Awofo Asɛyɛde
Akyinnye biara nni ho sɛ mmofra a wɔbɛtete wɔn ma wɔabɛyɛ mpanyimfo a wɔkari pɛ wɔ nnɛ wiase yi mu no nna fam.
ƆMAN Adesuabea a Ɛhwɛ Adwene mu Akwahosan so a ɛwɔ U.S. no tintim nea awofo bi a wobuu wɔn sɛ wɔadi nkonim a wobisabisaa wɔn nsɛm kae—wɔn a na wɔn mma adi boro mfe 21, a “wɔn nyinaa yɛ mpanyimfo a wɔn so wɔ mfaso na biribiara kyerɛ sɛ wɔrebɔ wɔn bra sɛnea ɛsɛ wɔ yɛn wiase yi mu.” Wobisaa awofo yi sɛ: ‘Esiane osuahu a w’ankasa anya nti, afotu a ɛkyɛn so bɛn na wubetumi de ama awofo afoforo?’ Mmuae a wɔn mu dodow no ara mae ne sɛ: ‘Da ɔdɔ adi kɛse,’ ‘ma wɔn nteɛso a ebesiesie wɔn,’ ‘nya bere ne wɔn mmɔ,’ ‘kyerɛ wo mma nea eye ne nea enye,’ ‘munnya obu mma mo ho,’ ‘tie wɔn paa,’ ‘fa akwankyerɛ mmom ma na ɛnyɛ ɔkasa,’ na ‘nhwehwɛ nea ɛboro so mfi wɔn hɔ.’
Akyerɛkyerɛfo nya kyɛfa kɛse wɔ mmofra a wɔma wɔbɛyɛ mpanyimfo pa mu
Nanso, ɛnyɛ awofo nkutoo na wɔreboa mmofra ma wɔabɛyɛ mpanyin pa. Akyerɛkyerɛfo nso nya kyɛfa kɛse wɔ eyi mu. Sukuu fotufo bi a ne ho akokwaw kae sɛ: “Nhomasua atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛboa awofo ma wɔatete mmofra ma wɔabɛyɛ mpanyimfo a wotumi di asɛyɛde ho dwuma a wɔn ho akokwaw wɔ adwene, honam, ne nkate fam.”
Enti awofo ne akyerɛkyerɛfo wɔ botae koro—sɛ́ wɔbɛtete mmofra a akyiri yi wɔbɛba abɛyɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw na wɔkari pɛ a wɔn ani gye wɔ asetra mu na wotumi hu wɔn asɛyɛde wɔ ɔman a wɔte mu no mu.
Mfɛfo Adwumayɛfo, Ɛnyɛ Akansifo
Nanso, ɔhaw ahorow sɔre bere a awofo ne akyerɛkyerɛfo nyɛ biako no. Sɛ nhwɛso no, awofo bi mma nhomasua ho asɛm mfa wɔn ho koraa; afoforo nso bɔ mmɔden sɛ wɔne akyerɛkyerɛfo besi kane. Franse kasa mu nsɛmma nhoma bi kaa tebea yi ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nkutoo na tumi kura no bio. Awofo a wɔn mma nkonimdi agye wɔn adwene hwehwɛ sukuu nhoma ahorow mu, bu akwan a wɔfa so kyerɛ ade no fɔ, kasa tia, na sɛ wɔn mma ammɔ mmɔden ara pɛ a, wɔn bo fuw ntɛm ara.” Nneyɛe a ɛtete saa betumi atew tumi a akyerɛkyerɛfo wɔ no so.
Yehowa Adansefo te nka sɛ wɔn mma nya mfaso kɛse bere a awofo ne akyerɛkyerɛfo yɛ biako na wɔma wɔn ani kũ wɔn mma nhomasua ho kɛse boa wɔn no
Yehowa Adansefo te nka sɛ wɔn mma nya mfaso kɛse bere a awofo ne akyerɛkyerɛfo yɛ biako na wɔma wɔn ani kũ wɔn mma nhomasua ho kɛse boa wɔn no. Wogye di sɛ biakoyɛ a ɛte saa ho hia titiriw, efisɛ w’adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ayɛ den kɛse.
Ɔhaw Ahorow a Ɛwɔ Sukuu mu Nnɛ
Sukuu te sɛ wiase a emu na ɛwɔ no ara pɛ, na ɛmfaa ne ho nnii wɔ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no ho. Asetra mu ɔhaw ahorow adɔɔso ntɛmntɛm wɔ mfe a atwam no mu. Bere a The New York Times rekyerɛ sɛnea tebea no te wɔ United States sukuu bi mu no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Sukuufo da wɔ adesua dan mu, wɔkyerɛkyerɛw nsɛm wɔ adan ho de hunahuna wɔn ho wɔn ho, wobu sukuufo a wɔbɔ mmɔden no animtiaa. . . . Ɛkame ayɛ sɛ sukuufo no nyinaa redi ɔhaw ahorow te sɛ nkokoaa a wɔhwɛ wɔn, awofo a wɔda afiase a wɔne wɔn di, ne basabasayɛ kuw amumɔyɛ a wogyina ano ho dwuma. Da biara, wɔn mu bɛyɛ nkyekyem anum biara mu biako bɔ ko.”
Nea ɛyɛ hu kɛse ne sukuu mu basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ aman nyinaa mu no. Atutow ne sekan a wɔde wɔw nkurɔfo a ɛkɔ so daa abesi ntɔkwaw a na wɔko no nnako nnako ananmu. Akode abu so kɛse, ntua mu ayɛ den kɛse ma mmofra de wɔn ho hyɛ basabasayɛ mu ntɛmntɛm bere a wonnyinyinii koraa.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ ɔman biara na tebea bɔne a ɛtete saa wom. Nanso, wiase nyinaa no, akyerɛkyerɛfo pii wɔ tebea a wɔkaa ho asɛm wɔ Franse kasa mu atesɛm krataa Le Point a ɛba dapɛn biara mu no mu: “Wommu ɔkyerɛkyerɛfo bio; onni tumi biara.”
Awofo a wɔtete wɔn mma yiye nya bere ma wɔn
Obu a wɔnkyerɛ mma tumidi yi yɛ asiane ankasa ma mmofra nyinaa. Enti Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔayɛ osetie na wɔakyerɛ obu ama tumidi, su horow a ɛntaa nna adi wɔ sukuu asetra mu nnɛ.