Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 24-26
  • Mebɔ Nnwom Foforo Mprempren

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mebɔ Nnwom Foforo Mprempren
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwinnade Foforo
  • Nnwom Foforo
  • Mebɔ wɔ Ɔkwan a Eye Kyɛn So So
  • “Esiane sɛ Yɛwɔ Ɔsom Adwuma Yi Nti . . . , Yɛmpa Abaw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Ɛdɔɔso Sɛ Wobɛyɛ Obi A Wagye Din?
    Nyan!—1984
  • Nea Ɛyɛe a Tete Mmere Mu no, Spainfo Nyaa Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 24-26

Mebɔ Nnwom Foforo Mprempren

SƐ́ OBI a wadi mfe du no na nkurow ahorow a matete din wɔ Mediteranea mpɔtam hɔ no yɛ mmeae a ɛware a ɛwɔ ahintasɛm ahorow wɔ me mmofra adwene no mu. Wɔn nnwom a mentee bi da ne ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wɔfa so bɔ no ne tete nnwom a ɛka ho no maa m’ani gyei. Mansusuw ho da sɛ, sɛ mebɛyɛ ɔpanyin a mɛkɔ akohu nkurow yi pii so. Nanso akyiri yi, bere a mebɛyɛɛ odwontofo a meka Spainfo kuw bi ho no, yekodii agoru wɔ Morocco, Ethiopia, Greece, Libya, Sudan, Egypt, ne mmeae afoforo.

Wɔwoo me wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Cervera del Río Alhama a ɛwɔ La Rioja mantam a agye din wɔ bobesa mu no mu no ase wɔ Spain kusuu fam. Efi me mmofraase pɛɛ na m’agya hyɛɛ me maa misuaa torobɛnto bɔ; me maame nso hwɛe sɛ ɔbɛtete me wɔ nyamesom kwan so. Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ menkɔ Mass Kwasida biara ne nna a wobu no kronkron no nso.

Saa amanne yi gyee ntini kɛse wɔ me mu araa ma wɔ akyiri yi mfe a na menam no nyinaa mu no na bere biara mehwehwɛ baabi a asɔre wɔ a metumi akɔ Mass.

Adwinnade Foforo

Wɔ 1959 mu no mepenee so sɛ me ne Spanish Five (Los Cinco de Espana) nnwontofo kuw no bɛyɛ adwuma. Bere bi a yɛredi agoru wɔ Cyprus no, odwontofo foforo bisaa me nea mɛpɛ sɛ mekenkan. Mibuae sɛ, “Abakɔsɛm kronkron.” Ɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ abakɔsam kronkron a, minim obi a obetumi aka bi akyerɛ wo.”

Manhyia saa onipa no da, nanso ogyaw Bible maa me. Akyɛde a menhwɛ kwan bɛn ara ni! Mifii ase kenkanee. Ɛbɛyɛɛ sɛ adwinnade foforo maa me​—adwinnade kɛse. Nanso na ɛte sɛ obi a ɔresua sankubɔ wɔ me nsam.

Akyiri yi mekɔɔ Libya na mihyiaa Greekni bi a wɔfrɛ no Panos. Ná ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Anwonwasɛm ne sɛ, na me ne no na ɛwɔ ɔdan koro mu. Ɛda a edi kan a mibuee m’adaka so yiyii me nneɛma no, miyii me mmeamudua a ɛho rehyerɛn no na mede bɔɔ ɔdan no ho. Afei miyii “ahotefo” bi mfonini na mede guu ɔpon no so. Ná mmea mudua ahorow anan da so ara wɔ m’adaka no mu a matɔ a mede rekɔma me nuabeanom wɔ Spain. Afei nso na sika nkɔnsɔnkɔnsɔn bi da me kɔn mu a ebi da ano. Ade a etwa to a miyi fii m’adaka no mu ne Bible a wɔde maa me wɔ Cyprus no.

Ná Panos rehwɛ me nanso wanka asɛm biara. Nna kakraa bi akyi no ɛho asɛm sɔree na yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ. M’ani gyee sɛnea na Panos tumi de Bible no di dwuma no ho. Ɔkaa Exodus ti 20, nkyekyem 1 kosi 7, ne Deuteronomium ti 7, nkyekyem 25, ho asɛm.

Mekenkanee. Mibisae sɛ, “Dɛn na ɛreka yi?” “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam . . . nkotow wɔn, na nsom wɔn.” Ne, “Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhyew; mma w’ani mmere ho dwetɛ ne sika.”

Mehwɛɛ me mmeamudua a ɛho rehyerɛn no ne “ahotefo” ahorow mfonini no ne sika kɔnmuade a mmeamudua da ano no. Misusuw asɔre ahorow a mekɔɔ Mass wɔ hɔ a ahoni ayɛ mu ma no ho​—me de na saa nneɛma no yɛ nea wɔsom!

Nna pii twaam wɔ saa nkɔmmɔbɔ no akyi. Misusuw nea Bible no aka no ho na awiei koraa no misii gyinae. Manhinhim. Mefaa ɔbo kɛse bi na mede yam saa ahoni ahorow no na metow guu po mu. Bible adesua a me ne Greekni odwontofo no yɛe daa no boaa me maa m’adwenem naayɛ no fii hɔ.

Nnwom Foforo

Ansa na meresan akɔ Spain no, mifii ase kyerɛw m’abusuafo faa nokware foforo a mahu no ho​—ɛtɔ bere bi a na memmfa anifere kwan so. Bere a miduu me kurom no mesɛee m’ahoni ahorow a ɛwɔ hɔ no na mede ogya hyew no.

Da koro anadwo meboaboaa m’afipamfo ne nnamfo bɛyɛ 80 ano na midii wɔn adanse. Obi bɔɔ me kɔkɔ sɛ menya me saa nnamyɛ no so akatua a emu yɛ den. Wɔ saa mfe no mu ansa na 1970 reba no na Yehowa Adansefo nni nyamesom mu ahofadi wɔ Spain. Wɔka kyerɛɛ me mpo sɛ wɔasiesie dua a wɔbɛsɛn me wɔ so wɔ kurow bi a ɛbɛn no so. Nanso mibuu no sɛ ɛyɛ ahunahuna ara kwa. Ade a na ehia titiriw ne sɛ na me ho rekokwaw wɔ nnwinnade mu adwinnade​—Bible no​—a wɔde di dwuma no mu.

Bere a mede dii dwuma kɛse no, ɛbɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mede kyerɛw nsɛm besisi nsɛm so: Exodus 20:1-5, Onyankopɔn mpene ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu so; Hesekiel 18:4, 20, ɔkra no nyɛ nea enwu; Yohane 1:1, 18, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, ɔnyɛ Onyankopɔn ankasa. Ná mitumi gyina asɛm ketewa bi so da me gyidi adi.

Mebɔ wɔ Ɔkwan a Eye Kyɛn So So

Akyiri yi bere a yekodii agoru wɔ Holland no, wɔbɔɔ me asu wɔ May 19, 1968 mu.

Wɔ me fam no, na ɛno gyina hɔ ma adwuma foforo mfiase. Mesan kɔɔ Rioja mantam no mu wɔ faako a na me nuabea ne me wɔfase bi nso agye asubɔ wɔ no. Ná wɔne m’asɛnka a edi kan no mu aba a edi kan. Saa bere yi mu na wɔkyeree me bere a na me ne ɔmansin sohwɛfo reyɛ asɛnka adwuma wɔ Soria no. Ɛno ansa na 1970 reba ma wɔagye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara kwan so wɔ Spain no. Bere a wobisabisaa me nsɛm nnɔnhwerew 12 akyi no, wɔde me too afiase nnansa. Mede saa bere no kaa asɛm wɔ afiase hɔ. Ɔdeduani bi a ofi Seville ani begyee nokware no ho. Bere a ɔsan kɔɔ Andalusia no ɔpenee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu.

Esiane sɛ na meyɛ obi a wahyira ne ho so agye asubɔ nti, misii gyinae sɛ mede me ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ 1970 mu na wɔ mfe a edii akyi no mu no mekaa asɛm no wɔ Spain mmeae ahorow pii. Wɔ mmeae ahorow yi nyinaa no, nkurɔfo tiee Onyankopɔn Ahenni denam Kristo so ho asɛmpa nnwom no. Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛyɛ den reyɛ adwuma mprempren wɔ faako a wɔ mfe 20 a atwam no mu no na nnipa kakraa bi na ɛwɔ hɔ anaasɛ obiara nni hɔ koraa mpo no.

Manya hokwan aboa kakra wɔ saa ntrɛwmu adwuma no mu a ɛnyɛ denam me torobɛnto no so na mmom Onyankopɔn Asɛm Bible no so. (Dwom 9:11)​—Sɛnea José María, Peláez ka kyerɛe.

[Kratafa 26 mfoni]

Mprempren Bible no ne m’adwinnade na Ahenni asɛm no ne ne dwom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena