyem anan mu biako (nnipa 1,000,000,000) efisɛ na wonnya aduan a ɛdɔɔso. Mmeae ahorow a aduan pii wɔ mpo no, pii nni sika a wɔde bɛtɔ.
‘ƆYAREDƆM BƐBA MMEAEMMEAE.’—Luka 21:11.
Wiase Nyinaa Ko l akyi pɛɛ no Spanish Influensa kunkum nnipa pii sen nnipa a ɔyaredɔm bi akunkum wɔ pɛn wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Nnipa a wowuwui no yɛ bɛyɛ ɔpepem 21. Nanso ɔyaredɔm ne nyarewa ahorow da so wɔ hɔ. Komayare ne akisikuru kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara. Babaso retrɛw ntɛmntɛm. Nyarewa afoforo a ɛyɛ hu te sɛ atridii, dwonsɔyaw ne anifurae kɔ so wɔ aman pii mu, titiriw wɔ Asia, Afrika ne Latin Amerika.
“ASASEWOSOW BƐBA MMEAEMMEAE”—Mateo 24:7.
Efi 1914 besi nnɛ no, nsasewosow akɛse pii aba sen abakɔsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ mu bere foforo biara. Bɛboro mfe 1,000, efi afe 856 Y.B. besi 1914 no, nsasewosow akɛse 24 pɛ na ɛbae, na ekunkum nnipa bɛyɛ 1,973,000. Nanso wɔ mfe 63 mu, efi 1915 besi 1978 no, nnipa bɛyɛ 1,600,000 awuwu wɔ nsasewosow akɛse 43 mu.
‘AMUMƆYƐ BƐDƆƆSO.’—Mateo 24:12.
Amumɔyɛ ne nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so kɛse ho amanneɛbɔ fi wiase nyinaa ba. Nsɛmmɔnedi te sɛ awudi, mmonnaato ne korɔnbɔ rekɔ so kɛse. Wɔ Amerika nkutoo no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛkame ayɛ sɛ wodi nsɛmmɔne a anibere wom bɛyɛ anibu biako biara. Obiara suro mmɔnten so nantew wɔ adekyee mu mpo. Sɛ ade sã a, nkurɔfo tratra wɔn afie, a wɔatoto apon mu abrambram akyi a wosuro sɛ wobefi adi.
“NNIPA TOTƆ BERAW.”—Luka 21:26.
Ɛkame ayɛ sɛ ehu ne ade a ahyɛ nkurɔfo asetra so nnɛ sen ade foforo biara. Wɔtow nuklear ɔtopae ahorow a edi kan no akyi bere tiaa bi no, atomik ho nyansahufo Harold C. Urey kae sɛ: “Yebedi ehu, ada ehu mu, atra ehu mu na yɛawu ehu mu.” Adesamma pii fam no, eyi na ɛrekɔ so. Na ɛnyɛ nuklear akodi a ebetumi aba bere biara no nti ara kwa. Nkurɔfo suro nsɛmmɔnedi, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no, nyarewa, nneɛma bo a ɛkɔ soro ne nneɛma afoforo pii a ɛhaw wɔn ahotɔ ne wɔn asetra ankasa.
‘AWOFO ASƐM HO ASOƆDENYƐ’—2 Timoteo 3:2.
Awofo ntumi nni wɔn mma so titiriw biara nnɛ. Mmofra sɔre tia tumidi nyinaa. Mmofra basabasayɛ aka ɔman biara wɔ asase so. Mmofra a wɔadi efi mfe 10 kosi 17 na wodi nea ɛboro nsɛmmɔne a anibere wom a wodi wɔ aman horow bi so no fã. Awudi, mmonnaato, ntoa, ɔkwanmuka, korɔnbɔ, kar a wowia—mmofra reyɛ saa nneɛma yi nyinaa. Awofo so asoɔdenyɛ nyɛɛ nea abu so saa da wɔ abakɔsɛm mu.
“SIKAPƐFO”—2 Timoteo 3:2.
Baabiara a wohwɛ nnɛ no wuhu adifudepɛ nneyɛe. Nnipa pii bɛyɛ biribiara a ɛbɛma wɔanya sika. Wobewia ade anaasɛ wobekum nipa mpo. Ɛnyɛ ade a ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa adifudepɛfo bɛyɛ biribi a wonim wɔ ɔkwan bi so sɛ ɛma afoforo yare anaasɛ ekum wɔn na wɔatɔn. Nkurɔfo reka wɔ sika ho sɛɛ ‘Eyi ne me nyame,’ denam pae a wɔpae mu ka ankasa anaasɛ sɛnea wɔtra ase no so.
“WƆDƆ ANIGYEDE SEN NYANKOPƆN”—2 Timoteo 3:4.
Nea nnipa bebree susuw ho nnɛ nkutoo ne nea ɛsɔ wɔn ne wɔn mmusua ani a wɔbɛyɛ, ɛnyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Titiriw no bebree dɔ nneɛma a Onyankopɔn kasa tia, a aguamammɔ, awaresɛe, asabow, nnubɔne a wɔde di dwuma ne nneɛma afoforo a wɔfrɛ no anigyede ka ho. Na wɔde anigyede ahorow a ebetumi ayɛ nea ɛfata mpo di mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade na wɔasom no no anim.
