Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 2/1 kr. 26-29
  • Efi Hena?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Hena?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sikasɛm mu Ahokyere
  • Mmofra ho Yawdi
  • Honhom mu Nkɔso a Obi Nnya
  • Anoyi a Ɛsen Biara
  • Ɔhaw Ahorow Ano a Yebegyina
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Wɔagyae Bɔne a Wɔde Hyɛ Me Bere Nyinaa?
    Nyan!—1997
  • Mfomso No Mfi Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Ɛnyɛ Me Mfomso”
    Nyan!—1996
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Me Mfomso Bere Nyinaa?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 2/1 kr. 26-29

Efi Hena?

ONIPA a odi kan, Adam, na ofii adeyɛ no ase. Bere a ɔyɛɛ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ɔbea a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.” Ɔkwan bi so no na ɔreka sɛ: “Emfi me!” Ɔbea a odi kan, Hawa, yɛɛ saa ara bere a ɔkaa eyi no: “Ɔwɔ na ɔdaadaa me na midii.”—Genesis 3:12, 13.

Enti wɔbɔɔ kwan bi too hɔ wɔ Eden a nnipa a wonnye wɔn ankasa nneyɛe ho asodi ntom dii akyi. Woayɛ saa pɛn? Sɛ nsɛnnennen sɔre a, wode asodi no to afoforo so ntɛm anaa? Anaasɛ wususuw tebea no ho hwɛ nea ɛyɛ ne mfomso ankasa? Wɔ da biara da asetra mu no, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛtɔ afiri a ɛne sɛ yɛde yɛn mfomso ho asodi bɛto afoforo so mu aka sɛ, “Emfi me!” Momma yensusuw tebea horow a ɛtaa ba ho na yɛnhwɛ nea ebinom taa yɛ. Nea ɛho hia kɛse no, susuw nea anka wobɛyɛ wɔ tebea koro no ara mu ho.

Sikasɛm mu Ahokyere

Sɛ ebinom kɔ sikasɛm mu ahokyere a emu yɛ den mu a, ebia wɔbɛka sɛ, “Emfi me—efi ɔman no sikasɛm tebea, aguadifo nnaadaafo, asetra mu a ayɛ den.” Nanso efi saa nneɛma yi ankasa? Ebia tebea horow bi a na wonhu nea wɔnyɛ wɔ ho na ɛmaa wɔde wɔn ho hyɛɛ aguadi a ɛho wɔ asɛm anaa enni nnyinaso mu. Ɛtɔ da bi a anibere mma nkurɔfo nhwehwɛ nneɛma mu yiye, na wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma a wonnim mu mu, na ɛma nsisifo nya wɔn ntɛm. Wɔn werɛ fi asɛm a wɔka yi sɛ, “Asɛm a ɛyɛ dɛ dodo no ntaa nyɛ nokware.” Wokyinkyin hwehwɛ afotu a wɔpɛ sɛ wɔte, nanso sɛ wɔkɔ sikasɛm mu ahokyere mu a, wɔhwehwɛ onipa foforo de ho asodi to ne so. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛtɔ da bi a eyi si wɔ Kristofo asafo no mpo mu.

Wɔadaadaa ebinom ma wɔde wɔn ho ahyɛ nnwuma a nyansa nnim anaa nea akɔntɔnkyesɛm mpo wom mu, te sɛ adɛnkyɛmmo a wonhui a wɔtɔ, television so dwumadi a sika wom a wɔbɔ ho ka a egu, anaa adansi adwuma a wɔde wɔn sika boa a ɛbɔ fam. Ebia sikapɛ a ɛboro so amma wɔantumi amfa wɔn adwene ansi Bible afotu yi so: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri [mu] . . . na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

Sikasɛe nso betumi akowie sikasɛm mu ahokyere mu. Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔwɔ nsɛmma nhoma a ɛkamfo afɛfɛde a aba so foforo mu, na wokodi akwamma a ɛma wɔsɛe sika pii, didi wɔ adidibea akɛse, totɔ mpanyimfo “agode” a aba so foforo—kar a wɔde gye wɔn ani, ahyɛmma ahorow, mfoninitwa mfiri, mfiri a wɔde bɔ nnwom. Nokwarem no, bere rekɔ so no, ebinom nam nhyehyɛe pa ne sika a wosie so betumi anya saa nneɛma yi. Nanso nea ebetumi akowie wɔn a wɔpere wɔn ho sɛ wobenya bi no ne ɛka akɛse a wɔbɛde. Sɛ ɛba saa a, efi hena? Ɛda adi sɛ wɔabu wɔn ani agu afotu pa a ɛwɔ Mmebusɛm 13:18 no so: “Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso.”

Mmofra ho Yawdi

Ebia awofo binom bɛka sɛ, “Mpanyimfo no na wɔama me mma no afi nokware no mu. Wɔamma wɔn ani ankũ me mma no ho kɛse.”

Ɛyɛ ampa sɛ mpanyimfo no wɔ asɛyɛde sɛ wɔyɛn nguankuw no na wɔhwɛ wɔn, na awofo no ankasa nso ɛ? Wɔda Onyankopɔn honhom no aba no adi wɔ wɔn nneyɛe nyinaa mu de yɛ nhwɛso pa? Ná wɔyɛ abusua Bible adesua no daa? Awofo no daa nnamyɛ adi wɔ Yehowa som mu boaa mmofra no maa wosiesiee wɔn ho saa anaa? Wɔmaa wɔn ani daa hɔ wɔ wɔn mma no fekubɔ ho?

Saa ara na ɛnyɛ den sɛ ɔwofo bi bɛka sukuu dwumadi ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ akyerɛkyerɛfo no na amma me babarima no ammɔ mmɔden wɔ sukuu. Ná wɔmpɛ me ba no asɛm. Wɔnkyerɛ ade yiye wɔ saa sukuu no mu mpo.” Nanso ɔwofo no ne sukuu no nyaa nkitahodi a emu yɛ den anaa? Ná abofra no dwumadi ne n’adesua ho asɛm hia ɔwofo no? Ná wɔyɛ nhyehyɛe ma ɔyɛ ne sukuu nnwuma a ɔde ba fie, na sɛ ohia mmoa a wɔde ma no? So ebetumi aba sɛ abofra no su anaa n’anihaw anaa ɔwofo no de ne ade titiriw a ɛde ɔhaw no bae?

Sɛ́ anka awofo de asodi no bɛto sukuu nhyehyɛe no so no, mfaso wɔ so kɛse sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛfata de ahwɛ ahu sɛ wɔn mma no wɔ su a ɛfata, na wɔde nneɛma a ebetumi aboa wɔn ma wɔasua ade wɔ sukuu no di dwuma.

Honhom mu Nkɔso a Obi Nnya

Ɛtɔ da bi a yɛte sɛ obi ka sɛ: “Anka mɛyɛ den honhom mu asen sɛnea mete yi, nanso ɛnyɛ me na mama aba saa. Mpanyimfo no mma wɔn ani nkũ me ho kɛse. Minni nnamfo. Yehowa honhom nni asafo yi so.” Eyi nyinaa mu no, afoforo wɔ asafo no mu a wɔwɔ nnamfo, wɔn ani gye, na wonya honhom mu nkɔso; na asafo no nya nkɔanim ne honhom mu nkɔso. Ɛnde dɛn nti na ebinom nte saa?

Nnipa dodow no ara mpɛ sɛ wɔbɛbɛn wɔn a wonni adwempa na wonwiinwii. Ano a ɛkeka nsɛm a ɛyɛ yaw ne anwiinwii a ɛkɔ so daa betumi ahaw adwene yiye. Ebia ebinom a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ mmerɛw honhom mu ne nnipa a wɔte saa remmɔ kɛse. Sɛ onii no fa eyi sɛ ɛkyerɛ sɛ asafo no mpɛ n’asɛm a, ebia obefi ase akyinkyin, obedi kan akɔ asafo bi mu, na afei ofi ha a, na ɔkɔ ha. Te sɛ Afrika asasetaw so ayɛmmoa a wokyinkyin hwehwɛ mmeae a wobenya aduan pa bere nyinaa no, saa Kristofo a “wokyinkyin” yi hwehwɛ asafo a eye ma wɔn bere nyinaa. Sɛ wɔhwɛ su pa a afoforo wɔ mmom na wɔyere wɔn ho da Onyankopɔn honhom no aba no adi kɛse wɔ wɔn asetra mu a, hwɛ anigye kɛse a anka wobenya!—Galatifo 5:22, 23.

Ebinom yɛ saa denam mmɔden kɛse a wɔbɔ sɛ wɔ nhyiam biara a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so ase no, wɔne onipa foforo bɛkasa na wofi komam akamfo no wɔ biribi pa ho no so. Ebetumi ayɛ nea ɛfa ne mma a wɔda su pa adi, Kristofo nhyiam a ɔntotom, mmuae a osiesiee no yiye mae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase, ahɔhoyɛ su a ɔdaa no adi de ne fie mae sɛ wɔnyɛ Asafo Nhoma Adesua ne asɛnka nhyiam wɔ hɔ, ne nea ɛkeka ho ho. Sɛ wode yɛ wo botae sɛ wubebu w’ani agu sintɔ ahorow so a, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu su horow a ɛyɛ fɛ wɔ wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea ho. Eyi bɛma woabɛn wɔn, na wubehu sɛ nnamfo a wɔyɛ anokwafo ho nyɛ nã mma wo.

Anoyi a Ɛsen Biara

“Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ.” “Efi Ɔbonsam.” Ebia anoyi a ɛsen biara ne sɛ yɛde yɛn ankasa nkogudi ho asodi bɛto Onyankopɔn anaa Ɔbonsam so. Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn anaa Satan betumi anya nneɛma bi a ɛkɔ so wɔ yɛn asetra mu so nkɛntɛnso. Nanso, ebinom gye di sɛ ɛkame ayɛ sɛ biribiara a esi wɔ wɔn asetra mu, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne no, fi Onyankopɔn anaa Satan. Ɛte sɛ nea wɔn ankasa mfomso ahorow mfaa ɔhaw biara mmrɛɛ wɔn da. “Sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ minya saa kar foforo no a, ɔbɛhwɛ ahu sɛ me nsa bɛka.”

Nnipa a wɔte saa no ntaa mfa ahwɛyiye mmɔ wɔn bra, na wosisi gyinae bi wɔ sikasɛm ne nneɛma afoforo mu a wogye di sɛ Onyankopɔn begye wɔn. Sɛ wɔn nneyɛe a nyansa nnim no kowie sikasɛm mu ahokyere anaa ɔhaw foforo bi mu a, wɔde ho asodi to Ɔbonsam so. Biribi a wɔde ahopere yɛ a ‘wommu ho akontaa’ ansa, a sɛ edi nkogu a wɔde ho asodi to Satan so, anaa nea enye koraa no, wɔbɛhwɛ kwan sɛ Yehowa de ne ho begye mu no renyɛ aniammɔho kɛkɛ, na mmom ɛbɛyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm nso nhyia.—Luka 14:28, 29.

Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu anya saa adwene no na amma wannye Ne nneyɛe ho asodi antom. Mateo 4:5-7 bɔ amanneɛ wɔ sɔhwɛ a ɛto so abien no ho sɛ: “Ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi, na osee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn ba no a, tow wo ho kyene fam; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo.” Yesu hui sɛ sɛ ɔfa ɔkwan a ɛda adi pefee sɛ nyansa nnim, a ebetumi akowie ne wu mpo mu so a, ontumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa de ne ho begye mu. Enti obuae sɛ: “Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ [Yehowa], wo Nyankopɔn, nhwɛ!”

Wɔn a ɛyɛ wɔn su sɛ wɔde wɔn ankasa nneyɛe a asɛm wɔ ho ho asodi bɛto Ɔbonsam anaa Onyankopɔn so no yɛ wɔn ade te sɛ nsoromma mu ahwɛfo a wɔde nsoromma si Onyankopɔn ne Ɔbonsam ananmu no. Bere a wogye di yiye sɛ wonni biribiara a esi so tumi no, wobu wɔn ani gu nnyinasosɛm tiawa a wɔka wɔ Galatifo 6:7 no so: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”

Ɔhaw Ahorow Ano a Yebegyina

Obiara nni hɔ a obegye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛwɔ wiase a nneɛma nkɔ so pɛpɛɛpɛ mu ho kyim. Nsɛnnennen a yɛasusuw ho wɔ ha no yɛ nea esisi wɔ asetra mu ankasa. Nkurɔfo bɛfa yɛn ho ayɛ yiye. Adwumawuranom bi bɛyɛ nsisifo. Amannifo betumi anya yɛn mma so nkɛntɛnso bɔne. Akyerɛkyerɛfo ne sukuu ahorow bi hia nkɔso. Ɛtɔ mmere bi a ebehia sɛ mpanyimfo yi ɔdɔ ne ayamye kakra adi ka ho. Nanso ɛsɛ sɛ yegye nea sintɔ de ba no tom, na afei sɛnea Bible no da no adi no, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Enti ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ yiye wɔ yɛn asetra mu bere nyinaa.—1 Yohane 5:19.

Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ yehu yɛn ankasa sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow na yehu sɛ mpɛn pii no, yɛn ankasa nneyɛe a nyansa nnim na ɛde ɔhaw ahorow brɛ yɛn. Paulo tuu Kristofo a wɔwɔ Roma fo sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen.” (Romafo 12:3) Saa afotu no fa yɛn nso yɛn ho saa ara nnɛ. Sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn asetra mu a, yɛrenni yɛn nananom Adam ne Hawa akyi ntɛm ara nka sɛ: “Emfi me!” Mmom no, yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na anka metumi ayɛ de akwati saa ɔhaw a aba yi? Mede atɛmpa dii dwuma wɔ asɛm no mu hwehwɛɛ afotu pa fii nyansa fibea bi? So mefaa no sɛ ɔfoforo anaa afoforo a asɛm no fa wɔn ho no nni fɔ, na midii wɔn ni?’

Sɛ yɛde Kristofo nnyinasosɛm ahorow ne atɛmpa di dwuma a, yebenya nnamfo pii ne ɔhaw kakraa bi. Nneɛma a ɛnkɔ yiye wɔ yɛn asetra mu daa a anka enhia sɛ ɛba saa no pii befi hɔ. Yebenya anigye afi afoforo a yɛne wɔn bɔ no mu, na asemmisa yi renhaw yɛn adwene: “Efi hena?”

[Kratafa 28 mfonini ahorow]

Awofo betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma ma wɔanya honhom mu nkɔso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena