Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/00 kr. 8
  • Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Pii Afi Kristofo Nhyiam Horow Mu?
    Nyan!—1988
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sɛnea Yenya Anigye Pii Wɔ Nhyiam Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 8/00 kr. 8

Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso

1 Abeawa bi a wadu ne mpanyin afe so kae sɛ: “Ɛtɔ da a, misusuw sɛ mmofra na wohyia nsɛnnennen sen biara wɔ asetram. Nkurɔfo a wɔbɔ aguaman, wɔnom nnubɔne, na wɔnom nsa, atwa yɛn ho ahyia.” So saa na wote nka? Sɛ saa a, so wususuw sɛ wo nkutoo betumi agyina nneyɛe bɔne yi ano? Wuhia gyidi, Yehowa akwan a ɛteɛ mu gyidi a ɛyɛ den, anyɛ saa a, ‘wuntumi nsɔ n’ani.’ (Heb. 11:6) Asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ no bɛma wo gyidi a wowɔ sɛ Kristoni no mu ayɛ den na ama woakwati nneɛma bɔne.

2 Wubetumi Anya Mfaso Kɛse Wɔ Nhyiamkɔ Mu: Dɛn na ɛma ɛyɛ anigye bere a wo ne wo nnamfo paa redi aduan bi a ɛyɛ dɛ no? So ɛnyɛ aduan no ankasa dɛ ne ayɔnkofa pa a munya no na ɛma ɛba saa? Yɛn nhyiam ahorow no ma yenya anigye a ɛte saa ara, nanso ɛyɛ honhom fam de.

3 Nneɛma a yesua wɔ nhyiam ase no hyɛ yɛn den, na ebi ne nneɛma a ɛfa asetram nsɛnnennen ne Bible nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye ho. Wɔde nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so a ɛma wuhu sɛnea wobɛbɔ bra pa na woagyina nsɛnnennen a wuhyia ano ma. Fekubɔ a yenya wɔ nhyiam ase no yɛ nea ɛsen biara, na honhom fam nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ no ma yenya anigye ne ahobammɔ. (Dw. 133:1) Edi sɛ abofra bi kae sɛ: “Mekɔ sukuu da mu nyinaa, na minnya anigye biara. Nanso, nhyiam a mekɔ no te sɛ anhweatam so abura bi a sɛ ade kye a etumi ma minya anigye wɔ sukuu mu.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Mahu sɛ fekubɔ a edi mũ a me ne afoforo a wɔdɔ Yehowa nya no ma mitumi bɛn no kɛse.”

4 Sɛ wokyerɛw wo din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, ɛma wutumi boaboa Bible mu nsɛm bi ano yɛ no ɔkasa, na woaka akyerɛ atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no te sɛ nea wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ. Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ wubenya ntetee a ɛbɛma woatumi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛma nkwa no mu yiye! Ɛhe bio na mmofra betumi anya ntetee a ɛsom bo yi?

5 Sɛnea Wubetumi Anya Nhyiam So Mfaso Kɛse: Sɛ wubetumi anya nhyiam a wokɔ no so mfaso kɛse a, ɛsɛ sɛ woyɛ nneɛma abiɛsa a ehia yi. Ɛne sɛ wubesiesie wo ho, de wo ho ahyem, na wode nea wote no adi adwuma.

6 Siesie Wo Ho: Gye bere siesie wo ho daa ma nhyiam no. Mfa sukuu dwumadi, adwuma, anaa anigyede nsi bere a wode besua nea wobesusuw ho wɔ nhyiam ase no anan mu. Mfaso wɔ so sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe pa. Nea ehia paa ne sɛ wubedi Teokrase Ɔsom Sukuu no mu dapɛn biara Bible akenkan nhyehyɛe no akyi. Ennye bere ahe biara na wode akenkan ti ahorow a wɔde ama no asusuw ho da biara. Nya bere fa siesie wo ho ma Asafo Nhoma Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua no. Ebinom yɛ eyi bere a aka da koro anaa nnanu ma wɔakɔ nhyiam yi no. Bɔ mmɔden sua Ɔsom Nhyiam dwumadi a mobɛyɛ wɔ dapɛn no mu no nso.

7 Fa Wo Ho Hyem: Bible no ka sɛ bere a Yesu dii mfe 12 no, wokohuu no sɛ ɔte asɔrefie retie, rebisabisa nsɛm na ɔrema nsɛmmisa ho mmuae. (Luka 2:46, 47) Yɛbɛka no ɔkwan foforo so sɛ, ɔde ne ho hyɛɛ nea na ɛrekɔ so no mu kɛse. Sɛ wobɔ mmɔden de wo ho hyɛ nhyiam ahorow no mu a, wubenya so mfaso kɛse.—Mmeb. 15:23.

8 Ɛsɛ sɛ wode w’adwene nyinaa kɔ nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔ nhyiam no ase no so. Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ wubetie ɔkasa bi sen sɛ w’ankasa wobɛma. Dɛn ntia? W’adwene betumi akyinkyin bere a obi rekasa no. Wobɛyɛ dɛn adi eyi so? Denam kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ so. Kyerɛw nsɛntitiriw a wubetumi asusuw ho akyiri yi no bi to hɔ. Kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ no betumi ama wode w’adwene akɔ dwumadi no so. Afei nso, bue kyerɛw nsɛm na kan di ɔkasafo no akyi.

9 Afei nso, fa yɛ wo botae sɛ wobɛma mmuae bere a wɔresusuw nsɛmmisa-ne-mmuae afã ho wɔ nhyiam ase no. Sɛ wususuw nea wobɛka no ho yiye a, ɛbɛboa wo kɛse. Mmebusɛm 15:28 ka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.”

10 Fa Nea Wusua no Di Dwuma: Nea etwa to koraa ne sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ wode nea wusua no ‘bedi dwuma.’ (1 Tes. 2:13) Bere a wode nneɛma pa a wusua wɔ nhyiam biara ase di dwuma no, ɛbɛma woabɛn Yehowa Nyankopɔn kɛse. Wubebu no sɛ obi ankasa, na wubenya anigye ne abotɔyam bere a ‘wokɔ so nantew nokware no mu,’ na wode di dwuma no.—3 Yoh. 4.

11 Mmofra, bere a musiesie mo ho daa ma nhyiam ahorow, de mo ho hyem, na mode nea musua no di dwuma no, mo ani begye nhyiam ahorow no ho kɛse. Bere koro no ara no, mubenya so mfaso pii. Mo gyidi ne ɔpɛ a mowɔ sɛ mobɛkɔ so adi nokware ama mo soro Agya, Yehowa, no mu bɛyɛ den.—Dw. 145:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena