Yenya Boroo Mpem Aduosia Botae no So!
Adawurubɔfo Dodow Foforo a Ɛsen Biara 60,112 na Wobuu Akontaa Wɔ Ɔsom Afe no Awiei
“Mpem Aduosia!” na yɛkyerɛe sɛ yehia wɔ July Yɛn Ahenni Som mu. Adawurubɔfo 60,112 a wobuu akontaa August mu dii saa ahiade no ho dwuma. Eyi yɛ dodow a ɛsen biara wɔ August 1997 mu no de so nkɔanim 5,878 anaa ɔha biara mu 10.8. Yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nhyira mmɔden a yɛbɔ de ka N’ahenni ho asɛm no so.
Yɛhyɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wonsusuw mmɔden a wɔbɔ de duu saa botae no ho no ho. Adawurubɔfo bɛboro mpem aduosia no ka yɛn ho wɔ yɛn asafo ahorow no mu dedaw. Na pii na wɔbɛba bere a yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no. Nanso, asɛnka ho nhyehyɛe ne ayamye mu a yebefi aboa ankorankoro wɔ baabi a ehia no ho hia na yɛanya nkɔanim bio. Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛtɔ ne nhyira a ɛho hia sen biara no agu yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so akura saa nkɔanim no mu.—1 Kor. 3:7.
Sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo—titiriw wɔn a wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo—ne adawurubɔfo foforo a wɔn ho akokwaw ne akwampaefo kɔ so kura mmɔden titiriw a wɔbɔe wɔ August mu no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nhyira a edi mu bɛkɔ so ada adi ma adawurubɔfo dodow anya nkɔanim daa. Ɛtɔ mmere bi a, nea ehia ara ne sɛ yebefi ayamye mu abɔ wɔn nkae sɛ wonnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa ne afei ebia kae a yɛbɛkae wɔn sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mmra. Yɛde nyansahyɛ foforo bɛba Yɛn Ahenni Som mu na aboa yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ yɛn dwumadi mu na yɛn anigye ayɛ kɛse bere a yetwa yɛn mmɔdenbɔ so aba pa no.
1 Yesu de n’atiefo totoo adansifo baanu ho. Obiako sii n’asetra kwan wɔ ɔbotan a ɛne sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Kristo no so, na otumi gyinaa ɔsɔretia ne ahohiahia ho ahum ano. Ɔfoforo no de ne de sii anhwea a ɛne pɛsɛmenkominya mu a wofi yɛ asoɔden no so, na wantumi annyina bere a ahokyere bae no. (Mat. 7:24-27) Esiane sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi awiei nti, yehyia amanehunu pii. Ahohiahia kɛse no ho nsɛnkyerɛnne reda adi ntɛmntɛm. So yebegyina mu akodu awiei a yekura yɛn gyidi mu pintinn? (Mat. 24:3, 13, 21) Egyina sɛnea yɛrebɔ yɛn bra seesei no so kɛse. Enti, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So mede me Kristofo asetra regyina osetie mu a mifi som Nyankopɔn no so pintinn?’
2 Dɛn na yɛn asetra a yɛde begyina Yehowa som so no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde Yehowa bedi kan koraa wɔ yɛn asetra mu. Nea ɛhwehwɛ ne sɛ yɛde Ahenni no bɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw. Ɛhwehwɛ sɛ yebetie Onyankopɔn wɔ yɛn da biara asetra mu dwumadi nyinaa mu. Ɛhwehwɛ sɛ yefi koma nyinaa mu yɛ yɛn kokoam Bible adesua, abusua, ne asafo mu de, na yefi koma nyinaa mu yɛ asɛnka adwuma no, na yɛde eyinom di kan. (Ɔsɛnk. 12:13; Mat. 6:33) Osetie mu a yebefi ayɛ saa no ma yenya gyidi a ɛyɛ den sɛ ɔbotan a amanehunu a emu yɛ den biara a yebetumi ahyia no remma engu asu.
3 Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ nnipa ɔpepem pii fi ahotoso mu de wɔn asetra ne wɔn daakye anidaso regyina Onyankopɔn som so sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 4:34) Wodi teokrase dwumadi ho nhyehyɛe akyi daa, na wonya nhyira pii. Ɛna bi kyerɛkyerɛ sɛnea ɔne ne kunu tumi tetee wɔn mmabarima baanu ma wɔsom Yehowa no mu sɛ: “Yɛmaa nokware no dii yɛn asetra so—yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam nyinaa, siesiee yɛn ho kɔɔ asafo nhyiam ahorow, na yɛmaa asɛnka adwuma yɛɛ yɛn asetra mu ade a yɛyɛ no daa.” Ne kunu de kaa ho sɛ: “Nokware no nyɛ yɛn asetra fã, na mmom ɛyɛ yɛn asetra. Ɛso na biribi foforo biara a yɛyɛ gyina.” So wo nso wode Yehowa som adi kan koraa wɔ w’abusua mu?
4 Yɛ Bere Nhyehyɛe a Wubetumi Adi So Dapɛn Biara: Yehowa ahyehyɛde no boa yɛn ma yedi honhom fam nhyehyɛe pa akyi denam nhyiam ahorow anum ho nhyehyɛe a ɔyɛ ma yɛn dapɛn biara no so. Kristofo a wɔde wɔn asetra regyina Yehowa som so no yɛ wɔn honam fam adwuma ne abusuasɛm mu nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔatumi akɔ nhyiam horow a ɛho hia yi nyinaa bi so. Wɔmma nneɛma a ɛho nhia kɛse ntwitware nhyiam a wɔbɛkɔ daa no mu.—Fil. 1:10; Heb. 10:25.
5 Kristofo a wɔn ho akokwaw nim sɛ sɛnea ɛho hia sɛ wodidi mmere pɔtee bi da biara da no, saa ara na ɛho hia sɛ wɔyɛ bere nhyehyɛe pɔtee bi ma kokoam ne abusua adesua, a wɔn ho a wobesiesie ama asafo nhyiam ahorow ka ho. (Mat. 4:4) So wubetumi de simma 15 anaa 20 asi hɔ da biara de ayɛ kokoam adesua? Nea ehia ara ne sɛ woremma nneɛma foforo ntwitware bere a wode besua ade no mu. Ma ɛnyɛ ade a woyɛ no daa. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wosɔre ntɛm anɔpa biara sen sɛnea woyɛ seesei no. Betel abusua mufo 17,000 a wɔwɔ wiase nyinaa no sɔre ntɛm anɔpa susuw daa asɛm ho. Nokwarem no, ntɛm a wobɛsɔre no hwehwɛ sɛ wobɛda ntɛm anadwo na ama woasɔre anɔpa a wowɔ ahoɔden na woagye w’ahome.
6 Sɛ woyɛ abusua ti a, di kan yɛ teokrase dwumadi ho bere nhyehyɛe ma w’abusua no. Mmusua bi kenkan Bible, Yearbook, anaa nhoma foforo bom bere a wɔadidi awie anwummere na wɔregye wɔn ahome no. Awofo pii a wɔahu sɛ wɔn mma anyinyin abɛyɛ Kristofo a wɔyɛ den wɔ honhom fam no ka sɛ ade biako a ɛma wotumi dii nkonim ne yɛ a abusua no de yɛɛ wɔn su sɛ wɔde anwummere bi besi hɔ dapɛn biara de ahyɛ wɔn ho wɔn ho den honhom fam no. Agya bi a ɔte saa kae sɛ: “Mete nka sɛ honhom fam nkɔso a yɛn mma no nyae no fã kɛse no ara gyina yɛn abusua adesua a yɛyɛ no Wukuda anadwo biara, a efii ase bɛyɛ mfe 30 a atwam ni no so.” Wɔbɔɔ ne mma baasa no nyinaa asu wɔn mmofraberem, na akyiri yi wɔn baasa nyinaa de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Sɛ abusua adesua da nkyɛn a, mubetumi abobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ asɛnka mu anaa asafo nhyiam mu dwumadi ahorow so, na mubetumi abom anya nneɛma foforo a ɛyɛ anigye mu kyɛfa.
7 Wɔ mo dapɛn biara bere nhyehyɛe mu no, so ‘moatɔ bere’ ama Ahenni asɛnka no? (Kol. 4:5) Yɛn mu dodow no ara nni adagyew, yɛwɔ abusua ne asafo mu asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma. Sɛ yɛanyɛ nhyehyɛe pɔtee annya asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu kyɛfa dapɛn biara a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ nneɛma foforo bebunkam saa dwumadi a ɛho hia yi so. Owura bi a ɔwɔ nantwi yɛmmea kɛse bi no kae sɛ: “Wɔ 1944 mu no, mihui sɛ ɔkwan koro pɛ a metumi afa so de me ho ahyɛ asɛnka mu ne sɛ mede da bi besi hɔ ayɛ saa. Ɛde besi nnɛ, meda so ara de da bi si hɔ dapɛn biara de kɔ asɛnka.” Kristoni panyin bi hu sɛ bere pɔtee a ɔde asi hɔ ama adansedi no ma onya nnɔnhwerew 15 ɔsram biara wɔ asɛnka adwuma mu. Sɛ ɔwɔ adwuma foforo bi yɛ Memeneda a, ɔyɛ no bere a wakɔ asɛnka apɔn anɔpa no. Anyɛ yiye koraa no, so wo ne w’abusua betumi de da koro asi hɔ dapɛn biara akɔ asɛnka, na mode eyi ayɛ mo honhom fam asetra kwan no fã?—Fil. 3:16.
8 Yɛ Nneɛma a Woyɛ Daa no Mu Nhwehwɛmu: Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛmma yentumi mfa yɛn asetra nnyina Yehowa som so. Tebea a yɛnhwɛ kwan betumi atwitware yɛn adesua, asafo nhyiam ahorow, ne asɛnka bere nhyehyɛe a yɛato yɛn bo ase ayɛ no mu. Na yɛn Tamfo, Satan, bɛyɛ nea obetumi nyinaa sɛ ‘obegye yɛn asabawmu,’ na wasɛe yɛn nhyehyɛe. (1 Tes. 2:18; Efe. 6:12, 13) Mma saa akwanside ahorow yi mmmu w’abam, na woampa abaw. Yɛ nsakrae biara a ehia ma wode adi wo teokrase dwumadi ho bere nhyehyɛe so no. Egye mmɔdenbɔ ne animia na yɛde ayɛ ade a mfaso wɔ so ankasa no.
9 Ɛnsɛ sɛ yɛma wiase nkɛntɛnso ahorow ne nkɛntɛnso bɔne a yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw wɔ no ma yɛde yɛn ho hyɛ nneɛma a ɛnyɛ honhom fam de a ebetumi afi ase agye yɛn bere ne yɛn adwene pii no mu. Ɛho hia sɛ yɛde nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi bɛhwehwɛ yɛn ho mu: ‘So m’asetra kwan de nkakrankakra abɛyɛ nea ɛnkari pɛ anaasɛ nneɛma foforo retwitware mu, sɛnea yɛbɛka no no? So mafi ase de m’asetra agyina wiase a ɛretwam yi mu nneɛma so? (1 Yoh. 2:15-17) Bere tenten bɛn na mede hwehwɛ honam fam nneɛma, tu kwan kogye m’ani, di agumadi ahorow, anaa anigyede afoforo akyi—a television anaa Internet so dwumadi a mehwɛ ka ho—sɛ mede toto bere a mede yɛ honhom fam nneɛma ho a?’
10 Sɛ wuhu sɛ nneɛma ahorow a ɛho nhia ahyɛ w’asetra ma a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛnea Paulo bɔɔ mpae sɛ ne nuanom ‘nyɛ pɛ,’ anaa ‘wonnwen ade koro’ no, dɛn nti na wommɔ Yehowa mpae mma ɔmmoa wo mma womfa ne som nyɛ w’asetra mu ade titiriw bio? (2 Kor. 13:9, 11) Afei si nketekrakye sɛ wubedi wo gyinaesi no so, na yɛ nsakrae a ehia. (1 Kor. 9:26, 27) Yehowa bɛboa wo na woamman ankɔ nifa anaa benkum bere a wufi osetie mu som no no.—Fa toto Yesaia 30:20, 21 ho.
11 Yɛ Hyew Wɔ Onyankopɔn Som a Ɛyɛ Anigye no Mu: Nnipa ɔpepem pii hwehwɛ anigye araa ma nea wohu ara ne sɛ bere a wɔn nkwa reba awiei no, honam fam nneɛma akyi a wodii denneennen no mfaa anigye a ɛtra hɔ daa mmrɛɛ wɔn. Ayɛ “ɔdawen hunu.” (Ɔsɛnk. 2:11) Noa bere sofo a wɔannye anni sɛ wiase nyinaa nsuyiri bi bɛba no ‘anhu,’ na wodii honam fam nneɛma—adidi, ɔnom, ne aware—akyi daa kosii sɛ “nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.” (Mat. 24:37-39) Osetie ne gyidi a yɛreda no adi nnɛ wɔ yɛn asetram no yɛ asetra a ɛbɛtra hɔ daa wɔ yɛn anigye Nyankopɔn no som a ɛyɛ anigye mu no mfiase ara kwa!—1 Tim. 1:11; 6:19.