Afrika Asubɔnten A Ɛkyɛn So Wɔ Nneɛma Pii Mu
Efi Kenya “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
SƐ WOBISA wo asubɔnten a ɛware sen biara wɔ wiase no din a, so wubehu? So ɛne Amazon? Mississippi anaa Zambezi? Nokwarem, ɛne Nile. Ne tenten bɛyɛ akwansin 4,145 (6,671 km) efi Afrika mfinimfini kɔbɔ Mediteranea Po no mu, na ɛyɛ asubɔnten a ɛkyɛn so wɔ nneɛma pii mu a ɛkyɛn pii—ne afoforo a ɛka ho mu.
Ma yentu kwan tiaa nkɔ Nile anafo na yɛmma nsemmisa kakra bi a onipa de mfehaha pii adwene ho ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, ɛhe na Nile no ti wɔ ankasa? Dɛn nti na wɔfrɛ no White Nile wɔ mmeae binom na mmeae afoforo nso wɔfrɛ no Blue Nile, na efi Khartoum kɔbɔ po mu de wɔfrɛ no Nile tiawa? Dɛn ne Sudi mansin a emu yɛ hu no, na dɛn nti na akwantufo suro hɔ?
Ɛhe na Nile no Ti Wɔ?
Ma yemfi yɛn akwantu no ase mfi Nile no ti, anaasɛ yɛbɛka no yiye a, mfi White Nile no so. Faako a na eyi wɔ yɛ nea na tete Helafo abakɔsɛm akyerɛwfo ne wɔn a wɔhwehwɛ asase ho nneɛma mu ne afei nso yɛn bere yi ara so nhwehwɛmufo ntumi nhu. Dɛn ntia? Efisɛ na ebinom nnim sɛ ɛyɛ asubɔnten ahorow abien, White Nile ne Blue Nile a awiei kora no ɛbom yɛ Nile biako, ho asɛm na wɔrehwehwɛ no.
Nnansa yi ara na ɛbɛdaa adi sɛ Nile no ti wɔ Rwanda ne Burundi. Nsuwansuwa ne asu akɛse pii na ɛka bom yɛ Asubɔnten kɛse Kagera. Bere a yɛafi Rwanda no yɛfa Tanzania, bere a yɛrekɔ Ɔtare Victoria a ɛyɛ Afrika ɔtare a ɛso sen biara a nsu pa wom na ɛtɔ Ɔtare Superior a ɛwɔ North America so abien wɔ wiase nyinaa ho no. Saa Nile nsu korabea kɛse yi ne ade a edi kan a ɛkyɛn so wɔ yɛn akwantu no mu.
Ɔman a Ɛso Sen Biara wɔ Afrika
Ɔtare no kwan a ɛda kusuu fam a ɛnam Owen Falls Dam no so no na ɛma wonya nea wɔfrɛ no Victoria Nile no. Bere a yɛatwa nsu ban no ho awie no, yɛtoa yɛn akwantu no so fa Uganda de rekɔ ɔtare Mobutu ho. Bere a yɛrekɔ no yɛfa Ɔtare Kyoga a atɛkyɛ wom na sukooko ahorow ayɛ mu ma no ho. Bere a yɛafi beae a atare wɔ no, yɛde yɛn anim kyerɛ baabi a ɛnyɛ dɛn ara a wubetwa mfonini ahorow pii. Bere a afi ɔhweam a ano yɛ den mu akwansin pii akyi no, ntɛm ara asubɔnten no yɛ ketewa na esiane gu abo pii so.
Ɛhe na yɛadu? Yɛwɔ Kabalega (Murchison) nsu a esian fi bepɔw so gu fam a agye din a ɛwɔ Kabalega National Park no ho. Sɛ woma w’ani ba wo ho so na wukura w’afiri a wɔde twa mfonini no a, wubetumi atwa asono, susono ne ɛkoɔ a wɔbɛn wo pɛɛ mfonini. Nanso, hwɛ yiye wɔ asu no kɔn so. Ebia na ɔdɛnkyɛm bi da hɔ dinn retwɛn obi a obenya no akyere no awe!
Bere a yɛadu Ɔtare Mobutu ho, fi apuei fam, akyi bere tiaa bi no, yedi Nile no akyi de rekɔ kusuu fam na yɛde yɛn anim kyerɛ ɔman a ɛso sen biara wɔ Afrika no ahye so—ɛno ne Sudan. So na wunim sɛ ɔman a ne kɛse te sɛ India nkyem anan mu abiɛsa yi kura Afrika asasepɔn no bɛyɛ nkyem du mu biako? Ɛno nso kyerɛ sɛ Nile no fã kɛse no ara nam hɔ. Nneɛma abien a ɛkyɛn so!
Bere a yɛkɔ yɛn anim wɔ kusuu fam no yɛn nantew no ano brɛ ase. Sudd atɛkyɛ kɛse no akyere yɛn. Amanneɛbɔ biako ka owusihyɛn bi a etimii wɔ Sudd no mu bere a ayera kwan akwansin 20 (32 km) akyi no ho asɛm. Ɔkɔm kum hyɛn no kwankyerɛfo ne akwantufo 22 ansa na wɔrenya mmoa. Sukooko ɔpepem pii a ɛwɔ nsu no ani ma ɛyɛ den sɛ wɔde hyɛn bɛfa nsu no ani. Susuw ho hwɛ, sukooko yi nnua mmiako mmiako du betumi abɛyɛ 600,000 wɔ asram awotwe pɛ mu!
Ɛdefa nnipa a wɔwɔ hɔ no ho de, sɛ wonyɛ nipa tenten a, mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wobu wo animtiaa. Wɔyɛ Dinka, Shilluk ne Nuerfo a wonim wɔn sɛ nnipa á wɔyɛ atenten sen biara wɔ wiase. Mmea no mpo tumi yɛ atenten boro anammɔn asia ne nsateakwaa asia (2 m) . Ɛno yɛ ade foforo a ɛkyɛn so wɔ Nile mantam no mu.
Bere a ɛnam atɛkyɛ no mu no, nsu a ɛwɔ White Nile mu no so tew. Nanso, sɛ efi Sudd dontori no mu a ɛsan fa apuei fam, na Ethiopiafo asubɔnten Sobat mu nsu bebree no hyɛ no ma. Nokwarem sɛ ɛnyɛ nsu a ɛtɔ kɛse wɔ Ethiopia ne nsubɔnten pii a ɛwowɔ hɔ no a, anka Nile no atifi bɛyɛ ketewaa, ampa, efisɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Nile mu nsu a ɛwɔ Aswan no ɔha biara mu 84 fi Ethiopia.
Nile Dodow Ahe?
Bere a nsu a ɛwom adɔɔso no, Nile no san de n’ani kyerɛ kusuu fam bio, ɛrekɔ Sahara ɔpɛ asase no so. Nanso, bere a yɛbɛn Khartoum no, yehu sɛ yenni anhweatan no so na mmom yɛwɔ asase pa bi a ɛma aduan a wɔfrɛ no El Gezira no so, a White Nile no da n’atɔe fam na Blue Nile a efi Ethiopia no wɔ apuei fam. Ebinom frɛ Sudan fã a ɛyɛ asase pa a ɛma aduan yi sɛ ɛne wiase nyinaa nsudue afuw a ɛso sen biara. Sɛ ɛyɛ nokware a, ɛnde ɛno yɛ ade foforo a ɛkyɛn so wɔ Nile no ho.
Wɔ Khartoum, faako a Nile ahorow abien no hyiam no na ahintasɛm a ɛfa White ne Blue ho no da adi. Wɔ faako a ehyiam yɛ Nile ankasa no, asubɔnten abien yi mu nsu tene kɔ anim ara yiye a ɛmmom. Nea ɛwɔ benkum so no ani yɛ nsõnso na nea ɛwɔ nifa so no ani reyɛ ayɛ sɛ ahabamomono na edu bere bi nso a na ayɛ bruu.
Anhweatan a Ɛso Sen Biara Wɔ Wiase
Bere a Khartoum wo yɛn akyi no, Nile no fi ase wura Sahara Anhweatan asase no mu. Wɔka asubɔnten no ho asɛm bio wɔ ade foforo a ɛkyɛn so ho. Sahara no ne anhweatan a ɛso sen biara wɔ wiase. Ɛno nyinaa akyi no, Nile no twam dinn te sɛ nea enhuu asase tamaa a ɛda hɔ a biribiara nni so a atwa ne ho ahyia no. Nanso, aworow ahorow anum a ɛwɔ kwan mu bere a worekɔ Aswan Nsuban no ho no ma ne kommyɛ no gyae.
Bere a yewura Sahara no mu kɔ akyiri no, nsu no bu fa baabi foforo ntɛm ara wɔ Abu Hamed na ɛkɔ kesee fam atɔe. Nea enti a ɛte saa ne Nubian Anhweatan a ɛyɛ hu no. Esiane sɛ efi ha kɔ no de aworow no ama yɛrentumi mfa asubɔnten no so nti, yɛrenkɔfa kwan tenten a ɛwonwan no so na mmom yɛbɛfa keteke a etwam wɔ anhweatan no so kɔ Wadi Halfa ne Egypt ahye so no.
Ɔtare a Onipa Ayɛ a Ɛware Sen Biara
Bere a yedu ɔhye no so no, ade a ɛyɛ fɛ bɛn ara na yehu yi! Ɛyɛ dɛn ade? Ɔtare a onipa ayɛ a ɛware sen biara wɔ asase so, a ɛne Ɔtare Nasser. Ade foforo bio a ɛkyɛn so ma Nile ne Afrika. Ne tenten boro akwansin 300 (bɛyɛ 500 km) na ne trɛw fi Aswan High Nsuban no ho araa kosi Sudan. Ɛkame ayɛ sɛ ne tenten ne England reyɛ ayɛ pɛ!
Nsu pii a ɛtaa hɔ yi ama Aswan High Nsuban no ayɛ nhyira ama Egypt ne Sudan, nanso ɔhaw kakra bi ka ho. Ɔhaw biako a onipa anya wɔ Nile no, ne nsu mu ban a wɔagye no ho ne dwensɔyaw (schistosomiasis) , abibirim yare a mmoa nketenkete bi a wofi nsuka ahorow no mu de ba. Ɛwom sɛ ɛntaa nyɛ hu de, nanso ɛma nkwa nna so tew.
Ɔhaw foforo a ɛyɛ soronko kɛse no fa onyamewa-ɔhene Ramses II ahoni akɛseakɛse a ɛwɔ Abu Simbel no ho. Ɔtare Nasser mu nsu no akata faako a na ɛwɔ kan no so mprempren. Wɔsɛee sika kɛse de twitwaa asɔredan ne ahoni no asinasin a ne dodow yɛ 1,050 na afei wɔsan kɔhyehyɛe wɔ beae a ɛkorɔn a nsu no ntumi nnu hɔ. Ɛte sɛ nea ɛno nso yɛ ade foforo a ɛkyɛn so wo Nile no ho.
Kurow a Ɛso Sen Biara wɔ Afrika
Ɛwom sɛ yɛn ani agye ho de, nanso yɛrentumi nsɛe bere wɔ tete nkae ade yi ho. Yɛtoa akwansin 700 (1,120 km) a aka no so a yɛrehwɛ nkaedum ahorow a yehu. Afei wɔ yɛn benkum so na Egypt sɛnkyerɛnnede a ɛda nsow, Cheops Pyramid aban (abodan) a ne sorokɔ bɛyɛ aborosan a ɛtoa so 40 no wɔ. Na ɛno kyerɛ sɛ yɛwɔ Afrika kurow a ɛso sen biara a wɔ Arabik kasa mu no wɔfrɛ no Al-Qahira anaa Nkonimdi no kurotia. Wɔ Engiresi kasa mu no ɛne Cairo a ɛyɛ Egypt ahenkurow a adagyew nni mu koraa a nnipa bɛyɛ ɔpepem asia na wɔwom no. Kurow a wɔredi akɔ-ne-aba wom yi mu na Nile no de abotɔyam wowan fa, na ɛda so ara te sɛ nea ɛte wɔ bere pii a atwam no mu, nhemman ne nhemfo a na kan wɔwɔ anuonyam dansefo a ɔnkasa.
Bere a yɛagyaw Cairo wɔ yɛn akyi no, afei yɛkɔ Nile ade a ɛkyɛn so a etwa to no ho, na ɛno ne Nile Abɔe. Ɛtrɛw fa akwansin 155 (250 km) , efi Alexandria kosi Port Said, na nneɛma ahorow a ɛde fi Ethiopia Mmepɔw no so ba no ma n’abɔe hɔ yɛ asase a eye sen biara wɔ Afrika. Ɛno ne Nile akyɛde a etwa to ma asasepɔn yi. Na eyi na ɛde akwansin 4,145 akwantu no ba awiei. Asubɔnten a ɛware—nea ɛware sen biara wɔ wiase!