Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/00 kr. 1
  • “Monwɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monwɛn”
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ So Nwɛn”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Monkɔ So Nwɛn Wɔ “Awiei Bere No” Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Anigye Ne Wɔn a Wɔwɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Kɔ So Ka Asɛm No Denneennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 5/00 kr. 1

“Monwɛn”

1 Bere a Yesu kaa nneɛma a ɛyɛ hu a ebesisi wɔ awiei bere mu ho asɛm wiei no, otuu n’asuafo no fo sɛ ‘wɔnwɛn.’ (Marko 13:33) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo wɛn? Efisɛ yɛte adesamma abakɔsɛm mu bere a ɛyɛ hu sen biara mu. Ɛnsɛ sɛ yɛtɔ nko wɔ honhom fam. Nko a yɛbɛtɔ no bɛma yɛabu yɛn ani agu adwuma a Yehowa de ama sɛ yɛnyɛ wɔ awiei bere yi mu no so. Dɛn ne saa adwuma yi?

2 Yehowa ahyɛ n’asomfo sɛ wɔnka N’ahenni—adesamma anidaso koro pɛ—no ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Onyankopɔn ahyehyɛde no a yɛne no bɛbom ayɛ adwuma no da yɛn adi sɛ nokware Kristofo a yɛn ani ku mmere no ho na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛka “daa nkwa nsɛm” akyerɛ afoforo. (Yoh. 6:68) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a ɛho hia kɛse yi a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛn ani da hɔ wɔ honhom mu.

3 Ɛsɛ sɛ Yenya Ɔpɛ sɛ Yɛbɛka Asɛm No: Sɛ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn som adwuma no ho hia yɛn. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo no na ɛka yɛn ma yɛka asɛm no. (1 Kor. 9:16, 17) Saa a yɛyɛ no begye yɛne yɛn atiefo nkwa. (1 Tim. 4:16) Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde bere pii bɛka nniso a ɛsen biara a adesamma betumi anya—Onyankopɔn Ahenni—no ho asɛm daa!

4 Yɛma gye a asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn kɛse—ahohiahia kɛse no bɛba bere a yɛda so reka asɛm no. Da no ne dɔn ko no a yennim no hwehwɛ sɛ yɛwɛn bere nyinaa na yɛbɔ Yehowa mpae. (Efe. 6:18) Trɛw ara na yɛn asɛnka adwuma no gu so retrɛw. Nanso, ɛrenkyɛ koraa, adansedi adwuma a ɛsen biara wɔ onipa abakɔsɛm mu no bɛba awiei.

5 Momma yemfi nokwaredi mu ntie Yesu ahyɛde a ɛse ‘yɛnwɛn no.’ Ɛnnɛ ne bere a ehia sen biara sɛ yɛwɛn. Ɛmmra sɛ yɛbɛma ahyɛde yi ho ahia yɛn kɛse. Momma yɛnkɔ so nwɛn wɔ honhom mu na yɛnyɛ pii wɔ Yehowa som mu ɛnnɛ ne daa nyinaa. Yiw, “momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.”—1 Tes. 5:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena