Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 3/8 kr. 11-13
  • Atorodi Ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atorodi Ho Nokwasɛm
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atorodi a Edi Kan
  • Owu a Ɛde Aba
  • Adeyɛ a Agye Ntini
  • Nyamesom mu Atosɛm Nnɛ
  • Hia a Ahwɛyiye Ho Hia
  • Nokware no Afã a Yebegyina
  • Dɛn Nti Na Atorodi Yɛ Mmerɛw Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Atoro a Edi Kan​—Hena Na Odii?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Ɛhe na Awufo Wɔ?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 3/8 kr. 11-13

Atorodi Ho Nokwasɛm

“ƆTOROFO te sɛ wo!” Wɔatu saa nsɛm a ɛyɛ yaw yi ama wo pɛn? Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛnea wɔte nka wɔ ho.

Sɛnea nhwiren toa a ɛsom bo betumi abɔ bere a wɔde abɔ fam no, saa ara na atorodi betumi asɛe abusuabɔ a ɛyɛ anigye. Ampa, ebia bere bi akyi no, wubetumi asiesie ɔhaw no de, nanso anhwɛ a abusuabɔ no renyɛ sɛ kan no bio.

Lying—Moral Choice in Public and Private Life nhoma no ka sɛ: “Wɔn a wohu sɛ wɔadi atoro akyerɛ wɔn no da wɔn ho so. Na wogyina atorodi a abɛda adi foforo no so susuw nneɛma bi a kan no na wogye di ne nea na wɔyɛ no ho.” Sɛ nnaadaa bɛda adi a, abusuabɔ bi a kan no na nkitaho a wotumi di ne ahotoso ma enya nkɔso no betumi ayɛ nea osuro a wɔwɔ ma obi ne gye a wonnye no nni asɛe no.

Esiane nkate bɔne a atorodi de ba nti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na adeyɛ bɔne a ɛte saa fii ase?’

Atorodi a Edi Kan

Bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa no, ɔde wɔn too turo fie fɛfɛ bi mu. Ná nnaadaa anaa nsisi biara nni wɔn fie hɔ. Ná ɛyɛ paradise ampa!

Nanso, wɔbɔɔ Hawa akyi bere bi no, Satan Ɔbonsam baa ne nkyɛn de biribi bɛsɔɔ no hwɛe. Ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ odi “dua” a na Onyankopɔn abara “aba” no bi a, ɔrenwu sɛnea na Onyankopɔn aka sɛ obewu no. Mmom no, ɔbɛyɛ “sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 2:17; 3:1-5) Hawa gyee Satan dii. Ɔtee aduaba no bi dii, na afei ɔmaa ne kunu bi. Nanso sɛ́ anka Adam ne Hawa bɛyɛ sɛ Onyankopɔn sɛnea Satan kae no, wɔbɛyɛɛ abɔnefo asoɔdenfo, ɔporɔw nkoa. (2 Petro 2:19) Na Satan nam saa atosɛm a edi kan a ɔkae no so bɛyɛɛ “atoro nyinaa agya.” (Yohane 8:44, Today’s English Version) Bere bi akyi no, saa abɔnefo baasa yi behui sɛ mfaso nni so sɛ obi bedi atoro anaa ɔde ne ho bɛto atosɛm so.

Owu a Ɛde Aba

Ná Yehowa pɛ sɛ n’abɔde nyinaa—wɔn a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asase so—hu sɛ obi mmoapa nyɛ asoɔden mfa ne ho nni. Ɔyɛɛ ade ntɛm so buu honhom abɔde otuatewfo no fɔ tuu no fii Onyankopɔn ahyehyɛde kronkron no mu wɔ ne nkwa nna a aka mu. Bio nso, awiei koraa Yehowa Nyankopɔn bɛhwɛ ahu sɛ wɔasɛe Satan korakora. Eyi bɛba bere a ‘aseni’ a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma no bɔ ne ti pira no pira torɔ no.—Genesis 3:14, 15; Galatifo 3:16.

Adam ne Hawa de, wotuu wɔn fii Eden turo no mu. Onyankopɔn buu Adam atɛn sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Bere bi akyi no, ɔne Hawa nyinaa wui sɛnea Onyankopɔn ka too hɔ pɛpɛɛpɛ no.—Genesis 3:19.

Sɛ́ Adam asefo no, nnipa abusua no nyinaa yɛ nea ‘wɔatɔn wɔn ahyɛ bɔne ase.’ Wɔde sintɔ a ɛde kɔ owu mu awo nnipa nyinaa. (Romafo 5:12; 6:23; 7:14) Hwɛ ade bɔne araa a atosɛm a edi kan no de aba!—Romafo 8:22.

Adeyɛ a Agye Ntini

Esiane sɛ wonnya nkum Satan ne abɔfo a wɔkɔkaa ne ho ne no tew atua tiaa Onyankopɔn no nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔkɛntɛn nnipa so ma wɔyɛ “atorokyerɛfo.” (1 Timoteo 4:1-3) Ne saa nti, atorodi agye ntini wɔ nnipa asetra mu. Los Angeles Times kae sɛ: “Atorodi abɛyɛ asetra fã araa ma seesei ɛnhaw nnipa dodow no ara bio.” Ɛnnɛ nnipa pii de atorodi bata amammuisɛm ne amammuifo ho kɛse, nanso wunim sɛ nyamesom akannifo ka wɔn a wɔagye dimmɔne paa wɔ atorodi mu no ho?

Nyamesomfo a wɔsɔre tiaa Yesu no kekaa atosɛm faa ne ho wɔ n’asase so som adwuma no mu. (Yohane 8:48, 54, 55) Obuu wɔn fɔ wɔ baguam, kae sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. . . . Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.

Wokae atosɛm a wɔkae bere a wokohui sɛ amu biara nna Yesu aboda mu wɔ ne wusɔre akyi no? Bible ka sɛ asɔfo mpanyin no, “wɔmaa asraafo no sika bebree kae sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no.” Wɔtrɛw saa atosɛm yi mu kɔɔ akyiri, na wɔde daadaa nnipa pii. Hwɛ sɛnea na nyamesom akannifo no kura adwemmɔne!—Mateo 28:11-15.

Nyamesom mu Atosɛm Nnɛ

Dɛn ne atosɛm titiriw bi a nyamesom akannifo ka no nnɛ? Ɛte sɛ nea Satan ka kyerɛɛ Hawa no: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Nanso Hawa wui ampa, na ɔsan kɔɔ asase mu, dɔte a wɔde yɛɛ no no mu.

Nanso, so ɛyɛɛ sɛnea wawu kɛkɛ, a ɔkɔɔ so traa ase ankasa wɔ ɔkwan foforo so? Owu yɛ ɔkwan a ɛkɔ asetra foforo mu ara kwa anaa? Bible nka hwee mfa nkyerɛ sɛ Hawa fã bi a ɛte ase kɔɔ so traa nkwa mu. Ná ne kra nni nkwa mu. Ná ɔnam asoɔden a ɔyɛ tiaa Onyankopɔn no so ayɛ bɔne, na Bible se: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Te sɛ ne kunu no, wɔbɔɔ Hawa sɛ ɔkra teasefo, na n’asetra sɛ ɔkra teasefo no baa awiei. (Genesis 2:7) Bible ka awufo tebea ho asɛm sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Nanso, dɛn na asɔre ahorow no taa kyerɛkyerɛ?

Asɔre ahorow no taa kyerɛkyerɛ sɛ nnipa wɔ ɔkra bi a enwu na owu ma onya kwan kɔ asetra foforo mu—nea ɔdɛ wom anaa nea ayayade wom. Sɛ́ nhwɛso no, The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Asɔre no kyerɛkyerɛ hell ayayade a ɛwɔ hɔ afebɔɔ no mu pefee sɛ ɛyɛ gyidi ho nokwasɛm a obiara ntumi mpo anaa onnye ho kyim bere a ɔnna no adi sɛ ɔyɛ ɔwaefo.”—Po 7, kratafa 209, 1913 de no.

Hwɛ sɛnea saa nkyerɛkyerɛ no yɛ soronko wɔ nea Bible ka no pefee no ho! Bible kyerɛkyerɛ sɛ sɛ obi wu a, “ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:4) Enti sɛnea Bible kyerɛ no, awufo ntumi nte yaw nka, efisɛ wonnim biribiara. Enti Bible hyɛ nkuran sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [adesamma nyinaa damoa] a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:10.

Hia a Ahwɛyiye Ho Hia

Sɛnea Yesu bere so asɔfo no atosɛm daadaa nnipa pii no, saa ara na asiane wɔ hɔ sɛ nnɛyi nyamesom akannifo no atoro nkyerɛkyerɛ betumi adaadaa yɛn. Saafo yi ‘asesa Onyankopɔn nokware no agye atoro,’ na wɔma atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ onipa kra a enwu ne adwene a ɛne sɛ wɔbɛyɛ nnipa akra ayayade wɔ hellgya mu no nya nkɔso.—Romafo 1:25.

Nea ɛka ho no, nnɛyi som ahorow no taa bu nnipa atetesɛm ne nyansapɛ sɛ ɛne Bible mu nokware yɛ pɛ. (Kolosefo 2:8) Enti wobu Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho—a nokwaredi ne nna ho abrabɔ ka ho—no sɛ ɛkɔpem baabi, na ɛnyɛ korakora. Nea afi mu aba no te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Time nsɛmma nhoma mu no: “Atosɛm kɔ so bere a nnipa nhu nea wɔnyɛ, na nkurɔfo nte mmara a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne afoforo di ho no ase anaa wɔmpene so no.”—Fa toto Yesaia 59:14, 15; Yeremia 9:5 ho.

Tra a obi bɛtra baabi a wɔmfa nokwaredi nyɛ hwee no ma ɛyɛ den sɛ ɔde Onyankopɔn afotu a ese ɛnsɛ sɛ wodi atoro no bɛyɛ adwuma. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi nokware bere nyinaa?

Nokware no Afã a Yebegyina

Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn Bɔfo no anuonyam no yɛ ade a ɛsen biara a ɛkanyan yɛn ma yesua sɛ yɛbɛka nokware. Ɔkwan a ɛfata so no, Bible frɛ no “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ yɛn Bɔfo a okyi “atoro tɛkrɛma” no ani a, ɛbɛka yɛn ma yɛasuasua no. (Mmebusɛm 6:17) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

Onyankopɔn Asɛm a yebesua no anibere so no betumi ama yɛanya nea yehia na ‘obiara adi ne yɔnko nokware.’ (Efesofo 4:25) Nanso, nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ kɛkɛ a yebehu no nnɔɔso. Te sɛ nnipa pii a wɔwɔ wiase nnɛ no, sɛ yɛnyɛ nkurɔfo a yɛka nokware bere nyinaa a, ɛho behia sɛ yɛbɔ mmɔden ankasa sɛ yɛbɛyɛ saa. Ebia ɛho behia sɛ yedi ɔsomafo Paulo nhwɛso akyi na yedi yɛn ho nya. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.”—1 Korintofo 9:27.

Ade foforo a ɛboa wɔ apere a yedi na yɛatumi aka nokware bere nyinaa no mu ne mpaebɔ. Sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ mmoa a, yebetumi anya “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7) Nokwarem no, “nokware ano” a yebekura mu ne “atoro tɛkrɛma” a yɛbɛtow akyene no betumi ayɛ aperedi ankasa. (Mmebusɛm 12:19) Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi adi nkonim.—Filipifo 4:13.

Kae bere nyinaa sɛ Satan Ɔbonsam na ɔma ɛyɛ te sɛ nea mfomso nni atorodi so. Ɔno na ɔdaadaa ɔbea a odi kan, Hawa, na ofi atirimɔden mu dii atoro kyerɛɛ no no. Nanso, yenim asiane kɛse a afi Satan atorodi akwan no mu aba no yiye. Amanehunu a enni ano aba nnipa abusua no so esiane atosɛm biako a wofi pɛsɛmenkominya mu kae ne pɛsɛmenkominyafo baasa—Adam, Hawa, ne Satan—no nti.

Yiw, atorodi ho nokwasɛm ne sɛ ɛte sɛ bɔre a edi awu. Nanso anigyesɛm ne sɛ, yebetumi ayɛ ho biribi. Yebetumi agyae atorodi na yɛanya Yehowa, Onyankopɔn a “n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso” no anim dom daa.—Exodus 34:6.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Atorodi te sɛ bɔre a edi awu

[Kratafa 11 mfonini]

Nea efi atorodi mu ba no te sɛ nhwiren toa a ɛbɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena