Yehowa Adansefo yere wɔn ho de Kristofo gyinapɛn pa dua wɔn mma mu
Abrabɔ Gyinapɛn a Ɛfata Obu
Abakɔsɛm nyinaa mu no, mmarima ne mmea akokodurufo asisi gyinae a na ɛne adwene a nnipa dodow no ara gye tom wɔ wɔn bere so nhyia. Wɔagyina amammui, nyamesom, ne nnipa mu nyiyim ho atirimɔdensɛm mu pintinn, na mpɛn pii no wɔde wɔn nkwa ato hɔ ama wɔn gyinabea no.
NÁ TETE Kristofo no wɔ akokoduru kɛse. Bere a wɔde ɔtaa a ano yɛ den baa wɔn so wɔ mfeha abiɛsa a edi kan no mu no, Romafo abosonsomfo no kunkum wɔn mu pii esiane sɛ wɔansom ɔhempɔn no nti. Ɛtɔ da bi a, na wosi afɔremuka wɔ beae a wɔde nnipa goru atɔprɛ. Ná nea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ kɛkɛ na ama wɔagyae wɔn ne sɛ wɔbɛhyew aduhuam kakraa bi de akyerɛ sɛ wogye di sɛ ɔhempɔn no yɛ onyame. Nanso, wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔyɛɛ nea wɔkae no. Wɔn mu fã kɛse no ara pɛe sɛ wowu mmom sen sɛ wɔbɛpa wɔn gyidi.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo Kristofo si gyinae koro no ara wɔ ɔfã biara a wonnya wɔ amammuisɛm mu no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛnea wogyinaa Nasi nniso ano pintinn no ho kyerɛwtohɔ wɔ abakɔsɛm mu. Ansa na wiase ko a ɛto so abien reba ne bere a na ɛrekɔ so no, Germany Adansefo no bɛyɛ nkyem anan mu biako wuwui, titiriw wɔ nneduaban ahorow mu, efisɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ amammuisɛm mu, na wɔanka “Mo Hitler.” Wɔtetee mmofra nkumaa ne wɔn awofo a wɔyɛ Adansefo ntam ɔhyɛ so. Nhyɛso no nyinaa akyi no, mmofra no kɔɔ so gyinaa pintinn, na wɔamma nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so a afoforo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔagye atom no angu wɔn ho fĩ.
Frankaakyia
Ɛnnɛ, wɔntaa mfa ɔtaa mma Yehowa Adansefo so denneennen saa. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, gyinae a Adansefo nkumaa fi ahonim mu si sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ ɔmampɛ mu guasodeyɛ ahorow te sɛ frankaakyia mu nti, afoforo nte wɔn ase.
“Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!”—Mateo 22:21
Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka kyerɛ afoforo sɛ wonnyae frankaakyia; ɛno yɛ ankorankoro biara gyinaesi. Nanso Adansefo no ankasa si gyinae pintinn: Wonkyia ɔman biara frankaa. Ɛda adi pefee sɛ wɔmfa eyi nkyerɛ sɛ wommu ade. Wɔkyerɛ obu ma ɔman biara a wɔte mu frankaa, na wɔkyerɛ saa obu yi denam ɔman no mmara horow a wodi so no so. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ dwumadi biara a etia aban mu da. Nokwarem no, Adansefo gye di sɛ nnipa nniso a ɛwɔ hɔ seesei no yɛ “nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ” na wama kwan sɛ ɛntra hɔ. Enti wobu wɔn ho sɛ Onyankopɔn ama wɔn ahyɛde sɛ wontua tow mma saa “tumi a ɛwɔ anuonyam” no, na wɔnkyerɛ obu mma no. (Romafo 13:1-7) Eyi ne Kristo asɛm a agye din yi hyia: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!”—Mateo 22:21.
Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Ɛnde dɛn nti na Yehowa Adansefo nkyia frankaa mfa nkyerɛ nidi mma no?’ Efisɛ wobu frankaakyia sɛ ɛyɛ ɔsom mu adeyɛ, na ɔsom yɛ Onyankopɔn de; wontumi mfi ahonim pa mu mfa ɔsom mma obiara anaa biribiara sɛ Onyankopɔn nkutoo. (Mateo 4:10; Asomafo no Nnwuma 5:29) Enti, sɛ akyerɛkyerɛfo kyerɛ obu ma wɔn gyidi yi, na wɔma Adansefo mmofra kwan ma wɔde nea wogye di no yɛ adwuma a, wɔn ani sɔ.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wogye di sɛ frankaakyia ne ɔsom wɔ abusuabɔ bi, sɛnea nsɛm a edidi so yi kyerɛ no:
“Ɛkame ayɛ sɛ na wɔde nyamesom bata tete frankaa ahorow ho pefee. . . . Ɛte sɛ nea na wɔhwehwɛ nyamesom mmoa na ama ɔman frankaa ahorow ho atew bere nyinaa.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Encyclopædia Britannica.
“Te sɛ mmeamudua no, frankaa yɛ kronkron. . . . Mmara ne ahyɛde ahorow a ɛfa nnipa su a wokura wɔ ɔman frankaa ahorow ho no de nsɛm a emu yɛ den na emu da hɔ fann te sɛ, ‘Frankaa no Som,’ . . . ‘Frankaa ho Nidi,’ ‘Frankaa ho Ahofama,’ di dwuma.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—The Encyclopedia Americana.
“Kristofo ammɔ . . . afɔre amma [Roma] ɔhempɔn no honi—ɛne frankaa a wonkyia anaasɛ nokwaredi ntam a wontĩ mu nka nnɛ no reyɛ ayɛ adekoro.”—Those About to Die (1958), a Daniel P. Mannix kyerɛwee, kratafa 135.
Hebrifo mmerante baasa ankotow ohoni bi a Babilon hene Nebukadnesar de sii hɔ no
Bio nso, ɛnyɛ obu a Yehowa Adansefo nni mma aban anaa ne sodifo biara nti na wonkyia frankaa no. Ɛno ara ne sɛ wɔrenkotow ohoni bi a egyina hɔ ma Ɔman no na wonkyia no mfa nsom no. Wobu no sɛ ɛte sɛ Hebrifo mmerante baasa a wɔankotow ohoni a Babilon hene Nebukadnesar de sii Dura asasetaw so wɔ Bible mmere mu no gyinaesi no. (Daniel, ti 3) Enti, bere a afoforo kyia na wɔka nokwaredi ntam no, wɔkyerɛ Yehowa Adansefo mmofra ma wɔde wɔn ahonim a wɔde Bible atete no di dwuma. Enti, wɔde obu yɛ komm a wɔmfa wɔn ho nhyem. Adwene a ɛte saa ara nti, sɛ wɔreto anaa wɔrebɔ ɔman nnwom a, Adansefo mmofra mfa wɔn ho nhyɛ mu.
Hokwan a Awofo Wɔ
Nnansa yi, aman dodow no ara kyerɛ obu ma hokwan a awofo wɔ sɛ wɔde nyamesom gyidi a wɔwɔ no bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɔsom ahorow nyinaa foa saa hokwan yi so, sɛnea asɔre mmara a ɛda so yɛ adwuma wɔ Katolek Asɔre no mu no yɛ ho mfatoho yi no: “Esiane sɛ awofo de wɔn mma aba nkwa mu nti, wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa; ɛno nti na ɛda awofo so titiriw sɛ wɔde Kristofo nkyerɛkyerɛ ma wɔn mma ma ɛne Asɔre nkyerɛkyerɛ hyia.”—Mmara a ɛto so 226.
Wɔhyɛ mmofra nkuran sɛ wɔnkyerɛ afoforo ho anigye
Ɛno ara na Yehowa Adansefo hwehwɛ. Sɛ́ awofo a wodwen wɔn mma ho no, wɔyere wɔn ho de Kristofo gyinapɛn pa dua wɔn mma mu kyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ wɔn yɔnko kyerɛ obu ma afoforo agyapade. Wɔpɛ sɛ wɔde afotu a ɔsomafo Paulo de maa Kristofo a wɔwɔ Efeso no di dwuma: “Awofo, mo ne mo mma nnni wɔ ɔkwan a ɛbɛhyɛ wɔn abufuw so. Mmom no, momfa Kristofo nteɛso ne nkyerɛkyerɛ ntete wɔn.”—Efesofo 6:4, Today’s English Version.
Mmusua a Wonni Ɔsom Koro Mu
Wɔ mmusua bi mu no, ɔwofo biako pɛ na ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, wɔhyɛ ɔwofo a ɔyɛ Ɔdansefo no nkuran sɛ onnye hokwan a ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no nso wɔ sɛ ɔde ne som mu gyidi ahorow bɛkyerɛkyerɛ mmofra no ntom. Sɛ mmofra a wɔde nyamesom gyidi ahorow kyerɛkyerɛ wɔn no hyia ɔhaw bi mpo a, ɛnyɛ pii.a Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mmofra nyinaa paw ɔsom a wobedi akyi. Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔpaw sɛ wobedi wɔn awofo nyamesom nnyinasosɛm ahorow akyi, sɛ́ ebia wɔyɛ Yehowa Adansefo anaa ebia wɔnyɛ bi no.
Hokwan a Mmofra Wɔ sɛ Wɔyɛ Nea Wɔn Ahonim Kyerɛ Wɔn
Ɛsɛ sɛ wuhu nso sɛ ahonim a Kristoni ankorankoro biara wɔ no ho hia Yehowa Adansefo paa. (Romafo, ti 14) Mmofra Hokwan Ahorow ho Apam, a Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no hwɛɛ so wɔ 1989 mu no gyee hokwan a abofra wɔ sɛ “onya n’ankasa nsusuwii, ahonim ne nyamesom” ne hokwan a ɔwɔ sɛ ofi ne pɛ mu da ne nsusuwii adi na ɔma afoforo hu saa nsusuwii no wɔ asɛm anaa adeyɛ biara a ɛka abofra no mu no toom.
Mmofra abien biara nni hɔ a wɔsɛ kosi ase. Enti, ntease wom sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ gyinae a Adansefo nkumaa anaa sukuufo afoforo sisi wɔ sukuu dwumadi ne nnwuma bi ho no renyɛ pɛ. Yɛwɔ ahotoso sɛ wo nso wugye nnyinasosɛm a ɛne sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔde n’ahonim di dwuma no tom.
a Ɛdefa mmofra a wɔn awofo nni ɔsom biako mu ho no, Steven Carr Reuben, Ph.D., ka wɔ ne nhoma Raising Jewish Children in a Contemporary World mu sɛ: “Sɛ awofo nnye sɛnea wɔte ntom, wonhu nea wɔnyɛ, wɔyɛ nneɛma sie, na wɔkwati sɛ wɔbɛka nyamesom ho nsɛm a, mmofra adwene tu fra. Sɛ awofo ka wɔn ankasa gyidi ahorow, gyinapɛn ahorow, ne afahyɛ ahorow a wodi ho asɛm pefee wɔ nokwaredi mu ma emu da hɔ a, mmofra no de ahobammɔ ne ahotoso nyin wɔ nyamesom tebea a ehia kɛse na obu a wɔwɔ ma wɔn ho ne wɔn gyinabea wɔ wiase no mu ho nimdeɛ anya nkɔanim mu.”