“WƆKATERE WƆN ANIM KYERƐ ONYAMESOM PA, NANSO WƆPA EMU AHOƆDEN.”—2 Timoteo 3:5.
Wiase mpanyimfo ne nnipa afoforo nyinaa taa yɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo. Ebia wɔbɛkɔ asɔre na wɔayi ntoboa ahorow de aboa asɔre no. Ebia wɔn a wɔyɛ aban mpanyimfo de wɔn nsa bɛto Bible so bere a wɔde dibea rehyɛ wɔn nsa. Nanso mpɛn pii no ɛyɛ ‘onyamesom pa mu ahofama bi’ ara kwa. Sɛnea Bible ka siei no, Onyankopɔn nokware som no nyɛ ade titiriw wɔ nnipa pii asetra mu nnɛ. Tumi ankasa a ɛma wɔyɛ ade pa nnkanyan wɔn.
“WƆSƐE ASASE NO.”—Adiyisɛm 1 1:18.
Wɔresɛe mframa a yɛhome, nsu a yɛnom ne asase a yeduadua yɛn nnuan wɔ so no. Ɛyɛ aniberesɛm araa ma nyansahufo Barry Commoner bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Migye di sɛ sɛe a wɔresɛe nneɛma a ɛwɔ asase so no, sɛ wɔannyae a, ebedu baabi no, ɛbɛsɛe fata a okyinsoromma yi fata sɛ nnipa trabea no.”
6 Bere a woasusuw eyinom ho akyi no, so emu nna hɔ pefee sɛ sɛnkyerɛnne a Kristo de mae ne adanse ahorow a n’asuafo ka siei no renya mmamu nnɛ? Ɛwom sɛ adanse afoforo pii wɔ hɔ de, nanso ɛsɛ sɛ nea wɔde ama wɔ ha yi ara dɔɔso ma ɛda adi sɛ yɛwɔ bere a Bible kaa ho asɛm sɛ “nna a edi akyiri” no mu.
7. (a) Dɛn na ɛma Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Kristo ba a waba ne “nna a edi akyiri” no ho no yɛ soronko? (b) Nea ɛne nea Bible hyɛɛ ho nkɔm bɔ abira no, na dɛn na wiase mpanyimfo reka ho asɛm bere tiaa bi ansa na 1914 reba?
7 Nanso ebia nnipa bi bɛka sɛ: ‘Nneɛma te sɛ akokoakoko, ɔkɔm, ɔyaredɔm ne asasewosow aba mpɛn pii wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Enti na ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛhyɛ nkɔm sɛ eyinom bɛba bio.’ Nanso susuw ho: Ɛnyɛ ka nko na Bible kaa nneɛma yi siei, na mmom ɛkyerɛe sɛ ɛbɛba wɔ wiase nyinaa. Afei nso, Bible no kae sɛ saa nneɛma yi nyinaa bɛba wɔ awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ wɔ 1914 mu no so. Nanso dɛn na na wiase mpanyimfo a wɔagye din reka ho asɛm bere tiaa bi ansa na 1914 refi ase? Ná wɔreka sɛ tebea horow a ebetumi de wiase asomdwoe aba no ye sen biara. Nanso ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu a Bible kaa ho asɛm no fii ase bere ano pɛpɛɛpɛ, wɔ 1914 mu! Nokwarem no, wiase mpanyimfo ka afei sɛ 1914 yɛ bere a nsakrae kɛse bae wɔ abakɔsɛm mu.
8. (a) Awo ntoatoaso bɛn na Yesu kyerɛe sɛ ebehu nneɛma nhyehyɛe yi awiei? (b) Enti dɛn ho awerɛhyem na yebetumi anya?
8 Bere a watwe adwene akɔ nneɛma pii a ahyɛ efi 1914 reba agyirae no so akyi no, Yesu kae sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa [a nhyehyɛe yi awiei ka ho] aba mu ansa.” (Mateo 24:34, 14) Ná Yesu kyerɛ awo ntoatoaso bɛn? Na ɔkyerɛ awo ntoatoaso a na ɛte ase wɔ 1914 mu no. Saa awo ntoatoaso no mufo a wɔda so te ase mprempren no anyinyin yiye. Nanso ebinom bɛkɔ so atra ase ahu nhyehyɛe bɔne yi awiei. Enti yebetumi anya eyi ho awerɛhyem sɛ: Ɛrenkyɛ nsɛmmɔnedi ne nsɛmmɔnedifo nyinaa awiei bɛba mpofirim wɔ Harmagedon.
[Kratafa 149 mfoni]
Yesu kaa nea ɛbɛyɛ ne ba a waba Ahenni tumi mu a aniwa nhu no no ho adanse a aniwa hu kyerɛɛ n’asuafo
[Kratafa 154 mfoni]
1914—HARMAGEDON
Awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ wɔ 1914 mu no mufo bi behu nneɛma nhyehyɛe yi awiei na wɔatwa