Abusuabɔ a Yɛne Yehowa Benya
1. Dɛn na onuawa bi hui wɔ ne honhom fam nneɛma ho dwuma a na odi bere nyinaa no ho?
1 Onuawa Kristoni bi gye toom sɛ: “Mede mfe 20 anaa nea ɛboro saa atra nokware no mu akɔ nhyiam horow ne asɛnka kɛkɛ.” Nanso, ɔtoa so sɛ: “Mabehu sɛ ɛwom sɛ eyinom ho hia de, nanso ɛno nkutoo ntumi nhyɛ me den bere a nneɛma mu fi ase yɛ den no. . . . Mprempren mahu sɛ ɛsɛ sɛ mesakra me nsusuwii na mifi ase yɛ adesua a etu mpɔn na ama matumi ahu Yehowa yiye, medɔ no na mekyerɛ nea ne Ba no ayɛ ama yɛn no ho anisɔ.”
2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den?
2 Egye mmɔdenbɔ na yɛne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. Nneɛma pii ho hia sen Kristofo dwumadi a yebenya mu kyɛfa bere nyinaa kɛkɛ no. Sɛ yɛammɔ Yehowa mpae daa a, awiei koraa no obetumi ayɛ te sɛ obi a na kan no ɔyɛ yɛn adamfo paa a yɛne no agyae nkitahodi. (Adi. 2:4) Ma yɛnhwɛ sɛnea yɛn kokoam Bible adesua ne mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den.—Dw. 25:14.
3. Ɔkwan bɛn na sɛ yɛfa so yɛ kokoam adesua a, ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Onyankopɔn?
3 Mpaebɔ ne Nneɛma Ho Dwennwen Ho Hia: Kokoam adesua a ɛhyɛ koma no den no kyerɛ pii sen sɛ yebetwitwa adesua mu nsɛntitiriw ase na yɛabue kyerɛw nsɛm akenkan ara kwa. Ɛhwehwɛ sɛ yesusuw nea asɛm no da no adi wɔ Yehowa akwan, ne gyinapɛn ahorow ne ne nipasu ho no ho. (Ex. 33:13) Honhom fam nneɛma a yɛbɛte ase no kanyan yɛn ma yedwen yɛn ankasa asetra ho. (Dw. 119:35, 111) Botae a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ kokoam adesua ne sɛ yɛbɛbɛn Yehowa. (Yak. 4:8) Adesua a yebebu no aniberesɛm no hwehwɛ sɛ yenya bere ne beae a ɛfata, na sɛ yɛbɛyɛ no daa a, egye ahosodi. (Dan. 6:10) Sɛ wunni adagyew wɔ w’asetra mu mpo a, so da biara wuyi bere si hɔ de dwennwen Yehowa su horow a ɛyɛ nwonwa no ho?—Dw. 119:147, 148; 143:5.
4. Ɔkwan bɛn so na mpae a yɛbɔ ansa na yɛafi kokoam adesua ase no boa yɛn ma yɛne Yehowa nya abusuabɔ?
4 Mpaebɔ a efi komam ho hia wɔ kokoam adesua a etu mpɔn mu. Sɛ Bible mu nokware ahorow bɛka yɛn koma na akanyan yɛn ma ‘yɛde nyamesuro asom Onyankopɔn’ a, yehia Onyankopɔn honhom kronkron. (Heb. 12:28) Enti, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa honhom kronkron de fi adesua biara ase. (Mat. 5:3) Bere a yedwennwen Kyerɛwnsɛm no ho de nhoma a ɛboa yɛn ma yesua ade a Yehowa ahyehyɛde no de ama yɛn di dwuma no, yebue yɛn komam ma Yehowa. (Dw. 62:8) Adesua a yɛyɛ no saa kwan yi so no yɛ ɔsom adeyɛ a yɛnam so da ahofama a yɛwɔ ma Yehowa adi na yɛhyɛ yɛne ne ntam abusuabɔ mu den.—Yuda 20, 21.
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedwennwen Onyankopɔn Asɛm ho da biara?
5 Sɛnea ɛte wɔ abusuabɔ biara mu no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho na ɛkɔ so yɛ kɛse wɔ yɛn asetra nyinaa mu. Enti, ɛmmra sɛ da biara yebegye bere abɛn Onyankopɔn bere a yenim sɛ ɔno nso bɛbɛn yɛn no.—Dw. 1:2, 3; Efe. 5:15, 16.