Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/01 kr. 3
  • Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 4/01 kr. 3

Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ

Yɛn Betel ntrɛwmu ho dwumadi no fii ase October 2000 mu. Dwumadi no akɔ so wɔ ɔkwan a ɛfata so. Yehowa ahyira yɛn ma yɛanya hokwan a ɛsɛ afi atumfoɔ no hɔ. (Atemmufo 6:12) Yɛn ani gye sɛ yɛbɛma mo ahu dwumadi no nkɔso ho amanneɛbɔ yi.

Ɛde besi saa bere yi no, nea na yɛrebɔ ho mmɔden kɛse ne sɛ yebenya adan a adansifo no bɛtra mu ayɛ adwuma ne faako a wɔbɛda. Seesei yɛawie dwumadi a ɛte saa no. Yɛafi ase reyiyi aka a nsu bɛfa mu ne mmeae a yɛbɛkora nsu ne baabi a yɛabɔ so a yɛde kar besisi. Sɛ woba Betel a, wubehu ntayaa, semɛnte, ne anhwea, a yɛde reyɛ nnwuma a ɛtete saa no. Dwumadi a edi hɔ ne mmeae a yebetutu de asi gyaade kɛse, adan a wɔbɛda mu, Ahenni Asa foforo, ne akwan ahorow.

Seesei Betel abusua no mufo adɔɔso. Sɛ amanaman ntam adwumayɛfo 30 a wɔreboa dwumadi no nyinaa no da nkyɛn a, adwumayɛfo afoforo nso fi aman afoforo mu fi wɔn pɛ mu abɔ wimhyɛn ho ka aba sɛ wɔde wɔn akwamma bere rebɛboa dwumadi no. Efi March 2001 no, asafo ahorow a ɛwɔ Accra ne Tema no ba Memeneda biara bɛboa. Yenim sɛ sɛ yɛto nsa frɛ mo asafo no a, mode nsi bɛba abɛboa. Yɛn ani sɔ mo mmoa ne mo mpaebɔ kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena