Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/00 kr. 1
  • Hokwan a Mmofra Wɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hokwan a Mmofra Wɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Efi Ɔko Mu Kɔɔ Abusua Mu Asomdwoe Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Awofo—So Mo Mma Renyin Honhom Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 5/00 kr. 1

Hokwan a Mmofra Wɔ

1 Awofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no kae adwuma bi a, wɔn mmofraberem no, na wɔn ani gye ho kɛse bere a na wɔrenyin wɔ nokware no mu no—Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ. Wofii saa adwuma no ase wɔ asafo biara mu wɔ 1949 mu. Na ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden de da koro wɔ dapɛn biara mu kɔkyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ mmɔnten so, afie afie, sotɔɔ ahorow mu, ne mmeae foforo. Na mmofra a wɔyɛ adawurubɔfo no titiriw wɔ ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛyɛ adwuma yi bi efisɛ na ɛbɛma wɔanya hokwan ayɛ adwuma koro no ara a mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu yɛ no bi. So na eyi te saa wɔ wo fam bere a na woyɛ abofra no?

2 Kyerɛ Wo Mma Sɛnea Wɔyɛ No: Mmofra nkumaa a wontumi mfi Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie afie no mpo betumi de nsɛmma nhoma ama. Ɛhwehwɛ sɛ wosua sɛnea wɔbɛka nsɛm ntiatiaa de afi nkɔmmɔbɔ ase. Ebia nsɛmma nhoma no akyi mfonini ho asɛm kakraa bi a wɔbɛka no ara fata. Afiewuranom pii de anigye gye nsɛmma nhoma a yɛn mmofra no de ma no, na wɔtaa ka mmofra yi nokwaredi ne wɔn suban pa no ho asɛm. Ɛdenam mmoa kakraa bi a yɛde bɛma mmofra yi so no, wɔn nso betumi ayɛ adwuma yi bi, na wɔaboa ama Ahenni ho asɛm a yɛka no akɔ so. Ɛda adi sɛ bere a mmofra no renyin no, wɔn awofo bɛpɛ sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔn ho akokwaw kɛse wɔ adansedi adwuma no mu.

3 Manuel fii afie afie asɛnka ase bere a na wadi mfe abiɛsa. Na n’awofo kyerɛ no sɛnea ɔbɛka asɛntiaa de afi nkɔmmɔbɔ ase. Ɔne n’awofo yɛ asɛnka adwuma no denneennen, na ɔma nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nkratawa pii. Odi nkurɔfo adanse wɔ bɔnnɔ so nso. Bere bi a n’awofo ne no kɔɔ ahomegyebea bi no, ɔbɔɔ mmɔden de nkratawa momaa nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no. Ɛwom sɛ Manuel da so ara yɛ abofra de, nanso sɛnea ɔbɔ asɛnka adwuma no ho mmɔden no hyɛ n’awofo ne asafo no mufo nyinaa nkuran ankasa.—Mmeb. 22:6.

4 Wɔakyerɛ wɔ 2000 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so sɛ Memeneda biara yɛ “Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Da.” Awofo, yɛhyɛ mo nkuran sɛ munnya adwuma yi ho anigye, na mommoa mo mma ma wɔnyere wɔn ho nyɛ saa adwuma yi daa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena