“Monyɛ Nnipa a Wɔwɔ Ayɛ”
1 Wɔtetee yɛn mu dodow no ara wɔ yɛn mmofraberem sɛ yɛnka “mepa wo kyɛw” anaa “meda wo ase” bere a obi akyerɛ obu anaa wayi ayamye adi akyerɛ yɛn no. Paulo tu yɛn fo bere nyinaa sɛ ‘yɛnyɛ nnipa a yɛwɔ ayɛ,’ na Yehowa titiriw na ɛsɛ sɛ yɛda no ase. (Kol. 3:15, 16) Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn Bɔfo Kɛse no ase? Na ntease atitiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda no ase?
2 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn.” (1 Kor. 15:57) Wɔ Nkaedi bere wɔ afe biara mu no, wɔkae yɛn ɔdɔ a enni ano a Onyankopɔn ne Kristo nyinaa daa no adi denam agyede a ɛma yenya daa nkwa ho anidaso a wɔde mae no so. (Yoh. 3:16) Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛn mu biara ahwere n’adɔfo wɔ owu mu nti, hwɛ aseda a yɛde ma wɔ Yesu bɔhyɛ a ɛne owusɔre no ho! Sɛ yesusuw akwanhwɛ a ɛne sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ nhyehyɛe yi awiei a yɛrenwu da koraa no ho a, aseda hyɛ yɛn koma ma. (Yoh. 11:25, 26) Ɛyɛ den sɛ yebenya nsɛm de ada Yehowa ase wɔ ne nsam nhyira a ɛyɛ nwonwa a yebenya wɔ asase so Paradise a ɛreba no mu ho. (Adi. 21:4) Ntease a ɛkyɛn eyi bɛn na obi betumi anya de ‘ada’ Onyankopɔn ‘ase?’
3 Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ada Onyankopɔn Ase: Ɛfata bere nyinaa sɛ yɛbɛda Yehowa ase wɔ yɛn mpaebɔ mu wɔ ne papayɛ ho. (Dw. 136:1-3) Ɛsan ka yɛn ma yɛda no ase wɔ akwampa foforo so. Sɛ nhwɛso no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛkɔ Kristo wu Nkaedi no wɔ Kwasida, March 23. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn asafo no ne wiase nyinaa adwuma no ahiade ahorow ho dwuma no, ‘yɛde yɛn ahonyade yi Yehowa ayɛ’ wɔ anigye so. (Mmeb. 3:9) Yɛboa mpanyimfo no wɔ biribiara mu na yɛne wɔn yɛ biako, na yɛnam so da Yehowa ase wɔ mmoa a ɔnam wɔn so de ma yɛn no ho. (1 Tes. 5:12, 13) Da biara, yɛbɔ mmɔden sɛ yebekura ɔbra pa a ɛhyɛ Onyankopɔn din anuonyam no mu. (1 Pet. 2:12) Yehowa ani gye akwan a yɛfa so da no ase yi nyinaa ho.—1 Tes. 5:18.
4 Yɛn Aseda a Ɛsen Biara: Ɔkra nyinaa mu a yefi yɛ Ahenni asɛnka adwuma no, Yehowa din a yɛhyɛ no anuonyam, aseda a yɛde ma wɔ mpaebɔ mu, ne nokwaredi a yɛde gyina nokware no akyi ka aseda a ɛsen biara a efi komam a yebetumi de ama yɛn Bɔfo no wɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho no ho. Yehowa ani gye sɛ ohu sɛ yɛde ɔsom kronn ma no de gyina n’apɛde ‘a ɛne sɛ wobegye nnipa ahorow nyinaa nkwa’ no akyi. (1 Tim. 2:3, 4) Ɛno nti na adawurubɔfo pii a wobetumi ayɛ ɔfrɛ a epuei wɔ February Yɛn Ahenni Som mu a ɛne sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ akwampae aboafo adwuma no mu wɔ March, April, ne May asram no biako anaa nea ɛboro saa mu ho nhyehyɛe no regye so no. Mmɔden pii a yɛbɛbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no yɛ ɔkwampa a yɛfa so ‘da’ Onyankopɔn ‘ase.’ Wubetumi aka akwampaefo kuw no ho wɔ April mu anaa? Wɔ May mu?
5 Wɔama yɛanya daa nkwa ho anidaso a ɛbɛbam. Sɛ yehu sɛ ɛrenya mmamu a, yebenya ntease foforo pii a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de anigye da Yehowa ase da biara.—Dw. 79:13.