So Ɛyɛ Akwanside Ma Asɛnka?
1 Nnipa dodow no ara nni adagyew wɔ asetram. Yehowa Adansefo ka wɔn a wonni adagyew koraa no ho—wosua Onyankopɔn Asɛm, kɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Ɛno akyi no, yɛreyɛ honam fam nnwuma, ofie anaasɛ sukuu nnwuma ne asɛyɛde afoforo pii a ne yɛ gye bere a adagyew nnim koraa. Eyi yɛ asɛnnennen titiriw ma mmusua ti.
2 Esiane sikasɛm mu ahokyere a ɛwɔ mmeae ahorow nti, ebia ɛsɛ sɛ mmusua ti de bere pii yɛ adwuma denneennen na ama wɔanya nea wɔde bɛhwɛ wɔn ho. Sɛ wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden pii yɛ adwuma a ɛyɛ den a, bere kakraa bi na wonya ma asɛnka adwuma no. Esiane sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛma wɔn mmusua anya honam fam nneɛma nti, ebia ebinom bɛte nka sɛ asɛnka adwuma no kakraa bi pɛ na wobetumi ayɛ. (1 Tim. 5:8) Akyinnye biara nni ho sɛ asetrade a yebenya nnɛ de ahokyere pii ba. Nanso ɛnsɛ sɛ obi adwuma yɛ akwanside ma asɛmpaka no. (Marko 13:10) Enti, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn tebea ankasa mu.
3 Esiane sɛ wiase no resakra bere nyinaa nti, ebia abusua ti bi bɛpɛ sɛ ɔde bere pii yɛ adwuma na ama wasie sika pii a ɔde bedi ɔhaw ahorow a ebetumi aba mpofirim no ho dwuma. (1 Kor. 7:31) Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea adwuma pii a obi bɛyɛ no bɛma wanya honam fam nneɛma anaa hokwan afoforo a ɔde begye n’ani de, nanso sɛ ɔde bere a ɔde bɛyɛ honhom fam nneɛma na ɔde akɔ asafo nhyiam daa yɛ eyi a, so ɛbɛma abusua no anya anigye ne akomatɔyam kɛse? Ɛda adi sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛkwati biribiara a ɛde yɛn honhom fam yiyedi bɛto asiane mu. Nyansa wom sɛ yebetie Yesu afotu a ese ‘yɛnhyehyɛ yɛn ademude wɔ soro’ na yɛnyɛ ‘adefo wɔ Onyankopɔn fam’ no.—Mat. 6:19-21; Luka 12:15-21.
4 Hwehwɛ Ahenni Nneɛma Kan: Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa honhom fam nneɛma nni biribi foforo biara kan. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura?” Dɛn nti na ɔkaa saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo.” Sɛ yegye ɛno di ampa a, hwee rensiw yɛn kwan sɛ yɛbɛyɛ nea Yesu ka toaa so yi: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa [honam fam ahiade] bɛka mo ho.” Onyankopɔn bɛhwɛ adi ho dwuma! (Mat. 6:31-33) Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma asetrade anaasɛ pɛ a yɛpɛ sɛ yɛn ho tɔ yɛn wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛrenkyɛ ɛbɛsɛe yi mu ho dadwen a ɛmfata twetwe yɛn adwene.—1 Pet. 5:7; 1 Yoh. 2:15-17.
5 Honam fam adwuma atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛma obi anya ne honam fam ahiade. Nanso ahe na yehia? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” So yɛrebɔ mmɔden anya nea ɛsen saa? Sɛ saa a, ɛnde na yɛretwa nea ebefi mu aba a Paulo de ho kɔkɔbɔ mae no so aba: “Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu” no. (1 Tim. 6:8, 9; Mat. 6:24; Luka 14:33) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ akɔnnɔ ntraso reyɛ akwanside ama yɛn?
6 Sɛ honam fam nneɛma akyidi nti bere kakraa bi pɛ na yɛde yɛ asɛnka adwuma no anaasɛ yenhu sɛ ehia sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre wɔ asɛmpa no ho a, ɛnde na ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma a yebu no sɛ ɛho hia yɛn paa no mu. (Heb. 13:15, 16) Asetra kwan a ɛfata kɛse bɛboa yiye ma yɛadi asɛnka ho akwanside yi ho dwuma. Ahenni nneɛma na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden yɛ titiriw.
7 Ɔbrɛ a Ɛrenyɛ Ɔkwa: Paulo nsɛm hyɛ yɛn nkuran bere nyinaa sɛ ‘yɛnkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ yenim sɛ yɛn brɛ renyɛ ɔkwa, Awurade mu.’ (1 Kor. 15:58) “Awurade adwuma” no titiriw ne Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Sɛ yebetumi anya mu kyɛfa kɛse sɛnea ɛsɛ a, ɛsɛ sɛ yeyi bere si hɔ de yɛ asɛnka adwuma no dapɛn biara na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa saa bere no nyɛ biribi foforo biara. (Efe. 5:15-17) Sɛ yɛyɛ saa a, adwuma anaasɛ biribi foforo biara rensiw yɛn som adwuma kwan.
8 Sɛ yetu yɛn ho si hɔ ka Bible mu nokware ahorow kyerɛ afoforo a, yenya anigye kɛse a ɛwɔ adema mu no. (Aso. 20:35) Yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan bere a yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma no, “efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi yɛn adwuma ne yɛn dɔ mmɔden a yɛbɔe ne din ho” no.—Heb. 6:10.