Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 3/8 kr. 16-20
  • So Ɛdɔɔso Sɛ Wobɛyɛ Obi A Wagye Din?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛdɔɔso Sɛ Wobɛyɛ Obi A Wagye Din?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofraase a Ɔhaw Ahyɛ no Ma
  • Agorudi ho Anigye Ka Me!
  • Yiyedi Antweri
  • Asetra Ankasa Yɛ Soronko
  • Nsakrae wɔ Tebea Horow Mu
  • Asɛnnennen Foforo
  • Agorudifo a Ɔnyɛ Adwuma
  • Mebɔ Nnwom Foforo Mprempren
    Nyan!—1987
  • “Esiane sɛ Yɛwɔ Ɔsom Adwuma Yi Nti . . . , Yɛmpa Abaw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Menyaa Biribi a Ɛsen Anuonyam Koraa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yehowa Nhyira Abu Me So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 3/8 kr. 16-20

So Ɛdɔɔso Sɛ Wobɛyɛ Obi A Wagye Din?

WƆ AUGUST 17, 1968 anwummere no, me nsusuwii horow no baa mu. Ná meredi Hippolytus afã a emu yɛ den wɔ Phaedra agoru a afeha a ɛto so 20 yi Spainni ɔkyerɛwfo. Miguel de Unamuno kyerɛwee no ho dwuma. Agorudifo (actors) a wɔde ayɛ wɔn adwuma a wɔyɛɛ m’agya ne m’agya yere no yɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden kɛse a wɔagye din sen biara. Adeyɛ horow no a tumi wom na ayɛ te sɛ nea ɛyɛ paara no kaa atiefo no. Mpɛn anum na nsammɔ ma yegyaee kakra.

Wɔ afahyɛ titiriw wɔ San Lorenzo del Escorial wɔ Spain Madrid mansin no mu yi ase no, saa anadwo no yɛɛ nkonimdi titiriw maa me. Ɔbrɛ wɔ mfe pii mu akyi no mabedi nkonim a ɛso bi nni! Ɛno akyi bere tiaa bi no me nsa fii ase kaa sini ne TV so dwumadi mu kyɛfa a ɛkyɛn so pii.

Nanso dɛn na ɛma mifii ase bɛyɛɛ obi a ɔde agorudi ayɛ n’adwuma yi? Sɛnea ɛbɛboa wo ma woate nea ɛkaa me no ase no, ɛteɛ sɛ mede wo san akyi kɔ me mmofraase wɔ 1940 mfe no mu, na yɛkɔ Seville wɔ Andalusia wɔ bere a na emu yɛ den wɔ Spainfo 1936-39 ko no akyi no mu.

Mmofraase a Ɔhaw Ahyɛ no Ma

Ná me na meyɛ mmofra baanum a wɔtetee wɔn wɔ ohia ankasa, ɔkɔm ne tebea a ɛyɛ mmɔbɔ mu wɔ ɔko no akyi no mu panyin. Ná ahia yɛn araa ma na metaa gyina aguadidan a ɛwɔ yɛn hɔ no ho twɛn ma adetɔfo afoforo no fi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akofiri brodo a obiara nhu. Migye di ankasa sɛ ɛha na me su a ɛne sɛ mitumi yɛ ade te sɛ nea saa na ɛte no fii ase, bere a mebɔɔ mmɔden sɛ meremma mpɔtam hɔfo nhu tebea a na yɛwom no.

Ná yɛn fi nyɛ nea asomdwoe wom ankasa. Bere nyinaa na m’awofo reham, na wɔko nso. Ná m’agya sɔre tia biribiara a ɛfa nyamesom ho, bere a na me nã ne me nanabea de wogye Ɔbaabun Maria ne Katolek Asɔre no “ahotefo” no nyinaa di. Sɛ́ abofra no, ehu dii m’asetra so​—basabasayɛ ho hu, ehu a nyamesom mu gyidihunu de ba ne la mala Suerte, anaa musu ho hu a ɛte sɛnea ɛfa biribiara ho no.

Eyinom nyinaa mu no, ɛtɔ bere bi a mifi ehu no nyinaa mu fi ase de me mmofra adwene no susuw nneɛma ho . . . misusuw wiase a eye a nnipa bɛdodɔ wɔn ho na wɔanya wɔn ho wɔn ho mu ahotoso ho. Saa mmofra adwene no na ɛboaa me.

Agorudi ho Anigye Ka Me!

Bere a midii mfirihyia 16 no me ne agorudifo nyaa nkitahodi a edi kan. Mekɔɔ beae a wosua agorudi ho ade wɔ Katolek sukuu a ɛwɔ yɛn hɔ wɔ Seville no ase bi. Metraa hɔ a meretwɛn a m’ani agye wɔ me tirim. Wɔmaa mmɔɔhɔɔ no so na hwɛ nnipa a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛ a wɔrebɛto nnwom adi agoru ni. Efi saa bere no ara mu na m’ani gyee agorudi ho. Ɛha na anigye wɔ, na ɛda adi sɛ ehu ne ɔkɔm ho awerɛhow biara nni ha, faako a metumi adi me nsusuwii horow no ho dwuma. Metumi agyina ɛno so ada me nsusuwii ne anidaso horow no adi akyerɛ afoforo. Misii gyinae sɛ mɛyɛ agorudifo.

Mikohuu agorudifo kuw bi ntɛm ara na mibisaa wɔn sɛ metumi anya kyɛfa wɔ wɔn agorudi a edi hɔ no mu. Ná ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo amanehunu ne ne wu no ho. Ná wohia nnipa foforo enti wogyee me toom. Ɔfã ketewa a wɔde hyɛɛ me nsa ne Andrea a ɔyɛ asomafo 12 no mu biako no. Ɛwom sɛ dwumadi a minyae no sua de, nanso na ɛyɛ nea ɛdɔɔso ma me sɛ mehu sɛ afei de mahu nea mɛyɛ. Ná agoru a edi kan yi yɛ ade titiriw ma me wɔ ɔkwan foforo so​—ɛnam ɛno so na mihuu Yesu a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Nipa ko a ɔyɛ no ma minyaa obu ne anisɔ kɛse maa no.

Na masi me bo sɛ mɛkɔ m’anim wɔ agorudi mu enti mikosuaa ho ade wɔ Seville. Bere a midii mfirihyia 18 no minyaa hokwan a edi kan sɛ me ne kuw bi a wɔde ayɛ wɔn adwuma a wɔrekyinkyin nkurow so bedi agoru. Ɔfã a edi kan a minyae ne sukuuni. Bere a yɛabobɔ so ahwɛ kakra bi akyi no, medaa me ho adi kyerɛɛ ɔmanfo wɔ agorudi mu ankasa. Afei de me nan asi yiyedi kwan so. Na hwɛ yɛ ara a wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma yi yɛ soronko wɔ afoforo ho! Ɛha na wote yiyedi, di a obi di mũ, ne ade nka.

Wɔ adapɛn pii mu no mesomee sɛ kuw no panyin a ɔno ankasa nso yɛ agorudifo a ɔbɔ mmɔden kɛse no boafo. Mannye anni sɛ me na merebenya me ho saa no. Afei de mabɛka nnipa a wɔboapa yɛ ade ma afoforo gye di no ho.

Yiyedi Antweri

Nea ɛyɛ awerɛhow sɛ mɛka no, ankyɛ koraa na me mmofraase nsusuwii horow no sɛee. Mifii ase hui sɛ ɔbrasɛe atwa me ho ahyia. Ná agorudifo panyin a ɔyɛ ɔbarima no ne agorudifo no panyin a ɔyɛ ɔbea no na ɛwɔ hɔ, ɛwom sɛ na ɔbea no yɛ obi foforo yere de. Bio nso wampɛ sɛ ne dɔfo no beyi ayamye biara adi akyerɛ me, na ankyɛ na m’adwuma no fii me nsa. Enti mesan kɔɔ Seville kowiee me agorudi ho adesua no.

Ná minim sɛ ɛho hia sɛ minya osuahu na metrɛw me dwumadi no mu, enti mepenee adwumayɛ ho nhyehyɛe a kuw bi ne me yɛe no so. Bere a yɛde mfe abien akyinkyin Andalusia nyinaa na yɛakɔ nkurow te sɛ Córdoba, Málaga ne Seville mu akyi no, misii gyinae sɛ bere adu sɛ mekɔ Spain ahenkurow Madrid mu, faako a agodibea akɛseakɛse pii wɔ no. Adwuma a edi kan a minyae wɔ 1962 mu yɛ nea na ɛwɔ agoru a wɔato din Hombre Nuevo (Onipa Foforo) a José Maria Peman kyerɛwee a yedii wɔ Eslava Agodibea no mu. Nea na ɛka dwuma a medi no ho ne asaw a na aba so saa bere no wɔ Spain a wɔfrɛ no turist no. Mitumi hu sɛ mebɔɔ mmɔden yiye.

Anammɔn titiriw a edi hɔ a mitui wɔ dingye mu yɛ 1967 mu bere a wɔde me kaa agoru a Rusiani agoru-kyerɛwfo Maksim Gorki kyerɛwee a wɔfrɛ no Lower Depths no ho wɔ Madrid Maria Guerrero Agodibea no. Ɛha no me ne agorudifo pa yɛɛ adwuma na ɛno yɛɛ ntetee ne nkanyan maa me.

Hokwan kɛse a merehwɛ kwan sɛ menya wɔ television so no bae afei wɔ 1968 mu. Ná manya dwumadi nketenkete bi wɔ television so de, nanso afei de wɔde dwumadi kɛse hyɛɛ me nsa wɔ agoru a wɔfrɛ no La herida luminosa a José Maria de Sagarra a ɔyɛ afeha a ɛto so 20 yi anwensɛm ne agoru-kyerɛwfo kyerɛwee no mu. Wim tebea mpo di boaa me saa da no. Osu tɔe kɛse saa anwummere no araa ma nnipa pii traa fie hwɛɛ TV. Mede me agoru din, Manuel Toscano no gyee din wɔ Spain da koro pɛ. Sini ho dwumadifo bi kae sɛ ɔbɛma madi ɔfã titiriw bi ho dwuma wɔ sini a edi hɔ a ɔrebɛyɛ no mu.

Asetra Ankasa Yɛ Soronko

Ná ɛte sɛnea biribiara rekɔ so sɛnea mepɛ. Nanso na minni akomatɔyam. Agorudi amma manya wiase bi a emu yɛ anigye a na misusuw ho bere a meyɛ abofra no. Mmom no, wɔ kakraa bi akyi no, ná ahuhude, anibere, gyidihunu ne ɔbrasɛe ayɛ wɔn a wɔaka no ma. Sɛ́ basaa a na mayɛ no ho nhwɛso no, ma menka me suahu ahorow no mu biako nkyerɛ wo.

Da koro bi ɔhɔho bi frɛɛ me wɔ telefon so a na ɔpɛ sɛ mihyia no wɔ Madrid asanombea bi a agye din yiye a agorudifo a wɔagye din kɛse taa kɔ hɔ. Bere no dui no aberante bi a wasiesie ne ho kama daa ne ho adi kyerɛɛ me sɛ ɔyɛ agorudi kwankyerɛfo a ɔrehwehwɛ onipa a ɔbɔ mmɔden wɔ agoru a wɔrebedi no mu. Ná osusuw sɛ mene agorudifo a ɔfata ma saa dwumadi no enti ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra faako a ɔwɔ no na yɛnyɛ adwuma no ho nhyehyɛe. Bere a yɛkɔɔ ɔdan mu no, ɔkyeaa ne ho too me so na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obefew m’ano!

Yiw, na ɔyɛ ɔbarima a ɔne mmarima da ɔbea nna. Ɔkae sɛ, sɛ mepɛ sɛ midi ɔfã titiriw no ho dwuma a, ɛnde ɛsɛ sɛ mepene nea ɔpɛ sɛ ɔne me yɛ no so. Misum no fii hɔ na mipuei, na meka kyerɛɛ no sɛ merempɛ sɛ mɛyɛ adwuma de agye akatua a ɛte saa.

Ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow sɛ agorudifo no bra asɛe kɛse. Na wɔ pii fam no, wɔte ehu nka bere nyinaa. Wɔn a wɔagye din no suro sɛ hyerɛn a wɔahyerɛn no betumi aba awiei anadwo a edi hɔ. Esiane eyi nti nnubɔne ne aguamammɔ na wɔde kata wɔn awerɛhow so bere nyinaa.

Nsakrae wɔ Tebea Horow Mu

Bere a mekɔɔ Madrid wɔ 1965 mu no, mihyiaa ababaa bi a ɔresua agorudi ho ade, na m’ani begyee ne ho. Yɛyɛɛ aware ho nhyehyɛe akyiri yi na yɛwaree wɔ September 1967 mu. Efi saa bere no me ne no awo mma baanan a wɔama yɛn asetra ayɛ nea ɛwɔ atirimpɔw na ɛyɛ anigye.

Biribi foforo a na ɛrebɛsakra yɛn asetra kwan bae wɔ 1969 mu. Bere a na mewɔ “Roma,” faako a wɔkyere agoru gu hama so wɔ Madrid a na merenya kyɛfa wɔ sini a wɔfrɛ no Los canones de Córdoba mu no, mihyiaa ababaa agorudifo bi na ofii ase kaa Bible no ho asɛm kyerɛɛ me. Ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ne asase, ne sɛnea ɛrenkyɛ wɔde asomdwoe ne dwoodwoo asetra bɛba denam Onyankopɔn Ahenni so no mu kyerɛɛ me. M’ani gyee ho na mepɛe sɛ mehu ho asɛm pii. Ɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi a wɔrebɛyɛ da a edi hɔ no ase. Saa bere no na mmara mmaa Adansefo no kwan wɔ Spain ara ɛ. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ ɔdan bi a wosiesie mfiri wom mu, nanso ɛno anhaw me.

Bere a miduu hɔ no ayamye su ankasa a ɛwɔ hɔ no maa m’ani gyei ntɛm ara. Mpanyimfo no mu biako a wɔfrɛ no Ricardo Reyes yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne me besua Bible no. Ntoboase ne odwo a ɔde kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu no ara ne nea na mihia.

Bere a adesua no kɔɔ so no, m’adwene mu yɛɛ me nãa wɔ nneɛma ho. So eyi ne nokware no ankasa anaasɛ ɛyɛ nnaadaa te sɛ nyamesom afoforo no? So atoro anaa nnaadaasɛm bi nni mu? Bere a mede mfe pii atra tebea a wɔboa pa yɛ ade ma afoforo gye di mu akyi no, afei de na mepɛ nokware no, nea ɛyɛ paara.

Ɛbɛyɛɛ nea ɛho hia me kɛse araa ma mibuu m’ani guu m’adwuma so bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mehwehwɛ Bible no mu no. Ná nsemmisa pii wɔ m’adwene mu a ehia mmuae. Atirimpɔw bɛn na ɛwɔ asetra mu? So Onyankopɔn wɔ hɔ? Dɛn na ɛwɔ hɔ wɔ owu akyi? Ɛdenam Bible no ne Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mmoa so no m’adwene mu a ɛyɛɛ me nãa no fii hɔ. Bere a yɛasua ade asram akron akyi no, me ne me yere gye toom sɛ ɛno ne nokware no na yegyee asubɔ September 1970 mu.

Asɛnnennen Foforo

Nsakrae wɔ nsusuwii ne nipasu mu a Bible no ma minyae no de asɛm a emu yɛ den bae. So metumi de me Kristofo asetra kwan foforo yi ne dwuma a midi wɔ agodibea ne TV so yi abom ma ayɛ yiye? Migye di sɛ bere a bere dui sɛ meyɛ nsakrae ne da a me ne agorudifo afoforo, ɔkwankyerɛfo bi ne agodibea bi panyin rebobɔ agoru bi so ahwɛ no. Nkɔmmɔbɔ bi fii ase a ɛfa sɛnea yɛbɛma ɔmanfo ani agye agoru a yɛredi no ho kɛse ho. Asɛm a wɔn nyinaa kae ne sɛ wɔn a wɔhwɛ so no yɛ katee dodo, na enti sɛ wogow mu na wɔma kwan ma nna ho asɛm ba agoru no mu a ɔmanfo de mmirika na ɛbɛkɔ faako a wɔtɔn tekit no. Bere a mihui sɛ nnipakuw a wɔde ayɛ wɔn adwuma, nnipa a wɔwɔ obu ma wɔn wɔ agorudi mu no nyinaa apene so a obiara nni hɔ a onyaa akokoduru sɛ ɔbɛkyerɛ hia a agorudi, amanne ne abrabɔ pa ho hia no, mihui sɛ yɛn nyinaa atɔ afiri koro no ara mu​—ɔbarima ne ɔbea nna aguadi afiri a ɛde yiyedi ba wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Misii gyinae sɛ megyae.

Me nnamfonom kae sɛ ɛrenkyɛ na masan aba agorudi mu bio efisɛ ɛwɔ me mogya mu. Mprempren ɛma mekae asɛm bi a José Maria Rodero a ɔyɛ Spainni agorudifo a wagye din kɛse kae no: “Sɛ yegyae agorudi a biribiara remma. Nanso wɔ ɔkwan foforo so no sɛ yɛanya nsu a, ɛbɛyɛ hu ankasa . . . Agorudifo ma wonya anigye nanso ɛnyɛ nea ɛho hia a sɛ enni hɔ a ɛnyɛ yiye.”

Mprempren, wɔ nea ɛboro mfirihyia du akyi no, mitumi ka no nokwarem sɛ m’ani nnyina saa adwuma no bio. Mitumi de nimdeɛ a minyae no di dwuma afe biara sɛ ɔkwankyerɛfo ne agorudifo wɔ Bible drama ahorow a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wɔn ɔmantam nhyiam horow ase no mu. Sɛ́ wɔn a wonya kyɛfa wɔ drama ahorow yi mu no, me ne me yere adi agoru wɔ atiefo mpempem pii anim wɔ mmeae ahorow. Nea ɛma eyi yɛ soronko ne sɛ yɛde adwempa na ɛyɛ. Agodibea ahorow de no de, na mepɛ sɛ migye din, sɛ́ menya nkamfo. Wɔ Bible drama ahorow yi mu de, asɛm no na ehia na ɛnyɛ wɔn a wɔredi agoru no. Enti akansi ne anibere nni mu. Saa Bible mu dwumadi ahorow yi ama manya akomatɔyam kɛse, efisɛ yɛda nsɛm a esii ankasa adi wɔ abrabɔ pa mu a ɛfa Bible mu nnipa a wɔagye din asetra ho.

Agorudifo a Ɔnyɛ Adwuma

Ɛwom, ɛsono sɛnea agorudifo biara asɛm te, na ɛnyɛ sɛ mereka sɛ Kristoni rentumi nyɛ agorudifo. Ɛyɛ ankorankoro ahonim ho asɛm. Wɔ me fam de bere a migyaee agodibea agorudi no na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ adwuma. Ná minni adansedi krataa biara ka osuahu a na manya wɔ agorudi mu no ho. Wɔ ɔbrɛ ne ɔhaw pii akyi no afei minyaa adwuma, na ɛno maa yɛn sikasɛm mu ahokyere no baa awiei.

Yɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa asɛm yɛ nokware na ɔwowaw wɔn a wɔhwehwɛ n’Ahenni no kan no. Sɛnea Bible ka no: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”​—Dwom 37:25.

Shakespeare kyerɛwee sɛ: “Wiase nyinaa yɛ agodibea, na mmarima ne mmea a wɔwɔ mu nyinaa te sɛ agorudifo ara kwa.” Nanso mahu sɛ asetra betumi ayɛ nea ɛsom bo kɛse sen saa, sɛ obi ba behu Yehowa ne ne dɔ atirimpɔw wɔ adesamma ho no nkutoo a. Sɛ́ abusua no yɛwɔ anidaso a ɛne sɛ yebehu bere a asase yi dan yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ​—Paradise turo ma adesamma asoɔmmerɛwfo no. Eyi nyɛ anansesɛm anaa biribi a wɔka ma afoforo gye di ara kwa. Egyina Ɔsorosoroni Nyankopɔn bɔhyɛ horow a ɛyɛ den no so, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔrentumi nni atoro. (Hebrifo 6:18; Tito 1:2)​—Sɛnea Manuel Garcia Fernández ka kyerɛe.

[Kratafa 20 mfoni]

Manuel Garcia Fernández ne ne yere wɔ Bible drama bi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena