Nkurɔfo Nkwa Da Asiane Mu!
1 Bible no kyerɛkyerɛ mu fann sɛ Yehowa ‘pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa bi nkwa.’ Nanso, ɛyɛ nokware sɛ nkwa a nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so benya no gyina wɔn nneyɛe wɔ Yehowa Nyankopɔn ne N’ahenni a Yesu Kristo di so ho no so. “Nokware no ho nimdeɛ a edi mu” nkutoo na ebetumi ama obi anya su a ɛfata. (1 Tim. 2:3, 4, NW ) Bere a yɛka kyerɛ afoforo sɛ ɛrenkyɛ wobeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi asase so na abue kwan ma Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu aba no, wɔde ahyɛde ama yɛn nso sɛ yɛnyɛ nkwagye adwuma bi a ɛho hia.—Mat. 24:14; 28:19, 20; Rom. 10:13-15.
2 Dɛn Nti na Egye Ntɛmpɛ Saa? Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da” bɛba. (Mat. 24:21) Saa ahohiahia no bɛba awiei wɔ Harmagedon mu. (Adi. 16:16) Nnipa pii a sɛ wɔantie asɛmpa no a wɔbɛsɛe wɔn no bi ne yɛn abusuafo a wonnye nni, afipamfo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, yɛn mfɛfo sukuufo, ne amannifo. Nanso nea ehia yɛn ne sɛ yebedu “nnipa nyinaa” nkyɛn de asuasua Onyankopɔn a oyii ɔdɔ adi kyerɛɛ wiase nyinaa denam ne Ba, Yesu Kristo, a ɔde no mae sɛ agyede no so no. (Yoh. 3:16) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen to nsa frɛ obiara ma ɔba baabi a Onyankopɔn bɛbɔ ne ho ban. Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no kosi ase a, yɛrenni mogya ho fɔ.—Hes. 33:1-7; 1 Kor. 9:16.
3 Dɛn Ne Yɛn Botae? Wɔasi asɛnka adwuma no so dua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nyinaa. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, “Kristo dɔ no hyɛ yɛn” ma yɛfa Onyankopɔn akwan so. (2 Kor. 5:14) Afei nso, Ɔwɛn-Aban no taa si asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛm no so dua. Yɛn Ahenni Som no de akwan a yɛbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ ma bere nyinaa. Mpanyimfo no yɛ adwuma no ho nhyehyɛe na wɔhyɛ yɛn nkuran ma yɛde yɛn ho hyem. Mfɛfo adawurubɔfo to nsa frɛ yɛn ma yɛne wɔn kɔ asɛnka. Yɛte sɛnea yebesiesie asɛm a yɛbɛka akyerɛ, nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a yɛde bɛma, sankɔhwɛ ne Bible adesua a yɛbɛyɛ, ne hokwan biara a yɛde bedi adanse ho nsɛm pii. Eyinom nyinaa boa ma yedu yɛn botae a ɛne sɛ yebegye afoforo nkwa no ho.—1 Kor. 9:22, 23; Efe. 1:13.