Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/97 kr. 2
  • March Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase March 3
  • Dapɛn a Efi Ase March 10
  • Dapɛn a Efi Ase March 17
  • Dapɛn a Efi Ase March 24
  • Dapɛn a Efi Ase March 31
Yɛn Ahenni Som—1997
km 3/97 kr. 2

March Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase March 3

Dwom 53

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma omfi ase nto nsa mfrɛ anigyefo mmra Nkaedi no ase March 23. Fa krataa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi ase no bi kyerɛ, na hyɛ obiara nkuran sɛ onnye bi na omfi ase mfa mmema dapɛn yi.

15 min: “Kyekye Wo Fie.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka 1995 Yearbook no kratafa 228 no mu osuahu ahorow nso.

20 min: “Mmusua a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Daakye a Enni Awiei.” (Nkyekyem 1-5) Ka nkyekyem 1 no ho asɛm kakraa bi, na afei kyerɛ sɛnea wobetumi akanyan obi anigye wɔ Abusua Mu Anigye nhoma no mu denam atiri no nsɛmti, mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ, ne ntimu nnaka no a wɔde bedi dwuma so. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 2-5 no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden soronko mma mmusua a wɔkyerɛ anigye no nhoma no bi. Kae sɛ wobɛka Bible adesua nhyehyɛe no ho asɛm.

Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 10

Dwom 56

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae obiara sɛ ɔnhwɛ nhu sɛ obedi Nkaedi Bible akenkan nhyehyɛe ma March 18-23, sɛnea epue wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu, no akyi.

20 min: “Monyɛ Nnipa a Wɔwɔ Ayɛ.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden kɛse to nsa frɛ Bible asuafo, anigyefo, abusuafo a wɔnsɔre ntia, ne anuanom mmarima ne mmea biara a wɔmfa wɔn ho mmɔ asafo no kɛse, ba Nkaedi no ase. Wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɛkyerɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔde Nkaedi nsato krataa no reto nsa afrɛ onigyeni bi ma waba Nkaedi no ase. Ka August 1, 1988, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25, nkyekyem 16-17 mu nsɛm bi ka ho. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ akwampaefo aboafo wɔ April ne May mu.

15 min: “Mmusua a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Daakye a Enni Awiei.” (Nkyekyem 6-8) Fa nyansahyɛ ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea obi de Abusua Mu Anigye nhoma no bɛma bere a ɔreyɛ bɔnnɔ so adansedi wɔ adwumam, sukuu mu, agodibea, anaa kar a ɔmamfo fa mu, ne afei bere a wakɔsra n’abusuafo no ma. Ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 6 ne 7 no ho ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ sankɔhwɛ no mu no boa onii no ma ohu sɛnea Bible no sua betumi ama abusua mu koroyɛ ayɛ kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no yɛ adesua, a botae no ne sɛ wɔbɛdan akɔ Nimdeɛ nhoma no so, anaasɛ wobetumi de Nimdeɛ nhoma no ankasa afi adesua no ase.

Dwom 72 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 17

Dwom 63

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” no ho asɛm, na ka Nkaedi ho nhyehyɛe ahorow a mo asafo no ayɛ. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ nhyehyɛe a etwa to de boa Bible asuafo ne anigyefo ma wɔba.

15 min: Asafo mu ahiade. Anaasɛ ɔkasa a ɔpanyin bi ma a egyina asɛm a ɛne “Ehia Sɛ Wopa Kyɛw Ankasa?” a ɛwɔ September 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 22-4 no so. Sɛ mo asafo no reyɛ nhyehyɛe anya asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ mu kyɛfa wɔ July ne August mu a, wobetumi asusuw January 1, 1997 krataa a ɛkyerɛ nhyehyɛe a wɔreyɛ ama saa dwumadi yi no, saa bere yi.

15 min: Fa 1997 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no Di Dwuma Yiye. Agya bi ne n’abusua susuw nsɛntitiriw a ɛwɔ nkratafa 3-9 no ho. Ɔkyerɛ nea enti a yedi ahurusi bere a yehu teokrase nkɔso wɔ wiase nyinaa no. Agya no kyerɛ sɛnea afe a ɛreba no mu no, wobetumi de simma kakraa bi asi hɔ da biara bere a wɔredidi no de akenkan Yearbook no nkakrankakra, na afei wɔasusuw daa asɛm no ho.

Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 24

Dwom 67

9 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyiri dodo sɛ obi de akwampae boafo adwuma a ɔbɛyɛ wɔ April mu ho akwammisa bɛma. Ka nhyehyɛe foforo a mo asafo no reyɛ ama asɛnka nhyiam wɔ ɔsram no mu ho asɛm.

24 min: “Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ.” (Nkyekyem 1-20) Nsɛmmisa ne mmuae. Yɛ nkyekyem 16 ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

12 min: Ɔdawurubɔfo Foforo a Wɔboa no Ma Ofi Ase. Ka krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 19 no mu nsɛm. Yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw siesie Bible suani bi a mpanyimfo apene ne so foforo sɛ ɔmmɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu ho ɔyɛkyerɛ. Wɔbom susuw Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 111, nkyekyem 2, ho. Ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw no kyerɛ tebea a wobetumi ahyia bere a wɔreyɛ afie afie adansedi no, ne sɛ ɛho nhia sɛ n’abam bu bere a nnipa dodow no ara ntie no no. Ɔdawurubɔfo no ka osuahu bi a ɛhyɛ nkuran a ɛkyerɛ anigye a ɛba bere a yenya komapafo bi a obetie yɛn no. Wɔbom siesie asɛm tiawa a wɔka kyerɛ de nsɛmma nhoma ma, na wɔbobɔ so. Ɔde nkamfo a ɛhyɛ nkuran ma, na wɔyɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ wɔbɛbom akɔ asɛnka dapɛn yi.

Dwom 89 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 31

Dwom 70

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. To nsa frɛ anigyefo nyinaa sɛ wommetie baguam ɔkasa titiriw no wɔ April 6. Kae obiara ma ɔmfa ne March asɛnka adwuma ho akontaabu mma. Bobɔ wɔn a wɔreyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no nyinaa din. Ka Asɛmmisa Afã no ho asɛm.

20 min: “Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ.” (Nkyekyem 21-35) Nsɛmmisa ne mmuae. Ka adaka a ɛwɔ kratafa 3 no mu nsɛm. Hyɛ obiara nkuran sɛ ommu sankɔhwɛ biara a wayɛ wɔ ɔsram no mu ho akontaa bere a wɔrebu wɔn asɛnka adwuma ho akontaa no.

10 min: Ka Nhoma a Yɛde Bɛma April mu Ho Asɛm. Ma wɔnkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Ka nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea wosiesie nsɛm a wɔka kyerɛ de nsɛmma nhoma ma ho a ɛwɔ October 1996 Yɛn Ahenni Som no nkyekyem 3, 4, ne 8 a ɛwɔ kratafa 8 ho no mu nsɛm tiawa. Ma adawurubɔfo baanu nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ntiantiaa abien anaa biako ho ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo yɛ wɔn a wogye nsɛmma nhoma ho kyerɛwtohɔ, na wɔde wɔn ka wɔn a wɔma wɔn bi daa no ho.

Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena