Monyere Mo Ho Na wɔakora Mo Abusua So Akɔ Onyankopɔn Wiase Foforo No Mu
“Wo [Yehowa], wobɛhwɛ wɔn so, wobɛkora wɔn afi nnɛ mma yi mu daa.”—DWOM 12:7.
1, 2. (a) Mmusua bi reyɛ wɔn ade dɛn wɔ nna a edi akyiri yi nhyɛso horow no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmusua betumi ahwehwɛ nkwagye?
KRISTONI panyin bi a ne din de John teɛɛm sɛ: “Anigye ayɛ me koma ma nnɛ!” Dɛn na ɛma onyaa saa anigye ntraso yi? Ɔka sɛ: “Wɔbɔɔ me babarima a wadi mfe 14 ne me babea a wadi mfe 12 asu.” Nanso n’anigye yi anso hɔ ara. Ɔde ka ho sɛ: “Me babarima a wadi mfe 17 ne me babea a wadi mfe 16 baanu nyinaa ayɛ akwampaefo aboafo wɔ afe a etwaam yi mu.”
2 Yɛn ntam mmusua pii renya nnepa saa ara bere a wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma no. Nanso, ebinom rehyia ɔhaw ahorow. Kristofo awarefo bi kyerɛw sɛ: “Yɛwɔ mma baanum, na ɛkɔ so yɛ den kɛse sɛ yɛbɛtete wɔn. Nhyehyɛe dedaw yi agye abofra no biako afi yɛn nsam dedaw. Ɛte sɛ nea yɛn mma nkumaa a wonnii mfe aduonu no ne Satan botae titiriw wɔ ne ntua no mu mprempren.” Awarefo a wɔrehyia aware mu ntawntawdi a emu yɛ den nso wɔ hɔ, na ɛtɔ mmere bi a, ɛma wɔtetew aware no mu anaa wogu no. Nanso, mmusua a wɔda Kristofo su horow adi no betumi atwa “ahohiahia kɛse” no, na wɔakora wɔn so akɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu. (Mateo 24:21; 2 Petro 3:13) Ɛnde, dɛn na mubetumi ayɛ na ama wɔakora mo abusua no so?
Nkitahodi a Wobɛma Ayɛ Papa
3, 4. (a) Nkitahodi hia dɛn wɔ abusua asetra mu, na dɛn nti na ɛho ɔhaw ahorow taa sɔre? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom bɔ mmɔden yɛ atiefo pa?
3 Nkitahodi pa ne abusua a ɛwɔ ahoɔden mogya a ɛma nkwa; sɛ enni hɔ a, ɛma ɔhaw dɔɔso. Mmebusɛm 15:22 se: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” Anigyesɛm ne sɛ aware ho ɔfotufo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Anwiinwii a edi nsɛ a mete fi ɔyerenom hɔ sen biara ne sɛ ‘Ɔne me nkasa,’ na ‘Ontie me.’ Na sɛ me ne wɔn kununom ka saa anwiinwii yi ho asɛm a, wontie me nso.”
4 Dɛn na ɛma wonni nkitaho? Ade biako ne sɛ ɛsono mmarima na ɛsono mmea, na mpɛn pii no wɔn mu biara wɔ akwan a ɛda adi a wɔfa so di nkitaho. Asɛm bi kae sɛ okunu “taa ka nsɛm tee ne nea wotumi de di dwuma” wɔ ne nkɔmmɔbɔ ahorow mu, na “nea [ɔyere] pɛ sen biara ne otiefo a ɔwɔ tema.” Sɛ eyi ma ɔhaw sɔre wɔ mo aware mu a, mommɔ mmɔden sɛ mobɛma tebea no ayɛ papa. Ebia ebehia sɛ okunu Kristoni bɔ mmɔden yiye yɛ otiefo pa. Yakobo se: “Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.” (Yakobo 1:19) Sua sɛnea wobɛkwati ahyɛde, afotu, anaasɛ animka a wode bɛma bere a nea wo yere hia ara ne ‘tema’ no. (1 Petro 3:8, NW) Mmebusɛm 17:27 se: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ.”
5. Akwan a okununom betumi afa so anya nkɔso wɔ wɔn adwene ne wɔn nkate horow a wɔda no adi no mu bi ne nea ɛwɔ he?
5 Ɔkwan foforo so no, “ɔkasa wɔ ne bere,” na ebia ebehia sɛ wusua sɛnea wobɛka wo nsusuwii ne wo nkate horow ho asɛm kɛse. (Ɔsɛnkafo 3:7) Sɛ nhwɛso no, so wuyi wo yam kamfo wo yere wɔ nneɛma a otumi yɛ ho? (Mmebusɛm 31:28) So wode aseda ma wɔ adwumaden a ɔyɛ de boa wo ne mo fiefo a ɔhwɛ wɔn no ho? (Fa toto Kolosefo 3:15 ho.) Anaasɛ ebia ehia sɛ wunya nkɔso wɔ ‘nsɛm a ɔdɔ wom’ a woka no mu. (Nnwom mu Dwom 1:2) Ebia saayɛ bɛyɛ wo den mfiase no, nanso ebetumi aboa ma wo yere ate nka sɛ wo dɔ nti ɔwɔ ahobammɔ.
6. Dɛn na ɔyerenom betumi ayɛ de ama abusua mu nkitahodi anya nkɔso?
6 Na ɔyerenom Kristofo nso ɛ? Wɔkyerɛ sɛ ɔyere biako kae sɛ ne kunu nim sɛ n’ani sɔ no, enti enhia sɛ ɔka kyerɛ no. Nanso, anisɔ, nkamfo ne ayeyi ma mmarima nso nya nkɔso. (Mmebusɛm 12:8) So ehia sɛ woka eyi pii? Ɔkwan foforo so no, ebia ehia sɛ wohwɛ sɛnea wutie asɛm no yiye. Sɛ ɛyɛ den ma wo kunu sɛ ɔne wo besusuw ne haw ahorow, nea osuro, anaasɛ ne dadwen ahorow ho pefee a, so woasua sɛnea wode ayamye ne anifere bɛma wafi ne pɛ mu ne wo adi ho nkitaho?
7. Dɛn na ebetumi de aware mu akasakasa aba, na ɔkwan bɛn so na wobetumi asiw ano?
7 Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, awarefo a wɔn ntam dwo yiye mpo ntam nkitahodi tumi sɛe. Nkate betumi abunkam ntease so, anaa nkɔmmɔbɔ bɔkɔɔ betumi adan akyinnyegye a emu yɛ den ntɛm ara. (Mmebusɛm 15:1) ‘Yɛn nyinaa fom mpɛn pii’; nanso aware mu akasakasa kakra nkyerɛ aware bi awiei. (Yakobo 3:2) Nanso ‘nteɛteɛm ne abufuw kasa’ mfata, na etumi sɛe abusuabɔ biara. (Efesofo 4:31) Monyɛ ntɛm mma asomdwoe mmra mo ntam bere a moakeka nsɛm a epira akyerɛ mo ho mo ho no. (Mateo 5:23, 24) Mubetumi akwati akasakasa, sɛ mo baanu nyinaa de Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 4:26 no di dwuma a: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” Yiw, monka ɔhaw ahorow ho asɛm bere a ɛyɛ ketewa a mubetumi adi ho dwuma no; monntwɛn nnkosi sɛ ebedu baabi a muntumi nhyɛ mo nkate so bio. Simma kakraa bi a mode besusuw nneɛma a ɛhaw mo ho no betumi aboa pii ma nkitahodi akɔ so, na ama ntease aba.
‘Yehowa Nyansakyerɛ Mu’
8. Dɛn nti na ebia mmofra bi bɛtwe wɔn ho afi nokware no ho?
8 Ɛte sɛ nea awofo bi ma akwankyerɛ kakraa bi a wɔn mma nya bere a wɔrenyin no dɔɔso ma wɔn. Mmofra no kɔ nhyiam horow na wonya asɛnka mu kyɛfa bi, nanso mpɛn pii no wɔn ankasa ne Onyankopɔn nhyehyɛɛ abusuabɔ. “Honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” no betumi atwe mmofra a wɔte sɛɛ no afi nokware no mu wɔ bere bi akyi. (1 Yohane 2:16) Hwɛ awerɛhow a awofo bedi sɛ wobenya nkwa wɔ Harmagedon mu, nanso wɔn ani a wobu guu wɔn mma so wɔ bere bi a atwam no mu nti, wɔn mma nnya nkwa!
9, 10. (a) Dɛn na mmofra a wɔtete wɔn “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no kyerɛ? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔma mmofra kwan ma wɔda wɔn nkate horow adi a wonsuro?
9 Enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ wobɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ w’ankasa wuhu Yehowa gyinapɛn ahorow yiye. Sɛ edu nneɛma te sɛ anigyede a wɔpaw, kokoam adesua, nhyiamkɔ ne asɛnkakɔ so a, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. Paulo nsɛm no nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwofo (1) yɛ obi a ɔde anitew hwɛ ne mma ne sɛ (2) ɔma nkitahodi pa tra ɔne wɔn ntam. Saa kwan no so nkutoo na wubehu faako a wohia “nyansakyerɛ.”
10 Ɛyɛ awosu sɛ mmerante ne mmabaa bɛbɔ mmɔden sɛ wobenya ahofadi bi. Nanso, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ wɔ wiase nkɛntɛnso a ɛda adi pefee wɔ wɔn kasa, nsusuwii, ntadehyɛ ne ahosiesie, ne nnamfo a wopaw mu no ho. Agya nyansafo bi kae sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmebusɛm 23:26 no sɛ: “Me ba, fa wo koma ma me.” So mo mma fi wɔn pɛ ka wɔn nsusuwii ne wɔn nkate horow kyerɛ wo? Sɛ mmofra nsuro sɛ wɔbɛkasa atia wɔn ntɛm ara a, ebia wobenya ɔpɛ kɛse sɛ wobɛda sɛnea wɔte nka ankasa wɔ nneɛma te sɛ sukuu akyi dwumadi ahorow, nhyehyɛe a mmarima ne mmea yɛ fi adi, nhomasua a ɛkɔ anim, anaa Bible mu nokware ankasa ho no adi.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de adidibere ama abusua mu nkitahodi anya nkɔso? (b) Dɛn na ebetumi afi mmɔden a ɔwofo bi kɔ so bɔ sɛ ɔbɛma ɔne ne mma ntam nkitahodi anya nkɔso no mu aba?
11 Nsase pii so no, mmusua taa didi bom. Enti anwummere adidibere betumi ama abusua no mufo nyinaa anya hokwan fɛfɛ de abɔ nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ. Mpɛn pii no wɔde TV ne nneɛma afoforo a ɛtwetwe adwene si abusua aduan no ananmu. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wɔfa mo mma nnommum nnɔnhwerew pii wɔ sukuu, na wɔde wiase nsusuwii kyerɛkyerɛ wɔn. Adidibere yɛ bere pa a mo ne mo mma bedi nkitaho. Ɔwofo bi se: “Yɛde adidibere ka nea a esii da no ho asɛm.” Nanso, ɛnsɛ sɛ adidibere yɛ mmere a mode nteɛso a ɛma wɔn aniwu ma, anaa mode bisabisa nsɛm. Momma bere no nyɛ nea akomatu nnim na ɛyɛ anigye!
12 Mmofra a mobɛma wɔafi wɔn pɛ mu ne mo adi nkitaho no gye mmɔdenbɔ, na ebetumi ahia boasetɔ daa. Nanso, bere bi akyi no, ebia mubehu sɛ nneɛma a ɛma akomatɔyam afi mu aba. Ɛna bi a wahaw ka sɛ: “Yɛn babarima a wadi mfe 14 di awerɛhow, na ɔnka ne ho nkɔ afoforo ho. Ɛdenam yɛn mpaebɔ ne animia so no, wafi ase di nkitaho, bɔ nkɔmmɔbɔ!”
Abusua Adesua a Ɛma Denhyɛ
13. Dɛn nti na ntetee a wɔde ma mmofra ntɛm ho hia kɛse saa, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ?
13 13 Onyankopɔn Asɛm a wɔbɛhyɛ da de akyerɛkyerɛ nso ka “nyansakyerɛ” ho. Te sɛ Timoteo no, ɛsɛ sɛ ntetee a ɛte sɛɛ no fi ase fi “mmofraase.” (2 Timoteo 3:15) Ntetee a wɔde ma ntɛm hyɛ mmofra den ma wɔn gyidi ho sɔhwɛ horow a ebia wubehyia bere a wɔkɔ sukuu no—awodadi, ɔman ho dɔ guasodeyɛ ahorow, anaa nyamesom mu nnapɔnnadi. Sɛ wɔansiesie abofra bi amma sɔhwɛ horow a ɛte sɛɛ a, ebetumi asɛe ne gyidi. Enti momfa nhoma ahorow a Ɔwɛn Aban Asafo no asiesie ama mmofra nketewa, te sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nni dwuma.a
14. Mobɛyɛ dɛn atumi ayɛ abusua adesua daa, na dɛn na moayɛ na moayɛ abusua adesua daa?
14 Ade foforo a ɛsɛ sɛ wɔma ani ku ho ne abusua adesua, a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔrenyɛ no daa, anaa ɛnyɛ dɛ a wɔyɛ no kɛkɛ, a ne yɛ yɛ den ma awofo ne mmofra nyinaa. Mobɛyɛ dɛn atumi ama anya nkɔso? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘motɔ bere’ ma adesua no, na ɛnsɛ sɛ moma TV so dwumadi ahorow ne nneɛma afoforo pia to nkyɛn. (Efesofo 5:15-17) Abusua ti biako ka sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn abusua adesua no daa. Yɛsɔɔ mmere horow hwɛe kosii sɛ awiei koraa no, yenyaa bere bi wɔ anwummere a ɛyɛɛ yiye maa yɛn. Mprempren yɛyɛ yɛn abusua adesua no daa.”
15. Mobɛyɛ dɛn atumi ama mo abusua adesua ne mo abusua no ahiade ahorow ahyia?
15 Afei, monsusuw mo abusua ahiade ahorow pɔtee no ho. Mmusua pii ani gye ho sɛ wɔbɛbom ayɛ wɔn dapɛn biara Ɔwɛn-Aban adesua no. Nanso, bere ne bere mu no, ebia mo abusua no benya nsɛm pɔtee bi a ehia sɛ mususuw ho, a ɔhaw ahorow a wohyia wɔ sukuu mu ka ho. Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm betumi adi ahiade yi ho dwuma. Agya bi se: “Sɛ yesusuw yɛn mmabarima no su horow a ehia sɛ wosiesie no biara ho a, yɛde adwene si Young People Ask nhoma no mu ti pɔtee a ɛka ho asɛm no so.” Ne yere de ka ho sɛ: “Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ fakaa. Sɛ yɛayɛ biribi ho nhyehyɛe ama yɛn adesua no, na ehia sɛ yɛbɔ biribi foforo ho nkɔmmɔ a, yɛsakra no sɛ nea ahiade no te.”
16. (a) Mobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ mo mma te nea wɔresua no ase? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ mokwati wɔ abusua adesuayɛ mu mpɛn pii?
16 Mobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ mo mma te nea wɔresua no ase ankasa? Ɔkyerɛkyerɛfo a Waben a ɔne Yesu no bisaa nsɛm a wɔde hu afoforo adwene, te sɛ “Wususuw ho dɛn?” (Mateo 17:25) Bere a moreyɛ saa no, mommɔ mmɔden sɛ mubehu nea wo mma dwen ho ankasa. Monhyɛ abofra biara nkuran mma ɔmfa n’ankasa asɛm mmua. Nokwarem no, sɛ mode abufuw anaa ahodwiriw yɛ nokwasɛm ahorow a wɔka no ho ade tra so a, ebia wɔrenka wɔn adwene nkyerɛ mo bio. Enti ɛnsɛ sɛ moma mo bo fuw. Ɛnsɛ sɛ moma abusua adesua no dan animka mmere. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye na ɛma denhyɛ. Agya bi se: “Sɛ mihu sɛ me mma no mu biako hyia ɔhaw bi a, midi ho dwuma bere foforo.” Ɛna no de ka ho sɛ: “Sɛ yɛne abofra no nkutoo ka ho asɛm a, abofra no ani nwu kɛse, na ɔkasa kɛse a onsuro sen sɛ anka yɛde afotu bɛma no wɔ abusua adesua no mu.”
17. Dɛn na mubetumi ayɛ ma abusua adesua ayɛ anigye, na dɛn na adi aboa mo abusua no yiye?
17 Mmofra a wɔbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ abusua adesua mu no betumi ayɛ asɛnnennen, ne titiriw bere a woredi mmofra a ɛsono mfe a wɔn mu biara adi ho dwuma no. Mmofra nkumaa betumi ayɛ peterepetere, wɔrentra ase dinn, anaa wɔde wɔn adwene si adesua no so bere tiaa bi. Dɛn na mubetumi ayɛ? Mommɔ mmɔden sɛ mobɛma adesua no ayɛ nea akomatu nnim. Sɛ mo mma ntumi mfa wɔn adwene nsi adesua no so nkyɛ a, mommɔ mmɔden nyɛ no ntiantiaa, nanso momma ɛntoatoa so. Sɛ moda anigye adi nso a, ɛboa. “Sɛ ɔhwɛfo a, ma ɔmmɔ ho mmɔden.” (Romafo 12:8) Momma obiara mfa ne ho nhyem. Ebia mmofra nkumaa betumi aka mfonini ahorow no ho asɛm, anaa wɔabua nsemmisa a ɛnyɛ den. Mubetumi aka akyerɛ wɔn a wonnii mfe aduonu no sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu foforo, anaa wɔnkyerɛ sɛnea wɔde asɛm a moresusuw ho no di dwuma pa.
18. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi de Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛ bere nyinaa, na dɛn na ebefi mu aba?
18 Nanso, ɛnsɛ moma mo honhom fam nkyerɛkyerɛ no yɛ dɔnhwerew biako dapɛn biara. Momfa Onyankopɔn Asɛm nkyerɛkyerɛ mo mma bere nyinaa. (Deuteronomium 6:7) Munnye bere mfa ntie wɔn. Muntu wɔn fo na monkyekye wɔn werɛ bere a ɛho hia no. (Fa toto 1 Tesalonikafo 2:11 ho.) Munyi ayamhyehye ne mmɔborohunu adi. (Dwom 103:13; Malaki 3:17) Sɛ moyɛ saa a, mubenya mo mma ho ‘anigye,’ na woaboa ma wɔakora wɔn so akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Mmebusɛm 29:17.
“Ɔserew wɔ ne Bere”
19, 20. (a) Dɛn na ahomegye yɛ wɔ abusua asetra mu? (b) Akwan horow a awofo betumi afa so ayɛ ahomegye ho nhyehyɛe ama wɔn abusua no bi ne nea ɛwɔ he?
19 ‘Ɔserew wɔ ne bere na ahuruhuruw wɔ ne bere.’ (Ɔsɛnkafo 3:4) Wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua “ɔserew” no ase nso sɛ ‘hyɛ fa,’ ‘di agoru’ anaa ‘gye w’ani’ mpo. (2 Samuel 6:21; Hiob 41:5; Atemmufo 16:25; Exodus 32:6; Genesis 26:8) Agorudi betumi adi atirimpɔw pa ho dwuma, na ɛho hia mmofra ne mmerante ne mmabaa. Bible mmere mu no, awofo yɛɛ anigyede ne ahomegye ho nhyehyɛe maa wɔn mmusua. (Fa toto Luka 15:25 ho.) So moyɛ saa ara?
20 Okunu Kristoni bi se: “Yɛkɔ ɔmanfo turo ahorow mu. Yɛto nsa frɛ anuanom mmarimaa no mu binom kɔbɔ bɔɔl na yɛkɔ piknik. Wogye wɔn ani na wonya fekubɔ pa mu anigye.” Ɔwofo foforo de ka ho sɛ: “Yɛyɛ nneɛma a yɛne yɛn mmabarima bɛyɛ no ho nhyehyɛe. Yɛkɔboro nsu, yɛkɔbɔ bɔɔl, na yɛkɔ akwamma ahorow. Nanso yɛma anigyede tra n’afã a ɛfata. Misi sɛnea ehia sɛ yɛkari pɛ no so dua.” Ahomegye a eye, te sɛ apontow a ɛfata anaa mmoa nyɛmmea ne tete nneɛma akorae a mokɔhwɛ hɔ betumi aboa pii ma wiase no mu anigyede ahorow antwetwe abofra bi.
21. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi akwati ma a wɔbɛma wɔn mma ate nka sɛ wiase nnapɔnna a wonni nti wɔde nneɛma kame wɔn no?
21 Ɛho hia nso sɛ mo mma rente nka sɛ mode nneɛma kame wɔn, efisɛ wonni awoda ahorow anaa nnapɔnna a Kristosom mma ho kwan no. Sɛ mutumi yɛ nhyehyɛe pa bi a, wobetumi ahwɛ mmere pii a anigye wom kwan wɔ afe no mu nyinaa. Ɔwofo pa nhia dapɔnna bi a ɔde beyi ne ho ano wɔ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔ honam fam no ho. Te sɛ ne soro Agya no, ‘onim sɛnea ɔma ne mma nnepa’—obefi ne pɛ mu ayɛ saa.—Mateo 7:11.
Daakye a Enni Awiei a Mubenya Ama Mo Abusua
22, 23. (a) Bere a ahohiahia kɛse no rebɛn no, dɛn na mmusua a wosuro Onyankopɔn betumi anya mu awerɛhyem? (b) Dɛn na mmusua betumi ayɛ de aboa wɔ wɔn so a wɔbɛkora akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no ho?
22 Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “O wo, [Yehowa], wobɛhwɛ wɔn so, wobɛkora wɔn afi nnɛ mma yi mu daa.” (Dwom 12:7) Akyinnye biara nni ho sɛ nhyɛso a efi Satan hɔ benya nkɔanim—atia Yehowa Adansefo mmusua titiriw. Nanso, wobetumi agyina ntua a enya nkɔanim bere nyinaa yi ano. Ɛdenam Yehowa mmoa ne mmɔdenbɔ a emu yɛ den ne adwumaden so no, okununom, ɔyerenom ne mma, mmusua—a mo abusua ka ho—betumi anya anidaso sɛ wɔbɛkora wɔn nkwa so wɔ ahohiahia kɛse no mu.
23 Okununom ne ɔyerenom, momma asomdwoe ne biakoyɛ mmra mo aware mu denam asɛyɛde ahorow a Onyankopɔn de ama mo a mubedi ho dwuma no so. Awofo, monkɔ so nyɛ nhwɛso pa mma mo mma, na montɔ bere mfa ntetee ne nteɛso a wohia yiye no mma wɔn. Mo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Muntie wɔn. Wɔn nkwa da asiane mu! Mmofra, muntie mo awofo na monyɛ osetie mma wɔn. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, ebetumi asi mo yiye na moanya daakye a enni awiei wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛwɔ kasɛt so nso wɔ hɔ wɔ kasa horow bi mu.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na okununom ne ɔyerenom betumi ama wɔn nkitahodi anya nkɔso?
◻ Ɔkwan bɛn nso na awofo betumi atete mmofra wɔ “[Yehowa] nyansakyerɛ mu”? (Efesofo 6:4)
◻ Akwan horow a wɔbɛfa so ma abusua adesua ama denhyɛ ne anigye kɛse no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Dɛn na awofo betumi ayɛ wɔ ahomegye ne anigyede ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ama wɔn mmusua no mu?
[Adaka wɔ kratafa 16]
NNWOM—NKƐNTƐNSO A TUMI WOM
Mmofra ntetee ho nhoma kyerɛwfo bi se: “Sɛ anka mikogyina atiefo bi anim . . . na mekamfo asabow apontow, kokein, wii, anaa nnuru afoforo a enya adwene so tumi nom kyerɛ a, anka wɔde ahodwiriw bɛhwɛ me. . . .[Nanso], awofo taa de sika ma wɔn mma sɛ wɔmfa nkɔtɔ nnwom mpaawa anaa kasɛt ahorow a ɛkamfo saa nneɛma no kyerɛ pefee no.” (Raising Positive Kids in a Negative World, a Zig Ziglar yɛe) Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, mmofra pii tow nnwom a aguamansɛm ayɛ mu ma. So woreboa wo mma na wɔayɛ nyiyim wɔ nnwom a wɔpaw no mu na ama wɔakwati saa adaemone mfiri no?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Adidibere betumi ayɛ mmere a anigye wom a ɛma abusua mu biakoyɛ ne nkitaho nya nkɔso