Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Awofo, Dɛn Na Mo Nhwɛso Kyerɛkyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban—1999 | July 1
    • Awofo, Dɛn Na Mo Nhwɛso Kyerɛkyerɛ?

      “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu.”—EFESOFO 5:1, 2.

      1. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de maa nnipa baanu a wodi kan no?

      YEHOWA ne abusua Hyehyɛfo. Ɔno na abusua biara fi no, efisɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ abusua a edi kan no, na ɔde awo tumi maa nnipa baanu a wodi kan no. (Efesofo 3:14, 15) Ɔde akwankyerɛ atitiriw maa Adam ne Hawa wɔ wɔn asɛyɛde ahorow ho, na ɔmaa wonyaa hokwan pii nso a wɔn ankasa de bedi saa asɛyɛde ahorow yi ho dwuma. (Genesis 1:28-30; 2:6, 15-22) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, tebea a mmusua baa mu no mu bɛyɛɛ den yiye. Nanso, Yehowa fi ɔdɔ mu de akwankyerɛ ahorow a ɛbɛboa n’asomfo ma wɔadi tebea horow a ɛte saa ho dwuma no mae.

      2. (a) Akwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ afotu a wɔakyerɛw ne nea wɔde ano ka kyerɛ no mu den? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho?

      2 Sɛ́ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no, Yehowa ayɛ pii sen akwankyerɛ ahorow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ a ɛfa nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ho a ɔde ama. Tete no, ɔnam asɔfo, adiyifo, ne mmusua ti so de akwankyerɛ a wɔde ano ka kyerɛ kaa akwankyerɛ a wɔakyerɛw ho mae. Henanom na ɔde wɔn redi dwuma ma wɔde nkyerɛkyerɛ a wɔde ano ka kyerɛ a ɛte saa no ama wɔ yɛn bere yi mu? Ɛyɛ Kristofo mpanyimfo ne awofo. Sɛ woyɛ ɔwofo a, so woreyɛ wo fam de akyerɛkyerɛ w’abusua wɔ Yehowa akwan so?—Mmebusɛm 6:20-23.

      3. Dɛn na mmusua ti betumi asua afi Yehowa hɔ wɔ nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ho?

      3 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ma wɔ abusua mu? Yehowa yɛ ho nhwɛso. Ɔka nea eye ne nea enye ho asɛm pefee, na ofi ayamye mu tĩ nsɛm mu. (Exodus 20:4, 5; Deuteronomium 4:23, 24; 5:8, 9; 6:14, 15; Yosua 24:19, 20) Ɔde nsɛmmisa a ɛkanyan adwene di dwuma (Hiob 38:4, 8, 31) Ɔnam mfatoho ahorow ne asetram osuahu so kanyan yɛn nkate ahorow nwene yɛn koma. (Genesis 15:5; Daniel 3:1-29) Awofo, sɛ mokyerɛkyerɛ mo mma a, so mobɔ mmɔden di saa nhwɛso yi akyi?

      4. Dɛn na yesua fi Yehowa hɔ wɔ nteɛso a wɔde ma ho, na dɛn nti na nteɛso ho hia?

      4 Yehowa gyina trenee akyi pintinn, nanso ɔte nea sintɔ de ba ase. Enti ansa na ɔde asotwe bɛma no, ɔkyerɛkyerɛ, na ɔkɔ so de kɔkɔbɔ ne nkaebɔ ma nnipa a yɛnyɛ pɛ no bere nyinaa. (Genesis 19:15, 16; Yeremia 7:23-26) Sɛ ɔde nteɛso ma a, ɔma ɛyɛ nea ɛfata, ɔmma ɛntra so. (Dwom 103:10, 11; Yesaia 28:26-29) Sɛ saa na yɛne yɛn mma di nsɛm a, ɛnde ɛda adi sɛ yenim Yehowa, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn nso sɛ wobehu no.—Yeremia 22:16; 1 Yohane 4:8.

      5. Dɛn na awofo betumi asua afi Yehowa ho wɔ sɛnea wotie asɛm ho?

      5 Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa tie yɛn sɛ ɔsoro Agya a ɔwɔ dɔ. Ɔnhyehyɛ mmara kɛkɛ. Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenyi yɛn yam nkyerɛ no. (Dwom 62:8) Na sɛ nsɛm a yɛka no nyɛ nea ɛfata a, omfi soro mmobom nka yɛn anim. Ofi boasetɔ mu kyerɛkyerɛ yɛn. Enti, hwɛ sɛnea ɔsomafo Paulo afotu yi fata: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo”! (Efesofo 4:31–5:1) Nhwɛso pa a Yehowa yɛ ma awofo bere a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma bɛn ara ni! Ɛyɛ nhwɛso a edu yɛn komam, na ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛnantew n’asetra kwan so.

      Nkɛntɛnso a Nhwɛso De Ba

      6. Ɔkwan bɛn so na awofo nneyɛe ne wɔn nhwɛso nya wɔn mma so nkɛntɛnso?

      6 Nea ɛka nkyerɛkyerɛ a wɔde ano ka kyerɛ ho no, nhwɛso nya mmofra so nkɛntɛnso pii. Sɛ́ awofo pɛ anaa wɔmpɛ no, wɔn mma besuasua wɔn. Awofo ani betumi agye—mmere bi wɔ hɔ a wɔn ho betumi adwiriw wɔn—sɛ wɔbɛte sɛ wɔn mma ka nsɛm a wɔn ankasa aka no bi. Sɛ awofo abrabɔ ne wɔn nneyɛe da anisɔ kɛse a wɔwɔ ma honhom fam nneɛma adi a, eyi nya mmofra no so nkɛntɛnso pa.—Mmebusɛm 20:7.

      7. Awofo nhwɛso bɛn na Yefta yɛ maa ne babea, na dɛn na efii mu bae?

      7 Wɔaka tumi a awofo nhwɛso wɔ ho asɛm yiye wɔ Bible mu. Ná Yefta a Yehowa de no dii dwuma ma odii Israelfo anim kodii Amonfo so nkonim no yɛ agya nso. Mmuae a Yefta de kɔmaa Amon hene ho kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yefta taa kenkan sɛnea Yehowa ne Israel dii nsɛm no ho abakɔsɛm. Otumi faa saa abakɔsɛm no mu nsɛm kae mpɛn pii, na ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi a ɛyɛ den. Akyinnye biara nni ho sɛ ne nhwɛso na ɛboaa ne babea no ma onyaa gyidi ne ahofama honhom a ɔdaa no adi de ne nkwa nna nyinaa somee sɛ ɔbea hokwafo a ɔde ne ho ama Yehowa som no.—Atemmufo 11:14-27, 34-40; fa toto Yosua 1:8 ho.

      8. (a) Nneyɛe pa bɛn na Samuel awofo daa no adi? (b) Na ɔkwan bɛn so na ɛboaa Samuel?

      8 Samuel yɛɛ nhwɛso pa sɛ abofra, na odii Onyankopɔn nokware sɛ odiyifo ne nkwa nna nyinaa. So wopɛ sɛ wo mma nyin yɛ sɛ ɔno? Susuw nhwɛso a Samuel awofo, Elkana ne Hana, yɛe no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na wɔn abusua mu nsɛm tebea nye de, nanso na wɔkɔ Silo, baabi a na ntamadan kronkron no si no kɔsom daa. (1 Samuel 1:3-8, 21) Hyɛ nkate a emu yɛ den a Hana de bɔɔ mpae no nsow. (1 Samuel 1:9-13) Hwɛ sɛnea wɔn baanu nyinaa huu hia a ehia sɛ wodi bɔ a na wɔahyɛ Onyankopɔn no so. (1 Samuel 1:22-28) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn nhwɛso pa no na ɛboaa Samuel ma onyaa su ahorow a ɛma otumi faa trenee kwan so—bere mpo a na nnipa a ɔne wɔn te a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa no nkyerɛ Onyankopɔn akwan ho anisɔ no. Bere kɔɔ so no, Yehowa maa Samuel adwuma sɛ Ne diyifo.—1 Samuel 2:11, 12; 3:1-21.

      9. (a) Ofie nkɛntɛnso bɛn na enyaa Timoteo so nkɛntɛnso pa? (b) Timoteo bɛyɛɛ onipa bɛn?

      9 So wopɛ sɛ wo ba bɛyɛ sɛ Timoteo a bere a na ɔyɛ aberante no ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo hokafo no? Na Timoteo papa nyɛ gyidini, nanso ne maame ne ne nanabea yɛɛ nhwɛso pa wɔ honhom fam nneɛma ho anisɔ a wɔkyerɛe ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi boa maa Timoteo too nhyɛase pa maa n’asetra sɛ Kristoni. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ na ne maame, Eunike, ne ne nanabea Lois wɔ “gyidi . . . a nkontompo nnim.” Na nyaatwom nni wɔn Kristofo asetra mu; wɔmaa wɔn asetra ne nea wɔkyerɛe sɛ wogye di no hyiae ankasa, na wɔkyerɛkyerɛɛ abofra Timoteo ma ɔyɛɛ saa ara. Timoteo daa no adi sɛ ɔyɛ obi a wotumi de ho to ne so, na ofi nokwaredi mu hwehwɛɛ afoforo yiyedi.—2 Timoteo 1:5; Filipifo 2:20-22.

      10. (a) Abɔnten so nhwɛso ahorow bɛn na ebetumi anya yɛn mma so nkɛntɛnso? (b) Sɛ saa nkɛntɛnso yi bi da adi wɔ yɛn mma kasa ne wɔn nneyɛe mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

      10 Nhwɛso ahorow a enya yɛn mma so nkɛntɛnso no nyinaa mfi fie. Mmofra a wɔne wɔn kɔ sukuu, akyerɛkyerɛfo a wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛnwene mmofra adwene, nkurɔfo a wɔte nka denneennen sɛ ɛsɛ sɛ obiara ma n’asetra ne n’abusua anaa ne man amammerɛ a agye ntini kɛse hyia, agumadi mu akunini a wɔkamfo nea wɔatumi ayɛ kɛse, ne aban mpanyimfo a wɔka wɔn nneyɛe ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no wɔ hɔ. Mmofra ɔpepem pii nso ahu ɔko mu atirimɔdensɛm. Sɛ saa nkɛntɛnso ahorow yi da adi wɔ yɛn mma kasa anaa wɔn nneyɛe mu a, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa? Sɛ wɔyɛ bi a, yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho? So wɔn anim a yɛbɛka denneennen ne ɔhaw no ano aduru? Sɛ anka yebebua yɛn mma ntɛm so no, so ɛrenyɛ papa sɛ yebebisa yɛn ho sɛ, ‘So biribi wɔ ɔkwan a Yehowa fa so ne yɛn di nsɛm no mu a ebetumi aboa me ma mahu sɛnea medi tebea yi ho dwuma?’—Fa toto Romafo 2:4 ho.

      11. Sɛ awofo di mfomso a, ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka wɔn mma nneyɛe?

      11 Nokwarem no, awofo a wɔnyɛ pɛ no renni tebea horow ho dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so bere nyinaa. Wɔbɛyɛ mfomso ahorow. Sɛ mmofra hu saa a, so ɛbɛma obu a wɔwɔ ma wɔn awofo no so atew? Ebetumi aba saa, titiriw sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔde tumi a wɔwɔ no bedi dwuma ɔkwammɔne so na wɔabu wɔn ani agu wɔn ankasa mfomso so a. Nanso, sɛ awofo no wɔ ahobrɛase na wogye wɔn mfomso tom ankasa a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ soronko koraa. Wɔ eyi mu no, wobetumi ayɛ nhwɛso a ɛfata ama wɔn mma a ɛsɛ sɛ wosua sɛ wɔbɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ no.—Yakobo 4:6.

      Nea Yɛn Nhwɛso Betumi Akyerɛkyerɛ

      12, 13. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra sua fa ɔdɔ ho, na ɔkwan bɛn so na wobetumi akyerɛkyerɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ mmofra sua ɔdɔ ho ade?

      12 Asuade ahorow a mfaso wɔ so pii wɔ hɔ a yebetumi akyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn sen biara so bere a yɛde nhwɛso pa bi ka nkyerɛkyerɛ a yɛde ano ka kyerɛ ho no. Susuw kakraa bi ho.

      13 Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a yɛbɛda no adi: Asuade ahorow a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ yɛde nhwɛso taa akyi ne nea ɔdɔ kyerɛ no. “Yɛdɔ, efisɛ [Onyankopɔn] na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yohane 4:19) Ɔne dɔ ne ɔdɔ ho nhwɛso a ɛsen biara. Wɔka ɔdɔ a ɛwɔ nnyinaso, a·gaʹpe, ho asɛm bɛboro mpɛn 100 wɔ Bible mu. Ɛyɛ su a ɛma wohu nokware Kristofo. (Yohane 13:35) Ɛsɛ sɛ yeyi ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo, na yeyi no adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho nso—ɛsɛ sɛ yeyi no adi mpo kyerɛ nnipa bi a ebia yɛn ani nnye wɔn ho. (Mateo 5:44, 45; 1 Yohane 5:3) Ɛsɛ sɛ saa dɔ yi tra yɛn komam na ɛda adi wɔ yɛn asetram ansa na yɛatumi de akyerɛkyerɛ yɛn mma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Nneyɛe kasa pii sen nsɛm a wɔde ano ka. Ɛsɛ sɛ mmofra hu ɔdɔ na wonya ɔdɔ ne su ahorow a ɛkyerɛ ɔdɔ te sɛ atuu a wɔyɛ wɔn wɔ abusua no mu. Sɛ saa nneɛma yi nni hɔ a, ɛma abofra tɔ ape wɔ nipadua, adwene, ne nkate mu. Ehia nso sɛ mmofra hu sɛnea woyi ɔdɔ adi kyerɛ mfɛfo Kristofo a wonni abusua no mu wɔ ɔkwampa so nso.—Romafo 12:10; 1 Petro 3:8.

      14. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi akyerɛkyerɛ mmofra ma wɔayɛ adwuma pa a ɛma abotɔyam? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi wɔ w’abusua mu?

      14 Adwumasua: Adwuma yɛ asetram ade titiriw. Sɛ obi benya obu ama ne ho a, ɛsɛ sɛ osua sɛnea ɔbɛyɛ adwuma pa. (Ɔsɛnkafo 2:24; 2 Tesalonikafo 3:10) Sɛ wɔma abofra nnwuma bi a wɔmmaa no ho akwankyerɛ ahe biara na afei wotwiw n’anim sɛ wanyɛ no yiye a, ɛda adi sɛ ontumi nhu adwuma yiye. Nanso sɛ mmofra sua adwuma denam adwuma a wɔne wɔn awofo bom yɛ ankasa so, na wɔkamfo wɔn ɔkwan a ɛfata so a, ɛda adi yiye sɛ wobehu sɛnea wɔyɛ adwuma a ɛma abotɔyam. Sɛ awofo de nhwɛso ka nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma ho a, ebia ɛnyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma nko na mmofra no besua, na mmom sɛnea wodi nsɛnnennen so, sɛnea wɔkɔ so yɛ adwuma bi kosi sɛ wobewie, ne sɛnea wosusuw nneɛma ho na wosisi gyinae nso. Wɔ eyi mu no, wobetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ Yehowa nso yɛ adwuma, na ɔyɛ adwuma pa, ne sɛ Yesu suasua N’agya. (Genesis 1:31; Mmebusɛm 8:27-31; Yohane 5:17) Sɛ abusua bi yɛ kuadwuma anaa wodi gua a, abusuafo no bi betumi abom ayɛ adwuma. Anaa ebia ɛna no betumi akyerɛkyerɛ ne babarima anaa ne babea ma wahu sɛnea wɔnoa aduan, hohoro nkyɛnsee mu prapra, bere a wɔadidi awie no. Agya a ɔnyɛ n’adwuma wɔ fie no betumi ayɛ nhyehyɛe ne ne mma ayɛ nnwuma bi wɔ fie. Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ awofo bɛma atra wɔn adwenem sɛ ɛnyɛ nnwuma a wɔbɛyɛ awie nko na ehia, na mmom sɛ wobesiesie mmofra no ama wɔn daakye asetra nso!

      15. Akwan bɛn so na wobetumi akyerɛkyerɛ gyidi ho ade? Kyerɛkyerɛ mu.

      15 Gyidi a wobekura mu wɔ amanehunu mu: Gyidi nso yɛ ade a ɛho hia wɔ yɛn asetra mu. Sɛ yesusuw gyidi ho wɔ abusua adesua mu a, mmofra no betumi akyerɛ ase. Wobetumi abehu nneɛma a ɛma gyidi fi ase yɛ kɛse wɔn komam nso. Nanso sɛ wohu sɛ wɔn awofo reda gyidi a ɛyɛ den adi wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu a, nkɛntɛnso a ebenya wɔ wɔn so no betumi atra hɔ daa. Ná Bible suani bi a ɔwɔ Panama kunu hunahuna no sɛ sɛ wannyae Yehowa som a obetu no afi wɔn fie. Nanso, na daa ɔne ne mma nkumaa baanan nantew twa kwan kilomita 16, na afei wɔaforo bɔs atwa kilomita 30 akɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wɔn sen biara no so. Saa nhwɛso no hyɛɛ n’abusuafo nkuran ma wɔn mu 20 abegye nokware no.

      Nhwɛso a Yɛbɛyɛ Wɔ Da Biara Da Bible Akenkan Mu

      16. Dɛn nti na wɔkamfo da biara da abusua Bible akenkan kyerɛ?

      16 Nneɛma a mfaso wɔ so sen biara a abusua bi betumi ayɛ ho nhyehyɛe mu biako—adeyɛ a awofo benya so mfaso na ayɛ nhwɛso ama mmofra no asua—ne Bible a wɔbɛkenkan no daa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye paa a, monkenkan Bible da biara da. Ɛnyɛ dodow a mobɛkenkan no na ɛho hia titiriw. Nea ɛho hia kɛse ankasa ne yɛ a mobɛyɛ no daa, ne ɔkwan a mobɛfa so ayɛ no no. Wɔ mmofra no fam no, mubetumi atie Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a ɛwɔ kasɛt so aka Bible akenkan no ho, sɛ ebi wɔ mo kasa mu a. Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan no da biara da no boa yɛn ma yɛde Onyankopɔn nsusuwii di kan. Na sɛ ɛnyɛ sɛ ankorankoro biara yɛ ne Bible akenkan a ɛte saa na mmom mobom yɛ sɛ mmusua a, eyi betumi aboa mmusua nyinaa ma wɔanantew Yehowa akwan so. Saa adeyɛ yi na wɔhyɛɛ ho nkuran nnansa yi wɔ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam Ahorow ase wɔ Mmusua—Momma Bible a Mobɛkenkan no Daa Nyɛ Mo Asetra Kwan! drama no mu no.—Dwom 1:1-3.

      17. Ɔkwan bɛn so na abusua Bible akenkan ne kyerɛw nsɛm atitiriw a yɛkyere gu yɛn tirim no boa ma yɛde afotu a ɛwɔ Efesofo 6:4 no di dwuma?

      17 Bible akenkan a abusua bom yɛ ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ ne krataa a efi honhom mu a ɔde kɔmaa Efesofo Kristofo no hyia sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Dɛn na ɛno kyerɛ? Nea “nyansakyerɛ” kyerɛ ankasa ne sɛ “wɔde adwene hyɛ obi mu”; enti wɔhyɛ Kristofo a wɔyɛ agyanom nkuran sɛ wɔmfa Yehowa Nyankopɔn adwene nhyɛ wɔn mma mu—na ɛmmoa mma mmofra no nnya Onyankopɔn adwene. Mmofra no a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakyere kyerɛw nsɛm atitiriw agu wɔn tirim no betumi aboa ma wɔayɛ eyi. Botae no ne sɛ wɔbɛma Yehowa nsusuwii adi mmofra no adwene so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn akɔnnɔ ne wɔn nneyɛe de nkakrankakra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow behyia, sɛ́ awofo wɔ hɔ anaasɛ wonni hɔ. Bible ne adwene a ɛte saa nnyinaso.—Deuteronomium 6:6, 7.

      18. Sɛ worekenkan Bible a, dɛn na ɛho behia na ama (a) woate ase yiye? (b) woanya emu afotu so mfaso? (d) woayɛ nea ɛka fa Yehowa atirimpɔw ho no ho biribi? (e) woanya nea ɛka fa nkurɔfo abrabɔ ne wɔn nneyɛe ho no so mfaso?

      18 Nokwarem no, sɛ Bible benya yɛn asetra so nkɛntɛnso a, ɛsɛ sɛ yɛte nea ɛka no ase. Wɔ nnipa pii fam no, eyi bɛhwehwɛ sɛ wɔkenkan afã bi mpɛn pii. Sɛ yɛbɛte nsɛm bi ase yiye a, ebehia sɛ yɛhwɛ nsɛmfua bi wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma anaa Insight on the Scriptures mu. Sɛ afotu anaa ahyɛde bi wɔ kyerɛwsɛm no mu a, gye bere fa ka tebea ahorow a ɛwɔ yɛn bere yi so a ɛma ɛyɛ nea ɛfata no ho asɛm. Afei wubetumi abisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na afotu yi a yɛde bedi dwuma no so betumi aba yɛn mfaso?’ (Yesaia 48:17, 18) Sɛ kyerɛwsɛm no reka Yehowa atirimpɔw bi ho asɛm a, bisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na eyi fa yɛn asetra ho?’ Ebia worekenkan asɛm bi a ɛka nkurɔfo nneyɛe ne wɔn abrabɔ ho asɛm. Asetram nhyɛso bɛn na na wɔwom? Ɔkwan bɛn so na wodii eyinom ho dwuma? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya wɔn nhwɛso no so mfaso? Nya bere fa susuw sɛnea asɛm no fa yɛn asetra ho nnɛ no ho bere nyinaa.—Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11.

      19. Sɛ yesuasua Onyankopɔn a, na dɛn na yɛde rema yɛn mma?

      19 Ɔkwampa a yɛbɛfa so ama Onyankopɔn nsusuwii anya yɛn adwene ne yɛn koma so nkɛntɛnso bɛn ara ni! Enti wobetumi aboa yɛn ma ‘yɛasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo’ ankasa. (Efesofo 5:1) Na yɛbɛyɛ nhwɛso a ɛfata sɛ yɛn mma suasua ankasa.

  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban—1999 | July 1
    • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua

      “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, “NW”] anom so.”—MATEO 4:4.

      1. Dɛn na Bible ka wɔ asɛyɛde a mmusua ti wɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa akwan no ho?

      YEHOWA NYANKOPƆN kaee mmusua ti asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma no mpɛn pii. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa besiesie mmofra no ama mprempren asetra, na ebetumi aboa asiesie wɔn ama wɔn daakye asetra nso. Ɔbɔfo a na ogyina Onyankopɔn ananmu no kaa Abraham asɛyɛde ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ n’abusua sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛfa Yehowa kwan so.’ (Genesis 18:19) Wɔka kyerɛɛ Israelfo awofo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛnea Onyankopɔn gyee Israel fii Misraim ne sɛnea ɔde ne Mmara maa wɔn wɔ Bepɔw Sinai so wɔ Horeb no. (Exodus 13:8, 9; Deuteronomium 4:9, 10; 11:18-21) Wotu Kristofo mmusua ti fo sɛ wɔntete wɔn mma wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ ɔwofo biako pɛ mpo na ɔsom Yehowa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden kyerɛkyerɛ mmofra no Yehowa akwan.—2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.

      2. Sɛ mmofra nni fie bi mu a, so ehia sɛ wɔyɛ abusua adesua? Kyerɛkyerɛ mu.

      2 Eyi nkyerɛ sɛ mmusua a mmofra wom nko na ɛsɛ sɛ wosua Onyankopɔn Asɛm sɛ abusua. Sɛ okunu ne ɔyere yɛ abusua adesua na mmofra nni fie hɔ mpo a, eyi kyerɛ anisɔ kɛse a wɔwɔ ma honhom fam nneɛma.—Efesofo 5:25, 26.

      3. Dɛn nti na abusua adesua a wɔyɛ no daa ho hia?

      3 Sɛ nkyerɛkyerɛ bɛyɛ biribi pa a, ɛsɛ sɛ wɔde ma daa, ma ɛne asuade a Yehowa de maa Israelfo wɔ sare so no hyia: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so na onipa nam tra ase.” (Deuteronomium 8:3) Mmusua bi betumi ayɛ dapɛn dapɛn adesua ho nhyehyɛe sɛnea abusua no nsɛm tebea te; afoforo betumi ayɛ adesua ntiantiaa da biara da. Nhyehyɛe biara a mobɛpaw no, mommma adesua no nnyɛ nea munya ho a na moyɛ. ‘Montɔ bere’ mma. Ade biara a mobɛhwere wɔ adeyɛ a ɛte saa ho no fata. W’abusuafo nkwa gyina so.—Efesofo 5:15-17; Filipifo 3:16.

      Botae Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wokae

      4, 5. (a) Dɛn na Yehowa nam Mose so de sii awofo anim sɛ botae a ɛho hia sɛ wogyina so kyerɛkyerɛ wɔn mma? (b) Dɛn na ɛno hwehwɛ nnɛ?

      4 Sɛ woyɛ abusua adesua na wowɔ botae ahorow pɔtee wɔ w’adwene mu a, nneɛma pa a ɛsen biara befi mu aba. Susuw nneɛma kakra a ebetumi afi mu aba no ho.

      5 Wɔ adesua biara ase no, hwehwɛ sɛ wobɛhyɛ ɔdɔ a mubenya ama Yehowa Nyankopɔn ho nkuran. Bere a na Israelfo abɔ nsra wɔ Moab asasetaw so, ansa na wɔrehyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose twee wɔn adwene sii ade a na Yesu Kristo bɛka ho asɛm akyiri yi sɛ ɛne “mmara no mu kɛse” no so. Na ɛne dɛn? ‘Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.’ (Mateo 22:36, 37; Deuteronomium 6:5) Mose hyɛɛ Israelfo nkuran sɛ wɔmfa eyi nhyɛ wɔn ankasa komam na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma. Na ɛno bɛhwehwɛ sɛ wotĩ mu, wɔtwe adwene si nea enti a ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa no so, na wodi su ne nneyɛe ahorow a ebetumi aka ɔdɔ a ɛte saa a wɔbɛda no adi ahyɛ no so, na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ Yehowa wɔ wɔn ankasa asetra mu. So yɛn mma hia nkyerɛkyerɛ a ɛte saa? Yiw! Na wɔn nso hia mmoa a ɛbɛma ‘wɔatwa wɔn koma twetia,’ kyerɛ sɛ, wobeyi biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama ɔdɔ a wobeyi no adi akyerɛ Onyankopɔn no afi hɔ. (Deuteronomium 10:12, 16; Yeremia 4:4) Akwanside ahorow a ɛte saa no bi betumi ayɛ wiase nneɛma a wɔn kɔn bɛdɔ ne emu nnwuma a wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ mu. (1 Yohane 2:15, 16) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa mu yɛ hyew, ɛda adi, na ɛka yɛn ma yɛyɛ nneɛma a ɛsɔ yɛn soro Agya no ani. (1 Yohane 5:3) Sɛ w’abusua adesua bɛyɛ nea mfaso wɔ so daa a, ɛsɛ sɛ woyɛ emu biara wɔ ɔkwan a ɛhyɛ saa ɔdɔ yi mu den so.

      6. (a) Dɛn na ehia na yɛatumi ama obi anya nokware nimdeɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si hia a nokware nimdeɛ ho hia so dua?

      6 Ma wonnya Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ho nokware nimdeɛ. Dɛn na ɛno hwehwɛ? Ɛhwehwɛ pii sen nsɛmma nhoma anaa nhoma bi mu mmuae a yetumi kenkan. Mpɛn pii no, ɛhwehwɛ nkɔmmɔ a yɛbɛbɔ de ahwɛ ahu sɛ yɛbɛte nsɛmfua ne adwene titiriw a ɛwom ase pefee. Nokware nimdeɛ ho hia na ama yɛatumi ahyɛ nipasu foforo no, de yɛn adwene asi nneɛma a ɛho hia so bere a yɛredi asetram haw ahorow ho dwuma, na yɛnam saayɛ so ayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa no.—Filipifo 1:9-11; Kolosefo 1:9, 10; 3:10.

      7. (a) Nsɛmmisa bɛn na sɛ yɛde di dwuma a ebetumi aboa abusua no ma wɔde ade a yesua no adi dwuma ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si mfaso a ɛwɔ botae a ɛte saa so dua?

      7 Boa ma wɔmfa nea wosua no nni dwuma. Bere a saa botae yi si w’ani so no, bisa wɔ abusua adesua biara mu sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na ade a yɛresua yi bɛka yɛn asetra? So ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi wɔ nea yɛreyɛ mprempren no ho? Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nsakrae?’ (Mmebusɛm 2:10-15; 9:10; Yesaia 48:17, 18) Nneɛma a yesua a yɛde bedi dwuma yiye no yɛ ade a ɛho hia ma yɛn abusuafo honhom fam nkɔso.

      Fa Nnwinnade a Wɔde Kyerɛkyerɛ no Di Dwuma Nyansam

      8. Nnwinnade a yɛde yɛ Bible adesua bɛn na akoa kuw no ayɛ?

      8 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nnwinnade pii a yebetumi de asua ade. Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a yɛde ka Bible ho di dwuma no wɔ kasa horow 131 mu. Nhoma ahorow a yɛde yɛ Bible adesua wɔ kasa horow 153 mu, nhomawa wɔ kasa horow 284 mu, kasɛt wɔ kasa horow 61 mu, video kasɛt wɔ kasa horow 41 mu, na kɔmputa dwumadi a yɛde yɛ Bible mu nhwehwɛmu no mpo wɔ kasa horow 9 mu!—Mateo 24:45-47.

      9. Sɛ yɛreyɛ abusua Ɔwɛn-Aban adesua a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nkyekyem yi mu no mu afotu adi dwuma?

      9 Mmusua pii de bere a wɔde yɛ abusua adesua no siesie wɔn ho ma asafo Ɔwɛn-Aban Adesua. Hwɛ sɛnea eyi betumi ayɛ mmoa ankasa! Ɔwɛn-Aban no kura honhom fam aduan titiriw a wɔyɛ ma yɛde ahyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa den no. Sɛ musua Ɔwɛn-Aban no sɛ abusua a, monyɛ nea ɛsen nkyekyem ahorow no a mobɛkenkan na moama nsɛmmisa a ɛwɔ ase no ho mmuae no. Mumfi komam nhwehwɛ ntease. Munnye bere nhwehwɛ kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a wɔamfa emu asɛm anka no mu. Ma abusuafo no nka sɛnea nsɛm a ɛte saa no fa nkyekyem a moresusuw ho mu nsɛm no ho. Ma ɛnyɛ nea ɛka koma.—Mmebusɛm 4:7, 23; Asomafo no Nnwuma 17:11.

      10. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama mmofra no de wɔn ho ahyɛ adesua no mu na ayɛ anigye bere ama wɔn?

      10 Sɛ mmofra wɔ mo abusua no mu a, dɛn na mubetumi ayɛ na amma mo adesua no anyɛ ade a moyɛ no daa kɛkɛ, na mmom ayɛ ade a ɛhyɛ den, ɛyɛ anika, ne anigye bere? Bɔ mmɔden ma obiara mfa ne ho nhyem wɔ ɔkwan a ɛfata so na ama mode mo adwene asi ade a moresua no so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe ma abofra biara nsa nka n’ankasa Bible ne nsɛmma nhoma a moresua no bi. Ɔwofo betumi asuasua ɔdɔ a Yesu daa no adi no, na wama abofra kumaa no atra ne nkyɛn pɛɛ, na ebia waka no abata ne ho. (Fa toto Marko 10:13-16 ho.) Abusua ti no betumi ama abofra bi akyerɛkyerɛ mfonini a ɛwɔ adesuasɛm no mu no mu. Obetumi adi kan de kyerɛwsɛm bi ama abofra bi ma wakenkan. Obetumi ama nea wanyin no aka adesuasɛm no mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma ho asɛm.

      11. Nnwinnade foforo a yɛde kyerɛkyerɛ bɛn na wɔayɛ ama yɛn, ɛhe na yebenya bi, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma wɔ abusua adesua mu ma ɛso aba mfaso?

      11 Ɛwom sɛ ebia mode mo nkɔmmɔbɔ no begyina Ɔwɛn-Aban so de, nanso mommma mo werɛ mmfi nnwinnade foforo a yɛde yɛ adesua a ɛwɔ kasa horow pii mu no. Sɛ muhia Bible mu asɛm bi ho nkyerɛkyerɛmu foforo a, mubetumi ahwehwɛ wɔ Insight on the Scriptures mu. Mubetumi anya nsɛmmisa foforo ho mmuae wɔ Watch Tower Publications Index mu, anaa kɔmputa dwumadi a wɔde yɛ nhwehwɛmu a Asafo ti no ayɛ a mode bedi dwuma no so. Sɛ musua sɛnea wɔde saa nnwinnade yi di dwuma, na sɛ mubenya bi mo kasa mu a, ebetumi ayɛ mo abusua adesua no fã a mfaso wɔ so. Bere a mopɛ sɛ mokanyan mmofra no anigye no, mubetumi nso de mo adesua bere no bi asi hɔ ahwɛ Asafo ti no video ahorow a asuade wom no, anaa moatie drama mu asɛm bi wɔ kasɛt so na afei moasusuw ho. Saa nnwinnade a yɛde sua ade yi a mode bedi dwuma yiye no betumi aboa ma mo abusua adesua ayɛ anigye ne nea mfaso wɔ so ma abusua mũ no nyinaa.

      Ma Ɛmfa W’abusua Ahiade Ho

      12. Ɔkwan bɛn so na abusua adesua betumi adi abusua ahiade a egye ntɛmpɛ ho dwuma?

      12 Ebia w’abusua taa sua Ɔwɛn-Aban a yebesua wɔ dapɛn no mu no. Nanso bɔ mmɔden hu w’abusua no ahiade. Sɛ ɛna no nyɛ adwuma a, ebia obetumi anya bere ama mmofra no wɔ bere a wɔafi sukuu aba fie da biara da no. Wobetumi adi tebea ahorow bi ho dwuma saa bere no; afoforo wɔ hɔ a ebehia sɛ mosan di ho dwuma akyiri yi. Sɛ abusua no ahiade bi wɔ hɔ a egye ntɛmpɛ a, mummmu mo ani nngu so. (Mmebusɛm 27:12) Ɛnyɛ sukuu mu haw ahorow nko na ɛsɛ sɛ mohwɛ di ho dwuma, na mmom nsɛm tebea foforo nso. Paw asɛm a ɛfata, na di kan ma abusua no nhu ade a mubesua no.

      13. Dɛn nti na nkɔmmɔ a abusua bɛbɔ afa sɛnea wobegyina ohia ano ho no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so?

      13 Sɛ nhwɛso no, asase sofo fã kɛse no ara na wodi hia; enti wɔ mmeae pii no, ebia ɛho behia sɛ mususuw sɛnea mubegyina ano ho. So abusua adesua a ɛfa asetram nsɛm tebea ne Bible mu nnyinasosɛm ho so bɛba w’abusua no mfaso?—Mmebusɛm 21:5; Ɔsɛnkafo 9:11; Hebrifo 13:5, 6, 18.

      14. Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama nkɔmmɔ a abusua bɛbɔ afa adwene a Yehowa wɔ wɔ basabasayɛ, ɔko, ne afã biara a Kristofo nni ho no ayɛ nea ɛfata?

      14 Ade foforo a ɛfata sɛ mususuw ho ne basabasayɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma Yehowa adwene da yɛn adwene ne yɛn koma so pintinn. (Genesis 6:13; Dwom 11:5) Abusua adesua a ɛfa asɛm yi ho betumi ayɛ nea mubegyina so asusuw sɛnea mubedi nsisi a ɛkɔ so wɔ sukuu mu ho dwuma, sɛ ebia mmofra no de wɔn ho bɛhyɛ ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi mu, ne sɛnea mobɛpaw anigyede a ɛfata. Akodi a ɛyɛ hu abu so; ɛkame ayɛ sɛ ɔmanko, amammuisɛm anaa mmusua ntam ntɔkwaw, anaa basabasayɛfo ntam akodi rekɔ so wɔ ɔman biara mu. Ne saa nti, ɛho behia sɛ w’abusua no susuw sɛnea mobɛkɔ so akura Kristofo abrabɔ mu bere a akuw a wɔredi ako no atwa mo ho ahyia no.—Yesaia 2:2-4; Yohane 17:16.

      15. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho nkyerɛkyerɛ mma mmofra?

      15 Bere a mmofra renyin no, ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho nsɛm sɛnea ɛfata mfe a wɔadi no. Wɔ aman bi mu no, awofo dodow no ara ne wɔn mma nka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm. Mmofra a wonni ho nimdeɛ no betumi anya ho adwene a ɛnteɛ afi mmofra foforo hɔ, na nea ebefi mu aba no betumi ayɛ asiane. So ɛrenyɛ papa sɛ yebesuasua Yehowa, a ɔde asɛm yi ho afotu a ɛyɛ tẽẽ nanso ɛfata ma wɔ Bible mu no? Onyankopɔn afotu bɛboa yɛn mma ma wɔanya obu ama wɔn ho na wɔne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu adi nsɛm wɔ nidi mu. (Mmebusɛm 5:18-20; Kolosefo 3:5; 1 Tesalonikafo 4:3-8) Sɛ moabɔ saa nneɛma yi ho nkɔmmɔ dedaw mpo a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ mobɛsan abɔ ho nkɔmmɔ bio. Sɛ nsɛm tebea foforo sɔre a, nsɛm mu a wubetĩ ho hia.

      16. (a) Bere bɛn na mmusua pii yɛ wɔn abusua adesua? (b) Ɔkwan bɛn so na woadi akwanside ahorow ho dwuma, na ama woatumi ayɛ w’abusua adesua daa?

      16 Bere bɛn na mubetumi ayɛ abusua adesua? Mmusua pii yɛ wɔn abusua adesua Dwoda anwummere de suasua sɛnea Betel mmusua a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ wɔn de no. Afoforo de yɛ soronko. Wɔ Argentina no, abusua bi a emu nnipa yɛ 11, a emu mmofra yɛ 9 no, sɔre daa anɔpa nnɔnnum yɛ wɔn abusua adesua. Esiane sɛ na bere a wɔde yɛ wɔn nnwuma gu ahorow nti, na wontumi nyɛ no bere foforo biara. Na ɛnna fam, nanso ɛkaa mmofra no adwene ne wɔn koma ma wohuu hia a abusua adesua ho hia. Wɔ Philippines no, na ɔpanyin bi ne ne yere ne ne mma baasa yɛ abusua adesua daa, bere a na wɔrenyin no. Na awofo no ne mmofra no mu biara sua ade wɔ dapɛn no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara begye nokware no atom. Wɔ United States no, onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo ne ne mma bɔ anan nantew ma wɔkɔforo sukuu bɔs anɔpa biara. Bere a wɔretwɛn bɔs no, wɔde bɛyɛ simma du kenkan Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi susuw ho, na afei ɛna no bɔ mpae tiawa ansa na mmofra no aforo bɔs no. Wɔ Democratic Republic of Congo no, na ɛsɛ sɛ ɔbea bi a ne kunu a onnye nni aguan agyaw n’abusua no yere ne ho sua ade esiane sɛ ne nhomanim nkɔ akyiri nti. Ne babarima a wanyin boa no denam sra a ɔkɔsra abusua no dapɛn biara, na odi adesua a ne maame ne ne nuabarimanom nkumaa yɛ anim no so. Ɛna no yɛ nhwɛso pa denam nsiyɛ a ɔde siesie ne ho ma adesua no so. So tebea bi wɔ w’abusua mu a ɛma abusua adesua a mobɛyɛ no daa yɛ den? Mpa abaw. Fi komam hwehwɛ Yehowa nhyira wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ abusua Bible adesua daa no so.—Marko 11:23, 24.

      Animia so Akatua Ahorow

      17. (a) Dɛn na ehia na ama woatumi ayɛ abusua adesua daa? (b) Osuahu bɛn na ɛma yehu mfaso a ɛwɔ Yehowa akwan a yɛde kyerɛkyerɛ abusua daa no so?

      17 Nhyehyɛe ho hia. Egye animia. Nanso abusua adesua a wɔyɛ no daa so mfaso som bo yiye. (Mmebusɛm 22:6; 3 Yohane 4) Franz ne Hilda a wɔwɔ Germany no hyehyɛɛ abusua a mmofra 11 wom. Mfe bi akyi no, wɔn babea Magdalena kae sɛ: “Ade a misusuw sɛ na ɛho hia sen biara nnɛ ne sɛ, da koro mpo ampa yɛn ti so a yɛannya honhom fam akwankyerɛ bi.” Bere a ɔmampɛ honhom mu bɛyɛɛ den wɔ Adolf Hitler bere so no, Magdalena papa de Bible no siesiee n’abusua no maa sɔhwɛ ahorow a ohui sɛ ɛreba no. Bere kɔɔ so no, wɔkyeree abusua no mufo a wosusua no koguu mmofrabɔne sukuu mu; wɔkyeree abusua no mufo a aka no koguu afiase ne nneduaban mu. Wokum ebinom. Wɔn nyinaa kuraa wɔn gyidi mu pintinn—ɛnyɛ ɔtaa bere a na emu yɛ den no mu nko, na mmom, wɔ wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu fam no, mfe a edii hɔ no mu nso.

      18. Ɔkwan bɛn so na wɔatua awofo a wonni ahokafo mmɔdenbɔ so ka?

      18 Awofo a wonni ahokafo pii, ne wɔn a wɔne wɔn ahokafo nni ɔsom biako mu, nso de Bible akwankyerɛ ama wɔn mma daa. Ɛna bi a onni ɔhokafo a ɔyɛ okunafo a ɔwɔ India yɛɛ adwumaden de Yehowa ho dɔ duaa ne mma baanu mu. Nanso, n’abam bui bere a ne babarima ne Yehowa nkurɔfo gyaee abusuabɔ no. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa mfomso biara a odii wɔ ne babarima no ntetee mu no nkyɛ no. Nanso, na ne babarima no werɛ mfii nea na wasua no ankasa. Bɛboro mfe du akyi no, ɔsan bae benyaa honhom fam nkɔso pii, na ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin. Mprempren ɔne ne yere de wɔn bere nyinaa som sɛ daa akwampaefo. Hwɛ aseda ara a awofo a wɔde Yehowa ne n’ahyehyɛde no afotu a ese yɛmfa Bible nkyerɛkyerɛ yɛn mma daa wɔ abusua mu no dii dwuma no de ma! So wode saa afotu no redi dwuma wɔ w’abusua mu?

      So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

      ◻ Dɛn nti na abusua adesua a wɔyɛ no daa ho hia?

      ◻ Botae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ abusua adesua biara mu?

      ◻ Nnwinnade a wɔde kyerɛkyerɛ bɛn na wɔayɛ ama yɛn?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama adesua afã yɛn abusua ahiade ho?

      [Kratafa 15 mfonini]

      Botae ahorow pɔtee a wode besi w’ani so betumi ama w’abusua adesua atu mpɔn

  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
    Ɔwɛn-Aban—1999 | July 1
    • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo

      “Asafo ahyiae mu na mehyira [Yehowa, “NW”].”—DWOM 26:12.

      1. Ade a yesua ne mpae a yɛbɔ wɔ fie akyi no, dɛn ne nokware som fã foforo a ɛho hia?

      YEHOWA som nyɛ mpaebɔ ne Bible adesua a yɛyɛ wɔ ofie nko, na mmom, ɛyɛ dwuma a yedi sɛ Onyankopɔn asafo no mufo nso. Wɔhyɛɛ tete Israelfo sɛ ‘ɔman no mu mmarima ne mmea ne mmofra mmɔ gua,’ na wonsua Onyankopɔn mmara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnantew ne kwan so. (Deuteronomium 31:12; Yosua 8:35) Wɔhyɛɛ mpanyin ne ‘mmerante ne mmabaa’ nyinaa nkuran sɛ wonyi Yehowa din ayɛ. (Dwom 148:12, 13) Nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ Kristofo asafo no mu. Wɔ Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, mmarima, mmea, ne mmofra de wɔn ho hyɛ dwumadi ahorow a ɛhwehwɛ sɛ atiefo no nya mu kyɛfa no mu, na bebree ani gye kɛse sɛ wonya mu kyɛfa.—Hebrifo 10:23-25.

      2. (a) Dɛn nti na ahosiesie yɛ ade titiriw a ɛboa mmofra ma wɔn ani gye wɔ asafo nhyiam ahorow ase? (b) Henanom nhwɛso na ɛho hia?

      2 Nokwarem no, mmofra a yɛbɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ asafo no mu nnwuma a ɛma denhyɛ mu no betumi ayɛ asɛnnennen. Sɛ ɛda adi sɛ mmofra a wɔne wɔn awofo kɔ asafo nhyiam ahorow no ani nnye ho a, na efi dɛn? Nokwarem no, mmofra dodow no ara na wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi so bere tenten, na ɛnkyɛ na wɔn ani ahaw. Ahosiesie betumi aboa ma wɔadi ɔhaw yi so. Sɛ mmofra ansiesie wɔn ho a, wontumi nnya asafo nhyiam ahorow mu kyɛfa sɛnea ɛfata. (Mmebusɛm 15:23) Sɛ wɔansiesie wɔn ho a, ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobenya honhom fam nkɔso a ɛma abotɔyam. (1 Timoteo 4:12, 15) Dɛn na yebetumi ayɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ so wɔn ankasa siesie wɔn ho ma asafo nhyiam ahorow anaa. Wɔn nhwɛso yɛ nkɛntɛnso a emu yɛ den. (Luka 6:40) Abusua adesua a wɔyɛ ho nhyehyɛe yiye nso betumi ayɛ ade a ɛho hia.

      Koma no a Yɛbɛhyɛ no Den

      3. Wɔ abusua adesua mu no, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden titiriw hyɛ koma no den, na dɛn na eyi hwehwɛ?

      3 Ɛnsɛ sɛ abusua adesua yɛ bere a yɛde nimdeɛ hyɛ yɛn tirim kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ bere a yɛde hyɛ koma den nso. Eyi hwehwɛ sɛ yehu ɔhaw ahorow a abusua no mufo hyia na yefi ɔdɔ mu susuw emuni biara ho. Yehowa ‘hwehwɛ koma mu.’—1 Beresosɛm 29:17, NW.

      4. (a) Dɛn na ‘koma a enni mũ’ no kyerɛ? (b) Dɛn na ‘koma a wɔhwehwɛ’ no kyerɛ?

      4 Sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn mma komam a, dɛn na ohu? Wɔn mu dodow no ara ka sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, na ɛno fata nkamfo. Nanso, abofra anaa obi a ɔresua Yehowa ho ade foforo no nni Yehowa akwan ho nimdeɛ pii. Esiane sɛ onni osuahu nti, obetumi ayɛ obi a “ne koma nni mũ,” sɛnea Bible ka no no. Ebia ɛnyɛ adwene a ɔwɔ nyinaa na enye, na mmom egye bere na ama obi koma abɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa. Eyi hwehwɛ sɛ onii no ma n’asetram nsusuwii, n’apɛde, ɔdɔ a ɔwɔ, ne nkate, ne ne botae ahorow ne nea Onyankopɔn pɛ hyia kodu baabi a nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi. Sɛ obi nwene ne nipasu wɔ Onyankopɔn kwan so saa a, na ‘ɔrehwehwɛ koma.’—Mmebusɛm 9:4, NW; 19:8.

      5, 6. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma ‘wɔanya koma’?

      5 So awofo betumi aboa wɔn mma ma ‘wɔanya koma’? Nokwarem no, onipa biara nni hɔ a obetumi de tebea pa ahyɛ onipa foforo komam. Ɔde ɔpɛ mu a yefi paw nea yɛpɛ adom yɛn mu biara, na egyina nneɛma a yɛn ankasa susuw ho so kɛse. Nanso, mpɛn pii na awofo betumi de nhumu ama wɔn ba aka ne komam asɛm akyerɛ wɔn, na ama wɔahu nea ɛwɔ ne komam ne baabi a ehia sɛ wɔboa no. Fa nsɛmmisa te sɛ ‘Wote nka dɛn wɔ eyi ho?’ ne ‘Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ ankasa?’ di dwuma. Afei, fa boasetɔ tie. Ɛnyɛ ade ntra so. (Mmebusɛm 20:5) Sɛ wopɛ sɛ wudu komam a, ɛho hia sɛ woda ayamye, ntease, ne ɔdɔ adi.

      6 Sɛ mubetumi ama wɔn koma atɔ akɔ nneɛma pa so daa a, mo ne wɔn ntaa mmɔ honhom aba ho nkɔmmɔ—ɛho ade biara—na mommom nyɛ adwuma sɛ abusua na ama moatumi asow. (Galatifo 5:22, 23) Ma wonnya ɔdɔ mma Yehowa ne Yesu Kristo, ɛnyɛ sɛ wobɛka kɛkɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na mmom denam nkɔmmɔ a mobɛbɔ afa nea enti a ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn ne ɔkwan a yɛbɛfa so ada saa ɔdɔ no adi ho so. (2 Korintofo 5:14, 15) Hyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no mu den denam mfaso a ebefi mu aba a mubesusuw ho so. Hyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛkwati nsusuwii bɔne, kasafĩ, ne nneyɛe bɔne no mu den denam nneɛma bɔne a efi mu ba ho nkɔmmɔ a mobɛbɔ so. (Amos 5:15; 3 Yohane 11) Kyerɛ wɔn sɛnea nsusuwii, ɔkasa, ne nneyɛe—sɛ́ eye anaa enye—betumi aka obi ne Yehowa ntam abusuabɔ.

      7. Dɛn na yebetumi ayɛ aboa mmofra ma wɔadi ɔhaw ahorow ho dwuma na wɔasisi gyinae wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa so?

      7 Sɛ abofra bi hyia ɔhaw bi anaa ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a ɛho hia a, yebetumi abisa no sɛ: ‘Wususuw sɛ Yehowa bu eyi dɛn? Dɛn na wunim wɔ Yehowa ho a ɛma woka saa? So woabɔ no ho mpae?’ Fi ase ntɛm sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa de aboa wo mma ma wɔanya asetra bi a ɛbɛma wɔafi wɔn komam abɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobehu Onyankopɔn apɛde na wɔadi so. Sɛ wɔne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den a, wɔn ani begye sɛ wɔafa n’akwan so. (Dwom 119:34, 35) Eyi bɛma wɔanya anisɔ sɛ wɔwɔ nokware Nyankopɔn asafo no mu.

      Ahosiesie a Mobɛyɛ Ama Asafo Nhyiam Ahorow

      8. (a) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma a ehia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn abusua adesua mu nyinaa? (b) Saa adesua yi ho hia dɛn?

      8 Nneɛma pii wɔ hɔ a ebehia sɛ mususuw ho bere a moreyɛ abusua adesua no. Mobɛyɛ dɛn atumi asusuw ne nyinaa ho? Ɛrenyɛ yiye sɛ wobɛyɛ biribiara wɔ bere koro mu. Nanso, ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛhyehyɛ. (Mmebusɛm 21:5) Hwɛ mu bere ne bere mu na hwɛ nea ehia sɛ wudi ho dwuma ntɛm. Ma abusua no muni biara nkɔso ho nhia wo yiye. Abusua adesua ho nhyehyɛe yi yɛ Kristofo ntetee no fã a ɛho hia, na esiesie yɛn ma asetra a yɛwom yi ne daa nkwa a ɛreba no.—1 Timoteo 4:8.

      9. Ahosiesie a yɛyɛ ma asafo nhyiam ho botae ahorow bɛn na yebetumi adi ho dwuma nkakrankakra wɔ yɛn abusua adesua ahorow mu?

      9 So ahosiesie a wɔyɛ ma asafo nhyiam ahorow no ka mo abusua adesua ho? Bere a mobom sua ade no, nneɛma bi wɔ hɔ a mubetumi adi ho dwuma nkakrankakra. Eyinom bi betumi agye adapɛn, asram, anaa mfe bi na mode adi ho dwuma. Susuw saa botae ahorow yi ho: (1) mmuae a abusua no muni biara befi ne pɛ mu ama wɔ asafo nhyiam ahorow ase; (2) mmuae a wɔn mu biara de n’ankasa nsɛm bɛma ho dwuma a obedi; (3) kyerɛw nsɛm a wɔde bɛba wɔn mmuae mu; ne (4) asɛm no a wobesusuw ho na wɔahu sɛnea wɔn ankasa de bedi dwuma wɔ wɔn asetram. Eyinom nyinaa betumi aboa wɔn mu biara ma wagye nokware no atom.—Dwom 25:4, 5.

      10. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn adwene asi yɛn asafo nhyiam ahorow no mu biara so? (b) Dɛn nti na mfaso wɔ eyi a yɛbɛyɛ so?

      10 Sɛ Ɔwɛn-Aban mu adesuasɛm a yebesua wɔ dapɛn no mu na motaa de yɛ mo abusua adesua mpo a, mummmu mo ani nngu ahosiesie a mobɛyɛ sɛ ankorankoro anaa abusua ama Asafo Nhoma Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam so. Eyinom nso yɛ nhyehyɛe a wɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛnantew Yehowa kwan so no afã a ɛho hia. Ebia mubetumi asiesie mo ho sɛ abusua wɔ bere ne bere mu. Sɛ mobom sua ade a, mo ho bɛkokwaw wɔ adesua yɛ mu. Ne saa nti, nneɛma pa pii befi asafo nhyiam ahorow no mu aba. Nneɛma a ɛsɛ sɛ mususuw ho no bi ne mfaso horow a ɛwɔ ahosiesie a mobɛyɛ ama saa nhyiam ahorow yi ne hia a ɛho hia sɛ mode bere pɔtee besi hɔ ayɛ no so.—Efesofo 5:15-17.

      11, 12. Ɔkwan bɛn so na ahosiesie a yɛbɛyɛ ama asafo dwonto so bɛba yɛn mfaso, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

      11 Wɔ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam ahorow ase no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensiesie yɛn ho mma asafo nhyiam no fã foforo—nnwonto. So moayɛ saa? Saa a yɛbɛyɛ no betumi aboa ma Bible mu nokware ahorow ada yɛn adwene ne yɛn koma so, na bere koro no ara no, ama anigye a yenya wɔ asafo nhyiam ahorow ase no ayɛ kɛse.

      12 Ahosiesie a yɛbɛyɛ akenkan nnwom a yɛbɛto no bi mu nsɛm na yɛasusuw nea ɛkyerɛ ho no betumi aboa yɛn ma yɛafi komam ato. Wɔ tete Israel no, na wɔde nnwinnade a wɔde bɔ nnwom di dwuma daa wɔ ɔsom mu. (1 Beresosɛm 25:1; Dwom 28:7) So obi wɔ w’abusua no mu a onim adwinnade a wɔde bɔ nnwom bi bɔ? Dɛn nti na momfa saa adwinnade no mmobɔ Ahenni nnwom a yɛbɛto wɔ dapɛn no mu no biako so, na afei monto dwom no sɛ abusua. Ɔkwan foforo ne sɛ mode nnwom a wɔakyere agu kasɛt so bedi dwuma. Wɔ nsase bi so no, yɛn nuanom to dwom dɛdɛ a sanku nka ho. Mpɛn pii na wɔto nnwom a yɛbɛto wɔ asafo nhyiam ahorow ase saa dapɛn no, bere a wɔnam kwan so anaa bere a wɔreyɛ wɔn nnwuma wɔ afuw mu no.—Efesofo 5:19.

      Abusua Ahosiesie Ma Asɛnka Adwuma

      13, 14. Dɛn nti na mfaso wɔ abusua nkɔmmɔbɔ a esiesie yɛn koma ma asɛnka adwuma no so?

      13 Yehowa ne n’atirimpɔw ho adanse a yebedi afoforo no yɛ yɛn asetram dwumadi a ɛho hia. (Yesaia 43:10-12; Mateo 24:14) Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, sɛ yesiesie yɛn ho a, yenya saa adwuma yi mu anigye kɛse, na yetumi yɛ nneɛma pa pii. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi wɔ abusua mu?

      14 Ɛho hia sɛ yesiesie yɛn koma, sɛnea yɛyɛ wɔ biribiara a ɛfa yɛn som ho mu no. Ɛnyɛ nea yɛrekɔyɛ nko na ɛsɛ sɛ yesusuw ho na mmom nea enti a yɛrekɔyɛ nso. Wɔ Ɔhene Yehosafat bere so no, wɔde Onyankopɔn mmara maa ɔman no, nanso Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na ‘wonnya nsiesiee wɔn koma.’ Eyi ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdaadaa wɔn ma wɔagyae nokware som. (2 Beresosɛm 20:33; 21:11) Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebetumi abu nnɔnhwerew a yɛde yɛ asɛnka adwuma ho akontaa kɛkɛ, anaasɛ yɛde nhoma bɛma ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛn som adwuma no yɛ ɔdɔ a yeyi no adi kyerɛ Yehowa ne nnipa a ehia sɛ wonya hokwan paw nkwa no. (Hebrifo 13:15) Ɛyɛ adwuma a yɛyɛ sɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.” (1 Korintofo 3:9) Hokwan bɛn ara ni! Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no a, yɛyɛ saa de tie abɔfo kronkron no asɛm. (Adiyisɛm 14:6, 7) Bere pa biara nni hɔ a yebetumi anya de ahyɛ anisɔ a yɛwɔ ma eyi mu den sen sɛ yɛbɛbom asusuw ho sɛ abusua, sɛ́ ɛyɛ yɛn dapɛn dapɛn adesua ase anaa bere a yɛresusuw kyerɛwsɛm bi a ɛfa asɛnka adwuma ho wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu no!

      15. Bere bɛn na yebetumi asiesie yɛn ho ama asɛnka adwuma no sɛ abusua?

      15 So ɛyɛ a bere ne bere mu no wode bere a mode yɛ mo abusua adesua no bi boa w’abusuafo ma wosiesie wɔn ho ma asɛnka adwuma dapɛn no? Saa a wobɛyɛ no betumi ayɛ mfaso kɛse. (2 Timoteo 2:15) Ebetumi aboa ma wɔn asɛnka adwuma ayɛ nea mfaso wɔ so na ɛsow aba. Bere ne bere mu no, mubetumi de bere a mode yɛ adesua no nyinaa asiesie mo ho wɔ saa kwan no so. Mpɛn pii no, mubetumi adi asɛnka adwuma ho dwuma wɔ nkɔmmɔ ntiatiaa a mobɛbɔ mu wɔ abusua adesua no awiei anaa bere foforo wɔ dapɛn no mu.

      16. Ka mfaso a ɛwɔ akwan a wɔabobɔ din wɔ nkyekyem yi mu biara so no ho asɛm.

      16 Abusua ahosiesie betumi agyina nneɛma te sɛ nea edidi so yi so: (1) Munsiesie asɛm a wɔka kyerɛ a moabobɔ so yiye a kyerɛwsɛm ka ho a sɛ hokwan wɔ hɔ a mobɛkenkan afi Bible mu. (2) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, hwɛ ma obiara nsa nka n’ankasa asɛnka bag, Bible, nhoma a wɔkyerɛkyerɛw mu, pɛn anaa pɛnsere, kratawa, ne nhoma foforo a ɛho yɛ fɛ. Enhia sɛ asɛnka bag bɛyɛ nea ne bo yɛ den, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho tew. (3) Munsusuw baabi a ɛsɛ sɛ mudi adanse wɔ bɔnnɔ so ne sɛnea ɛsɛ sɛ moyɛ no ho. Hwɛ akwankyerɛ yi mu fã biara wɔ mmere a mobom yɛ asɛnka adwuma no. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛhyɛ nkuran ma, nanso ntu fo wɔ nneɛma pii ho.

      17, 18. (a) Sɛ́ abusua no, ahosiesie bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn asɛnka adwuma asow aba pii? (b) Ahosiesie yi fã bɛn na yebetumi ayɛ dapɛn biara?

      17 Adwuma a Yesu Kristo de gyaw n’akyidifo no fã kɛse ne asuafoyɛ adwuma no. (Mateo 28:19, 20) Asuafoyɛ adwuma hwehwɛ pii sen asɛnka. Egye nkyerɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so na w’abusua adesua betumi aboa ma woatu mpɔn wɔ eyi mu?

      18 Sɛ́ abusua no, munsusuw onipa a ɛfata sɛ mokɔ ne nkyɛn sankɔhwɛ ho. Ebinom betumi ayɛ wɔn a wogyee nhoma; ebinom betumi ayɛ wɔn a wotiei kɛkɛ. Ebetumi ayɛ wɔn a muhyiaa wɔn wɔ afie afie adwuma mu anaa bɔnnɔ so adansedi mu wɔ gua so anaa sukuu mu. Momma Onyankopɔn Asɛm nkyerɛ mo kwan. (Dwom 25:9; Hesekiel 9:4) Munsi wɔn mu nea mopɛ sɛ mokɔsra no saa dapɛn no ho gyinae. Dɛn na mobɛka ho asɛm? Nkɔmmɔ a mobɛbɔ sɛ abusua no betumi aboa emuni biara ma wasiesie ne ho. Monhyɛ kyerɛw nsɛm pɔtee a mopɛ sɛ mo ne anigyefo kenkan ne Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu asɛm a ɛfata no nsow. Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛkasa pii wɔ nsrahwɛ biako mu. Momfa asɛmmisa bi a mubeyi ano wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu nsi ofiewura no anim. Dɛn nti na mommfa nnka mo abusua nhyehyɛe ho dapɛn biara sɛ mobɛyɛ sankɔhwɛ a abusua no muni biara bɛyɛ ho nhyehyɛe, bere a ɔbɛkɔ, ne nea ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ. Eyi a mobɛyɛ no betumi aboa ma abusua mũ no nyinaa asɛnka adwuma asow aba pii.

      Monkɔ so Nkyerɛkyerɛ Wɔn Yehowa Kwan

      19. Sɛ abusuafo bɛkɔ so anantew Yehowa kwan so a, dɛn na ɛsɛ sɛ wonya, na dɛn na ɛma wonya eyi?

      19 Abusua ti a wobɛyɛ wɔ wiase bɔne yi mu no yɛ asɛnnennen. Satan ne n’adaemone bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Yehowa asomfo honhom fam yiyedi. (1 Petro 5:8) Afei nso, awofo, mowɔ nhyɛso kɛse ase nnɛ, titiriw awofo a munni ahokafo no. Ɛyɛ den sɛ mubenya bere ayɛ nneɛma a mopɛ sɛ moyɛ nyinaa. Nanso sɛ mobɔ mmɔden tumi de nyansahyɛ biako mpo di dwuma wɔ bere koro mu, na mode nkakrankakra ma mo abusua adesua nhyehyɛe tu mpɔn a, ɛfata. Hu a wubehu sɛ wɔn a wɔbɛn wo pɛɛ renantew nokware mu wɔ Yehowa kwan so no yɛ akatua a ɛma abotɔyam. Sɛ abusuafo betumi anantew Yehowa kwan so yiye a, ɛsɛ sɛ wɔn ani gye wɔ asafo nhyiam ahorow ase ne bere a wɔwɔ asɛnka adwuma no mu no. Sɛ ebetumi aba saa a, egye ahosiesie—ahosiesie a ɛhyɛ koma den, na esiesie obiara ma onya mu kyɛfa sɛnea ɛfata.

      20. Dɛn na ebetumi aboa awofo pii ma wɔanya anigye a wɔaka ho asɛm wɔ 3 Yohane 4 no bi?

      20 Bere a ɔsomafo Yohane reka wɔn a na wɔaboa wɔn wɔ honhom fam ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Abusua adesua ahorow a wɔde botae horow pɔtee yɛ ne mmusua ti a wofi ayamye mu di abusuafo ankorankoro ahiade ho dwuma na wɔboa wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so no betumi ayɛ pii ma abusua no anya anigye a ɛte saa. Sɛ awofo ma wɔn mmusua nya Onyankopɔn asetra kwan ho anisɔ a, na wɔreboa wɔn ma wɔanya asetra kwan a eye sen biara.—Dwom 19:7-11.

      So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

      ◻ Dɛn nti na ahosiesie a yɛbɛyɛ ama asafo nhyiam ho hia kɛse ma yɛn mma?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma ‘wɔanya koma’?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na yɛn abusua adesua betumi aboa ma yɛasiesie yɛn ho ama asafo nhyiam ahorow no nyinaa?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na ahosiesie a yɛbɛyɛ ama asɛnka adwuma sɛ abusua no bɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn kɛse?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena