Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
NNANSA yi, asɛm bi baa The New York Times no fã a edi kan a ɛfa Latoya, ntoaso sukuuni bi a wadi mfe 16 ho. Ɔkae sɛ bere a na wadi mfe 11 no, ne papa fii ase boroo no too no mmonnaa. Na ne maame a ɔde nnubɔne di dwuma no agyaw abusua no hɔ. Atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na ne fie yɛ ɔdangow bi a enni baabi a wogya wɔn anan, anaasɛ ɔdan bi a osuro dodo sɛ ɔbɛda mu.” Nanso na Latoya da nsow. Eyi nyinaa akyi no, afe yi mfiase no, na Latoya yɛ Ɔman Asuafo Mmɔdenbɔfo Kuw no titrani wɔ ne ntoaso sukuu hɔ, na bere nyinaa na mmɔden a ɔbɔ no yɛ nea edi sukuufo mmɔdenbɔfo a wɔsen biara no akyi pɛɛ.
Dɛn na ebetumi aboa abofra a ɔwɔ tebea bɔne mu mpo ma wabɔ mmɔden wɔ sukuu mu? Mpɛn pii no, ade a ɛboa ma obi nya nhomasua papa ne sɛ obenya ɔpanyin bi a odwen ne ho—ne yiye mu no, abofra no wofo biako anaa wɔn baanu nyinaa—a ɔboa no na n’ani kũ abofra no nhomasua ho kɛse. Obi a ɔrebewie ntoaso sukuu tee nka sɛ eyi ho hia yiye ma ɛkaa no ma ɔkae sɛ: “Awofo mmoa so nkutoo na mmofra betumi adi nkonim wɔ sukuu.”
Akyerɛkyerɛfo dodow no ara gye tom saa. New York Kuropɔn mu kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Sukuuni biara a ɔbɔ mmɔden na otumi wie adesua—a bebree wɔ hɔ saa—no wɔ ɔwofo bi a na n’ani kũ nea na ɔreyɛ biara ho.”
Awofo Mmoa, Ade a Ɛho Hia
Afe a etwaam no, Reader’s Digest hwehwɛɛ asemmisa a ɛne sɛ, “Dɛn nti na sukuufo bi bɔ mmɔden sen afoforo?” no mu. Mmuae a wɔde mae no biako ne sɛ “mmusua a ɛyɛ den ma mmofra nya mfaso wɔ sukuu mu.” Awofo a wɔwɔ mmusua a ɛte saa mu fi ɔdɔ mu ma wɔn ani kũ wɔn mma ho, na wɔma wonya gyinapɛn ne botae horow a ɛfata. Nanso ɔwofo bi kae sɛ: “Wuntumi mfa akwankyerɛ a ɛfata mma bere a wunnim nea ɛrekɔ so wɔ sukuu mu.”
Ɔkwan pa a wubetumi afa so ahwehwɛ eyi ne sɛ wobɛkɔ hɔ. Ɛna bi a ɔtaa kɔ hɔ kyerɛwee sɛ: “Sɛ mekɔfa me babea no sukuu abrannaa so a, mete kasafĩ ne atennidi. Mmofra suso wɔn ho mu wɔ baabiara—sɛ ɛyɛ sini a, anka ɛbɛyɛ nea ɛfa aguamansɛm ho.” Nsrahwɛ a ɛte saa no betumi aboa wo ma woahu sɛnea ɛyɛ den nnɛ ma wo mma no sɛ wobenya nhomasua papa, na wɔabu bra pa nso.
Sɛnea ɛho hia no, nhoma a ɛne The American Teacher 1994 kae sɛ: “Mmofra a wɔayɛ wɔn basabasa pɛn titiriw na ebia wɔbɛka sɛ wɔn awofo ntaa ne sukuu no nnya nkitahodi, sɛ ebia wobehyia akyerɛkyerɛfo, awofo, anaa wɔbɛkɔ kuw nhyiam horow, anaasɛ wɔbɛkɔ sukuu hɔ.”
Ɛna bi a asɛm hia no daa nea ehia sɛ awofo yɛ no adi. Ɔkae sɛ: “Kɔ hɔ! Ma sukuu mpanyimfo no nhu sɛ nea wo ba no resua no ho asɛm hia wo. Metaa kɔ sukuu mu, na metra ase tie adesua no bi.” Ɛna foforo sii mfaso a ɛwɔ so sɛ wobɛyɛ wo ba no kyigyinafo so dua. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me mma akɔ office sɛ wɔne ɔfotufo bi rekɔkasa ma wammua wɔn. Bere a me ba no de me kɔɔ hɔ da a edi hɔ no, wɔtee nsɛm ase boaa me—ne me ba no.”
Saa ɛna a ne mmabarima baanan yi sii hia a ɛho hia sɛ wokyerɛ sukuu dwumadi ahorow a ɛfa wo ba nhomasua ho tẽẽ nso so dua. Ɔkae sɛ: “Kɔ awofo ne akyerɛkyerɛfo nhyiam, nyansahu mu nneɛma a wɔayɛ a wɔde kyerɛ—biribiara a wo mma reyɛ a wɔto nsa frɛ awofo sɛ wɔmmra bi no. Eyi ma wunya hokwan hyia wo ba no akyerɛkyerɛfo. Ɛho hia sɛ wohu sɛ wubu wo ba no nhomasua sɛ ade a ɛho hia kɛse wɔ n’asetra mu. Sɛ akyerɛkyerɛfo hu eyi a, ɛbɛma wɔanya ɔpɛ kɛse sɛ wobegye bere de aboa wo ba no akɔ akyiri.”
Akyerɛkyerɛfo a Wo ne Wɔn Bɛyɛ Biako
Ebia awofo binom bɛte nka sɛ wɔwɔ nneɛma a ɛho hia kɛse yɛ anwummere a sukuu ahorow de dwumadi atitiriw a ɛma awofo ne akyerɛkyerɛfo tumi nya nkitahodi hyɛ no. Nanso, nokwarem no, dɛn na ɛho hia sen sɛ wobɛma wɔn a wɔrebɔ mmɔden aboa wo mma ma wɔanya nhomasua papa no ahu wo? Awofo ne akyerɛkyerɛfo ntam biakoyɛ ho hia!
Wɔ Russia no, wɔayɛ nhyehyɛe fɛfɛ bi a ɛhyɛ awofo ne akyerɛkyerɛfo ntam biakoyɛ ho nkuran. Wɔkyerɛw sukuu nnwuma nyinaa gu nea wɔfrɛ no Dnievnik mu—da biara dwumadi ho kyerɛwtohɔ a kalenda ka ho. Wɔhwehwɛ sɛ sukuuni de ne Dnievnik bɛba adesua biara ase, na sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no bisa no a ɔde ama no. Afei nso ɛsɛ sɛ sukuufo no de Dnievnik no kyerɛ wɔn awofo, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ ase no dapɛn biara. Sɛnea Victor Lobachov, agya bi a ɔwɔ Moscow a ne mma kɔ sukuu kae no, “saa nsɛm yi boa awofo ma wohu wɔn mma nnwuma ne wɔn mmɔdenbɔ yiye.”
Nanso, ɛnnɛ, akyerɛkyerɛfo taa nwiinwii sɛ awofo nkyerɛ wɔn mma nhomasua ho anigye. Ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ United States kae sɛ bere bi ɔde nkrataa kɔmaa awofo 63 de kyerɛɛ sɛnea wɔn mma mmɔ mmɔden wɔ adesua mu. Awofo baasa pɛ na wɔyɛɛ ho biribi kohuu no!
Nokwarem no, ɛyɛ awerɛhosɛm! Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani kũ wɔn mma nhomasua a ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw no ho yiye. Ɔkyerɛkyerɛfo bi kaa asɛm no wɔ ɔkwan a ɛfata so bere a ɔkae sɛ: “Nhomasua a wɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛboa awofo ma wɔanya mmerante ne mmabaa a wotumi di asɛyɛde ahorow ho dwuma.”
Enti, ɛsɛ sɛ awofo di kan hu wɔn mma akyerɛkyerɛfo. Sɛnea ɔwofo bi kae no, “ɛsɛ sɛ akyerɛkyerɛfo no te nka sɛ wobetumi afrɛ wo bere biara.” Na ɛsɛ sɛ awofo ma akyerɛkyerɛfo kwan—hyɛ wɔn nkuran mpo—ma wofi wɔn pɛ mu ka wɔn ba ho asɛm kyerɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ awofo bisa nsɛm pɔtee bi te sɛ: Worehyia nsɛnnennen bi wɔ me ba no ho anaa? Obu ade? Ɔba adesua no nyinaa bi? Ɔba ntɛm?
Na sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ka wo ba no ho asɛm bi a ɛnyɛ dɛ nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ wubu no atosɛm. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, mmofra pii a ɛte sɛ nea wɔtra ase ɔkwan pa so wɔ fie anaa beae a wɔsom no fa asetra akwan abien so ankasa. Enti fi obu mu tie ɔkyerɛkyerɛfo no, na hwehwɛ nea ɔka no mu.
Bere a Wo Ba no Ba Fie
Sɛ ɔwofo no, sɛ wufi adwuma ba fie a, wote nka dɛn? Wote nka sɛ woabrɛ kɛse? Woahyia abasamtu? Ebia wo ba te nka sen saa bere a ofi sukuu ba fie no. Enti agya bi hyɛɛ nkuran sɛ: “Ma fie a ɔba no nyɛ anigye. Ebetumi aba sɛ wɔafa tebea a ɛyɛ den mu saa da no.”
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ abofra no bɛto ɔwofo bi wɔ fie. Sɛnea ɛna bi kae no, “sɛ wunni hɔ a wo ne mmofra bɛkasa a, wontumi nka nea ɛrekɔ so nkyerɛ wo. Enti mehwɛ hu sɛ mmofra no bɛba abɛto me wɔ fie.” Ɛnyɛ nea ɔwofo bi ba reyɛ nkutoo na ehia sɛ ohu, na mmom nea ɔresusuw ho ne sɛnea ɔte nka nso. Eyi mu hwehwɛ gye bere pii, mmɔdenbɔ, ne nsɛm a wobisa no nkakrankakra. (Mmebusɛm 20:5) Nkɔmmɔ a wɔbɔ no da biara da ho hia.
Mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ New York Kuropɔn mu kae sɛ: “Da biara, ebetumi aba sɛ wɔde abrabɔ gyinapɛn a ɛda adi wɔ sukuu a ɛwɔ ɔhaw mu bi bɛhyɛ wo ba mu.” Enti ɔhyɛɛ nkuran sɛ: “Ma w’ani nna hɔ wɔ nea wɔde rehyɛ wo ba no koma mu no ho. Ɛmfa ho sɛnea woabrɛ no, gye bere na ma ɔnka ne tirim asɛm na fa gyinapɛn a ɛteɛ si nea ɛnteɛ biara ananmu.”—Mmebusɛm 1:5.
Saa ara na obi a wakyerɛ ade wɔ ntoaso sukuu akyɛ tuu fo sɛ: “Sɛ anka wubebisa nea esii wɔ sukuu mu kɛkɛ no, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wubebisa nsɛm pɔtee a ɛfa ɛda no ne emu dwumadi ho tẽẽ. Ɛho nhia sɛ woyɛ eyi wɔ ɔhyɛ so anaa woma ɛyɛ te sɛ nea worehwehwɛ n’asɛm mu, na mmom ɛnyɛ nkɔmmɔ biara kɛkɛ a wo ne abofra no bɔ.”
Richard W. Riley, U.S. nhomasua soafo, hyɛɛ nkuran sɛ: “Wo ne wo mma, titiriw wɔn a wɔadu mpanyin afe so no, nka asiane a ɛwɔ nnubɔne ne mmosa a wɔde di dwuma ne gyinapɛn a wopɛ sɛ wo mma nya ho asɛm tẽẽ. Ɛmfa ho sɛnea ebia saa kokoam nkɔmmɔbɔ no bɛma wo ho adwiriw wo no, ebetumi agye wɔn nkwa.”
Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ ɔwofo, titiriw nea ɔwɔ asɛyɛde ahorow wɔ Kristofo asafo no mu, yɛ ade de kyerɛ sɛ onni adagyew koraa a ɔde betie ne mma no. Ɛwom mpo sɛ ebia nea wɔbɛka akyerɛ wo no bɛhaw wo de, nanso fa w’anim tebea ne wo nneyɛe kyerɛ sɛ w’ani agye sɛ wofi wɔn pɛ mu ne wo rekasa. Sukuuni bi tuu fo sɛ: “Sɛ wo ba ka nnubɔne ne nna a ɛkɔ so wɔ sukuu mu ho asɛm a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo ahodwiriw.”
Esiane sɛ abusua asetra agyigya nti, ɛnnɛ, mmofra pii wɔ hɔ a wobetumi aka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘nyisaa.’ (Hiob 24:3; 29:12; Dwom 146:9) Wɔ Kristofo asafo no mu no, mpɛn pii no, obi wɔ hɔ a obetumi aboa abofra bi a ohia mmoa. Woyɛ obi a wubetumi ayɛ saa?
Hyɛ Adesua ne Asɛyɛde Ho Dwumadi Ho Nkuran
Mmofra dodow no ara nni sukuu nnwuma ho anigye te sɛ Latoya, a yɛkaa ne ho asɛm wɔ nnianim asɛm no mu no. Wɔn mu fã kɛse no ara hia nkuranhyɛ pii na ama wɔasua ade. Joseph Fernandez a na ɔda New York Kuropɔn sukuu ano kaa n’ankasa ne mma ho asɛm sɛ: “Yetuu mmere bi sii hɔ wɔ fie a na ɛyɛ nhyɛ sɛ wosua ade. Yɛmemaa wɔn nhoma, hyɛɛ wɔn nkuran ma wɔkɔɔ nhomakorabea, na yɛmaa kɔ a wɔbɛkɔ, ne kyɛfa a wobenya no bɛyɛɛ ade titiriw.”
Sukuu panyin foforo kae sɛ: “Ehia sɛ yɛma nhoma ne ayɛsɛm twa yɛn mma ho hyia sɛnea seesei yɛama television, sini, video, ne sotɔɔ nneɛma atwa wɔn ho ahyia no.” Sɛ mmofra reyɛ wɔn sukuu nnwuma a wɔyɛ wɔ fie a, awofo betumi ayɛ nhyehyɛe atra wɔn nkyɛn ayɛ kokoam adesua anaa wɔakenkan ade. Wo mma nam saa kwan no so betumi ahu sɛ wubu nhomasua.
Wɔ afie pii mu no, television ne ade a esiw adesua kwan sen biara. Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Mmofra bedi mfe 18 no, na wɔde nnɔnhwerew 11,000 atra adesua dan mu, na wɔde 22,000 ahwɛ television.” Ebia ɛho behia sɛ awofo tew wɔn mma TV hwɛ so, na ebia wɔn ankasa ahwɛ no bere ne bere mu kɛkɛ. Nea ɛka ho no, tu wo ho ma na ɛne wo mma no mmom nsua biribi. Mommom nkenkan ade. Fa bere si hɔ da biara fa hwɛ sukuu nnwuma a wɔyɛ wɔ fie mu.
Wɔbɛma wo mma dwumadi pii wɔ sukuu sɛ wɔnyɛ. So wobedi eyinom ho dwuma? Sɛ woakyerɛ wɔn sɛnea wobedi asɛyɛde ho dwuma wɔ fie a, ebia wɔbɛyɛ saa. Ɔkwan a ɛho hia a wubetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ wode nnwuma a wɔbɛyɛ no da biara bɛhyehyɛ wɔn nsa. Afei hwɛ hu sɛ wobedi eyinom ho dwuma wɔ bere pɔtee bi a woakyerɛ mu. Nokwarem no, ntetee a ɛte saa no begye mmɔdenbɔ kɛse wɔ wo fam, nanso ɛbɛma wo mma ahu sɛnea wobedi asɛyɛde ho dwuma, a ɛyɛ ade a wohia na ama wɔatumi adi nkonim wɔ sukuu ne asetra mu akyiri yi.
Ɔpɛ a Sukuuni Nya, Ade a Ɛho Hia
Akwankyerɛ ho ɔfotufo Arthur Kirson daa ade foforo a ɛboa ma wonya nhomasua papa adi bere a ɔkaa eyi faa Latoya a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ho no: “Bere a edi kan a mihuu no ne bere a na ofie nsɛm akɛse no bi asi. Na abofra no si hɔ a n’anim awɔterewɔtere [esiane boro a na ɔkyerɛ sɛ ne papa aboro no nti]. Na ade biako pɛ a mahu sɛ ɔda dwen ho ara ne ne sukuu nnwuma.”
Yiw, ade titiriw a ɛboa ma wonya nhomasua papa ne ɔpɛ a emu yɛ den a abofra nya sɛ obesua ade. New York Kuropɔn mu abofra bi kae sɛ: “Nnansa yi, sɛ sukuufo benya mfaso afi sukuu mu a, egyina sukuufo no so korakora sɛ wɔn ankasa bɛkanyan wɔn ho na wɔahyɛ wɔn ho so.”
Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ ɛna bi a na ne ba nhomasua hia no sɛ: “Ɛnhaw wo ho, Owurayere Smith. Justin bɔ mmɔden ara ma ɛho renhia sɛ ohu sɛnea wɔkyerɛw nsɛmfua yiye. Obenya ɔkyerɛwfo ma wayɛ ama no.” Ɛmfa ho sɛnea abofra bi bɔ mmɔden no, akenkan ne akyerɛw mu ahokokwaw a obenya—a biribi a otumi bɔ ne tirim kyerɛw ma emu da hɔ, akyerɛw a wɔkenkan a ɛyɛ yiye, ne nsɛmfua a wɔkyerɛw no yiye ka ho—ho hia.
Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, akyerɛkyerɛfo bi annye kyim bere a adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo a wagye din, Carl Rogers kaa eyi no: “Ɛnsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden da sɛ obesua biribi a onhu so mfaso biara.” Mfomso bɛn na ɛwɔ n’asɛm no mu? Sɛnea ɛsɛ sɛ ɛda adi no, abofra ntaa nhu mfaso a ɛbɛba biribi a wɔka kyerɛ no sɛ onsua so daakye. Mpɛn pii no, wonhu so mfaso kosi asetram bere bi akyi. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnnɛ ehia sɛ abofra ankasa nya ɔpɛ sɛ obenya nhomasua papa!
Cindy a wadi mfe 14 a ɔwɔ ne sukuu afe a ɛto so akron mu no, yɛ nhwɛso pa wɔ abofra a ɔwɔ ɔpɛ a ɛte saa ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ yɛpɔn sukuu a, metwɛn ne akyerɛkyerɛfo kasa de hu wɔn. Mebɔ mmɔden hwehwɛ nea wɔpɛ sɛ wɔn sukuufo yɛ.” Afei nso ɔyɛ aso tie wɔ sukuu dan mu, na ɔma ne sukuu nnwuma a wɔyɛ wɔ fie no yɛ no asɛnhia. Sukuufo a esi wɔn yiye de yɛ wɔn su sɛ sɛ wɔretie ade a wɔrekyerɛ wɔn wɔ sukuu dan mu anaa wɔrekenkan ade a, wɔfa pɛnsere ne krataa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛw nsɛm a ɛho hia.
Ade foforo a ehia na obi anya nhomasua papa ne sɛ obenya ɔpɛ sɛ ɔbɛkwati fekubɔne. Cindy kae sɛ: “Bere nyinaa mehwehwɛ obi a n’abrabɔ ye. Sɛ nhwɛso no, mibisa me mfɛfo sukuufo adwene wɔ nnubɔne a asiamasi de di dwuma anaa nna mu ɔbrasɛe a ɔde ne ho hyem ho. Sɛ wɔka biribi te sɛ, ‘Mfomso bɛn na ɛwom?’ a, mihu sɛ wɔnyɛ ayɔnko pa. Nanso sɛ obi da no adi sɛ okyi nneyɛe a ɛtete saa ankasa, na sɛ ɔka sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ soronko a, ɛnde metra ne nkyɛn awia adidibere.”
Ɛda adi pefee sɛ nsɛnnennen pii wɔ nhomasua papa a obi benya no nnɛ mu. Nanso sɛ sukuufo ne awofo nyinaa de nneɛma a ɛboa no di dwuma a, wobetumi anya nhomasua a ɛte saa. Nea edi hɔ a yɛbɛka ho asɛm ne nsiesiei foforo a ebetumi aboa wo yiye ma woanya nhomasua papa.
[Kratafa 19 adaka]
Abahyɛbɔne Anaasɛ Nteɛso a Ɔdɔ Wom?
Bible bɔ kɔkɔ sɛ mmofra a wɔhyɛ wɔn bɔne kowie asiane mu. (Mmebusɛm 29:21) Albert Shanker, Amerika Akyerɛkyerɛfo Kuw no titrani, gye toom kae sɛ: “Awofo bi wɔ hɔ a wosusuw sɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma wɔn mma sɛnea wɔpɛ no a, na ɛkyerɛ sɛ wɔreyɛ wɔn yiye paa. Na yenim sɛ ɛyɛ mfomso.”
Mmofra pii mpo nim sɛ abahyɛbɔne a ɛte saa no yɛ mfomso. Afe yi mfiase no, Massachusetts atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1572 Springfield Atɔe Fam sukuufo a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so asia kosi dummien mu ho no daa no adi sɛ ade titiriw a enya mmofra so tumi ma wɔde nnubɔne ne mmosa di dwuma wɔ saa mfe no mu ne ‘hyɛ a awofo hyɛ wɔn bɔne,’ na ɛnyɛ atipɛnfo nkɛntɛnso.”
Mmofra a wɔhyɛ wɔn bɔne saa no nso ama nna mu ɔbrasɛe abu so. Nokwarem no, sɛnea Bible no ka no, nteɛso a wɔmfa mma de animguase ba abusua so.—Mmebusɛm 29:15.
[Kratafa 22 adaka]
Nea Awofo Betumi Ayɛ
✔ Hu wo ba no sukuu, wɔn botae, ne sɛnea wobu wo gyinapɛn ne gyidi ahorow no.
✔ Hu wo ba no akyerɛkyerɛfo, na bɔ mmɔden ne wɔn nyɛ adwuma abusuabɔ pa mu.
✔ Ma w’ani nkũ wo ba sukuu nnwuma a ɔyɛ wɔ fie ho yiye. Ɛne no mmom nkenkan ade bere nyinaa.
✔ Ma w’ani nkɔ nea wo ba hwɛ wɔ TV so ne mpɛn dodow a ɔyɛ saa no ho.
✔ Hwɛ wo ba adidi yiye. Aduan a ahoɔden nnim betumi ahaw sɛnea otumi de n’adwene si biribi so no.
✔ Hwɛ hu sɛ wo ba no nna bɛsõ no. Mmofra a wɔbrɛ ntumi nsua ade yiye.
✔ Bɔ mmɔden boa wo ba ma ɔmpaw nnamfo a wɔfata.
✔ Yɛ wo ba adamfo paa. Ohia nnamfo a wɔn ho akokwaw a obetumi anya nyinaa.
Nea Mmofra Betumi Ayɛ
✔ Ɛdenam w’awofo mmoa so no, fa nhomasua ho botae horow ne akwan a wobɛfa so adu ho sisi w’ani so. Wo ne w’akyerɛkyerɛfo nsusuw saa botae horow yi ho.
✔ Fa ahwɛyiye paw nea wubesua ho ade no denam w’akyerɛkyerɛfo ne w’awofo mmoa so. Adesua a ɛyɛ mmerɛw a wubetumi apaw no ntaa nyɛ papa.
✔ Bɔ mmɔden sɛ wo ne w’akyerɛkyerɛfo benya abusuabɔ pa. Hwehwɛ nea wɔpɛ sɛ woyɛ. Wo ne wɔn nsusuw wo nkɔso ne wo haw ahorow ho.
✔ Yɛ aso tie yiye wɔ sukuu dan mu. Ɛmma ɛnnyɛ wo su sɛ wobɛyɛ nneɛma de atwetwe nkurɔfo adwene.
✔ Paw w’ayɔnkofo nyansam. Wobetumi aboa wo anaa wɔasiw nkɔso kwan wɔ sukuu mu.
✔ Yɛ wo sukuu nnwuma a wɔyɛ no fie ne wo dwumadi ahorow yiye sɛnea wubetumi biara. Fa bere pa di ho dwuma. Sɛ wuhia mmoa a, bisa w’awofo anaa ɔpanyin foforo a ne ho akokwaw.
[Kratafa 20 mfonini]
Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi wɔ nsɛm tia wo ba a, fi obu mu tie no
[Kratafa 21 mfonini]
Bisa wo ba sukuu mu nsɛm da biara