Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/96 kr. 1
  • Monyɛ Asɛm No Yɛfo—Ɛnyɛ Atiefo Kɛkɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monyɛ Asɛm No Yɛfo—Ɛnyɛ Atiefo Kɛkɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Asɛm no Yɛfo” a Wɔwɔ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onyankopɔn Asɛm Yɛfo Nya Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan—Denam Ayeyi Afɔre a Wobɛbɔ no Daa So
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • “Momfa Asɛm No Nyɛ Adwuma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 1/96 kr. 1

Monyɛ Asɛm No Yɛfo—Ɛnyɛ Atiefo Kɛkɛ

1 Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma Bible afotu a ɛka sɛ wɔnyɛ asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ atiefo kɛkɛ no tra wɔn koma mu. (Yak. 1:22) Eyi ma wɔda nsow koraa wɔ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo nanso wɔde wɔn anofafa nko ara na ɛsom Onyankopɔn no ho. (Yes. 29:13) Yesu kaa pefee sɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nkutoo na wobegye wɔn.—Mat. 7:21.

2 Ɔsom a nnwuma pa nka ho ho nni mfaso biara. (Yak. 2:26) Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na me nnwuma da no adi sɛ me gyidi yɛ nokware? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ metra ase ma ɛne nea migye di no hyia ampa? Mɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu kɛse?’ Nokware mu a yebefi ama nsemmisa yi ho mmuae no bɛboa yɛn ma yɛahu nkɔso a yɛanya anaa nea ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya wɔ Onyankopɔn apɛde a yɛyɛ no mu.

3 Sɛ Yesu akyidifo no, ɛsɛ sɛ yɛn atirimpɔw titiriw wɔ asetra mu yɛ te sɛ nea odwontofo no kae no: “Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho daa nyinaa, na yeyi wo din ayɛ daapem.” (Dw. 44:8) Kristosom yɛ asetra kwan a ɛda adi da biara ne afei wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Hwɛ abotɔyam a yenya bere a yefi komam da ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn nnwuma nyinaa mu adi no!—Fil. 1:11.

4 Ayeyi a Yɛde Ma Yehowa no Gye Pii Sen sɛ Yebebu Bra Pa Kɛkɛ: Sɛ ɔbra pa nkutoo ne nea Onyankopɔn hwehwɛ a, anka yebetumi de yɛn adwene asi yɛn nipasu a yɛbɛma ayɛ papa so ara kɛkɛ. Nanso Yehowa mmaninyɛ a yɛbɛka akyerɛ ne ne din a yɛbɛda no adi baguam no nso ka yɛn som ho!—Heb. 13:15; 1 Pet. 2:9.

5 Asɛmpa a yɛka no baguam no ka nnwuma a ehia sen biara a yɛyɛ no ho. Yesu de ne ho mae de yɛɛ adwuma yi efisɛ na onim sɛ ɛkyerɛ daa nkwa ma wɔn a wobetie no. (Yoh. 17:3) “Asɛm no som” nso ho hia saa ara nnɛ; ɛno nkutoo so na wɔnam betumi agye nkurɔfo nkwa. (Aso. 6:4; Rom. 10:13) Bere a yehu mfaso pii a ɛwɔ so no, yebetumi ate nea enti a Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmpae mu nka asɛm no’ ná ‘yennyina mu’ no ase.—2 Tim. 4:2.

6 Ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn asetra mu kodu he? Odwontofo no kae sɛ, na ɛwɔ n’adwenem daa nyinaa. So yɛnte nka saa ara? Yiw, na yebebu hyia a yɛne onipa foforo hyia no sɛ hokwan a yebetumi de aka Yehowa din ho asɛm akyerɛ. Yɛbɛhwehwɛ hokwan ahorow a ɛfata na yɛadan yɛn nkɔmmɔbɔ no akɔ honhom mu nneɛma so. Yɛbɛbɔ mmɔden de yɛn ho ahyɛ asɛnka dwumadi ahorow a asafo no yɛ ho nhyehyɛe no mu nso. Wɔn a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan no betumi asusuw akwampae adwuma no ho anibere so, efisɛ eyi boa ma yɛde asɛnka adwuma no di kan wɔ yɛn asetra mu da biara. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ bere a yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde no, wobehyira yɛn.—Yak. 1:25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena