Efi Ɔko Mu Kɔɔ Abusua Mu Asomdwoe Mu
Manuel ne ne yere ne wɔn babarima ketewa ne wɔn babea te Spain. Ɛnnɛ wɔyɛ abusua a wɔwɔ anigye. Nanso na ɛnte saa bere nyinaa.
Bere a wɔwaree no, na Manuel ne ne yere nnim wɔn ho yiye. Ankyɛ na wofii ase hamee na wɔkoe. Na Manuel yɛ obi a ɔtwe ninkunu na ɔyɛ ɔsabowfo. Na ɔtaa ba fie a wabow na wasiesie ne ho rebɛko. Ɛdɛn, awiei koraa no, tebea no sɛee araa ma na wɔko nnansa anaa nnanan biara! Mfe bi akyi no, Manuel fii ase ne ɔbea foforo nantewee. Ne yere ani beree kɛse na osusuwii sɛ obekum ne ho anaasɛ ɔbɛma ne kunu awuduru.
Afei biribi foforo hyɛn wɔn abusua no mu. Manuel yere ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible, nanso ɔbarima no ampɛ sɛ obehu ho biribiara. Nanso, asram bi akyi no, na ɔwɔ ɔdan bi a ɛbɛn hɔ mu bere a na wɔne ne yere resua ade, na ɔtee asɛm yi: “Nea odi ade ketewa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewa mu no na ɔnteɛ bebree mu nso.” (Luka 16:10) Ɛno pem no. Adwuma mu no, na wawia aduan, na ɔtee ase fii n’asɔre mu sɛ ná ahiafo betumi awia ade afi adefo hɔ. Ankyɛ, ná ɔno nso resua Bible.
Asram abiɛsa mu no, Manuel gyaee n’asabow bebrebe, ne sigaretnom ne n’ahohwibɔ no. Afei daa aware mu ntɔkwaw ahorow no gyaee. Titiriw no, Bible afotu a ese, ‘okunu nnɔ ne yere sɛ n’ankasa nipadua’ no kaa no. (Efe. 5:25, 28) Nkakrankakra no, Manuel bɛyɛɛ okunu pa. Saa nsakrae yi a efi ɔko mu kɔ asomdwoe ne anigye mu wɔ abusua no mu no yɛɛ kɛse araa ma ɛkaa Manuel agya nso. Ɛkanyan ɔno nso ma ofii ase suaa Bible no de dii dwuma wɔ n’asetra mu. Ɛnnɛ, Manuel ne ne yere ne n’agya yɛ Yehowa Nyankopɔn adansefo a wɔahyira wɔn ho so.
May Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)