Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 3/8 kr. 20
  • Watching the World

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Watching the World
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wɔ Nyamesom Din Mu”
  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?
    Nyan!—1996
  • So Tumi A Kristoman Mu Asɔre Horow Wɔ No Refi Wɔn Nsa?
    Nyan!—1980
Nyan!—1984
g84 3/8 kr. 20

Watching the World

“Wɔ Nyamesom Din Mu”

Amerikani ɔkyerɛwfo bi a wagye din yiye a wɔfrɛ no Paul Harvey kyerɛw biribi nnansa yi faa “nea Ɔbenfo Howard Didsbury a ɔwɔ Kean College frɛɛ no ‘treneefo atirimɔdensɛm’ a ɛkyerɛ sɛ ɛteɛ sɛ wobekunkum afoforo wɔ nyamesom din mu’” no ho. N’asɛm a na ɛwɔ atesɛm krataa a wɔfrɛ no Grit mu no kaa tebea a ɛwɔ aman ahorow to sɛ Ireland so no ho asɛm, faako a “nkurɔfo kunkum wɔn ho wɔn ho wɔ nyamesom din mu no.”

Ɔsɔfo Russell Becker kaa asɛm bi a ne ti te saa ara ho nsɛm wɔ New York St Francis of Assisi Katolek asɔre no mu. Sɛnea The New York Times kyerɛ no, ɔka kyerɛɛ asomfo no sɛ “tete Kristofo asɔfo te sɛ Tertullian ne Clement a wofi Alexandria baraa hyɛ a gyidifo de wɔn ho bɛhyɛ sraadi mu” na “bere a asɔre no ba bɛyɛɛ wiase ne nyamesom tumi no, ɛpenee akodi so wɔ gyidi no din mu.” “Hyɛ a asɔre no de ne ho ahyɛ akodi mu no yɛ yɛn abakɔsɛm fã a ɛyɛ aniwu, bere a asɔre no kɔɔ wiase na ɛbɛyɛɛ sɛ ɔbɔne no a ɛsɛ sɛ yedi no so no,” saa na ɔsɔfo no kae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena