Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/00 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase May 8
  • Dapɛn a Efi Ase May 15
  • Dapɛn a Efi Ase May 22
  • Dapɛn a Efi Ase May 29
  • Dapɛn a Efi Ase June 5
Yɛn Ahenni Som—2000
km 5/00 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase May 8

Dwom 147

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Ka nnɔnhwerew dodow a wonyae wɔ January mu ho asɛm na hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm ɔsram biara.

17 min: “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Biara Bɛbam!” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Ka nhoma foforo no mu nsɛm kakraa bi a ɛkyerɛ sɛ yɛn bere yi yɛ bere titiriw.

18 min: “Yi ‘Akyɛde Pa Nyinaa’ Nyankopɔn no Ayɛ Daa.” Nkɔmmɔ a ɔkyerɛwfo ne Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo bɔ a egyina nkyekyem 1-12 so. Ma wonhu sɛ sɛ nimdeɛ hyɛ obi koma mã a, ɛka no ma ɔka ho asɛm.—Mat. 12:34.

Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 15

Dwom 134

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Mmusua Akɛse a Wɔayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Adwuma Mu.” Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma a egyina asɛm a ɛwɔ February 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 9-12 so. Si so dua sɛ ɛsɛ sɛ mmusua bu abusua adesua aniberesɛm, na ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no bi ne bi, anaasɛ wonya kwan nkutoo a na wɔbɛyɛ.

20 min: “Yi ‘Akyɛde Pa Nyinaa’ Nyankopɔn no Ayɛ Daa.” Nsɛmmisa-ne-mmuae a wɔde susuw nkyekyem 13-23 ho. San kyerɛkyerɛ nea enti a ehia sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛde bere bi bɛkamfo Yehowa dapɛn biara no mu.—Hwɛ “Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan—Denam Ayeyi Afɔre a Wobɛbɔ no Daa So” a ɛwɔ October 1994 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1 nso.

Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 22

Dwom 36

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Asɛmmisa Afã ho asɛm.

20 min: “Monwɛn.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛkyerɛ nea enti a ehia paa sɛ yɛwɛn wɔ honhom mu no mu ɛwom sɛ yennim da ne dɔn ko no de.—Hwɛ November 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, kratafa 20.

13 min: Dɛn na Mobɛyɛ Wɔ Asram a Mode Begye Mo Ahome no Mu? Abusua bi susuw nea wɔbɛyɛ wɔ wɔn ahomegye bere no mu ho. Wɔka sɛ wɔbɛkɔ nna a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw no nyinaa na wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako anaa nea ɛboro saa. Wɔkyerɛ nso sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ agodibea bi a ɛhɔ yɛ fɛ anaa wɔde wɔn ho bɛhyɛ anigyede bi a ɛfata mu. Wɔn nyinaa gye tom sɛ wommu wɔn ani ngu teokrase dwumadi so. Wɔkyerɛ sɛ wɔde wɔn asɛnka akontaabu bɛkɔ bere a ɔsram no aso pɛpɛɛpɛ.

Dwom 83 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 29

Dwom 135

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae obiara ma ɔmfa May asɛnka akontaabu mmra. Ma wɔnyɛ nhoma a wɔde bɛma June mu ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Gyina Ahwehwɛde nhomawa no adesua 13 so kyerɛ sɛnea wofi Bible adesua ase.

15 min: “Anigye a Wubenya Wɔ Ɔsom Kronn a Wode Ma Mu.” Ɔkasa. Kyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya anigye wɔ yɛn som adwuma no mu mu.—Hwɛ Insight, Po 2, kratafa 120.

18 min: Bible Akenkan a Mfaso Wɔ So. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a egyina School Guidebook, nkratafa 34-5, nkyekyem 6-7 so. Wɔayɛ Bible akenkan nhyehyɛe a ɛno na Teokrase Ɔsom Sukuu no Bible mu nsɛntitiriw no gyina so ho nhyehyɛe. (Hwɛ December 1999 Yɛn Ahenni Som, kratafa 7.) Ma abusua bi nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea wotumi susuw dapɛn biara Bible akenkan a wɔde ama wɔ sukuu no mu ho. Wɔpaw asɛm biako anaa abien a ɛyɛ anigye na wɔyɛ emu nhwehwɛmu denam Watch Tower Publications Index anaa Insight on the Scriptures so. Kyerɛ sɛnea yebetumi ama Bible akenkan ayɛ anigye, na aboa yɛn kɛse ma ‘yɛakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ no.—2 Tim.2:15.

Dwom 95 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 5

Dwom 37

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

10 min: Asafo mu ahiade.

15 min: “Hokwan a Mmofra Wɔ.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka osuahu ahorow a ɛwɔ December 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 13, nkyekyem 15 no ho asɛm. To nsa frɛ mmofra ma wɔnka sɛnea nsɛmma nhoma kyekyɛ ama wɔanya anigye no ho asɛm. Ma abofra bi anaa mmofra baanu nyɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ afie mu ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Hyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn mma nka wɔn ho nkɔkyekyɛ nsɛmma nhoma dapɛn biara.

15 min: “‘Wɔnsɔ Wɔn Nhwɛ Ansa’—Ɔkwan Bɛn So?” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Ka Kyerɛwnsɛm a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wogyina so paw asafo mu asomfo no ho asɛm. (Hwɛ Insight, Po 2, kratafa 409.) Kyerɛ nea wɔhwehwɛ fi wɔn ho ansa na wɔapaw wɔn no. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma, nkratafa 55-7.) Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde asafo mu asomfo di dwuma mu, na hyɛ anuanom mmarima pii nkuran sɛ wɔmpere nhwehwɛ saa hokwan yi.

Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena