TI AKRON
Ɔwofo-Biako Mmusua Betumi Adi Nkonim!
1-3. Dɛn na ama ɔwofo-biako mmusua adɔɔso, na enya emufo so tumi dɛn?
WƆFRƐ ɔwofo-biako mmusua sɛ “abusua a ɛredɔɔso ntɛmntɛm sen biara” wɔ United States. Tebea no te saa ara wɔ aman foforo pii so. Awaregyae, obi hokafo a oguan gyaw no, ntetewmu, ne mpena mma a adɔɔso paa no ama nsɛm a emu yɛ den kɛse ato awofo ne mmofra ɔpepem pii.
2 Ɛna bi a onni kunu kyerɛwee sɛ: “Meyɛ okunafo a madi mfe 28 a mewɔ mma baanu. Mahaw yiye efisɛ mempɛ sɛ metete me mma a wɔn papa nka ho. Ɛte sɛ nea m’asɛm mfa obiara ho mpo. Me mma hu sɛ metaa su na enya wɔn so tumi.” Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi nkate te sɛ abufuw, afobu, ne ankonamyɛ so nyinaa akyi no, awofo a wonni ahokafo dodow no ara hyia asɛnnennen a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ adwuma na wɔyɛ ofie nnwuma nso. Obiako kae sɛ: “Sɛ woyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a, w’asɛm te sɛ obi a ɔtow bɔɔl dodow bi kɔ soro na ɔsan sɔw. Bere a wode asram asia asua tow akyi no, afei wutumi tow bɔɔl anan kɔ soro san sɔw ne nyinaa wɔ bere koro mu. Nanso bere a wutumi yɛ saa ara pɛ no, obi tow bɔɔl foforo ma wo!”
3 Ɔwofo-biako mmusua mu mmofra taa hyia wɔn ankasa nsɛnnennen. Ebia ɛsɛ sɛ wodi yaw kɛse a wontumi nyɛ ho hwee bere a ɔwofo bi gyaw wɔn hɔ anaa owu mpofirim no. Wɔ mmofra pii fam no, ɛte sɛ nea kɔ a ɔwofo no kɔ no nya wɔn so nkɛntɛnso bɔne kɛse.
4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwen ɔwofo-biako mmusua ho?
4 Na ɔwofo-biako mmusua wɔ hɔ wɔ Bible mmere mu. Kyerɛwnsɛm no ka “ayisaa” ne “okunafo” ho asɛm mpɛn pii. (Exodus 22:22; Deuteronomium 24:19-21; Hiob 31:16-22) Yehowa Nyankopɔn ammu n’ani angu wɔn ahohia so. Odwontofo no frɛɛ Onyankopɔn “nyisaa se ne akunafo sɛnnifo.” (Dwom 68:5) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa dwen ɔwofo-biako mmusua ho saa ara nnɛ! Nokwarem no, n’Asɛm de nnyinasosɛm ahorow a ebetumi aboa wɔn ma wɔadi nkonim ma.
OFIE NNWUMA A WUBEHU YƐ YIYE
5. Ɔhaw bɛn na ɔwofo-biako mmusua di kan hyia?
5 Susuw adwuma a ɛne ofie sohwɛ ho. Ɔbea bi a wagyae aware gye tom sɛ: “Mpɛn pii no wo yam a anka wo kunu wɔ hɔ, te sɛ bere a wo kar fi ase yɛ dede a wunhu faako a efi ba.” Ofie nnwuma bebrebe a ɛsɛ sɛ mmarima a wogyaee aware anaa wɔdan akunafo nkyɛe yɛ no betumi ama wɔayɛ basaa. Wɔ mmofra fam no, sɛ nneɛma yɛ basaa wɔ fie a, ɛma wɔte nka sɛ wonni ahotɔ ne ahobammɔ.
Mmofra, mo ne mo awofo a wonni ahokafo nyɛ biako
6, 7. (a) Nhwɛso pa bɛn na “ɔyepa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm mu no yɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na nsi a wɔde yɛ ofie asɛyɛde ahorow boa wɔ ɔwofo-biako mmusua mu?
6 Dɛn na ebetumi aboa? Hyɛ nhwɛso a “ɔyepa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 31:10-31 yɛe no nsow. Nneɛma a otumi yɛ no yɛ nwonwa—ɔtɔ nneɛma, ɔtɔn nneɛma, ɔpam ade, ɔnoa aduan, ɔtɔ adan ne nsase, ɔyɛ kuadwuma, na ɔhwɛ adwuma bi so. Dɛn na ɛma otumi yɛe? Na ɔyɛ nsiyɛfo, ɔyɛ adwuma kosi anadwofa, na ɔsɔre ntɛm fi ne nnwuma ase. Na ɔtoto ne nneɛma yiye, ɔde nnwuma bi hyɛ afoforo nsa na n’ankasa de ne nsa yɛ nea aka no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ onyaa nkamfo!
7 Sɛ woyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a, fa mmɔdenbɔ yɛ wo fie asɛyɛde ahorow. Nya akomatɔyam wɔ saa adwuma no mu, efisɛ eyi ma wo mma nya anigye kɛse. Nanso, nhyehyɛe pa ho hia. Bible no ka sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba.” (Mmebusɛm 21:5) Agya bi a onni yere gye toom sɛ: “Mentaa nsusuw aduan ho kosi sɛ ɔkɔm bɛde me.” Nanso aduan a wɔhyɛ da tɔ wɔn bo ase yɛ taa yɛ nea ahoɔden kɛse wom na ɛyɛ dɛ sen nea wɔde ntɛmpɛ yɛ. Ebia ɛho behia sɛ wusua sɛnea wobɛyɛ nneɛma foforo nso. Bere a ɛnanom bi a wonni kununom kohuu wɔn nnamfo animdefo, kenkan nhoma a ɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ nneɛma horow, ne nnwuma horow ho animdefo a wɔde mmoa ma no, wɔatumi de nnuru aka nneɛma ho, wɔayɛ nsu ho adwuma na wɔasiesie kar ho nneɛma nketenkete.
8. Ɔkwan bɛn so na awofo a wonni ahokafo mma betumi aboa wɔ fie?
8 So ɛfata sɛ wobɛka akyerɛ mmofra sɛ wɔmmoa wo? Ɛna bi a onni kunu kae sɛ: “Wopɛ sɛ woma nneɛma mu yɛ mmerɛw ma mmofra no na wɔante nka sɛ ɔwofo foforo no a onni hɔ no ama wɔhwere biribi.” Ebia ntease wom nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ebedi aboa abofra no yiye. Wɔmaa Bible mmere mu mmofra a na wosuro Onyankopɔn no fie nnwuma a ɛfata. (Genesis 37:2; Nnwom mu Dwom 1:6) Enti, ɛwom sɛ wobɛhwɛ yiye na woamma wo mma no nnwuma a ɛdɔɔso dodo de, nanso ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛma wɔn nnwuma te sɛ hohoro a wɔbɛhohoro nneɛma mu na wɔama wɔn dan mu atew. Dɛn nti na mommom nyɛ ofie nnwuma no bi? Eyi betumi ayɛ anigye yiye.
NEA WOBENYA DE AHWƐ WƆN HO HO ASƐNNENNEN
Nya bere pii ma wo mma sɛnea wubetumi
9. Dɛn nti na ɛnanom a wonni kununom taa hyia sikasɛm mu ahokyere?
9 Ɛyɛ den ma awofo a wonni ahokafo mu dodow no ara sɛ wobenya sika a wohia, na ɛtaa yɛ den titiriw ma ɛnanom nkumaa a wonni kununom.a Wɔ aman a aban no de mmoa ma mu no, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobegye mmoa no, anyɛ yiye koraa no kosi sɛ wobenya adwuma. Bible ma kwan sɛ Kristofo de saa nsiesiei no bedi dwuma bere a ɛho hia no. (Romafo 13:1, 6) Akunafo ne wɔn a wɔn kununom agyae wɔn hyia nsɛnnennen a ɛte saa ara. Pii a tebea no ma wɔsan kɔyɛ adwuma bere a wɔde mfe pii ahwɛ fie no ntaa nnya adwuma a n’akatua ye. Ebinom tumi ma wɔn asetra yɛ papa denam adwuma ho ntetee sukuu anaa bere tiaa mu sukuu a wɔkɔ no so.
10. Ɔkwan bɛn so na ɛna a onni kunu betumi akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ adwuma mu akyerɛ ne mma?
10 Sɛ wo mma ani nnye ho sɛ wobɛhwehwɛ adwuma a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa na nte afobu nka. Mmom no, kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma no mu kyerɛ wɔn, na boa wɔn ma wonhu sɛ Yehowa hwehwɛ sɛ wohwɛ wɔn. (1 Timoteo 5:8) Mmofra dodow no ara yɛ nsakrae wɔ bere bi akyi. Nanso, bɔ mmɔden sɛ wubenya bere pii ama wɔn sɛnea wo bere nhyehyɛe a ɛmma wunnya adagyew no ma kwan no. W’ani a woma eku wɔn ho wɔ ɔdɔ mu saa no betumi aboa ma wɔante sikasɛm mu ahokyere biara a ebia abusua no hyia no nka kɛse.—Mmebusɛm 15:16, 17.
HENA NA ƆHWƐ NE YƆNKO?
Asafo no mmu ani ngu “akunafo” ne “nyisaa” so
11, 12. Anohyeto bɛn na ɛsɛ sɛ awofo a wonni ahokafo kora so, na wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
11 Ɛtaa ba sɛ awofo a wonni ahokafo bɛn wɔn mma paa, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na ɔhye a Onyankopɔn de ato awofo ne mma ntam no ansɛe. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛna a onni kunu hwɛ kwan sɛ ne babarima bɛyɛ abusua no ti anaa ɔde ne babea no yɛ obi a ɔka atirimsɛm kyerɛ no, ka ne kokoam haw ahorow kyerɛ no a, ebetumi de nsɛnnennen a anibere wom aba. Saayɛ mfata, ɛbɛyɛ dadwen ama abofra no na ebia ɛbɛma n’adwene atu afra.
12 Ma wo mma nnya awerɛhyem sɛ, sɛ ɔwofo no, wobɛhwɛ wɔn—ɛnyɛ sɛ wɔn na wɔbɛhwɛ wo. (Fa toto 2 Korintofo 12:14 ho.) Ɛtɔ mmere bi a, ebia wubehia afotu anaa mmoa. Hwehwɛ fi Kristofo mpanyimfo anaa ebia Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw hɔ, na ɛnyɛ wo mma nkumaa hɔ.—Tito 2:3.
KURA NTEƐSO MU
13. Nteɛso ho haw bɛn na ɛna a onni kunu betumi ahyia?
13 Ebia ɛrenyɛ den pii sɛ wobebu nteɛso a ɔbarima de ma no aniberesɛm, nanso ɔbea betumi ahyia ɔhaw wɔ eyi mu. Ɛna bi a onni kunu ka sɛ: “Me mma mmarimaa nipadua ne wɔn nne ayɛ te sɛ mmarima mpanyimfo de. Ɛtɔ mmere bi na wode wo ho toto wɔn ho a, ɛyɛ den sɛ wubesi pi wɔ wo kasa mu.” Afei nso, ebia woda so di wo hokafo a wodɔ no no wu ho awerɛhow, anaasɛ ebia wote afobu anaa abufuw nka wɔ w’aware a agu no ho. Sɛ mmara kyerɛ sɛ mo baanu nyinaa na monhwɛ mmofra no a, ebia wubesuro sɛ wo ba no ani begye ho sɛ ɔne wo kan hokafo no bɛtra. Tebea horow a ɛte saa betumi ama ayɛ den sɛ wode nteɛso a ɛkari pɛ bɛma.
14. Ɔkwan bɛn so na awofo a wonni ahokafo betumi akura nteɛso ho adwene a ɛkari pɛ mu?
14 Bible no ka sɛ “abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Yehowa Nyankopɔn gyina w’akyi bere a wode ahyɛde horow ma abusua na wohwɛ ma wodi so no, enti mma afobu, ɛyawdi, anaa ehu nnni wo so. (Mmebusɛm 1:8) Mmu w’ani ngu Bible nnyinasosɛm ahorow so da. (Mmebusɛm 13:24) Bɔ mmɔden sɛ wobɛda ntease adi, wonsakra w’ano, na fa wo nan si fam. Bere bi akyi no, mmofra no mu dodow no ara bɛyɛ ho biribi. Nanso, ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wubesusuw wo mma nkate horow ho. Agya bi a onni yere ka sɛ: “Sɛ mede nteɛso rema a, mebɔ mmɔden sɛ mesusuw ho efisɛ na wɔn maame a wahwere no no ama wɔayɛ basaa. Bere biara a minya hokwan no, mekasa kyerɛ wɔn. Yɛka ‘atirimsɛm’ bere a yɛnoa anwummeduan no. Saa bere no na wɔka wɔn kokoam nsɛm kyerɛ me ankasa.”
15. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔwofo a wagyae no aware kwati bere a ɔreka ne kan hokafo ho asɛm no?
15 Sɛ wo kunu anaa wo yere agyae wo a, wo kan hokafo no din a wobɛsɛe no remfa mfaso biara mma. Awofo ntam ntɔkwaw ma mmofra di yaw, na awiei koraa ɛbɛbrɛ obu a wɔwɔ ma mo baanu nyinaa no ase. Enti, kwati sɛ wobɛka nsɛm a ɛbɛma wɔadi yaw, te sɛ: “Wote sɛ wo se pɛpɛɛpɛ!” Ɛyaw biara a wo kan hokafo no ama wudi no nyinaa akyi no, ɔda so yɛ ɔwofo ma wo ba, a ehia sɛ mo awofo baanu nyinaa dɔ no, mohwɛ no na moteɛ no so no.b
16. Honhom fam nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nteɛso fã daa wɔ ɔwofo-biako mmusua fie?
16 Sɛnea yɛaka wɔ atiri ahorow no mu dedaw no, nteɛso kyerɛ ntetee ne ɔkyerɛkyerɛ, na ɛnyɛ asotwe kɛkɛ. Honhom fam ntetee ho nhyehyɛe pa betumi ama moakwati ɔhaw pii. (Filipifo 3:16) Kristofo nhyiam horow a mobɛkɔ daa ho hia. (Hebrifo 10:24, 25) Bible adesua a mobɛyɛ no dapɛn biara nso ho hia saa ara. Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ mobɛyɛ adesua a ɛte saa no daa. Ɛna mmɔdenbɔfo bi ka sɛ: “Sɛ wopɔn adwuma a, wopɛ sɛ wugye w’ahome ankasa. Nanso misiesie m’adwene sɛ me ne me babea besua ade, bere a minim sɛ ɛyɛ biribi a ɛho hia sɛ meyɛ no. N’ani gye yɛn abusua adesua no ho ankasa!”
17. Dɛn na yebetumi asua afi ntetee pa a Paulo adamfo Timoteo nyae no mu?
17 Ɛda adi sɛ ɔsomafo Paulo hokafo Timoteo maame ne ne nenabea na wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow tetee no—na ɛda adi sɛ ɛnyɛ ne papa. Nanso hwɛ Kristoni amapa a Timoteo bɛyɛe! (Asomafo no Nnwuma 16:1, 2; 2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Bere a wobɔ mmɔden sɛ wode “Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ” bɛtete wo ba no, wo nso wubetumi ahwɛ kwan saa ara sɛ nnepa befi mu aba.—Efesofo 6:4.
ANKONAMYƐ A WOBEDI SO
18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔwofo a onni ɔhokafo betumi ate nka sɛ ɔyɛ ankonam? (b) Afotu bɛn na wɔde ma na aboa ma wɔadi honam akɔnnɔ so?
18 Ɔwofo bi a onni ɔhokafo sii apini sɛ: “Sɛ meba fie na mihu sɛ minni ɔhokafo, ne titiriw bere a mmofra no akɔda a, mete nka sɛ meyɛ ankonam ankasa.” Yiw, ankonamyɛ taa yɛ ɔhaw a ɛsen biara a ɔwofo a onni ɔhokafo hyia. Ɛyɛ nnipa su sɛ wɔbɛpɛ sɛ wonya aware mu abusuabɔ ne ayɔnkofa a emu yɛ hyew. Nanso ɛsɛ sɛ obi fa ɔkwan biara so bɔ mmɔden sɛ obedi ɔhaw yi ho dwuma? Wɔ ɔsomafo Paulo bere so no, akunafo nkumaa bi maa “ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a na wonya no sɛee wɔne Kristo ntam.” (1 Timoteo 5:11, 12,NW) Ɔhonam akɔnnɔ a obi bɛma akata honhom fam nneɛma so no betumi adi no awu.—1 Timoteo 5:6.
19 Kristoni barima bi kae sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ano yɛ den yiye, nanso wubetumi adi so. Sɛ ɛho asɛm ba wo tirim a, ɛnsɛ sɛ wode w’adwene si so. Ɛsɛ sɛ wuyi fi w’adwenem. Ɛboa nso sɛ wubedwen wo ba no ho.” Onyankopɔn Asɛm de afotu ma sɛ: ‘Munkum mo akwaa wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ho.’ (Kolosefo 3:5) Sɛ wompɛ sɛ wunya aduan ho akɔnnɔ a, so wo wobɛkenkan nsɛmma nhoma a nnuan a ɛyɛ dɛ mfonini wom, anaasɛ wo ne nnipa a wɔka aduan ho asɛm bere nyinaa bɛbɔ fekuw? Worenyɛ saa da! Ɛyɛ nokware saa ara wɔ honam akɔnnɔ ho.
20. (a) Asiane bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔne nnipa a wɔnyɛ gyidifo yɛ aware nhyehyɛe no? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa a wonni ahokafo ako atia ankonamyɛ wɔ afeha a edi kan no mu ne nnɛ?
20 Kristofo binom ne nnipa a wɔnyɛ gyidifo ayɛ aware nhyehyɛe. (1 Korintofo 7:39) So edii wɔn haw ho dwuma? Dabi. Kristoni bea bi a wagyae aware de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Sigyadi ye koraa sen ade biako bi. Ɛne sɛ wobɛware onipa a ɔmfata wo!” Akyinnye biara nni ho sɛ afeha a edi kan no mu akunafo Kristofo tee ankonamyɛ nka, nanso wɔn mu anyansafo no de bere pii ‘gyee ahɔho ani, hohoroo ahotefo anan ho, boaa wɔn a wɔn ho hia wɔn.’ (1 Timoteo 5:10) Kristofo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔde mfe pii atwɛn sɛ wobenya ɔhokafo a osuro Onyankopɔn no de bere pii ayɛ saa ara. Okunafo Kristoni bi a wadi mfe 68 fii ase sɛ ɔbɛsrasra akunafo foforo bere biara a na ɔte nka sɛ wayɛ ankonam no. Ɔkae sɛ: “Mihu sɛ bere a mesra afoforo, yɛ me fie nnwuma di me honhom fam yiyedi ho dwuma no, minni bere a ɛbɛma mayɛ ankonam.” Adwuma biako a ɛboa ankasa ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni ho ade.—Mateo 28:19, 20.
21. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ne fekuw pa betumi aboa obi ma wadi ankonamyɛ so?
21 Nokwarem no, anwonwakwan so aduru biara nni hɔ a wɔde sa ankonamyɛ. Nanso obi betumi de ahoɔden a efi Yehowa hɔ agyina ano. Sɛ Kristoni ‘kura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia’ a, ɛma onya ahoɔden a ɛte saa. (1 Timoteo 5:5) Nkotɔsrɛ yɛ adesrɛ a emu yɛ den, yiw, mmoa a wɔsrɛ, a ebia wɔde nusu a emu yɛ den na ɛyɛ saa. (Fa toto Hebrifo 5:7 ho.) Wo haw ahorow a wobɛka akyerɛ Yehowa “anadwo ne awia” no betumi aboa ankasa. Afei nso, fekuw pa betumi ayɛ pii ma ankonamyɛ no agyae. Obi nam fekuw pa so betumi anya “asɛmpa” a ɛhyɛ nkuran a wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 12:25 no.
22. Nneɛma bɛn na obi susuw ho a ebetumi aboa no bere a ɔte nka wɔ bere ne bere mu sɛ ɔyɛ ankonam no?
22 Sɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam wɔ bere ne bere mu—sɛnea ebetumi aba—a, kae sɛ obiara nni hɔ a onhyia ɔhaw bi wɔ asetra mu. Nokwarem no, ‘wo nuanom nyinaa’ rehu amane wɔ ɔkwan bi so. (1 Petro 5:9) Kwati sɛ wode w’adwene besi nea atwam no so. (Ɔsɛnkafo 7:10) Susuw mfaso horow a worenya no ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, si wo bo sɛ wubekura wo mudi mu na woama Yehowa koma ani agye.—Mmebusɛm 27:11.
SƐNEA AFOFORO BETUMI ABOA
23. Asɛyɛde bɛn na mfɛfo Kristofo wɔ wɔ asafo no mu wɔ awofo a wonni ahokafo no ho?
23 Mmoa a wo mfɛfo Kristofo de ma no som bo yiye. Yakobo 1:27 ka sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu.” Yiw, ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wɔbɛboa ɔwofo-biako mmusua. Akwan pa a wɔbɛfa so atumi ayɛ eyi no bi ne nea ɛwɔ he?
24. Akwan bɛn na wobetumi afa so aboa ɔwofo-biako mmusua a ahia wɔn?
24 Wobetumi de honam fam mmoa ama. Bible no ka sɛ: “Na nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayammɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?” (1 Yohane 3:17) Hela asɛmfua a wodii kan de gyinaa hɔ maa ‘hu’ no nkyerɛ sɛ obi hwɛ biribi yi n’ani kɛkɛ, na mmom ɔhyɛ da gyen n’ani hwɛ. Eyi kyerɛ sɛ Kristoni yamyefo bi betumi adi kan ahu abusua bi nsɛm tebea ne ahiade ahorow. Ebia wohia sika. Ebinom behia mmoa a ɛbɛma wɔasiesie wɔn fie nneɛma bi. Anaasɛ wɔn ani bɛsɔ kɛkɛ sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn abedi aduan bi anaa wɔaba apontow bi ase.
25. Ɔkwan bɛn so na mfɛfo Kristofo betumi ayi ayamhyehye adi akyerɛ ɔwofo-biako mmusua?
25 Afei nso, 1 Petro 3:8 ka sɛ: “Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho.” Ɔwofo bi a onni ɔhokafo a ɔwɔ mma baasia kae sɛ: “Ɛyɛ den yiye, na ɛtɔ mmere bi a mebotow. Nanso, wɔ bere ne bere mu no, onua bi ka kyerɛ me sɛ: ‘Joan, woreyɛ adwuma pa. Mfaso bɛba so.’ Hu a wuhu kɛkɛ sɛ afoforo dwen wo ho na w’asɛm hia wɔn no boa yiye.” Kristofo mmea mpanyimfo titiriw betumi aboa mmabaa a wɔyɛ awofo a wonni kununom no, atie wɔn bere a wohyia ɔhaw ahorow a ebia ɛbɛyɛ wɔn fɛre sɛ wɔne ɔbarima besusuw ho no.
26. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw betumi aboa nnyanka?
26 Mmarima Kristofo betumi aboa wɔ akwan foforo so nso. Onipa treneeni Hiob kae sɛ: “Miyi . . . ayisaa ne nea onni boafo.” (Hiob 29:12) Ɛnnɛ mmarima Kristofo bi nso kyerɛ nnyanka ho anigye ankasa na woyi ‘ɔdɔ a efi koma kronn mu’ adi kyerɛ a wonkura adwene a ɛmfata biara. (1 Timoteo 1:5) Wobetumi ayɛ nhyehyɛe wɔ bere ne bere mu ne mmofra a wɔte saa abom ayɛ Kristofo som adwuma no asan ato nsa afrɛ wɔn ma wɔabenya wɔn abusua adesua anaa agodie mu kyɛfa bere a wommu wɔn ani ngu wɔn ankasa mmusua so no. Ayamye a ɛte saa betumi agye agyanka bi afi ɔkwammɔne so ankasa.
27. Mmoa bɛn na awofo a wonni ahokafo betumi anya awerɛhyem sɛ wɔn nsa bɛka?
27 Nokwarem no, awiei koraa no, ɛsɛ sɛ awofo a wonni ahokafo ‘soa wɔn ankasa asɛyɛde ho adesoa.’ (Galatifo 6:5) Nanso, wobetumi anya wɔn Kristofo nuanom mmarima ne mmea ne Yehowa Nyankopɔn ankasa dɔ. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Ogyina nyisaa ne akunafo akyi.” (Dwom 146:9) Ɛdenam ne mmoa a ɔdɔ wom so no, awofo a wonni ahokafo betumi adi nkonim!
a Sɛ ɔbrasɛe nti Kristoni kumaa bi nyinsɛn a, Kristofo asafo no mpene nea wayɛ no so ɔkwan biara so. Nanso sɛ onu ne ho a, ebia asafo no mu mpanyimfo ne asafo no mu nnipa foforo bɛpɛ sɛ wɔboa no.
b Ɛnyɛ bere a ebia ɛho behia sɛ wɔbɔ abofra bi ho ban wɔ ɔwofo a ɔyɛ no ayayade ho ho asɛm na yɛreka. Afei nso, sɛ ɔwofo foforo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛbrɛ wo tumi ase, a ebia adwene a ɔde yɛ saa ne sɛ ɔbɛdaadaa mmofra no ma wɔafi wo nkyɛn a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woka ho asɛm kyerɛ nnamfo a wɔwɔ osuahu, te sɛ Kristofo asafo no mufo mpanyimfo de hwehwɛ sɛnea wubedi tebea no ho dwuma ho afotu.